ƆDE KƆMAA FILIPIFO
1 Paul ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa; yɛde krataa yi rekɔma Filipi+ akronkronfo a wɔwɔ Kristo Yesu mu nyinaa, ahwɛfo ne asafo mu asomfo+ nyinaa ka ho:
2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.
3 Bere biara a mɛkae mo no, meda me Nyankopɔn ase 4 wɔ me nkotosrɛ nyinaa mu. Mede anigye srɛ ma mo,+ 5 efisɛ efi da a edi kan besi nnɛ, moaboa ama asɛmpa no anya nkɔso. 6 Awerɛhyem a mewɔ ne sɛ, nea ofii adwuma pa ase wɔ mo mu no, Kristo Yesu da no bɛba+ no, na wawie.+ 7 Moda me koma so, enti sɛ minya saa adwene yi wɔ mo nyinaa ho a, ɛyɛ ne kwan so, efisɛ me nkɔnsɔnkɔnsɔn mu,+ ne asɛmpa no a mebɔ ho ban mmara kwan so+ no nyinaa mu no, motaa m’akyi, enti me ne mo nyinaa anya adom no mu kyɛfa.
8 Onyankopɔn ne me dansefo sɛ m’ani agyina mo nyinaa. Sɛnea Kristo Yesu pɛ mo asɛm no, saa ara na me nso mepɛ mo asɛm. 9 Me mpaebɔ ne sɛ mo dɔ nkɔ so nyɛ kɛse,+ na munnya nokware nimdeɛ+ ne ntease a ɛkɔ akyiri nso.+ 10 Mebɔ mpae sɛ mobɛhwehwɛ mu ahu nneɛma a ehia paa+ no, sɛnea ɛbɛyɛ a dɛm biara remma mo ho, na moanto afoforo hintidua+ kosi Kristo da no. 11 Afei nso, me mpaebɔ ne sɛ trenee aba+ a Yesu Kristo ama moasow no, ɛso mmra mfaso pii mma mo, na monam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, na moayi no ayɛ.
12 Afei anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ato me no ama asɛmpa no anya nkɔso mmom, 13 efisɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a Kristo nti wɔde agu me+ no, Aban Awɛmfo nyinaa ne nnipa a aka nyinaa ate ho asɛm.+ 14 Wɔn a wɔwɔ Awurade mu no, m’afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn no ama wɔn mu dodow no ara anya ahotoso, na saa anuanom no nyinaa de akokoduru kɛse reka Onyankopɔn asɛm a wonsuro.
15 Ɛwom, ebinom de anibere ne ahoɔyaw na ɛreka Kristo ho asɛm, nanso ebinom de adwempa na ɛreka. 16 Wɔn a wɔde adwempa ka no, ɔdɔ nti na wɔbɔ Kristo ho dawuru, efisɛ wonim sɛ wɔapaw me sɛ minnyina asɛmpa no akyi;+ 17 nanso wɔn a wɔde anibere ne ahoɔyaw reyɛ saa no yɛ mansotwefo a wonkura adwempa, na wɔn adwene ne sɛ wɔbɛma me ho ahiahia me wɔ me nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. 18 Dɛn na afi mu aba? Ɛno ara ne sɛ akwan nyinaa mu no, sɛ nnaadaa na wɔde yɛ oo, nokwaredi na wɔde yɛ oo, wɔrebɔ Kristo ho dawuru, na midi eyi ho ahurusi. Na mɛkɔ so adi ho ahurusi, 19 efisɛ minim sɛ eyi bɛma manya nkwa esiane mo nkotosrɛ+ ne Yesu Kristo honhom+ nti. 20 Ɛno na mehwɛ kwan denneennen na m’ani da so, na minim sɛ m’ani renwu ɔkwan biara so, na mmom sɛnea akɔ so abesi nnɛ no, nkwa mu oo, owu mu oo, menam me nipadua so de akokoduru bɛkamfo Kristo.+
21 Na me de, sɛ mete ase a, mete ase ma Kristo;+ sɛ miwu nso a, ɛyɛ mfaso ma me.+ 22 Na sɛ mekɔ so tena ase ɔhonam mu a, m’adwuma no bɛsow aba, nanso nea mepɛ paa de, menka ho asɛm. 23 Nneɛma abien yi, minhu nea eye ma me, efisɛ me yam a, anka manya me ho atetew akɔka Kristo ho,+ na anka ɛno mpo na eye.+ 24 Nanso mo nti, ehia sɛ mekɔ so tena ase ɔhonam mu. 25 Awerɛhyem a mewɔ wɔ eyi mu nti, minim sɛ mɛtwɛn ne mo nyinaa atena ɔhonam mu, na moanya nkɔso ne anigye wɔ gyidi no mu, 26 sɛnea ɛbɛyɛ a, bere a maba mo nkyɛn bio no, me nti mubedi ahurusi aboro so wɔ Kristo Yesu mu.
