Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Wɔma Wɔn a Honhom mu Ɔkɔm De Wɔn Aduan—Wɔ Sukuu
YESU kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma hia wɔn.” (Mateo 5:3, New World Translation) Onyankopɔn ne n’atrimpɔw ahorow a ɛyɛ nwonwa ho nimdeɛ ho kɔm de sukuufo mmofra pii. Wɔpɛ nsemmisa a ɛfa nkwa ho ho mmuae na wɔpɛ sɛ wohu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtra ase na ama wɔanya Onyankopɔn mpeneso na wɔn ani agye. Eyi daa adi wɔ sukuu bi a ɛwɔ British Virgin lslands mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no mu biako bɔ amanneɛ sɛ:
◻ “Mekɔɔ awofo ne akyerɛkyerɛfo nhyiam wɔ yɛn mpɔtam hɔ sukuu no mu, na wɔkaa nnubɔne, nsanom, nhyehyɛe a wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu yɛ fi adi, TV hwɛ, adesua mu mmɔdenbɔ, ne nsɛm afoforo ho nsɛm pii, enti misii gyinae sɛ mede nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work bɛkɔ akɔma ɔkyerɛkyerɛfo panyin no. Ɔhwehwɛɛ mu wiei mo, ɔkae sɛ ɛno ara ne nea wohia na obisae sɛ ebia sukuu no betumi agye biako ama sukuufo 120 no mu biara anaa. Wɔne asafo no mu mpanyimfo susuw asɛm no ho, na wosii gyinae sɛ wɔde nhoma no bɛkyɛ sukuu no. Bere a yɛkaa eyi ho asɛm kyerɛɛ akyerɛkyerɛfo no, wɔkae sɛ yɛmma sukuufo no nyinaa nhyia na yɛmfa mma wɔn. Adansefo baanu na wɔkɔe, na ná sukuufo no ayɛ ɔdan no mu ma retwɛn. Anuanom no kasae dɔnhwerew fã na wɔkenken osuahu ahorow a ɛfa sɛnea nhoma no aboa mmofra ne mpanyin nyinaa fii Ɔwɛn-Aban Asafo no nsɛmma nhoma horow mu. Afei wɔde nhoma no maa sukuufo no a wɔwɔ ho anigye kɛse no.”
Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ sukuu no asi gyinae sɛ wɔde nhoma no bedi dwuma sɛ mongoo a ɛto so anan ne anum no adesua no fã bi. Nokwarem no, ebebua nkwa ne daakye ho nsemmisa ahorow a saa adesuafo yi wɔ no.
Wɔma Wɔn a Honhom mu Kɔm De Wɔn no Aduan—Wɔ Papua New Guinea
Nsa kaa osuahu a edi so yi fii ɔhwɛfo ɔkwantufo bi hɔ. Ɛkyerɛ sɛnea honhom mu kɔm de nkurɔfo wɔ saa ɔman no mu ne sɛnea yɛn nhoma horow a egyina Bible no so no tumi kum wɔn kɔm no yiye.
◻ Ɔhwɛfo no kae sɛ: “Esiane sɛ mantumi ankɔsra Kamberatoro akuraase nti, me ne asafo ketewaa bi a ɛwɔ Vanimo no mufo yɛɛ adwuma. Anigyefo pii wɔ hɔ. Nnipa bebree a wofi Bewani gyee nhoma. Ɔbarima biako kaa sɛ ɛyɛ a memmɛsra saa akuraa yi, na ɔbɛma me dabere. Nnipa pii nim yɛn nhoma no. Bere biara a yɛbɛkɔ Vanimo no, yɛn nhoma sã, ɛmfa ho sɛ nhoma adaka abiɛsa na yɛde kɔ. Wobu Me Nhoma a Ɛka bible mu Nsɛm sɛ ɛsom bo te sɛ sika kɔkɔɔ. Nnipa no hwehwɛ. Wogyee nhoma a mede kɔe no ntɛm ara. Sɛ yɛde yɛn nhoma no kyerɛ nkurɔfo a, ebinom bisa sɛ: ‘Nhoma a akyi akokɔsrade no wɔ he?’ Ɔbarima biako kae sɛ ɔpɛ asia. Ɔde ne din ne n’address maa me na ɔkae sɛ, sɛ me nsa ka a, memma wɔmmɔ ho amanneɛ wɔ radio so. Afei obefi n’akuraa abegye.” Ɔhwɛfo ɔkwantufo no de ka ho sɛ: “Mihuu sɛ nnipa bebree a wofi Vanimo no gyee nhoma Mankind’s Search for God ne Questions Young People Ask—Answers That Work.”
Eyi kyerɛ sɛnea honhom fam aduan a ɛwɔ Bible no mu ne nhoma ahorow a Yehowa nam’n‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ no so de ama no ho kɔm de nnipa komapafo. (Mateo 24:45-47) Hwɛ sɛnea Yehowa Adansefo ani gye sɛ wotumi boa nnipa a nokware no ho kɔm de wɔn yi!
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Adansedi wɔ Papua New Guinea