Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Kwadwom 1:1-5:22
  • Kwadwom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwadwom
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kwadwom

KWADWOM

(AWERƐHOW DWOM)

א [Aleph]*

1 Kurow* a anka nnipa ayɛ mu ma no,+ hwɛ sɛnea aka ɔno nko ara te hɔ!

Ɔbea a na ɔwɔ dɔm sen aman nyinaa no,+ hwɛ sɛnea wayɛ sɛ okunafo!

Nea na ɔyɛ amanaman mu ɔhemmaa no, hwɛ sɛnea wadan abaawa!+

ב [Beth]

 2 Edu anadwo a, osu ara na osu,+ na ne nisu tene fa n’afono ho.

N’adɔfo nyinaa, ɔbaako mpo nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ.+

Ne nnamfo nyinaa ayi no ama;+ wɔadan n’atamfo.

ג [Gimel]

 3 Wɔatu Yuda ase kɔ obi man so,+ na amanehunu ne nhyɛso amene no wɔ nkoasom mu.+

Amanaman mu na ɔbɛtena;+ ɔrennya homebea biara.

Wɔn a wɔretan n’ani nyinaa akɔto no n’amanehunu mu.

ד [Daleth]

 4 Akwan a ɛkɔ Sion redi awerɛhow, efisɛ obiara mma afahyɛ no ase.+

N’apon nyinaa asɛesɛe;+ n’asɔfo regu ahome.

Ne mmaabun* redi awerɛhow, na ɔreteetee paa.

ה [He]

 5 N’atamfo abɛyɛ ne wura;* wɔn a wɔmpɛ n’asɛm ho adwo wɔn.+

Efisɛ Yehowa de awerɛhow aba no so, ne mmarato bebrebe no nti.+

Atamfo akyere ne mma de wɔn kɔ.+

ו [Waw]

 6 Sion babea anuonyam nyinaa atu ayera.+

Ne mpanyimfo ayɛ sɛ awansan a wonnya adidibea;

Wɔayɛ hahaaha nenam nea ɔretan wɔn ani no anim.

ז [Zayin]

 7 Yerusalem amanehunu ne n’adedamfikyiri nna mu no,

Wakae kan nna no mu nneɛma a ɛsom bo a na ɛyɛ ne de no nyinaa.+

Bere a ne manfo kodii atamfo nsam na wannya ɔboafo no,+

Atamfo huu no, na wɔserew no wɔ n’ahwease no ho.+

ח [Heth]

 8 Yerusalem ayɛ bɔne kɛse paa.+

Ɛno nti na wadan biribi a ɛyɛ tan no.

Wɔn a na wɔde nidi ma no no, seesei wɔn nyinaa bu no akyiwade, efisɛ wɔahu n’adagyaw.+

Ɔno ara nso redi abooboo,+ na ɔde aniwu adan ne ho kɔ.

ט [Teth]

 9 Efĩ a aba ne ho no akeka n’ataade mu.

Wannwen ne daakye.+

Wahwe ase ama ayɛ nwonwa; onni obiara a ɔbɛkyekye ne werɛ.

O Yehowa, hwɛ m’amanehunu, na ɔtamfo ama ne ho so.+

י [Yod]

10 Ɔtamfo no de ne nsa ato n’agyapade nyinaa so.+

Efisɛ wahu* sɛ amanaman awura ne tenabea kronkron hɔ,+

Aman a wokae sɛ wɔmmma w’asafo mu no.

כ [Kaph]

11 Ne nkurɔfo nyinaa regu ahome; wɔrehwehwɛ aduan.+

Wɔde wɔn nneɛma a ɛsom bo asesa aduan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtena nkwa mu kɛkɛ.*

O Yehowa, hwɛ na hu; mayɛ sɛ ɔbea* a mfaso biara nni no so.

ל [Lamed]

12 Mo a moretwam ɔkwan no so nyinaa, enti ɛmfa mo ho?

Monhwɛ na munhu!

Enti ɛyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ ɛyaw a aka me yi,

Ɛyaw a Yehowa ma mefaa mu n’abufuhyew da no?+

מ [Mem]

13 Ɔde ogya fi soro abɛto me nnompe mu,+ na wadi ebiara so nkonim.