27 Nea mepɛ ara ne sɛ mobɛma mo abrabɔ afata Kristo asɛmpa no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ meba behu mo anaasɛ minni hɔ mpo a, mɛte mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn wɔ honhom koro mu, na mode ɔkra koro*+ di apere ma gyidi a egyina asɛmpa no so no, 28 bere a mommma mo atamfo nnhunahuna mo ɔkwan biara so. Eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn,+ nanso ɛkyerɛ nkwagye ma mo,+ na efi Onyankopɔn hɔ, 29 efisɛ mo na Kristo nti wɔde hokwan no maa mo, na wɔamfa amma mo sɛ munnya ne mu gyidi kɛkɛ; wɔde maa mo sɛ munsi n’ananmu nhu amane nso.+ 30 Nea ɛwom ne sɛ, aperepere a muhui sɛ meredi+ na migu so redi no, ɛno ara bi na morefa mu.
2 Enti sɛ mowɔ Kristo mu nkuranhyɛ bi a, sɛ mubetumi de ɔdɔ akyekye nkurɔfo werɛ a, sɛ Kristo mu fekubɔ bi wɔ hɔ a, sɛ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu bi wɔ hɔ a, 2 ɛnde munnya adwenkoro na monnodɔ mo ho, na monka mmom denneennen nyɛ baako,* na munkura adwene baako,+ na ama m’anigye adi mũ. 3 Mommfa mansotwe+ anaa ahomaso+ nnyɛ biribiara; mmom mommrɛ mo ho ase* na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.+ 4 Munnnwen mo nko ara mo ho,+ na mmom munnwen afoforo nso ho bi.+
5 Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ no bi ntena mo mu.+ 6 Ɛmfa ho sɛ na ɔne Onyankopɔn sɛ+ no, wannya adwene sɛ ɔbɛpere na ɔne Onyankopɔn ayɛ pɛ.+ 7 Daabi. Mmom ɔpenee so maa biribiara fii ne nsa, na ɔfaa akoa tebea+ bɛyɛɛ onipa.*+ 8 Nea ɛsen saa koraa ne sɛ, bere a ɔbɛyɛɛ onipa* no, ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu,+ asɛndua* so wu+ mu mpo. 9 Eyi nso nti na Onyankopɔn pagyaw no maa no dibea kɛse,+ na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara.+ 10 Enti Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa kotow, wɔn a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asaase so ne wɔn a wɔwɔ asaase ase nyinaa,+ 11 na ɛsɛ sɛ tɛkrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade+ de hyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.
