Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/83 kr. 3
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Biribi A Wogyina So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Biribi A Wogyina So
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆKWAN BƐN SO NA EBETUMI ABOA WO?
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 9/83 kr. 3

Akwampaefo Boafo Adwuma​—Biribi A Wogyina So

1 Biribi a wogyina so betumi aboa obi kɛse ma wadu beae a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Abo a wogyina so betumi aboa wo ma woatwa asu bi anaa ɛde wo akɔ beae a ɛyɛ fɛ wɔ turo bi mu. Webster’s New Collegiate Dictionary kyerɛ “biribi a wogyina so” ase sɛ “nea wɔnam so nya nkɔso anaa nkɔanim.” So akwampaefo boafo a wobɛyɛ betumi ayɛ biribi a wugyina so wɔ wo teokrase nkɔso mu.

2 Sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gye sɛ wubenya nkɔanim honhom mu na wama wo nkɔso ada adi. (1 Tim. 4:15) Wɔ eyi mu no, so wote nka sɛ ɛho hia sɛ wohyɛ wo gyidi mu den na wobɛn Yehowa kɛse? So wobɛpɛ sɛ wode Bible no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so na wunya ahotoso kɛse bere a woyɛ asɛnka adwuma no? So wobɛpɛ sɛ woyɛ Bible adesua pii? So worebɛn asafo mu somfo anaa ɔpanyin ho? Anaa so woasusuw ho anibere so pɛn sɛ wobɛyɛ daa ɔkwampaefo, ɔsɛmpatrɛwfo anaa Betel abusua no muni? Akwampaefo boafo adwuma betumi ayɛ nea wubegyina so na aboa wo ma wo nkɔso ada adi. Ɔkwan bɛn so?

ƆKWAN BƐN SO NA EBETUMI ABOA WO?

3 Nya honhom mu nkɔso kɛse. Akwampaefo boafo adwuma bɛma bere a wode ka Onyankopɔn ho asɛm no adɔɔso. Tumi bɛn na eyi betumi anya wɔ wo so? Akwampaefo boafo biako kae sɛ: “Anigye, ahurusidi, anika, abotɔyam ne nkuranhyɛ ahyɛ me ma.” Akwampaefo boafo kumaa foforo kae sɛ: “Afei ara na magye asubɔ. Mehyɛ mmofra nyinaa nkuran sɛ wɔmmɛn Yehowa kɛse.” Otumi fii adesua pii ase. Akyinnye biara nni ho. Dodow a woka Yehowa ho asɛm na wokenkan n’Asɛm no, dodow no ara na wode w’adwene si honhom mu nneɛma so. Akwampaefo boafo adwuma bɛboa wo ma woanya honhom mu nkɔso.

4 Yɛ Bible adesua pii. Nea ɛka yɛn som ma Yehowa no ho ne asuafo a yɛbɛyɛ. Yɛyɛ eyi denam Bible adesua so titiriw. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua pii. Akwampaefo boafo adwuma betumi aboa wo. Asafo bi bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ adawurubɔfo 61 a wɔwɔ hɔ no mu 38 yɛɛ akwampaefo boafo adwuma ɔsram biako mu. Nea efii mu bae? Wofii adesua foforo 66 ase! Akwampaefo boafo biako kae sɛɛ “M’ani agye kɛse efisɛ mereyɛ biribi a Yehowa pɛ. Mifii adesua foforo anum ase.” Ɔfoforo kae sɛ: “Ɛne nea edi kan a manya adesua horow abien. Meda Yehowa ase sɛ waboa me ma manya ɔdɔ a ehia na mede aboa nkurɔfo.” Akyinnye biara nni ho sɛ asɛnka a wokɔ bere nyinaa no bɛma woanya hokwan ahu koma pafo a wɔpɛ sɛ wosua Bible no.

5 Nya hokwan som sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo no di anim wɔ asɛnka adwuma mu na ɛsɛ sɛ wohu sɛnea wɔyɛ nnipa ho adwuma. Nnipa ahorow nyinaa bi a wuhyia wɔ asɛnka mu no bɛboa wo ma woanya su horow te sɛ boasetɔ, atɛmpa, odwo, na ne titiriw no ɔkyerɛkyerɛ Bible a wɔde di dwuma yiye a wosua bɛboa titiriw ama wɔn a wɔyɛ ɔhwɛ adwuma no. Akwampaefo boafo adwuma bɛboa anuanom a wɔrenya nkɔso akɔ ɔsom hokwan yi ho no.

6 Du bere nyinaa som adwuma no afã afoforo ho. Osuahu a wunya sɛ akwampaefo boafo no betumi ayɛ ntetee a ɛsom bo kɛse a ɛde kɔ daa akwampae anaa Betel som adwuma mu. Pii a nnɛ wɔwɔ asɛmpatrɛw anaa akwampaefo titiriw adwuma mu fii ase sɛ akwampaefo aboafo. Akwampaefo boafo adwuma betumi aboa wo ma woahu sɛnea wobɛhyehyɛ wo bere yiye. Wo nso wubetumi asua sɛ wobɛtoto wo nneɛma yiye ma woafata ama bere nyinaa som adwuma hokwan ahorow. So woasusuw ho sɛ wubedu bere nyinaa som adwuma no ho? Akwampaefo boafo adwuma betumi ayɛ biribi a wubegyina so.

7 Fa gyidi a ɛyɛ den bɛn Yehowa. Wɔ nnɛ, ne bere yi mu no yɛrentumi mmu hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ den gyidi mu na yɛabɛn Yehowa no adewa. Akwampaefo boafo adwuma bɛboa ma worennyina wiase bɔne yi “nsu” no mu denam wo bere a wode bɛyɛ nnwuma a ɛho tew na ɛteɛ no so. Fa nsiesiei yi di dwuma efisɛ ‘Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma wo, wode Awurade Yehowa ayɛ wo guandɔbea, na waka ne nnwuma nyinaa.’​—Dw. 73:28.

8 Ɛmmra sɛ wubetumi adu pɛ a wopɛ sɛ wunya nkɔso wɔ Yehowa som mu no ho. Fi mpaebɔ mu susuw akwampaefo boafo adwuma no ho sɛ biribiara a wubegyina so anya nkɔso bio wɔ n’apɛdeyɛ mu.​—1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena