Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/83 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 4
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 11
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 18
  • DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 25
Yɛn Ahenni Som—1983
km 9/83 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 4

Dwom 109

5 min: Akwaabama ne asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no. (1 Tim. 2:7) Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonsua April 15, 1983, Engiresi Ɔwɛn-Aban nkratafa 25 kosi 27 yiye, na wɔnkae mfa mmra ɔsom nhyiam dapɛn a edi hɔ.

20 min: “Nokware no ho Adanse a Yebedi” mu nsɛm. Ɔkasa a egyina nkyekyem abiɛsa a edi kan no so betumi ayɛ ɔfã yi nnianim, na wɔde nsemmisa ne mmuae adi nkae no ho dwuma. Wɔ n’awiei mu no, kyerɛ nhoma dodow a wɔde mae August mu, na sɛnea bere ma kwan no, bisabisa ebinom a wɔatumi afi ofie Bible adesua ase wɔ Live Forever nhoma mu nsɛm tiaa.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—A Wɔde Live Forever Nhoma Rema.” Fa nkyekyem 1 yɛ nnianim. Nkyekyem 2 ne 3 ho ɔyɛkyerɛ, ɛnsɛ sɛ ɛboro simma 7. Afei wo ne atiefo nsusuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo ne nsɛm afoforo a wobetumi de adi dwuma wɔ nhoma no ma mu ho. Wo ne atiefo nsusuw nkyekyem 4 ho na afei yɛ sɛnea wobetumi de nhomawa no ama bere a ofiewura antumi annye nhoma ho ɔyɛkyerɛ. Wo ne atiefo nsusuw nkyekyem 5 ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nyansahyɛ ahorow no nni dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn awiei.

Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 11

Dwom 81

7 min: Asafo mu nkaebɔ a asafo ɔsom adwuma akontaabu ma August, ɔman akontaabu ma June ne Sika akontaabu ka ho.

23 min: “Asanom​—So Wukura Bible no Adwene?” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di April 15, 1983. Engiresi Ɔwɛn-Aban nkratafa 25-21 ho dwuma. Ɛsɛ sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so ahwɛfo no mu biako di ho dwuma, na ɔhwehwɛ nsemmisa a ɛfata.

15 min: Momma ɔpanyin mma ɔkasa a egyina June 15, 1983, Engiresi Ɔwɛn-Aban nkratafa 3 kosi 7 so. Bɔ mmɔden sɛ wubedu Kristofo mmofra ‘koma mu denam afotu a ɛne sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi nneyɛe a ɛma 2 Timoteo 3:1-5 nya mmamu ho no so. Ɛsɛ sɛ mmofra ne awofo bɔ mmɔden di asɛm a ɛwɔ Efesofo 6:1-4 so.

Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 18

Dwom 116

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de.

20 min: Nokwasɛm no a Yebekura mu Pɛpɛɛpɛ. Nhoma adesua akyi no ɔpanyin ne adawurubɔfo susuw hia a nhwehwɛmu a ankorankoro bɛyɛ ne adesua ho hia sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akura ‘nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’ ho. (2 Tim. 2:15) Wate sɛ anuanom a wɔwɔ Asafo baa dwumadibea no nsa ka telefon so ɔfrɛ ne nkrataa pii a wɔde rebisa Bible mu nsɛm, bere a mpɛn pii nhwehwɛmu kakraa a wɔbɛyɛ wɔ index ahorow mu bɛma wɔanya nsemmisa yi ho mmuae. Susuw ho hwɛ, sɛ adawurubɔfo bɛyɛ 23,000 a wɔwɔ Ghana no mu biara kyerɛw bebisa asɛm biako afe a! Eye sɛ wo ankasa bɛyɛ nhwehwɛmu anaa wubebisa wo kunu, adesua sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo hɔ mmoa, sɛ ɛho hia a. Onuawa ka sɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛhwehwɛ nsemmisa ho mmuae. Kuw ka Aid nhoma ho asɛm sɛ ɛboa, anaa Watch Tower Publications Index sɛ ɛfa kyerɛwsɛm pɔtee bi ho a. Ɔfoforo bisa sigaretnom ho asɛm; wɔanka ho asɛm wɔ Aid nhoma anaa kyerɛwsɛm mu, efisɛ na ɛnyɛ ade a wɔyɛ wɔ Bible mmere no mu. Onua kyerɛkyerɛ nnyinasosɛm horow a wobehu wɔ Index mu wɔ saa ti no ase mu. Ɔka 1976-1980 Index mu nsɛm, wɔ asɛmti ketewa, “addiction” ase ho asɛm, ne January 8, 1978, Engiresi Nyan! nkratafa 27, 28; ka kyerɛw nsɛm atitiriw ho asɛm tiaa. Kuw gye tom sɛ eye sɛ wɔn ankasa bɛyɛ nhwehwɛmu, na wɔmpɛ sɛ wɔde nsemmisa a ɛho nhia bɛhaw anuanom a wɔwɔ Asafo ti no, sɛ wɔn ankasa betumi ahwehwɛ mmuae no a. Hyɛ asafo nhomakorabea a wɔbɛkɔ ho nkuran, sɛ wonni nhoma horow no bi wɔ fie a. Fa Asemmisa Afã ho nkɔmmɔ a atiefo bɔ wie.

20 min: “Bra na Bɛhwɛ Sɛnea Ahenni Biakoyɛ Di Dwuma.” Nea ɔhwɛ nhyiam ho nsɛm so di ho dwuma, atiefo nya mu kyɛfa. Kyerɛ atiefo sɛnea wɔhyehyɛ Ɔdan Akwammisa kratasin no yiye wɔ nkyekyem 4. Si hia a ɛho hia sɛ wɔbɛma nsɛm a wɔabisa wɔ so nyinaa ho mmuae so dua. Munsusuw sɛnea ankorankoro anaa asafo betumi anya adwuma a edi nhyiam anim mu kyɛfa ho wɔ nkyekyem 6.

Dwom 5 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 25

Dwom 85

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ afie afie adwuma mu kɛse Kwasida. October 2, ho nkuran.

17 min: “Akwampaefo Boafo Adwuma​—Biribi a Wogyina So.” Nsemmisa ne mmuae. Bere a moresusuw nkyekyem 2 ho no, bisa atiefo ma wɔnka sɛnea akwampaefo boafo adwuma aboa wɔn wɔ asɛnka adwuma mu nkyerɛ.

20 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe. Momfa “Ɛrekɔ So Dɛn?” nka ho.

Dwom 36 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena