Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt Sakaria 1:1-14:21
  • Sakaria

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sakaria
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Sakaria

SAKARIA

1 Dario ahenni afe a ɛto so abien,+ bosome a ɛto so awotwe no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Sakaria*+ a ɔyɛ Ido ba Berekia ba no sɛ: 2 “Yehowa bo fuw mo agyanom denneennen.+

3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “‘Monsan mmra me nkyɛn,’ asafo Yehowa asɛm ni, ‘na me nso mɛsan aba mo nkyɛn,’+ asafo Yehowa na waka.”’

4 “‘Monnyɛ sɛ mo agyanom; wɔn na tete adiyifo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mepa mo kyɛw, monsan mfi mo akwammɔne ne mo nneyɛe bɔne ho.’”’*+

“‘Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso amma me,’+ Yehowa asɛm ni.

5 “‘Seesei, mo agyanom no wɔ he? Na adiyifo no nso, wɔtenaa ase afebɔɔ anaa? 6 Mmara a mepɛ sɛ mo agyanom di so no, mede maa wɔn. Na mesomaa me nkoa adiyifo no kɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔanni m’asɛm no so a, sɛɛ ne sɛɛ na ɛbɛto wɔn. Nea mekae no nyinaa baa mu maa mo agyanom hui, ɛnte saa?’+ Enti wɔsan baa me nkyɛn, na wɔkae sɛ: ‘Nea asafo Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ yɛn no, saa pɛpɛɛpɛ na wayɛ; watua yɛn ka sɛnea yɛn akwan ne yɛn nnwuma te.’”+

7 Dario ahenni afe a ɛto so abien,+ bosome a ɛto so 11 a wɔfrɛ no Sebat* no da a ɛto so 24 no, Yehowa asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Ido ba Berekia ba no nkyɛn, na ɔkae sɛ: 8 “Minyaa anisoadehu bi anadwo. Mihui sɛ ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na na ogyina ohuam nnua no mu wɔ subon no mu. Ná apɔnkɔ gyinagyina n’akyi; ebi yɛ kɔkɔɔ, ebi yɛ kɔkɔɔ a ani dum, ɛnna ebi nso yɛ fitaa.”

9 Enti mibisae sɛ: “Me wura, eyinom nso ɛ?”

Ɛnna ɔbɔfo a ɔne me rekasa no ka kyerɛɛ me sɛ: “Mɛkyerɛ wo baabi a eyinom fi.”

10 Afei ɔbarima a ogyina ohuam nnua no mu no kae sɛ: “Eyinom na Yehowa asoma wɔn sɛ wommekyinkyin asaase so no.” 11 Na wɔka kyerɛɛ Yehowa bɔfo a na ogyina ohuam nnua no mu no sɛ: “Yɛakyinkyin asaase so, na hwɛ! asaase nyinaa so ayɛ dinn, na asomdwoe wɔ so.”+

12 Enti Yehowa bɔfo no bisae sɛ: “O asafo Yehowa, da bɛn koraa na wubehu Yerusalem ne Yuda nkurow no mmɔbɔ,+ nkurow a wo bo afuw wɔn mfe 70 yi?”+

13 Ɛnna Yehowa de nsɛm a ɛyɛ dɛ ne awerɛkyekyesɛm buaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no. 14 Na ɔbɔfo a ɔne me rekasa no ka kyerɛɛ me sɛ: “Teɛm ka sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Mede ahokeka bedi ama Yerusalem ne Sion; yiw, ahokeka kɛse na mede bɛyɛ.+ 15 Me bo afuw aman a wɔn ho adwo wɔn no denneennen,+ efisɛ me bo fuw me man kakraa bi,+ nanso wɔmaa me man amanehunu yɛɛ kɛse.”’+

16 “Eyi nti, nea Yehowa aka ni: ‘“Mede mmɔborɔhunu* bɛsan akɔ Yerusalem.+ Na wobesi me fi wɔ hɔ.+ Na wɔde susuhama besusuw Yerusalem,” asafo Yehowa asɛm ni.’+

17 “San teɛm bio na ka sɛ, ‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Nneɛma pa bɛsan abu so wɔ me nkurow mu bio; na Yehowa bɛsan akyekye Sion werɛ,+ na ɔbɛsan apaw Yerusalem bio.”’”+

18 Afei mehwɛɛ ɔsoro, na mihuu mmɛn anan.+ 19 Ɛnna mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no sɛ: “Eyinom yɛ dɛn?” Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda+ ne Israel+ ne Yerusalem+ hwetee no.”

20 Afei Yehowa kyerɛɛ me adwumfo* baanan. 21 Na mibisae sɛ: “Ɛdɛn na eyinom rebɛyɛ?”

Na ɔkae sɛ: “Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda hwetee a obiara antumi amma ne ti so no. Na eyinom nso bɛba abɛma wɔabɔ hu, na wɔatutu aman no mmɛn, aman a wɔmaa wɔn mmɛn so tiaa Yuda asaase ma wɔbɔ hwetee no.”

2 Na mehwɛɛ ɔsoro, na mihuu ɔbarima bi a okura susuhama+ wɔ ne nsam. 2 Enti mibisaa no sɛ: “Ɛhe na worekɔ?”

Ɛnna ɔkae sɛ: “Merekosusuw Yerusalem ahwɛ ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ.”+

3 Na hwɛ! Ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no puei, na ɔbɔfo foforo behyiaa no. 4 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔka kyerɛ saa aberante no sɛ, ‘“Nnipa bɛtena Yerusalem+ te sɛ kurow bi a ɔfasu nni ho, esiane nnipa ne nyɛmmoa bebree a ɛwɔ hɔ nti.+ 5 Na mɛyɛ me ho ogya fasu atwa Yerusalem ho nyinaa ahyia,+ na mɛma m’anuonyam ahyɛ hɔ ma,”+ Yehowa asɛm ni.’”

6 “Mommra! Mommra! Munguan mfi atifi asaase no so,”+ Yehowa asɛm ni.

“Efisɛ mabɔ mo ahwete ɔsoro mframa anan no mu,”+ Yehowa asɛm ni.

7 “Sion, bra! Wo a wo ne Babilon babea te, guan.+ 8 Bere a wɔhyɛɛ asafo Yehowa anuonyam wiei no, ɔsomaa me kɔɔ amanaman a wɔfom mo nneɛma no nkyɛn,+ na ɔkae sɛ: ‘Obiara a ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kosua.*+ 9 Efisɛ seesei merema me nsa so atia wɔn, na wɔn ankasa nkoa bɛfom wɔn nneɛma.’+ Na mubehu ampa sɛ asafo Yehowa na asoma me.

10 “O Sion babea, bɔ ose,+ efisɛ mereba,+ na mɛtena wo mu,”+ Yehowa asɛm ni. 11 “Saa da no, aman pii de wɔn ho bɛbata Yehowa ho,+ na wɔbɛyɛ me man; na mɛtena wo mu.” Na wubehu sɛ asafo Yehowa na asoma me aba wo nkyɛn. 12 Na Yehowa bɛfa Yuda de ayɛ ne kyɛfa wɔ asaase kronkron no so, na ɔbɛsan apaw Yerusalem bio.+ 13 Ɔhonam* nyinaa, monyɛ komm wɔ Yehowa anim, efisɛ wakeka ne ho, na ofi ne tenabea kronkron hɔ reba.

3 Na ɔma mihuu ɔsɔfo panyin Yosua.+ Ná ogyina Yehowa bɔfo no anim, na na Satan+ nso gyina Yosua nsa nifa so a ɔpɛ sɛ osiw no kwan. 2 Ɛnna Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ Satan+ sɛ: “Yehowa nka w’anim, Satan; yiw, Yehowa a wapaw Yerusalem+ no nka w’anim! Oyi nyɛ dua a wɔahwim afi ogya mu anaa?” 

3 Saa bere no, na Yosua hyɛ ataade fĩ gyina ɔbɔfo no anim. 4 Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn a wogyina n’anim no sɛ, “Munyi n’ataade fĩ no mfi ne ho.” Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne* afi wo ho, na wɔde ataade a ani tew* bɛhyɛ wo.”+

5 Enti mekae sɛ: “Ma wɔmfa abotiri a ɛho tew mmɔ ne ti.”+ Na wɔde abotiri a ɛho tew bɔɔ ne ti, na wɔhyɛɛ no ataade; saa bere no, na Yehowa bɔfo no gyina nkyɛn hɔ baabi. 6 Ɛnna Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 7 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Sɛ wonantew m’akwan so, na woyɛ adwuma a mede ama wo no a, ɛnde wobɛyɛ ɔtemmufo wɔ me fi+ na woahwɛ m’adiwo so;* na mɛma woanya kwan aba me nkyɛn te sɛ wɔn a wogyinagyina ha yi.’

8 “‘O Ɔsɔfo Panyin Yosua, mepa wo kyɛw, wo ne wo mfɛfo a wɔtena w’anim no, muntie, efisɛ saa mmarima no gyina hɔ ma nea ebesi daakye. Hwɛ! Mede m’akoa+ a ne din de Mfefɛwee+ no reba! 9 Hwɛ ɔbo a mede ato Yosua anim no! Ɔbo baako pɛ yi so na ani ason wɔ; na merekyerɛw* biribi agu so,’ asafo Yehowa asɛm ni, ‘na mede da koro beyi asaase no bɔne* afi hɔ.’+

10 “‘Saa da no,’ asafo Yehowa asɛm ni, ‘mo mu biara bɛfrɛ ne yɔnko akɔ ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase.’”+

4 Na ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no san bae, na onyan me te sɛ nea ɔrenyan obi a wada. 2 Ɛnna obisaa me sɛ: “Ɛdɛn na wuhu?”

Na mekae sɛ: “Hwɛ! Mihu kaneadua bi a wɔde sika kɔkɔɔ nko ara+ na ayɛ a kankyee si so. Nkanea ason sisi so,+ yiw, ason; na nkanea a esisi so no wowɔ dorobɛn ason. 3 Na ngodua abien sisi ho;+ baako wɔ kankyee no nifa so, ɛnna baako nso wɔ benkum so.”

4 Afei mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no sɛ: “Me wura, eyinom nyinaa kyerɛ dɛn?” 5 Na ɔbɔfo a ɔne me rekasa no nso bisaa me sɛ: “Enti wunnim nea eyinom nyinaa kyerɛ?”

Ɛnna mekae sɛ: “Minnim, me wura.”

6 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔreka akyerɛ Serubabel ni: ‘“Ɛnyɛ asraafodɔm anaa nnipa ahoɔden,+ na mmom me honhom na menam so bɛyɛ eyinom nyinaa,”+ asafo Yehowa asɛm ni. 7 O bepɔw kɛse, woyɛ hena? Wobɛdan asaasetraa+ wɔ Serubabel anim.+ Na ɔde atifi bo no bɛba bere a wɔrebɔ ose. Wɔbɛbɔ ose aka sɛ: “Hwɛ ne fɛ! Hwɛ ne fɛ!”’”

8 Na Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 9 “Serubabel nsa na ɛtoo ofi yi fapem,+ na ɔno ara nsa na ebewie.+ Na wubehu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn. 10 Mma obiara mmmu ɛda a adwuma no fii ase nketenkete no animtiaa.+ Efisɛ wobedi ahurusi, na wobehu prumo* wɔ Serubabel nsam. Ason yi yɛ Yehowa aniwa a ekyin fa asaase nyinaa so no.”+

11 Na mibisaa no sɛ: “Ngodua abien a esisi kaneadua no nifa ne ne benkum yi kyerɛ dɛn?”+ 12 Ɛnna mibisaa no ne mprenu so sɛ: “Ngodua nkorabata* abien yi, nea ehwie ngo a ani te sɛ sika kɔkɔɔ fa sika kɔkɔɔ dorobɛn abien mu no, ɛkyerɛ dɛn?”

13 Na obisaa me sɛ: “Enti wunnim nea eyinom kyerɛ?”

Ɛnna mekae sɛ: “Minnim, me wura.”

14 Enti ɔkae sɛ: “Eyinom ne nnipa baanu a wɔasra wɔn a wogyina asaase nyinaa Wura no nkyɛn no.”+

5 Afei mehwɛɛ ɔsoro bio, na mihuu nhoma mmobɔwee bi a atu nam wim. 2 Na obisaa me sɛ: “Ɛdɛn na wuhu?”

Ɛnna mekae sɛ: “Mihu nhoma mmobɔwee bi a atu nam wim. Ne tenten yɛ basafa* 20, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa 10.”

3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Eyi ne nnome a apue rekɔ asaase nyinaa so, efisɛ nhoma mmobɔwee no fã baako kasa tia korɔnbɔ, nanso obiara a ɔbɔ korɔn+ afa ne ho adi. Nhoma mmobɔwee no fã baako a aka no kasa tia ntam hunu, nanso obiara a ɔka ntam hunu+ afa ne ho adi. 4 ‘Me na mema epue kɔe,’ asafo Yehowa asɛm ni, ‘na ɛbɛkɔ ɔkorɔmfo fi na akɔ nea ɔde me din ka ntam hunu no fi; na ɛbɛtena saa fi no mu na asɛe fi no ne emu nnua ne emu abo nyinaa.’”

5 Na ɔbɔfo a ɔne me rekasa no san baa me nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Mepa wo kyɛw, ma w’ani so na hwɛ nea apue rekɔ yi.”

6 Ɛnna mibisae sɛ: “Ɛyɛ dɛn?”

Na ɔkae sɛ: “Ɛyɛ efa susude* na apue rekɔ no.” Na ɔtoaa so sɛ: “Sɛɛ na wɔte wɔ asaase nyinaa so.” 7 Na mihui sɛ wɔapagyaw mmuaso kurukuruwa a wɔde sumpii* ayɛ no, na na ɔbea bi te susude no mu. 8 Enti ɔkae sɛ: “Amumɔyɛ ni.” Na ɔkaa no hyɛɛ efa susude no mu, na ɔde sumpii a emu yɛ duru no kataa ano.

9 Afei mehwɛɛ ɔsoro, na mihuu mmea baanu bi a wɔatu fãã nam mframa mu reba. Ná wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn ntaban. Na wɔmaa susude no so faa wim.* 10 Enti mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no sɛ: “Ɛhe na wɔde efa susude no rekɔ?”

11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔde no rekɔ Sinar* asaase so+ akosi dan ama no. Na sɛ wosi wie a, wɔde no bɛtena hɔ, baabi a ɛfata no no.”

6 Afei mehwɛɛ ɔsoro bio, na mihui sɛ nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien ntam reba, na na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw. 2 Teaseɛnam a edi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na na ɛretwe, na teaseɛnam a ɛto so abien no, apɔnkɔ tuntum+ na na ɛretwe. 3 Teaseɛnam a ɛto so abiɛsa no, apɔnkɔ fitaa na na ɛretwe, na teaseɛnam a ɛto so anan no, apɔnkɔ a wɔn ho yɛ damedame ne nsisiinsisii+ na na ɛretwe.

4 Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no sɛ: “Me wura, eyinom nso ɛ?”

5 Ɛnna ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Eyinom yɛ ɔsoro ahonhom anan no.+ Wobegyinagyinaa asaase nyinaa Wura no anim,+ na wɔapue rekɔ. 6 Nea* apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ atifi fam asaase so;+ apɔnkɔ fitaa no rekɔ po agya, ɛnna apɔnkɔ damedame no rekɔ anaafo fam asaase so. 7 Na apɔnkɔ nsisiinsisii no de, na wɔrepɛ ntɛm apue akokyinkyin asaase so.” Ɛnna ɔkae sɛ: “Monkɔ, munkokyinkyin asaase so.” Na wofii ase kyinkyin asaase so.

8 Ɛnna ɔteɛɛm frɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam asaase so no ama Yehowa honhom ahome wɔ atifi fam asaase no so.”

9 Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 10 “Gye nea Heldai ne Tobiya ne Yedaia de fi wɔn a wɔatu wɔn ase kɔ obi man so hɔ bae no; na saa da no, wo ne wɔn a wofi Babilon aba no nkɔ Sefania ba Yosia fi. 11 Fa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ ahenkyɛw,* na fa hyɛ Yehosadak ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panyin no ti.+ 12 Na ka kyerɛ no sɛ,

“‘Nea asafo Yehowa aka ni: “Oyi ne ɔbarima a ne din de Mfefɛwee+ no. Ɔbɛfefɛw wɔ ne tenabea, na obesi Yehowa asɔrefi no.+ 13 Ɔno na obesi Yehowa asɔrefi no, na ɔno na obenya anuonyam no. Ɔbɛtena n’ahengua so adi hene, na ɔbɛsan ayɛ ɔsɔfo wɔ n’ahengua so,+ na asomdwoe bɛtena abien no ntam.* 14 Na ahenkyɛw* no bɛyɛ nkae ade ama Helem ne Tobiya ne Yedaia+ ne Sefania ba Hen wɔ Yehowa asɔrefi hɔ. 15 Na nnipa a wofi akyirikyiri bɛba, na wɔabesi Yehowa asɔrefi no bi.” Na mubehu sɛ asafo Yehowa na asoma me mo nkyɛn. Sɛ mutie Yehowa mo Nyankopɔn asɛm a, eyinom nyinaa bɛba mu.’”

7 Na Ɔhene Dario ahenni afe a ɛto so anan, bosome a ɛto so akron a ɛne Kislew* no da a ɛto so anan no, Yehowa ne Sakaria+ kasae. 2 Na Betelfo somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Yehowa sɛ onhu wɔn mmɔbɔ, 3 na wommisa asafo Yehowa fi* asɔfo ne adiyifo no sɛ: “Minsu bosome a ɛto so anum no mu,+ na menyɛ akɔnkyen* sɛnea mayɛ mfe pii no anaa?”

4 Na asafo Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 5 “Bisa asaase no sofo ne asɔfo no nyinaa sɛ, ‘Bere a moyɛɛ akɔnkyen na musui wɔ bosome a ɛto so anum ne nea ɛto so ason no mu+ mfe 70 no,+ moyɛɛ akɔnkyen no maa me anaa? 6 Na bere a mudidii na monomee no, ɛnyɛ mo ara na mudidii na monom fae? 7 Asɛm a Yehowa nam tete adiyifo so de too gua no,+ ɛnsɛ sɛ mutie anaa? Saa bere no, na nnipa tete Yerusalem ne ɛho nkurow mu, na na wɔwɔ asomdwoe. Negeb ne Sefela nso, na nnipa tete hɔ.’”

8 Yehowa asɛm san baa Sakaria nkyɛn bio sɛ: 9 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mummu atɛntrenee,+ na obiara nna ɔdɔ a enni huammɔ adi nkyerɛ ne yɔnko+ na onhu no mmɔbɔ. 10 Monhwɛ na moansisi okunafo anaa agyanka+ anaa ɔhɔho+ anaa ohiani,+ na obiara mmmɔ ne yɔnko ho pɔw bɔne wɔ ne komam.’+ 11 Nanso wɔantie,+ na wɔyɛɛ asoɔden,*+ na wosisiw wɔn aso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrente.+ 12 Wɔmaa wɔn koma yɛɛ sɛ dɛnkyɛmmo,*+ na wɔantie mmara* ne asɛm a asafo Yehowa nam ne honhom so de faa tete adiyifo no so no.+ Enti asafo Yehowa bo fuw wɔn denneennen.”+

13 “‘Sɛnea mefrɛe a wɔantie no,+ saa ara na wɔn nso bɛfrɛ, na merentie,’+ asafo Yehowa asɛm ni. 14 ‘Na memaa mframa a ano yɛ den bɔɔ wɔn hwete kɔɔ aman a wonnim so no nyinaa so,+ na asaase no daa mpan wɔ wɔn akyi; obi nkɔ, obi mma.+ Na wɔmaa asaase fɛfɛɛfɛ no dan biribi a ɛyɛ hu.’”