Ɔde atena asum me nan afiri; wama masan m’akyi.

Wama mayɛ ɔbea a ɔyɛ ankonam.

Ɔyare abɔ me da mu nyinaa.

נ [Nun]

14 Wakyekyere me bɔne sɛ kɔndua; ɔde ne nsa akyekyere abom.

Ɔde ato me kɔn ho; m’ahoɔden asa.

Yehowa de me ahyɛ wɔn a mintumi wɔn no nsa.+

ס [Samekh]

15 Yehowa atow mmarima a wɔn ho yɛ den a wɔwɔ me mu no nyinaa agu.+

Wafrɛ ɛdɔm ahyia sɛ wɔmmɛyam me mmerante.+

Yuda babea, ɔbaabun no, Yehowa atiatia no so wɔ amoa a wokyĩ nsã wom mu.+

ע [Ayin]

16 Eyinom nti na meretew nisu yi;+ nisu resen fa m’ani ase waawaa.

Nea ɔbɛkyekye me werɛ na wama manya* ahomeka no wɔ akyirikyiri; ɔmmɛn me.

Me mma anidaso nyinaa asa, efisɛ ɔtamfo no adi nkonim.

פ [Pe]

17 Sion atrɛw ne nsam;+ onni ɔwerɛkyekyefo biara.

Yehowa de ahyɛde bi a etia Yakob ama n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.+

Yerusalem adan ade a ɛyɛ tan ama wɔn.+

צ [Tsade]

18 Yehowa teɛ,+ na n’ahyɛde* na matew so atua.+

Aman nyinaa muntie, na munhu yaw a merefa mu.

Wɔakyere me mmaabun* ne me mmerante kɔ.+

ק [Qoph]

19 Mefrɛɛ m’adɔfo, nanso wɔayi me ama.+

M’asɔfo ne me mpanyimfo awuwu wɔ kurow no mu

Bere a wɔrehwehwɛ biribi adi atena nkwa mu* no.+

ר [Resh]

20 O Yehowa, hwɛ, na m’amanehunu so.

Me nsono mu retwa me.

Me koma yɛ me yaw wɔ me mu,* efisɛ matew atua kɛse.+

Abɔnten a, sekan redi awu;+ ofie nso a, owu nko ara.

ש [Shin]

21 Nkurɔfo ate m’ahomegu; obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye me werɛ.

M’atamfo nyinaa ate m’amanehunu.

Wɔn ani agye, efisɛ wo na woayɛ.+

Nanso wobɛma ɛda a woahyɛ no aba,+ na wɔn nso bɛyɛ sɛ me ara.+

ת [Taw]

22 Ma wɔn bɔne nyinaa mmedu w’anim, na wo ne wɔn nni no yayaayaw,+

Sɛnea me bɔne nyinaa nti wo ne me dii no yayaayaw no.

M’ahomegu adɔɔso, na me koma yare.

א [Aleph]

2 O hwɛ sɛnea Yehowa de n’abufuw akata Sion so sɛ omununkum!

Watow Israel ahoɔfɛ afi soro ahwe fam.+

Wankae ne nan ntiaso+ no n’abufuw da no.

ב [Beth]

 2 Yehowa amene Yakob tenabea nyinaa; wanhu mmɔbɔ.

Wadwiriw Yuda babea nkurow a ɛyɛ den no agu fam+ wɔ n’abufuw mu.

Watow n’ahenni+ ne ne mpanyimfo+ agu fam de agu wɔn anim ase.*

ג [Gimel]

 3 Watwa Israel ahoɔden nyinaa* agu wɔ n’abufuw mu.

Bere a atamfo baa yɛn so no, wammoa yɛn,*+

Na ɔdɛwee wɔ Yakob mu te sɛ ogya a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.+

ד [Daleth]

 4 Wakuntun n’agyan mu* sɛ ɔtamfo; wayɛ ne nsa nifa krado sɛ ɔsɛefo;+

Okunkum nea ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa.+

Na wahwie n’abufuw te sɛ ogya+ agu Sion ntamadan mu.+

ה [He]

 5 Yehowa ayɛ sɛ ɔtamfo;+

Wamene Israel.

Wamemene n’aban atenten nyinaa;

Wasɛe ne nkurow a ɛyɛ den no nyinaa.

Wama awerɛhow ne benabɔ adɔɔso wɔ Yuda babea mu.

ו [Waw]

 6 Wabubu n’apata te sɛ ɔsese+ a esi mfikyifuw mu.

Wama n’afahyɛ to atwa.*+

Yehowa ama wɔn werɛ afi afahyɛ ne homeda wɔ Sion,

Na n’abufuw kɛse mu, wamfa ɔhene ne ɔsɔfo anyɛ hwee.+

ז [Zayin]

 7 Yehowa apo n’afɔremuka;

Watow ne tenabea kronkron no akyene.+

Ɔde n’abannennen no fasu ama atamfo.+

Wɔama wɔn nne so wɔ Yehowa fi+ sɛ afahyɛ da.

ח [Heth]

 8 Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babea fasu.+

Watwe susuhama mu.+

Onyii ne nsa mfii ɔsɛe ho.*

Wama n’akoban* ne ɔfasu redi awerɛhow.

Ne nyinaa agyigya.

ט [Teth]

 9 N’apon amemem kɔ asaase mu.+

Wasɛe nea ɔde abrambram n’apon akyi no abubu mu.

Ne hene ne ne mpanyimfo wɔ amanaman no mu.+

Mmara* biara nni hɔ; n’adiyifo mpo nnya anisoadehu biara mfi Yehowa hɔ.+

י [Yod]

10 Sion babea mpanyimfo tete fam ayɛ komm.+

Wɔtow mfuturu gu wɔn tirim, na wofurafura awerɛhow ntama.*+

Yerusalem mmaabun asisi wɔn ti ase.

כ [Kaph]

11 Matew nisu ama m’ani ayɛ kɔɔ.+

Me nsono mu retwa me.

Me man babea ahwease nti, wɔahwie me mmerɛbo agu fam,*+

Mmofra ne nkokoaa a wɔayɛ kagyaa wɔ kurow no mmɔnten so nti.+

ל [Lamed]

12 Bere a wɔayɛ kagyaa te sɛ obi a wɔapira no ama ɔda kurow no mmɔnten so,

Na wɔda wɔn maamenom nsa so a wɔn nkwa* refi wɔn mu no,

Wobisa wɔn maamenom sɛ: “Ɛhe na aduan ne bobesa wɔ?”+

מ [Mem]

13 Dɛn na memfa nyɛ nhwɛso* mma wo?

Dɛn na memfa wo ntoto ho, O Yerusalem babea?

O Sion babea, ɔbaabun, dɛn na memfa wo ntoto ho nyɛ awerɛkyekye mma wo?

Efisɛ w’ahwease so sɛ ɛpo.+ Hena na obetumi asa wo yare?+

נ [Nun]

14 Anisoadehu a w’adiyifo nya maa wo no, ɛyɛ atoro ne nnaadaa,+

Wɔamma woanhu wo mfomso, anka wɔankyere wo ankɔ.+

Mmom anisoadehu a wɔka kyerɛɛ wo no nyinaa yɛ atoro ne nnaadaa.+

ס [Samekh]

15 Wɔn a wotwam wɔ ɔkwan so nyinaa bɔ wɔn nsam gu wo so.+

Wɔtɛɛ wɔn anom*+ wosow wɔn ti gu Yerusalem babea no so, na wɔka sɛ:

“Kurow a na wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ, asaase nyinaa anigye’ no, ɛno ni?”+

פ [Pe]

16 W’atamfo nyinaa serew wo.*

Wɔtɛɛ wɔn anom,* na wɔka wɔn se si so denneennen. Na wɔka sɛ: “Yɛamene no.+

Ɛda yi na na yɛrehwɛ kwan!+ Aba, na yɛahu!”+

ע [Ayin]

17 Yehowa ayɛ nea ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.+ Wayɛ nea ɔkae no,+

Nea ɔhyɛ too hɔ teteete no.+

Wadwiriw agu, na wanhu mmɔbɔ.+

Wama ɔtamfo adi wo ho ahurusi; wama w’atamfo ahoɔden* ayɛ kɛse.

צ [Tsade]

18 O Sion babea fasu, ɔman no de wɔn koma nyinaa su frɛ Yehowa.

Ma nisu ntene awia ne anadwo te sɛ asubɔnten.

Nnye w’ahome. Mma w’ani* nnhome.

ק [Qoph]

19 Sɔre! Su anadwo, bere a awɛmfo dɔn afi ase.

Hwie wo koma gu Yehowa anim sɛ nsu.

Ma wo nsa so kyerɛ no, na ama wo mma anya nkwa,*

Wɔn a ɔkɔm nti wɔayɛ kagyaa wɔ mmɔnten ntwea* so baabiara no.+

ר [Resh]

20 O Yehowa, hwɛ; hwɛ nea wo ne no adi no yayaayaw saa no.

Ɛsɛ sɛ mmea kɔ so we wɔn mma,* wɔn mma a wɔte apɔw+ a wɔawo wɔn no anaa?

Anaa ɛsɛ sɛ wokum asɔfo ne adiyifo wɔ Yehowa kronkronbea hɔ?+

ש [Shin]

21 Mmarimaa ne nkwakoraa awuwu gugu fam wɔ mmɔnten so.+

Me mmaabun* ne me mmerante awuwu sekan ano.+

Wukunkum wɔn w’abufuw da no; wukunkum wɔn na woanhu wɔn mmɔbɔ.+

ת [Taw]

22 Woafrɛfrɛ ehu fi baabiara aba te sɛ afahyɛ da.+

Yehowa abufuw da no, obiara antumi anguan, na obiara anka;+

Wɔn a mewoo wɔn* tetee wɔn no, m’atamfo ama wɔn ase ahyew.+

א [Aleph]

3 Mene ɔbarima a mede m’ani ahu amanehunu a n’abufuw abaa no de aba no.

 2 Wapam me; wama manantew sum mu, na ɛnyɛ hann mu.+

 3 Ampa, ɔde ne nsa ko tia me da mu nyinaa.+

ב [Beth]

 4 Wama me honam ne me were atwintwam;

Wabubu me nnompe mu.

 5 Wagye me ho ban; ɔde awuduru a ɛyɛ nwene+ ne amanehunu atwa me ho ahyia.

 6 Wahyɛ me ama matena sum mu te sɛ nnipa a wɔawuwu dedaadaw.

ג [Gimel]

 7 Wagye me ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a merentumi nguan;

Ɔde kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn a emu ayɛ duru agu me.+

 8 Sɛ misu hwehwɛ mmoa denneennen a, ontie me mpaebɔ.*+

 9 Ɔde abo a wɔapae asisiw m’akwan;

Wakyeakyea m’akwantempɔn.+

ד [Daleth]

10 Ɔtetɛw baabi twɛn me te sɛ osisi, te sɛ gyata a wahintaw.+

11 Wayɛ ama maman afi akwan no so, na watetew me mu nketenkete;*

Wayɛ me pasaa.*+

12 Wakuntun n’agyan mu,* na ɔde agyan no akyerɛ me so.

ה [He]

13 Ɔde ne kotoku mu agyan* awɔ m’asaabo mu.

14 Madan obi a aman nyinaa hwɛ no serew; wɔde me to dwom daa nyinaa.

15 Ɔde ade a ɛyɛ nwene ahyɛ me ma, na wama awɔnwene akɔ me mu+ aboro so.

[Waw]

16 Ɔde mmosea abubu me se;

Wama mabutuw nsõ mu.+

17 Woama asomdwoe abɔ me;* me werɛ afi adepa.

18 Enti meka sɛ: “M’anuonyam ayera, na m’anidaso a ɛwɔ Yehowa mu nso asa.”

[Zayin]

19 Kae m’amanehunu ne sɛnea mayɛ adedamfikyiri no,+ na kae awɔnwene ne awuduru a ɛyɛ nwene no.+

20 Nea ɛbɛyɛ biara, wobɛkae* na woakotow aboa me.+

21 Mekae eyi wɔ me komam. Ɛno nti na mede ntoboase bɛtwɛn no.+

ח [Heth]

22 Yehowa dɔ a enni huammɔ nti na yɛn ase nhyewee,+

Efisɛ ne mmɔborɔhunu to rentwa da.+

23 Ɛyɛ foforo anɔpa biara;+ wo nokwaredi dɔɔso.+

24 Maka* sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa,+ ɛno nti na mede ntoboase bɛtwɛn no no.”+

ט [Teth]

25 Yehowa ye ma nea ɔde no ayɛ n’anidaso,+ onipa* a ɔhwehwɛ no daa no.+

26 Eye sɛ onipa bɛyɛ komm atwɛn*+ Yehowa nkwagye.+

27 Eye sɛ ɔbarima bɛsoa kɔndua wɔ ne mmeranteberem.+

י [Yod]

28 Sɛ Ɔde to no so a, ma ɔno nko ara ntena hɔ na ɔnyɛ komm.+

29 Ma ɔmfa n’ano mmutuw dɔte mu;+ ebia na anidaso bi wɔ hɔ.+

30 Ma ɔnnan n’asom mma nea ɔbɔ no; ma adapaatwa ntumi no.

כ [Kaph]

31 Efisɛ Yehowa rentow yɛn nkyene daa.+

32 Wama yɛadi awerɛhow de, nanso obehu yɛn mmɔbɔ esiane ne dɔ bebrebe a enni huammɔ no nti.+

33 Efisɛ enni ne komam sɛ ɔbɛma nnipa mma ahu amane anaa ɔbɛhyɛ wɔn awerɛhow.+

ל [Lamed]

34 Sɛ obi pɛtɛw asaase so nneduafo nyinaa wɔ ne nan ase,+

35 Sɛ obi bu ɔbarima atɛnkyea wɔ Ɔsorosoroni no anim,+

36 Sɛ obi sisi obi wɔ n’asɛnni mu a,

Ne nyinaa Yehowa nsosɔ so.

מ [Mem]

37 Hena paa na obetumi aka biribi ama aba mu bere a Yehowa nhyɛe?

38 Nneɛma bɔne ne nneɛma pa;

N’abien no rentumi mmom mfi Ɔsorosoroni no anom mma.

39 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa a ɔte ase nwiinwii wɔ ne bɔne+ ho nsunsuanso ho?

נ [Nun]

40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛmpɛɛpɛɛ mu,+ na yɛnsan nkɔ Yehowa nkyɛn.+

41 Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ soro+ na yɛnka sɛ:

42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua,+ na woamfa ankyɛ.+

ס [Samekh]

43 Wode abufuw asiw yɛn kwan;+

Woadi yɛn akyi akunkum yɛn, na woanhu yɛn mmɔbɔ.+

44 Wode omununkum asiw ɔkwan a ɛba wo nkyɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn mpaebɔ remfa mu.+

45 Woama yɛadan nwura dodow ne sumina* wɔ amanaman no mu.”

פ [Pe]

46 Yɛn atamfo nyinaa serew yɛn.*+

47 Ehu ne amoa na atwa yɛn ho ahyia,+ amamfo ne ɔsɛe.+

48 Me man babea a wɔasɛe no nti, nsu nam m’ani ase waawaa.+

sע [Ayin]

49 M’ani tew ara na ɛretew nisu; ennyae,+

50 Kosi sɛ Yehowa besi ne ti ase afi soro ahwɛ.+

51 Nea m’ani ahu ama me* werɛ ahow, me kurow mma mmea nyinaa nti.+

צ [Tsade]

52 M’atamfo ahwehwɛ me akyere me sɛ anomaa, nanso menyɛɛ hwee.

53 Wɔatwa me nkwa so wɔ amoa mu; wɔtotow abo boroo me.

54 Nsu bu faa me ti so, na mekae sɛ: “Mawu awie!”

ק [Qoph]

55 O Yehowa, mebɔɔ wo din frɛɛ wo fii amoa ase tɔnn.+

56 Tie me nne; misu frɛ wo sɛ boa me na ma minnya ahotɔ a, nsisiw w’aso.

57 Ɛda a mefrɛɛ wo no, wutwiw bɛnee. Wokae sɛ: “Nsuro.”

ר [Resh]

58 O Yehowa, woadi m’asɛm* ama me. Woagye me nkwa.+

59 O Yehowa, woahu bɔne a wɔde ayɛ me. Mepa wo kyɛw, bu atɛntrenee ma me.+

60 Woahu wɔn aweredi nyinaa, ɛpɔw a wɔabɔ wɔ me ho nyinaa.

ש [Sin] anaa [Shin]

61 O Yehowa, woate wɔn adapaatwa, ɛpɔw a wɔabɔ wɔ me ho nyinaa;+

62 Woate wɔn a wɔsɔre tia me no anom asɛm ne huhuhuhu a wɔyɛ wɔ me ho daa nyinaa no.

63 Hwɛ wɔn. Sɛ wɔte hɔ oo, wogyina hɔ oo, wɔto dwom de bɔ me akutia!

ת [Taw]

64 O Yehowa, wubetua wɔn ka sɛnea wɔn nnwuma te.

65 Wobɛma wɔn koma ayɛ den; ɛno ne nnome a wode bɛba wɔn so.

66 Yehowa, wubetiw wɔn wɔ w’abufuw mu, na woasɛe wɔn afi wo soro ase.

א [Aleph]

4 Hwɛ sɛnea sika kɔkɔɔ a ɛhyerɛn, sika kɔkɔɔ amapa no,+ ayɛ tumm!

Hwɛ sɛnea wɔatow abo kronkron+ no apete mmɔnten so baabiara!+

ב [Beth]

 2 Sion mma a na wɔsom bo te sɛ* sika kɔkɔɔ amapa no mpo,

Hwɛ sɛnea wɔabu wɔn sɛ ahina a wɔde dɔte ayɛ,

Ɔnwemfo nsa ano adwuma!

ג [Gimel]

 3 Sakraman mpo ma wɔn mma nufu num.

Nanso me man babea tirim ayɛ den;+ ɔte sɛ sare so sohori.+

ד [Daleth]

 4 Osukɔm nti, mmofra a wonum nufu tɛkrɛma afomfam wɔn dodom.

Mmofra srɛsrɛ aduan,+ nanso obiara mma wɔn bi.+

ה [He]

 5 Wɔn a na wodi adehye aduan no, wɔdeda mmɔnten so a ɔkɔm rekum wɔn.+

Wɔn a wofuraa ntama kɔkɔɔ*+ fi wɔn mmofraase no, wɔayɛ sumina* atuu.

ו [Waw]

 6 Me man babea asotwe* so sen Sodom+ bɔne ho asotwe,

Sodom a wobutuw no prɛko pɛ a nsa biara ammoa no no.+

ז [Zayin]

 7 Ná ne Nasirifo+ ho tew sen sukyerɛmma, na na wɔyɛ fitaa sen nufusu.

Ná wɔn honam bere sen ɛpo mu abohene, na na wɔte sɛ hoabo a wɔatwiw ho.

ח [Heth]

 8 Afei de, wɔayɛ tumm sen gyabiriw.*

Sɛ nnipa hu wɔn mmɔnten so a, wonhu wɔn.

Wɔn honam afomfam wɔn nnompe ho;+ ayɛ bawee sɛ dua.

ט [Teth]

 9 Wɔn a wɔde sekan kunkum wɔn no ye sen wɔn a ɔkɔm kunkum wɔn,+

Wɔn a afuw mu aduan a wonnya nti wɔayɛ kagyaa te sɛ nea wɔde ade awowɔ wɔn no.

י [Yod]

10 Mmea a wɔwɔ ayamhyehye mpo de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma.+

Wɔn mma no bɛyɛɛ wɔn aduan* bere a wɔsɛee me man babea no.+

כ [Kaph]

11 Yehowa ada n’abufuw adi;

Wahwie n’abufuhyew agu.+

Ɔde ogya ato Sion mu, na ahyew ne fapem nyinaa.+

ל [Lamed]

12 Asaase so ahemfo ne wiase nnipa nyinaa annye anni

Sɛ ɔsɛefo ne ɔtamfo bɛba abewura Yerusalem apon mu.+

מ [Mem]

13 Ne nyinaa fi n’adiyifo bɔne ne n’asɔfo amumɔyɛ,+

Wɔn a wohwiee atreneefo a wɔwɔ wɔn mu no mogya gui no.+

נ [Nun]

14 Wɔnenam mmɔnten so basabasa.+

Mogya agu wɔn ho fĩ,+

Enti obiara ntumi nso wɔn ntaade mu.

ס [Samekh]

15 Wɔteɛm kyerɛ wɔn sɛ, “Mumfi ha nkɔ! Mo ho agu fĩ! Mumfi ha nkɔ! Mumfi ha nkɔ! Mommfa mo ho nnka yɛn!”

Efisɛ wɔadan adedamfikyiri, na wɔnenam basabasa.

Nkurɔfo aka wɔ amanaman no mu sɛ: “Wɔrentumi ne yɛn ntena ha.*+

פ [Pe]

16 Yehowa ankasa* na wabɔ wɔn ahwete;+

Ɔrenyɛ wɔn adom bio.

Nnipa remfa asɔfo no nyɛ hwee,+ na wɔremfa mpanyimfo no ho nkyɛ wɔn.”+

ע [Ayin]

17 Seesei mpo, yɛahwɛ ɔboafo kwan ara ama yɛn aniwa abrɛ.+

Yɛhwɛɛ kwan hwɛe hwɛe ara sɛ yebenya mmoa afi ɔman a entumi nnye yɛn nkwa nkyɛn.+

צ [Tsade]

18 Anammɔn a yebetu biara, na wodi yɛn akyi;+ enti yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so.

Yɛn awiei abɛn; yɛn nna asa, na yɛn awiei adu.

ק [Qoph]

19 Wɔn a wɔtaa yɛn no ho yɛ hare sen akɔre a wɔwɔ wim.+

Wɔtaataa yɛn wɔ mmepɔw so; wɔtetɛw yɛn wɔ sare so.

ר [Resh]

20 Yɛn hwene mu home no, nea Yehowa asra no no,+ wɔakyere no wɔ wɔn amoa kɛse mu;+

Ɔno na yɛkaa ne ho asɛm sɛ: “Yɛbɛtena ne nwini ase wɔ amanaman no mu.”

ש [Sin]

21 Di ahurusi na bɔ ose, O Edom babea+ a wote Us asaase so.

Wo nso, wɔde kuruwa no bɛma wo,+ na wobɛbow na woayi w’adagyaw so.+

ת [Taw]

22 O Sion babea, wo bɔne ho asotwe aba awiei.

Ɔrentu w’ase nkɔ obi man so bio.+

Na wo Edom babea de, ɔde n’ani besi wo bɔne so.

Ɔbɛma wo bɔne ada adi.+

5 O Yehowa, kae nea ato yɛn.

Hwɛ, na hu yɛn animguase.+

 2 Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho; wɔde yɛn afi ama ananafo.+

 3 Yɛayɛ nnyanka a yenni agya; yɛn maamenom te sɛ akunafo.+

 4 Yɛn ara yɛn nsu a yɛnom mpo, gye sɛ yetua ka,+ na yɛn ankasa anyina a yɛsɔ nso, gye sɛ yɛtɔ.

 5 Wɔn a wɔtaa yɛn no aso yɛn kɔn akyi ara ne sa;

Yɛabrɛ, nanso wɔmma yennya ahomegye.+

 6 Yɛde yɛn ho ama Egypt+ ne Asiria,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya aduan a ɛbɛso yɛn adi.

 7 Yɛn agyanom a wɔyɛɛ bɔne no nni hɔ bio, nanso yɛn na yɛso wɔn bɔne.

 8 Seesei nkoa na edi yɛn so. Obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.

 9 Yɛde yɛn nkwa* to yɛn nsam hwehwɛ aduan,+ sekan a ɛwɔ sare so no nti.

10 Yɛn were adɔ sɛ fononoo, ɔkɔm a ano yɛ hyew no nti.+

11 Wɔabrɛ Sion mmea ase,* Yuda nkurow mu mmaabun no.+

12 Wɔkyekyeree adehye nsa sensɛn wɔn,+ na wɔamfa obu amma mpanyimfo.+

13 Mmerante soa ɔbo a wɔyam so ade,* na mmarimaa hintiw, anyina a ɛsoso wɔn nti.

14 Mpanyimfo nni kurow apon ano bio;+ mmerante agyae wɔn nnwom bɔ.+

15 Anigye nni yɛn koma mu bio; yɛn asaw adan awerɛhow.+

16 Ahenkyɛw ayi afi yɛn ti atɔ fam. Asɛm ato yɛn, efisɛ yɛayɛ bɔne!

17 Eyi nti, yɛn koma yare,+

Eyi nyinaa nti, yɛn ani so ayɛ kusuu,+

18 Sion bepɔw a ayɛ amamfo nti.+ Seesei sakraman na ɛnenam so.

19 Na wo Yehowa de, wobɛtena w’ahengua so afebɔɔ.

W’ahengua wɔ hɔ fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.+

20 Adɛn nti na wo werɛ afi yɛn afebɔɔ, na woagyaw yɛn hɔ bere tenteenten saa?+

21 O Yehowa, san fa yɛn bra wo nkyɛn, na yɛbɛsan aba dodo.+

Ma yɛn nna nyɛ foforo sɛ tete no.+

22 Nanso woapo yɛn koraa.

Wo bo afuw yɛn denneennen.+

Ti 1 kosi 4 no yɛ awerɛhow nnwom a wɔde Hebri nkyerɛwde ahyehyɛ no nnidiso nnidiso.

Anaa “Yerusalem.”

Anaa “mmabaa.”

Nt., “abɛyɛ ne ti.”

Anaa “Yerusalem ahu.”

Anaa “wɔn kra benya ahomeka.”

Ɛyɛ Yerusalem na wɔreka ne ho asɛm sɛ onipa.

Anaa “me kra anya.”

Nt., “n’ano.”

Anaa “mmabaa.”

Anaa “ama wɔn kra anya ahomeka.”

Anaa “Me koma adan abutuw wɔ me mu.”

Anaa “de agu wɔn ho fĩ.”

Nt., “abɛn biara.”

Anaa “ɔtwee ne nsa nifa kɔe.”

Nt., “Watia n’agyan so.”

Anaa “Wasɛe n’afahyɛ.”

Nt., “mfii amemeneamemene ho.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Anaa “Akwankyerɛ.”

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Ɛyɛ anwensɛm a wɔde ka biribi ho asɛm te sɛ nea ɛyɛ onipa. Ebia wɔde kyerɛ ayamhyehye anaa tema.

Anaa “wɔn kra.”

Anaa “adanse.”

Anaa “Wɔbɔ hwirema.”

Anaa “bue wɔn anom wɔ wo so.”

Anaa “Wɔbɔ hwirema.”

Nt., “mmɛn.”

Nt., “w’ani babea.”

Anaa “anya wɔn akra.”

Nt., “mmɔnten nyinaa ti.”

Anaa “aba.”

Anaa “mmabaa.”

Anaa “Ahoɔdenfo a mewoo wɔn.”

Anaa “osiw me mpaebɔ kwan.”

Ebetumi nso akyerɛ, “wama mayɛ sɛ asaase a ada mpan.”

Anaa “Wama mayɛ sɛ kurow a abɔ.”

Nt., “Watia n’agyan so.”

Nt., “mma.”

Anaa “me kra.”

Anaa “wo kra bɛkae.”

Anaa “Me kra aka.”

Anaa “ɔkra.”

Anaa “Eye sɛ onipa de ntoboase twɛn.”

Anaa “bɔɔla.”

Anaa “bue wɔn anom wɔ yɛn so.”

Anaa “me kra.”

Anaa “me kra asɛm.”

Anaa “na wɔn bo yɛ den.”

Anaa “ntama a ne bo yɛ den.”

Anaa “bɔɔla.”

Nt., “bɔne.”

Anaa “pupuawusiw.”

Anaa “wɔn awerɛhow aduan.”

Anaa “Wɔrentumi ntena ha sɛ ahɔho.”

Nt., “Yehowa anim.”

Anaa “kra.”

Anaa “Wɔato Sion mmea mmonnaa.”

Anaa “owiyammo.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena