Bra Na Bɛhwɛ Sɛnea Ahenni Biakoyɛ Di Dwuma!
“Hwɛ Oye A Eye Ne Fɛ A Ɛyɛ . . . ”
1 Wɔ wiase a emu apaapae mu no, so ɛnyɛ anigye sɛ wubehu yɛn nuanom asomdwoe ne biakoyɛ bere a dodow no ara hyiam wɔ nhyiam akɛse ase no? (Dw. 133:1; Efe. 4:3) Afe a etwaam no nnipa 66,175 hyiaam wɔ “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam horow akron no ase wɔ Ghana nkutoo, na 895 yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne denam nsu mu asubɔ so, na wɔbɛyɛɛ Yehowa ayeyifo a wɔyɛ biako.
2 Wɔayɛ nhyehyɛe mprempren ama “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam horow abiɛsa a wɔbɛyɛ no December a ɛreba yi. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no na ayɛ nhyiam horow yi ho nhyehyɛe ma aka yɛn abom kɛse mpo. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ eyi no, ɛho hia sɛ yɛkɔ bi.
3 NHYIAM ADDRESS HOROW: Wɔbɛyɛ nhyiam horow abiɛsa no nyinaa bere koro mu wɔ December 15, 16, 17, ne 18, 1983. Nhyiambea ne address ahorow no ne: ACCRA—Race Course, P. 0. Box 0190, Osu; KUMASI—Prempeh College, P. O. Box 629, Kumasi; SEKONDI—Methodist School Park, Wɔ Police Station no akyi, P. O. Box 468, Sekondi.
4 DABERE: Wɔde Ɔdan Akwammisa nkratasin amana asafo biara. Ebedu mprempren de ebia woahu nhyiam a wopɛ sɛ wokɔ. Sɛ wuhia dabere denam nhyiam ho nhyehyɛe no so a, ɛnde hyehyɛ Ɔdan Akwammisa kratasin mprempren ara na fa mana faako a wopɛ sɛ wokɔ nhyiam no. Nhyiam ho dwumadi befi ase wɔ nhyiam kurow no biara mu bɛyɛ October mfinimfini. Hwɛ sɛ w’akwammisa no bedu nhyiam kurow no mu bɛyɛ saa bere no sɛnea ɛbɛyɛ a anuanom no benya bere pii de aboa wo wɔ dabere a wuhia no ho.
5 Sɛ worebisa dabere a, yɛsrɛ wo kae sɛ nhyiam no fi ase 1.20 p.m., Yawda, December 15, 1983. Sɛ wobɛn nhyiam kurow no kakra na akwantu ho asɛm nyɛ den mma wo a, worenhia dabere wɔ nhyiam kurow no mu Wukuda ne Kwasida anadwo. Nanso, esiane sɛ nhyiam no nnɔɔso afe yi na emu twetwe nti, ebia ɛho behia sɛ ebinom, te sɛ nhyiamfo a wofi Ɔmantifi Amantam no mu reba Kumasi tu kwan tenteenten, na ebia wobehu sɛ ɛho hia sɛ wodu nhyiam kurow no mu Wukuda na wofi hɔ Dwoda anɔpa. Bere a eyi wɔ wɔn adwene mu no, ɛsɛ sɛ wobisa dabere ma Wukuda ne Kwasida anadwo nyinaa a, nhyiam nna no nso ka ho. Yɛsrɛ wo da nea wuhia no adi pɔtee wɔ eyi mu sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma renyɛ basaa.
6 ADWUMA A EDI NHYIAM ANIM: Egye adwuma pii wɔ nsiesiei a wɔbɛyɛ ama nhyiam horow te sɛ nea yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ yi mu. Enti, yɛrehyɛ mo nyinaa nkuran, titiriw wɔn a wɔte nhyiam nkurow no mu ne mmeae a ɛbɛn no, sɛ monyɛ nhyehyɛe na moaboa adwuma a edi nhyiam anim no kɛse, a nea ɛka ho ne adan hwehwɛ adwuma, apatabɔ ne nnwuma afoforo. Yegye di sɛ, sɛ moyɛ nhyehyɛe yiye a ɛnyɛ adapɛn awiei nko na mubetumi aboa wɔ adwuma a edi nhyiam anim no mu, na mmom adapɛn no mu nna bi nso. Wo ho a wubetu asi hɔ wɔ eyi yɛ mu yɛ nea ani sɔ kɛse.
7 AHIADE ATITIRIW: Ɛsɛ sɛ asafo horow yɛ nhyehyɛe na wɔahwɛ wɔn a wɔwɔ ahiade atitiriw no wɔ faako a wɔbɛkɔ. Mpanyimfo ne afoforo a wonim tebea horow a ɛte sɛɛ betumi afi ɔdɔ mu aboa. Eyi taa yɛ afoforo a wɔde wɔn bɛka wɔn kuw ho, sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma mu, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ayarefo, asotifo, mmubuafo anaa afoforo a wohia mmoa. Afei nso, wobetumi adi ahiade horow ho dwuma wɔ akwan afoforo so, te sɛ boa a wɔbɛboa ma wɔayɛ nhyehyɛe horow anaa boa a wɔbɛboa wɔ sika fam mpo, sɛ ebetumi a, wɔ faako a ɛho hia. (Yak. 2:15-17; 1 Yoh. 3:17, 18; Aso. 20:35) Yegye di sɛ mubeyi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wohia mmoa nyinaa.—2 Kor. 6:11-13; Yoh. 13:35; Gal. 6:10.
8 NNWONTOFO: Wɔ wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wodi kan bobɔ so no fam no, nnwom a yɛbɛto wɔ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam horow no ase ne: 8, 11, 19, 29, 36, 55, 61, 62, 63, 64, 65, 70, 82, 85, 88, 90, 92, 99, 103, 108, 109.
9 KƆ A YƐBƐKƆ: “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam horow no ase a yɛbɛkɔ ho bɛba yɛn mfaso kɛse. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nyinaa efisɛ ɛbɛboa na ahyɛ yɛne Yehowa, n’Ahenni ne yɛn nuanom biakoyɛ no mu den.—1 Kor. 1:10.