8 Asafo Yehowa asɛm san bae bio sɛ: 2 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Mede ahokeka kɛse bedi ama Sion,+ na mede abufuw kɛse bedi ama no.’”

3 “Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛsan aba Sion+ na mabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ nokware kurow,+ na wɔafrɛ asafo Yehowa bepɔw no sɛ bepɔw kronkron.’”+

4 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Nkwakoraa ne mmerewa bɛsan abɛtenatena Yerusalem mmɔnten so bio, na onyinkyɛ nti* obiara bekura ne poma.+ 5 Na mmarimaa ne mmeawa bɛhyɛ kurow no mmɔnten so ma, na wɔadi agoru wɔ hɔ.’”+

6 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɔman yi mu nnipa a aka saa bere no, sɛ ɛbɛyɛ den ama wɔn a, me nso ɛbɛyɛ den ama me anaa?’ asafo Yehowa asɛm ni.”

7 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Hwɛ, megye me man afi apuei asaase so ne atɔe asaase so.*+ 8 Na mede wɔn bɛba, na wɔabɛtena Yerusalem;+ na wɔbɛyɛ me man na mayɛ wɔn Nyankopɔn,+ ɔnokwafo ne ɔtreneeni no.’”

9 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Monhyɛ mo nsam den,*+ mo a seesei mote nsɛm yi fi adiyifo no anom no,+ nsɛm a wɔkae ɛda a wɔtoo asafo Yehowa fi fapem sɛ wɔresi asɔrefi no. 10 Efisɛ ansa na saa bere no reba no, na akatua biara nni hɔ mma onipa ne aboa;+ na ɔtamfo no nti, na ɛyɛ hu ma nea ɔrekɔ ne nea ɔreba nyinaa, efisɛ memaa nnipa nyinaa tentan wɔn ho.’

11 “‘Na seesei de, me ne nnipa a aka yi renni sɛnea me ne wɔn dii tete no,’+ asafo Yehowa asɛm ni. 12 ‘Wobedua asomdwoe aba; bobe bɛsow n’aba, na asaase bɛma ne nnɔbae,+ na ɔsoro bɛma ne bosu. Na mede eyinom nyinaa bɛma nnipa a aka no.+ 13 O Yuda fi ne Israel fi, sɛnea moyɛɛ nnome wɔ amanaman mu no,+ saa ara na megye mo, na mobɛyɛ nhyira.+ Munnsuro!+ Monhyɛ mo nsam den.’*+

14 “Na nea asafo Yehowa aka ni, ‘“Mebɔɔ me tirim sɛ mede mmusu bɛba mo so, efisɛ mo agyanom hyɛɛ me abufuw,” asafo Yehowa asɛm ni, “na mannu me ho.+ 15 Na seesei de, mabɔ me tirim sɛ me ne Yerusalem ne Yuda fi bedi no yiye.+ Enti munnsuro!”’+

16 “‘Nea monyɛ ni: Obiara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.+ Na momfa nokware ne asomdwoe mmu atɛn wɔ mo kurow apon ano.+ 17 Obiara mmmɔ ne yɔnko ho pɔw bɔne wɔ ne komam,+ na mommma mo ani nnnye ntam hunu ho,+ efisɛ mikyi eyinom nyinaa,’+ Yehowa asɛm ni.”

18 Asafo Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: 19 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Akɔnkyen* a wɔyɛ no bosome a ɛto so anan,+ akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so anum,+ akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so ason,+ ne akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so du mu+ nyinaa bɛyɛ anigye ne ahurusi bere ama Yuda fi; ɛbɛyɛ afahyɛ ahorow a ɛyɛ anigye.+ Enti munni nokware na monhwehwɛ asomdwoe.’

20 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Ɛbɛba sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba; 21 na kurow baako mu nnipa bɛkɔ kurow foforo mu akɔka sɛ: “Momma yɛnkɔ na yɛnkɔsrɛ Yehowa sɛ onhu yɛn mmɔbɔ, na yɛnhwehwɛ asafo Yehowa akyi kwan. Me nso mɛkɔ bi.”+ 22 Na aman pii ne aman akɛse bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyi kwan wɔ Yerusalem,+ na wɔbɛkotow asrɛ Yehowa sɛ onhu wɔn mmɔbɔ.’

23 “Nea asafo Yehowa aka ni, ‘Saa bere no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa+ besuso Yudani* baako ataade* mu, yiw, wobesuso mu denneennen aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ,+ efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+

9 Atemmusɛm:

“Eyi yɛ Yehowa asɛm a etia Hadrak asaase,

Na Damasko paa na ɛkɔ ma no,*+

Efisɛ Yehowa ani wɔ nnipa so,+

Na n’ani wɔ Israel mmusuakuw nyinaa so.

 2 Asɛm no tia Hamat+ a ɛne no* bɔ hye no nso,

Na etia Tiro+ ne Sidon+ nso, efisɛ wonim nyansa paa.*+

 3 Tiro sii akoban* fae.

Ɔboaboaa dwetɛ pii ano te sɛ mfuturu,

Na ɔboaboaa sika kɔkɔɔ pii ano te sɛ abɔnten so atɛkyɛ.+

 4 Hwɛ! Yehowa begye n’ahode afi ne nsam,

Na obekunkum n’asraafo agu po mu;*+

Na ogya bɛhyew no.+

 5 Askelon behu, na obesuro;

Gasa ho bɛyeraw no paa,

Ekron nso ho bɛyeraw no paa, efisɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ ne mu no anim agu ase.

Ɔhene bɛyera afi Gasa,

Na obiara rentena Askelon.+

 6 Ɔhɔho na ɔbɛtena Asdod,

Na nea Filistifo de hoahoa wɔn ho no, meyi afi hɔ.+

 7 Meyi nneɛma a mogya akekã mu no afi n’anom,

Na meyi nneɛma a ɛyɛ tan no afi ne se mu,

Na wobegyaw no ama yɛn Nyankopɔn;

Ɔbɛyɛ sɛ abusuapanyin wɔ Yuda,+

Na Ekron ayɛ sɛ Yebusini.+

 8 Mɛyɛ me ho ɔwɛmfo* na mabɔ me fi ho ban;+

Obiara rentwam mfa hɔ, na obiara remfi hɔ mma.

Na nhyɛsofo biara remfa hɔ bio,+

Efisɛ seesei me ara mede m’ani ahu.*

 9 O Sion babea, ma w’ani nnye paa.

O Yerusalem babea, teɛm bɔ ose.

Hwɛ! Wo hene reba wo nkyɛn.+

Ɔyɛ ɔtreneeni, na ɔde nkwagye reba,*

Ɔbrɛ ne ho ase,+ na ɔte afurum so,

Ɔte afurum ba* so, afurumbere ba.+

10 Meyi ɔko teaseɛnam afi Efraim,

Na mayi ɔpɔnkɔ afi Yerusalem.

Wobeyi agyan a wɔde kɔ ɔko no afi hɔ.

Na ɔbɛka asomdwoesɛm akyerɛ aman;+

Obedi hene afi po so akɔ po so,

Na wadi ade afi Asubɔnten no* ano akosi asaase ano.+

11 Na wo, O ɔbea, w’apam mogya no nti,

Meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nnim mu.+

12 Mo, nneduafo a mowɔ anidaso, monsan mmra aban a ɛyɛ den no mu.+

Mereka akyerɛ wo nnɛ sɛ,

‘O ɔbea, mɛma wo akatua mmɔho.+

13 Na mekuntun Yuda mu* te sɛ m’agyan.

Mede Efraim bɛhyɛ mu,*

Na mɛkanyan wo mma mmarima, O Sion,

Ama wɔaba wo mma mmarima so, O Greece,

Na mede wo bɛyɛ sɛ ɔsabarima sekan.’

14 Yehowa bɛma ada adi sɛ ɔka wɔn ho,

Na n’agyan bepue akɔ te sɛ anyinam.

Awurade Tumfo Yehowa bɛbɔ abɛn,+

Na ɔbɛfa anaafo fam mframa a ano yɛ den mu akɔ.

15 Asafo Yehowa bɛko ama wɔn,

Na wɔbɛmemene akorabo na wɔadi so nkonim.+

Wɔbɛnom na wɔayɛ hagyahagya te sɛ nea wɔanom nsã;

Wɔbɛyɛ sɛ kuruwa a nsã ayɛ no ma,

Na wɔayɛ sɛ mogya a wɔahwie agu afɔremuka ntwea so.+

16 Saa da no, Yehowa wɔn Nyankopɔn begye wɔn

Sɛ ne man nguan;+

Efisɛ wɔbɛyɛ sɛ ahenkyɛw* mu aboɔden abo hyɛnhyɛn wɔ n’asaase so.+

17 Hwɛ sɛnea ne papayɛ dɔɔso fa!+

Na hwɛ sɛnea ne ho yɛ fɛ fa!

Aduan bɛma mmerante ayɛ frɔmfrɔm,

Na bobesa foforo ama mmaabun ho ayɛ fɛ.”+

10 “Monsrɛ Yehowa na ɔmma osu ntɔ wɔ fefɛw bere* mu.

Yehowa na ɔyɛ omununkum a ɛde osuframa ne aprannaa ba,

Na ɔno na ɔma osu tɔ ma nnipa,+

Na ɔma obiara nya afuw mu aduan.

 2 Na Terafim ahoni* ka nnaadaasɛm,*

Na nkɔmhyɛfo nya atoro anisoadehu.

Adae hunu na wɔka ho asɛm,

Na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ.

Eyi nti, wobekyinkyin te sɛ nguan.

Wobehu amane, efisɛ wonni hwɛfo.

 3 Me bo afuw nguanhwɛfo no denneennen,

Na atumfo a wɔn tirim yɛ den* no beyi wɔn ano akyerɛ me;

Efisɛ asafo Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ ne nguan,+ watwa n’ani abɛhwɛ Yuda fi.

Na wayɛ wɔn sɛ ɔpɔnkɔ nuonyamfo a ɔde no kɔ ɔko.

 4 Ne mu na otitiriw* no befi aba,

Ne mu na sodifo a ɔyɛ okyigyinafo* no befi aba,

Ne mu na agyan a wɔde kɔ ɔko no befi aba;

Ne mu na ɔhwɛfo* biara bepue akɔ; wɔn nyinaa bɛbom afi ne mu.

 5 Wɔbɛyɛ te sɛ akatakyi

A wotiatia abɔnten so atɛkyɛ mu wɔ ɔko mu.

Wɔbɛko, efisɛ Yehowa ka wɔn ho;+

Na wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no anim begu ase.+

 6 Mɛma Yuda fi ayɛ den,

Na megye Yosef fi.+

Mɛma wɔasi wɔn dedaw mu bio,

Efisɛ mehu wɔn mmɔbɔ;+

Na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentow wɔn nkyenee da;+

Efisɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so.

 7 Efraimfo bɛyɛ sɛ akatakyi,

Na wɔn koma bedi ahurusi te sɛ nea wɔanom nsã.+

Wɔn mma behu eyi na wɔadi ahurusi;

Wɔn koma ani begye wɔ Yehowa mu.+

 8 ‘Mɛbɔ hwirema afrɛ wɔn, na maboa wɔn ano;

Efisɛ megye wɔn,+ na wɔbɛyɛ bebree,

Na wɔbɛkɔ so ara adɔɔso.

 9 Mɛpete wɔn te sɛ aba agu aman horow so,

Nanso bere a wɔwɔ akyirikyiri mpo wɔbɛkae me;

Wɔne wɔn mma begyina wɔn nan so bio na wɔasan aba.

10 Mede wɔn befi Egypt asaase so aba,

Na maboaboa wɔn ano afi Asiria aba.+

Mede wɔn bɛba Gilead+ ne Lebanon asaase so,

Na ɛhɔ mpo, wɔn dodow nti wɔrenkɔ hɔ.+

11 Ɔbɛfa ɛpo no mu, na ɔbɛma ɛpo no ho ayeraw no;

Na ɔde ade bɛbɔ asorɔkye no wɔ ɛpo no mu;+

Nil bɛyow akodu ase tɔnn.

Nea Asiria de hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase,

Na Egypt ahempoma bɛkɔ.+

12 Mɛma wɔayɛ den wɔ Yehowa mu,+

Na wɔbɛnantew ne din mu,’+ Yehowa asɛm ni.”

11 “O Lebanon, buebue w’apon,

Sɛnea ɛbɛyɛ a ogya bɛhyew wo sida nnua.

 2 O ɔpopaw dua, su teɛteɛm, efisɛ sida dua no ahwe ase;

Wɔasɛe nnua akɛse no!

Basan odum nnua, munsu nteɛteɛm,

Efisɛ kwaebirentuw no asɛe!

 3 Muntie! Nguanhwɛfo resu teɛteɛm,

Efisɛ wɔasɛe wɔn anuonyam.

Muntie! Agyata* a wɔn ho yɛ den rebobom,

Efisɛ wɔasɛe Yordan kwaebirentuw no.

4 “Nea Yehowa me Nyankopɔn aka ni, ‘Hwɛ nguan a wɔrebekum wɔn no so,+ 5 nguan a wɔn a wɔtɔ wɔn no kum wɔn,+ nanso wɔfa wɔn ho di no. Na wɔn a wɔtɔn wɔn no+ ka sɛ, “Ayeyi nka Yehowa, efisɛ menya sika.” Na wɔn ahwɛfo nni ayamhyehye biara mma wɔn.’+

6 “‘Merenhu asaase no sofo mmɔbɔ bio,’ Yehowa asɛm ni. ‘Enti mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko nsa, ne ne hene nsa. Na wɔbɛsɛe asaase no, na merennye obiara mfi wɔn nsam.’”

7 Na mifii ase hwɛɛ nguan a wɔrebekum wɔn no so,+ O nguan a mo asɛm yɛ mmɔbɔ; mehwɛɛ mo so. Enti mefaa poma abien. Metoo baako din Anisɔ, ɛnna metoo baako nso din Nkabom,+ na mifii ase hwɛɛ nguan no so. 8 Na miyii nguanhwɛfo baasa adi wɔ bosome baako mu, efisɛ mannya* wɔn ho koma bio. Na wɔn nso, na wokyi* me. 9 Na mekae sɛ: “Merenhwɛ mo so bio. Ma nea ɔrewu no nwu. Na ma nea ɔresɛe no nsɛe. Na wɔn a aka no de, ma obiara nwe ne yɔnko nam.” 10 Enti mefaa me poma a metoo din Anisɔ no,+ na mitwitwaa mu. Meyɛɛ saa de twaa apam a na me ne ɔman no nyinaa ayɛ no mu. 11 Enti apam no mu twae saa da no, na nguan a wɔayɛ mmɔbɔ a na wɔrehwɛ nea mereyɛ no hui sɛ ɛyɛ Yehowa asɛm.

12 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ eye wɔ mo ani so a, momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, munnyae.” Enti wɔde* m’akatua maa me; wɔmaa me nnwetɛbona 30.+

13 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Tow gu sika akorae hɔ, efisɛ ɛno ne anuonyam bo a wɔatwa ato me so.”+ Enti mefaa nnwetɛbona 30 no, na metow guu Yehowa fi sika akorae hɔ.+

14 Afei mitwitwaa me poma a ɛto so abien a metoo din Nkabom no mu.+ Meyɛɛ saa de sɛee Yuda ne Israel nuayɛ no.+

15 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Afei fa ade a oguanhwɛfo a mfaso biara nni no so no de yɛ adwuma no.+ 16 Efisɛ mɛma oguanhwɛfo bi aba asaase no so. Ɔrenhwɛ nguan a wɔrewuwu no.+ Nguan nkumaa no, ɔrenhwehwɛ wɔn, na wɔn a wɔapirapira no nso,+ ɔrensa wɔn yare. Wɔn a wogyina wɔn nan so no, ɔremma wɔn aduan. Mmom, nguan a wɔadɔ srade no, ɔbɛwe wɔn nam,+ na watwitwa wɔn nan a esisi fam no.+

17 Me guanhwɛfo a mfaso biara nni no so+ a wagyaw nguan no hɔ no nnue!+

Sekan betwa ne basa ne n’ani nifa.

Ne basa no bewu kodwoo tɔ,

Na n’ani nifa befura korakora.”*

12 Atemmusɛm:

“Eyi yɛ Yehowa asɛm a ɛfa Israel ho,” Yehowa asɛm ni,

Nea ɔtrɛw ɔsoro mu,+

Na ɔtoo asaase fapem,+

Na ɔyɛɛ honhom* a ɛwɔ onipa mu no.

2 “Hwɛ, mɛma Yerusalem ayɛ kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ afã-afã, na wɔbɛka Yuda ne Yerusalem ahyɛ mu.+ 3 Saa da no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbo a emu yɛ duru* ama aman nyinaa. Na wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepira paa,+ na asaase so aman nyinaa bɛboaboa wɔn ano aba no so.”+ 4 Nea Yehowa aka ni: “Saa da no, mɛma ehu aka apɔnkɔ nyinaa, na wɔn a wɔtete wɔn so no bɛbobɔ adam. Mɛma m’ani akɔ Yuda fi so, na amanaman no apɔnkɔ de, mɛma wɔn nyinaa aniwa afurafura. 5 Na Yuda abusua mpanyimfo bɛka wɔ wɔn komam sɛ, ‘Yerusalemfo ne m’ahoɔden, asafo Yehowa wɔn Nyankopɔn nti.’+ 6 Saa da no, mɛma Yuda abusua mpanyimfo ayɛ sɛ kuku a ogya wom wɔ nnua ntam, na wɔbɛyɛ sɛ gyatɛn* wɔ hwiit* a wɔatwa agu hɔ akuwakuw mu.+ Na ɛbɛhyew aman a atwa ne ho ahyia wɔ benkum ne nifa nyinaa,+ na nkurɔfo bɛsan atena wɔn tenabea bio wɔ Yerusalem.*+

7 “Na Yehowa bedi kan agye Yuda ntamadan, sɛnea ɛbɛyɛ a Dawid fi anuonyam ne Yerusalemfo anuonyam renyɛ kɛse nsen Yuda. 8 Saa da no, Yehowa bɛbɔ Yerusalemfo ho ban;+ saa da no, nea obehintiw* wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fi bɛyɛ sɛ Onyame, te sɛ Yehowa bɔfo a odi wɔn anim no.+ 9 Saa da no, aman a wɔbɛba Yerusalem so nyinaa, sɛnea ɛte biara mɛhyew wɔn ase.+

10 “Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔbɛhwɛ nea wɔde ade wɔɔ no no,+ na wobesu no pii te sɛ nea wɔresu wɔn ba baako pɛ a wawu, na wobesu no paa te sɛ nea wɔresu wɔn abakan a wawu. 11 Saa da no, wobesu ateɛteɛm pii wɔ Yerusalem te sɛ nea wosu teɛteɛɛm wɔ Hadadrimon wɔ Megido Asaasetraa so+ no. 12 Asaase no nyinaa besu, abusua biara besu ne su; Dawid fi abusua besu, na wɔn mmea nso asu; Natan fi abusua+ besu, na wɔn mmea nso asu; 13 Lewi fi abusua+ besu, na wɔn mmea nso asu; Simeifo abusua+ besu, na wɔn mmea nso asu;14 na mmusua a aka nyinaa besu, abusua biara besu ne su, na wɔn mmea nso asu.

13 “Saa da no, wobetu abura bi ama Dawid fi ne Yerusalemfo, na wɔde bɛtew wɔn ho afi bɔne ne efĩ ho.+

2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “mɛpopa ahoni din afi asaase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo ne honhom fĩ nyinaa afi asaase no so.+ 3 Na sɛ obi hyɛ nkɔm bio a, ne maame ne ne papa a wɔwoo no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wubewu, efisɛ wode Yehowa din atwa atoro.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne maame ne ne papa a wɔwoo no de ade bɛwɔ ne mu.+

4 “Saa da no, odiyifo biara bɛfɛre sɛ ɔbɛka anisoadehu de ahyɛ nkɔm. Na wɔrenhyɛ nwi ataade+ mfa nnaadaa nkurɔfo bio. 5 Na ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ obi a ɔdɔw, na bere a meyɛ abofra na obi tɔɔ me.’ 6 Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Na akuru a ɛwowɔ wo mmati* yi nso ɛ?’ Ɔbɛka sɛ, ‘Me nnamfo* fi na mipirae.’”

 7 “O sekan, sɔre bra me guanhwɛfo no so,+

Sɔre bra ɔbarima no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko no,” asafo Yehowa asɛm ni.

“Bɔ oguanhwɛfo no,+ na nguan* no mmɔ nhwete,+

Na mɛdan me nsa aba nkumaa* no so.”

 8 Nea asafo Yehowa aka ni: “Asaase no sofo nyinaa,

Wɔbɛkyɛ wɔn mu abiɛsa na wɔatwa emu abien agu ama wɔasɛe;*

Na baako a aka no, wobegyaw wɔ so.

 9 Na baako a aka a megyaw wɔn wɔ so no, mede wɔn bɛfa ogya mu;

Na mɛnan wɔn ayiyi wɔn mu fĩ te sɛ nea wɔnan dwetɛ yiyi mu fĩ no,

Na mɛsɔ wɔn ahwɛ te sɛ nea wɔsɔ sika kɔkɔɔ hwɛ no.+

Wɔbɛbɔ me din,

Na me nso magye wɔn so.

Na mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me man,’+

Na wɔn nso aka sɛ, ‘Yehowa ne yɛn Nyankopɔn.’”

14 “Hwɛ! Ɛda bi reba; ɛyɛ Yehowa da. Saa da no, nneɛma a wɔanya* afi wo* mu no, wɔbɛkyɛ wɔ wo mu. 2 Mɛboaboa aman nyinaa ano ama wɔne Yerusalem abɛko; na wɔbɛfa kurow no, na wɔafom emu adan, na wɔato mmea mmonnaa. Na wɔbɛsoa kurow no fã akɔ, na wɔn a ɛbɛka no, wɔrenkum wɔn* mfi kurow no mu.

3 “Yehowa bepue ne saa aman no akɔko+ te sɛ ɛda a ɔrekɔ ɔko.+ 4 Saa da no, ne nan besi Ngodua Bepɔw*+ a esi Yerusalem anim wɔ apuei fam no so, na Ngodua Bepɔw no mu bɛpae abien afi apuei* akosi atɔe.* Na ɛbɛma obon kɛse paa abɛda hɔ, na bepɔw no fã bɛtwe akɔ atifi, na ɔfã akɔ anaafo. 5 Na mubeguan akɔ me mmepɔw bon no mu, efisɛ mmepɔw bon no bɛkɔ akodu Asel tɔnn. Na mubeguan sɛnea asaasewosow a esii wɔ Yuda hene Usia bere so nti,+ muguanee no. Na Yehowa me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho.+

6 “Saa da no, hann kɛse biara renhyerɛn,+ na nneɛma bɛkyenkyen.* 7 Na ɛbɛyɛ da baako bi a wonim sɛ ɛyɛ Yehowa de.+ Adekyee nni hɔ, na adesae nni hɔ; na anwummere mpo bɛyɛ hann. 8 Saa da no, nkwa nsu+ bɛtene afi Yerusalem;+ ɔfã bɛkɔ apuei po* mu,+ na ɔfã akɔ atɔe po* mu.+ Ɛbɛba ahohuru bere ne awɔw bere mu. 9 Na Yehowa bɛyɛ Ɔhene wɔ asaase nyinaa so.+ Saa da no, Yehowa bɛyɛ baako,+ na ne din ayɛ baako.+

10 “Asaase no nyinaa bɛyɛ sɛ Araba,+ afi Geba+ akosi Rimon+ wɔ Yerusalem anaafo fam; ɔbɛsɔre, na nnipa bɛba abɛtena ne mu,+ afi Benyamin Pon no ano+ akosi Ɔpon a Edi Kan no ano tɔnn, na ɛbɛkɔ akosi Ntwea So Pon no ano, na ebefi Hananel Abantenten no ho+ akosi ɔhene amoa a wokyĩ nsa wom no ho. 11 Nnipa bɛba abɛtena mu, na wɔrennome no mma ɛnsɛe bio da,+ na nnipa bɛtena Yerusalem dwoodwoo.+

12 “Aman a wɔbɛko atia Yerusalem no, ɔhaw a Yehowa de bɛba wɔn so ni:+ Wɔn honam bɛporɔw bere a wɔda so gyina wɔn nan so, wɔn ani bɛporɔw wɔ wɔn ani tokuru mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔw wɔ wɔn anom.

13 “Saa da no, Yehowa bɛma wɔn nyinaa ho ayeraw wɔn; na obiara beso ne yɔnko nsa, na obiara bɛma ne nsa so atia ne yɔnko nsa.*+ 14 Ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ Yerusalem no, Yuda nso bɛko bi, na wɔbɛboaboa aman a atwa kurow no ho ahyia nyinaa ahode ano, sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne ntaade bebree.+

15 “Na ɔhaw a ɛte saa ara bi na apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ ne yoma ne mfurum ne nyɛmmoa biara a ɛwɔ asoɛe hɔ behyia.

16 “Aman a wɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no nyinaa, obiara a ɔbɛka wom no, afe biara, ɔbɛforo akɔ Yerusalem+ akɔkotow* Ɔhene no, asafo Yehowa,+ na wadi Apata* Afahyɛ no.+ 17 Na asaase so mmusua nyinaa mu, sɛ wɔn mu bi amforo ankɔ Yerusalem ankɔkotow asafo Yehowa, Ɔhene no a, osu rentɔ mma wɔn.+ 18 Na sɛ Egypt abusua amforo ankɔ ankowura kurow no mu a, osu rentɔ mma wɔn. Mmom, ɔhaw a Yehowa de bɛba aman a wɔankodi Apata* Afahyɛ no so no, ɔde bi bɛba wɔn so. 19 Eyi na ɛbɛyɛ Egypt bɔne ho asotwe ne aman a wɔankodi Apata* Afahyɛ no nyinaa bɔne ho asotwe.

20 “Saa da no, wɔbɛkyerɛw agu apɔnkɔ dɔn no so sɛ, ‘Yehowa Ne Ɔkronkronni no!’+ Na nnadesɛn*+ a ɛwɔ Yehowa fi bɛyɛ sɛ nkankyee+ a ɛwɔ afɔremuka anim no. 21 Na dadesɛn* biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda no bɛyɛ kronkron, na ɛbɛyɛ asafo Yehowa dea, na wɔn a wɔbɛbɔ afɔre no nyinaa bɛba abɛfa bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kaananni* biara wɔ asafo Yehowa fi bio.”+

Ɛkyerɛ, “Yehowa Akae.”

Anaa “monsan mfi mo akwammɔne ne mo nneyɛe bɔne ho mmra.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “ayamhyehye.”

Anaa “atomfo.”

Anaa “m’aniwa kurutiayisi.”

Anaa “Nnipa.”

Anaa “afodi.”

Anaa “adehyetaade.”

Anaa “woawɛn m’adiwo.”

Anaa “merekurukyerɛw.”

Anaa “afodi.”

Nt., “ɔbo no, sanyaa no.” Ɛyɛ hama bi a dade hyɛ ano a wɔde susuw ɔdan hwɛ sɛ ɔdan no teɛ anaa.

Kyerɛ sɛ, dua no nkorabata a asow dɔsɔɔ no.

Basafa baako yɛ sɛnt. 44.5 (ntk. 17.5). Hwɛ Nkh. B14.

Nt., “efa.” Ɛha yi, ɛyɛ kɛntɛn anaa kankyee bi a wɔde susuw ade wɔ efa mu. Efa baako yɛ lita 22 (bɛyɛ olonka 7 ne fã). Hwɛ Nkh. B14.

Ɛyɛ dade bi a emu yɛ duru.

Nt., “Wɔmaa susude no so faa asaase ne ɔsoro ntam.”

Kyerɛ sɛ, Babilonia.

Kyerɛ sɛ, teaseɛnam no.

Anaa “ahenkyɛw kɛse.”

Kyerɛ sɛ, asomdwoe bɛtena adwuma a ɔyɛ sɛ ɔhene ne ɔsɔfo no ntam.

Anaa “ahenkyɛw kɛse.”

Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “asɔrefi.”

Anaa “minni mmuada.”

Anaa “wɔyɛɛ asoɔden dan wɔn akyi.”

Ebetumi nso akyerɛ, “ɔbo denneennen;” ɛte sɛ ɔbo a wɔde sew sekan.

Anaa “akwankyerɛ.”

Nt., “nna dodow nti.”

Anaa “afi owiapuei asaase so ne owiatɔe asaase so.”

Anaa “Munnya akokoduru.”

Anaa “Munnya akokoduru.”

Anaa “Mmuadadi.”

Nt., “Yudani barima.”

Anaa “ataade mmuano.”

Nt., “ɛyɛ ne homebea.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Hadrak asaase anaa Damasko ho.

Anaa “efisɛ ɛyɛ wɔn sɛ wonim nyansa paa.”

Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.

Ebetumi nso akyerɛ, “wɔ po so.”

Anaa “awɛmfo dɔm.”

Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa amanehunu a ne nkurɔfo refa mu ho.

Anaa “na wadi nkonim; na wagye nkwa.”

Anaa “afurumnini.”

Kyerɛ sɛ, Eufrate.

Nt., “metia Yuda so.”

Kyerɛ sɛ, te sɛ bɛmma.

Anaa “ahemmotiri.”

Ná efi ase fi April mfinimfini hɔ baabi. Hwɛ Nkh. B15.

Anaa “abusua abosom; ahoni.”

Anaa “abususɛm; ahonhonsɛm.”

Nt., “mpapo no.”

Nt., “aban a esi ntwea so.” Egyina hɔ ma ɔbarima a ne ho hia paa; ɔpanyin.

Nt., “dua a wɔasen ano a wɔde bɔ biribi tim fam.” Egyina hɔ ma obi a ɔyɛ okyitaafo; ɔkannifo.

Anaa “nea ɔhwɛ adwuma so.”

Anaa “Agyatanini.”

Anaa “me kra annya.”

Anaa “wɔn kra kyi.”

Nt., “wɔkarii.”

Nt., “bɛyɛ wusiwusi; bɛyɛ kusuu.”

Anaa “ahome.”

Anaa “adesoa.”

Ɛyɛ popã a wɔapaapae akyekyere abom asɔ ano gya.

Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.

Anaa “Yerusalem bɛsan atena ne tenabea bio wɔ Yerusalem hɔ ara.”

Anaa “nea ɔyɛ mmerɛw koraa.”

Nt., “wo nsa ntam.” Kyerɛ sɛ, wo koko so ne w’akyi.

Anaa “M’adɔfo.”

Anaa “nguankuw.”

Anaa “wɔn a wɔnsɛ hwee.”

Anaa “ama wɔawuwu.”

Anaa “asade a wɔanya.”

Kyerɛ sɛ, kurow a wɔaka ho asɛm wɔ nky. 2 no.

Anaa “wɔrentwa wɔn.”

Anaa “Ngo Bepɔw.”

Anaa “owiapuei.”

Nt., “ɛpo no.”

Anaa “renkeka wɔn ho,” ɛbɛyɛ te sɛ nea awɔw ama ayɛ bawee.

Kyerɛ sɛ, Ɛpo a Awu.

Kyerɛ sɛ, Mediterranea Po.

Anaa “na obiara bɛtow ahyɛ ne yɔnko so.”

Anaa “akɔsom.”

Anaa “Asese.”

Anaa “Asese.”

Anaa “Asese.”

Anaa “nnadesɛn a ano soso.”

Anaa “dadesɛn a ano so.”

Ebetumi nso akyerɛ, “oguadini.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena