‘Yɛ Nnipa Nyinaa Yiye’
1 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Gal. 6:10) So wunnye ntom sɛ, bere yi ne bere pa ma Ahenni som adwuma a yɛde nnam bɛyɛ? (Fa toto Yohane 9:4 ho.) Bere yi ne nna a edi akyiri; teokrase adwuma no mu retrɛw wɔ baabiara, na nnipa a ɛbaa nnansa yi Nkaedi no ase wɔ mo asafo mu no kyerɛ sɛ nkɔanim foforo betumi aba.—Yes. 60:22; Marko 13:10.
2 Nanso dɛn ne adwuma titiriw a ɛbɛma ‘yɛayɛ nnipa nyinaa yiye’ no? Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa adwuma no na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma henanom? Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya anigye na yɛayɛ nnipa nyinaa yiye?
ADWUMA PA
3 Efi ne soro asetra mfiase no, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ odwumayɛfo kɛse no yɛ nhwɛso ma yɛn, na ɔyɛ adwuma denneennen ma ɛho ba afoforo mfaso. N’ani gye Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ ho bere nyinaa. (Mmeb. 8:22-31; Dw. 40:8) Akyiri yi, ne nsɛm kyerɛɛ anisɔ a ɔwɔ ma Kristofo som adwuma no: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yoh. 4:34) Asɛnka adwuma a ofii ase wɔ n’asase so som adwuma mu no yɛ adwuma a ɛsom bo kɛse a ɛsɛ sɛ yɛyɛ.—Yoh. 14:12.
4 Saa adwuma pa no kɛse aka a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Mat. 9:37, 38; 10:11-13; 28:19, 20) Nnipa ɔpepem pii hia mmoa a ɛbɛma wɔate Onyankopɔn Asɛm no ase na wɔayɛ n’apɛde. Enti momma yɛnyɛ saa ɔsom adwuma yi denneennen mfa nyɛ nnipa nyinaa yiye na yennya mu anigye, efisɛ ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yebenya mu kyɛfa.
5 Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nhoma a yɛde rema wɔ September mu no yɛ nea yɛde dii dwuma wɔ ɔsram a etwaam no mu. Nkurɔfo hia anidaso, na ɛno kyerɛ sɛ, ɛho hia sɛ wohu nea ahoyeraw a wiase no rehyia no kyerɛ. Enti, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ nea etu mpɔn kɛse sɛ yɛde asɛm a ɛne “Anidaso Wɔ Hɔ a Wiase Ahoyeraw Mfa Ho” befi nkɔmmɔbɔ no ase. Bio nso no, Wubetumi Atra Ase Daa, anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma a yɛde ma betumi ayɛ nneɛma a yɛde yɛ afoforo yiye no mu adeyɛ a edi kan. Wubehu sɛ ti a edi kan wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no mu no kura mfonini abiɛsa a ɛboa ma nnɛyi ahoyeraw ne Paradise tebea horow a ɛrenkyɛ a ebesi anan mu no ka yɛn atiefo adwenem. Sɛnea ɛte bere nyinaa no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ yɛde Wubetumi Atra Ase Daa, anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no bɛma a ɛmfa ho sɛ ne bo akɔ soro kakra.
6 So woasusuw wo bere nhyehyɛe ma asɛnka ho nnansa yi? So wode hokwan ahorow nyinaa a wowɔ redi dwuma de anya adwuma titiriw a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no mu kyɛfa? (Efe. 5:15-17) Akyinnye biara nni ho sɛ, nhyehyɛe kakraa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛn mu pii atumi anya asɛnka mu kyɛfa dapɛn biara wɔ ɔsram yi mu. So wubetumi asom sɛ akwampaefo boafo nnansa yi ara? Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa susuw nea yɛreyɛ sɛ ankorankoro ne sɛ abusua no ho yiye na yɛde saa bere pa a yɛwɔ mprempren yi ka asɛm no, yɛ nnipa nyinaa yiye na yɛn ani agye wɔ Yehowa som mu.
BOA AFOFORO
7 Sɛnea ɔsomafo no kae no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nnipa nyinaa yiye, “ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no.” So wunim obi a wubetumi ahyɛ no nkuran, ebia anigyefo afoforo, ɔdawurubɔfo foforo anaa obi a wagyae adesua ne asɛnka kɔ? Anigyefo afoforo pii baa Nkaedi no ase April a etwaam no. Wɔn a wɔbae wɔ mo asafo no mu no behia mmoa. So woakɔ so aboa wɔn na ama wɔanya nkɔso wɔ nokware no mu? Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ yɛne saa nkurɔfo.yi yɛ Bible adesua wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no mu bere nyinaa sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a.—Yoh. 21:15-17.
8 So wunim obi a nnansa yi ara na ɔbɛyɛɛ Ahenni ɔdawurubɔfo a ebia obehia nkuranhyɛ ne mmoa? Ɛsɛ sɛ yɛn a yebetumi akae bere a yefii ase kaa asɛm no ne sɛnea wɔboaa yɛn no nyinaa tumi susuw akwan horow pii a yebetumi afa so aboa adawurubɔfo afoforo ma wɔn ase atim yiye wɔ nokware no mu ho.—Rom. 15:1, 2.
9 Ebia ebinom a wɔagyae asɛnka ne adesua kɔ a na kan no wɔne yɛn bɔ no baa Nkaedi no ase. Ebia afei de wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe foforo ma wɔne asafo no asan abɔ bere nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ mpanyimfo no ani bɛsɔ wo ho a wode bɛma de aboa wɔn a wohia mmoa yi mu binom no.
10 Yiw, bere a yesusuw anigye a yebenya ne yiyeyɛ ho no, momma yɛnkɔ so nka Ahenni ho asɛmpa no nkyerɛ wɔn a wobetie nyinaa, a yemmu yɛn ani ngu wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no nso ahiade so.—Fil. 2:1-4.