12 Enti m’adɔfo, sɛnea mewɔ hɔ a moyɛ osetie bere nyinaa, na sɛ minni hɔ mpo a moyɛ ma ɛsen saa no, monkɔ so mfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma. 13 Na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔkanyan mo sɛnea ɛsɔ n’ani, na ama moanya ɔpɛ no ne ahoɔden a mode bɛyɛ n’apɛde. 14 Biribiara a mobɛyɛ no, mommma anwiinwii+ ne akyinnyegye mmma mu,+ 15 na moayɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm na wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma+ a dɛm biara nni wɔn ho wɔ awo ntoatoaso a akɔntɔn na akyea+ mu a morehyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nkanea wɔ wiase+ no. 16 Munso nkwa asɛm+ no mu denneennen na ama manya biribi agyina so adi ahurusi Kristo da no; ɛno bɛma mahu sɛ mantu mmirika hunu anaa mammrɛ angu. 17 Nanso sɛ wɔrehwie me sɛ nsã afɔre+ agu mo afɔre+ ne adwuma kronkron* a gyidi nti moreyɛ no so mpo a, ɛyɛ anigyesɛm ma me, na me ne mo nyinaa di ahurusi. 18 Mo nso momma mo ani nnye na mo ne me nni ahurusi.
19 M’ani da so sɛ, sɛ ɛyɛ Awurade Yesu pɛ a, mɛsoma Timoteo+ aba mo nkyɛn ntɛm, na sɛ mete mo nka a, ahyɛ me nkuran. 20 Na minni obiara a ne suban te sɛ ɔno a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa. 21 Wɔn a aka nyinaa dwen wɔn ankasa ho; wonnwen Yesu Kristo ho. 22 Nanso munim sɛnea na ɔbɔ ne ho mmɔden. Ɔne me somee te sɛ abofra+ ne ne papa ma yɛtrɛw asɛmpa no mu. 23 Enti m’ani da so sɛ, minya hu me ho ano pɛ a, ɔno na mɛsoma no. 24 M’ankasa nso, sɛ Awurade ma kwan a, ɛrenkyɛ mɛba mo nkyɛn.+
25 Nanso, seesei de, mihu sɛ ehia sɛ mesoma Epafrodito ba mo nkyɛn. Ɔyɛ me nua a me ne no yɛ adwuma ne me yɔnko sraani a mutuu no sɛ ɔmmɛsom me.+ 26 N’ani agyina mo nyinaa, na wabotow, efisɛ onim sɛ moate sɛ ɔyaree. 27 Ampa, ɔyaree ma anka ɔreyɛ awu, nanso Onyankopɔn huu no mmɔbɔ; ɛnyɛ ɔno nko, na mmom me nso, na awerɛhow ammene me. 28 Ne saa nti, meresoma no ntɛm aba mo nkyɛn, na sɛ muhu no a, moadi ahurusi bio na ama me nso m’adwinnwen so atew. 29 Enti momfa anigye kɛse nnye no sɛnea motaa yɛ ma Awurade akyidifo no; na monkɔ so mmu nnipa a wɔte saa no sɛ wɔsom bo,+ 30 efisɛ Kristo* adwuma nti, ɛkaa ketekete anka ɔrewu; ɔde ne nkwa* too ne nsam sɛnea ɛbɛyɛ a obesi mo ananmu asom me, efisɛ munni ha na moayɛ saa.+
3 Afei me nuanom, monkɔ so nni ahurusi wɔ Awurade mu.+ Sɛ mekyerɛw ade koro no ara ho asɛm brɛ mo a, ɛnhaw me; ɛyɛ ahobammɔ mmom ma mo.
2 Monhwɛ mo ho yiye wɔ nkraman no ho; monhwɛ mo ho yiye wɔ wɔn a wodi nkurɔfo aboro no ho; monhwɛ mo ho yiye wɔ wɔn a wɔagye twetiatwa agyinam* no ho.+ 3 Efisɛ yɛn na wɔatwa yɛn twetia ankasa,+ na yɛnam Onyankopɔn honhom so reyɛ ɔsom adwuma; yɛhoahoa yɛn ho wɔ Kristo Yesu mu,+ nanso yɛmfa yɛn ho nto ɔhonam so. 4 Na sɛ yɛreka obi a ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho* ɔhonam mu a, anka ɛyɛ me.
Sɛ onipa foforo biara te nka sɛ ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho ɔhonam mu a, mewɔ nea ɛkyɛn saa. 5 Wotwaa me twetia da a ɛto so awotwe,+ meyɛ Israelni a mifi Benyamin abusuakuw mu, meyɛ Hebrini a Hebrifo na wɔwoo me;+ ɛba mmara so di a, meyɛ Farisini;+ 6 yɛreka mmɔdenbɔ* a, meyeree me ho tan asafo no ani;+ yɛreka trenee a egyina mmara so a, na meyɛ obi a asɛm biara nni me ho. 7 Nanso nneɛma a na mfaso wɔ so ma me no, Kristo nti mabu no sɛ ɛso nni mfaso.*+ 8 Asɛm no ara ne sɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so nti, mibu nneɛma nyinaa sɛ adehunu. Ɔno nti na mibu nneɛma nyinaa sɛ adehunu ne nwura dodow* na matumi anya Kristo, 9 na wɔahu me sɛ me ne no ayɛ baako, nanso ɛnyɛ m’ankasa trenee a egyina Mmara no so nti, na mmom trenee a ɛnam Kristo+ mu gyidi+ so, kyerɛ sɛ, Onyankopɔn trenee a egyina gyidi so.+ 10 Nea mepɛ ara ne sɛ mehu no, na mahu tumi a wɔde nyan no+ no, na manya n’amanehunu mu kyɛfa+ awu ne wu no bi,+ 11 na mahwɛ sɛ ebia metumi anya owusɔre a edi kan+ no mu kyɛfa anaa.
12 Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka botae no anaa mawie pɛyɛ, na mmom atirimpɔw a enti Kristo Yesu apaw me*+ no, merebɔ mmɔden+ ahwɛ sɛ medu ho anaa. 13 Anuanom, mimmu no sɛ me nsa anya aka, na mmom nea meyɛ ne sɛ, mema me werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no,+ na meyere me ho du nneɛma a ɛwɔ m’anim no ho.+ 14 Mebɔ mmɔden sɛ medu botae no ho. Botae no ne ɔsoro frɛ+ no, na ɛno ne abasobɔde*+ a Onyankopɔn de bɛma wɔn a ɔnam Kristo Yesu so afrɛ wɔn no. 15 Enti momma yɛn a yɛn ho akokwaw+ no nnya saa adwene yi, na sɛ mukura adwene foforo biara a, Onyankopɔn bɛkyerɛ mo adwene a ɛfata. 16 Asɛm no ara ne sɛ, baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan yi so pɛpɛɛpɛ.
17 Anuanom, mo nyinaa munsuasua me,+ na monhwɛ wɔn a wɔnantew sɛnea yɛayɛ ho nhwɛso akyerɛ mo no nso. 18 Nea ɛte ne sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a na metaa bɔ wɔn din, nanso afei de mebɔ wɔn din a na adan nisu, efisɛ wɔabɛyɛ Kristo asɛndua* no ho atamfo. 19 Wɔn awiei yɛ ɔsɛe, na wɔn nyame ne wɔn yafunu; aniwu mmom na ɛyɛ wɔn anuonyam, na wɔde wɔn adwene asi asaase so nneɛma+ so. 20 Nanso yɛn de, yɛyɛ ɔman mma+ wɔ soro,+ na yɛretwɛn denneennen sɛ ogyefo, Awurade Yesu Kristo, befi hɔ aba;+ 21 ɔno na ɔbɛma yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw no ayɛ sɛ ne nipadua a ɛwɔ anuonyam+ no. Ne tumi kɛse a ɛma ɔka nneɛma nyinaa hyɛ n’ase+ no, ɛno na ɔde bɛyɛ saa.
4 Enti, me nuanom a medɔ mo a m’ani agyina mo, munnyina pintinn+ saa wɔ Awurade mu. M’adɔfo, mone m’anigye ne m’abotiri.+
2 Mitu Euodia fo, na mitu Sintike nso fo sɛ wonnya adwenkoro Awurade mu.+ 3 Yiw, me yɔnko pa a me ne wo yɛ adwuma,* wo nso mesrɛ wo, kɔ so boa saa mmea yi a wɔne me abom ayɛ adwumaden* wɔ asɛmpa no ho no; wɔne Klement ne me mfɛfo adwumayɛfo a aka nyinaa. Wɔn nyinaa din wɔ nkwa nhoma+ no mu.
4 Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa. Meka bio sɛ, Munni ahurusi!+ 5 Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.+ Awurade abɛn. 6 Mommma dadwen nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu.+ Mmom ade nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim;+ 7 na Onyankopɔn asomdwoe+ a ɛboro ntease nyinaa so no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo koma ne mo adwene ho ban.+
8 Afei anuanom, biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, saa nneɛma yi na monkɔ so nnwen* ho.+ 9 Nneɛma a musuae, mugye toom, motee na muhui wɔ me ho no, ɛno na monyɛ,+ na asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.
10 Midi ahurusi kɛse wɔ Awurade mu sɛ afei moafi ase redwen me ho bio;+ ɛwom, na moredwen me ho, nanso moannya ho kwan anyɛ biribi amfa ankyerɛ. 11 Ɛnyɛ sɛ ade ahia me nti na mereka saa, efisɛ masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛma m’ani asɔ nea mewɔ.*+ 12 Minim sɛnea yedi hia,+ na minim sɛnea yenya ma ebu so nso. Biribiara ne tebea biara mu no, masua ɔmee ne ɔkɔm, masua sɛnea yenya ma ebu so ne sɛnea yedi hia. 13 Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.+
14 Nanso mobɔɔ mmɔden sɛ munyaa m’ahohia mu kyɛfa. 15 Nea ɛwom ne sɛ, mo Filipifo, munim sɛ bere a mugyee asɛmpa no foforo na mifii Makedonia no, asafo biara ne me annya adekyɛ mu kyɛfa, gye mo nkutoo;+ 16 efisɛ bere a mewɔ Tesalonika no, mobrɛɛ me biribi ma mede yɛɛ nea mihia, moamfa amma pɛnkoro na mmom mprenu. 17 Ɛnyɛ sɛ merepɛ akyɛde, na mmom aba a ɛbɛma moanya mfaso* pii na ehia me. 18 Nanso manya nea mihia nyinaa ma abu so mpo. Afei a Epafrodito+ de nneɛma a efi mo hɔ abrɛ me yi de, biribiara nhia me bio. Nea mode bae no yɛ ade a ɛyɛ huam,+ afɔrebɔ a ɛfata na ɛsɔ Onyankopɔn ani yiye. 19 Mo nso, me Nyankopɔn a n’ahonya dɔɔso no nam Kristo Yesu so bɛma mo nea muhia nyinaa.+ 20 Afei anuonyam nka yɛn Nyankopɔn ne Agya no daa daa. Amen.
21 Ɔkronkronni biara a ɔbata Kristo Yesu ho no, munkyia no mma me. Anuanom a wɔka me ho no kyiakyia mo. 22 Akronkronfo nyinaa kyiakyia mo, titiriw wɔn a wɔwɔ Kaesare fi+ no.
23 Bere a moreda suban pa adi yi, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho.
Anaa “mode baakoyɛ.”
Anaa “nyɛ baako wɔ ɔkra mu.”
Anaa “munnya ahobrɛase adwene.”
Nt., “bɛyɛɛ sɛ onipa dasani.”
Nt., “bere a ohui sɛ ne su ne ne yɛbea te sɛ onipa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ɔsom adwuma.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Awurade.”
Anaa “ne kra.”
Anaa “wɔn a wotwitwa ɔhonam.”
Nt., “ɔde ne ho bɛto so.”
Anaa “nnamyɛ.”
Ebetumi nso akyerɛ, “matow ne nyinaa agu.”
Anaa “bɔɔla.”
Nt., “Yesu nsa aka me.”
Anaa “nkonimbo.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “yɔnko kɔnduasoafo nokwafo.”
Anaa “adi apere.”
Anaa “monkɔ so nsusuw.”
Anaa “mɛpene nea mewɔ so.”
Anaa “moanya honhom fam ahonyade.”