“Monyɛ Honhom Mu Hyew”
1 Wɔ a obi wɔ adepa a ɔne afoforo bɛkyɛ no boa no ma ɔde anigye yɛ saa. Enti, yɛwɔ ntease pa a ɛbɛma yɛn ani agye wɔ July mu bere a yɛde “Let Your Kingdom Come” a mfonini a ɛyɛ fɛ wom ne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma rema no. Tebea horow a ɛwɔ wiase no mu ma asomdwoe ne ahotɔ yɛ asɛm a ɛyɛ ne bere mu de kɛse. Nkogu a adesamma adi wɔ mfe mpempem pii mu no ama nnipa pii agye nokwasɛm no atom sɛ onipa nni ne haw ahorow a emu yɛ den kɛse no ano aduru. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn Ahenni ne ano aduru. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a yebetumi de adi dwuma de ada eyi adi ne wɔ a yɛwɔ “Let Your Kingdom Come” a yɛde bɛma no boa yɛn ma yɛyɛ ‘honhom mu hyew’ wɔ yɛn som adwuma no mu wɔ July mu.—Rom. 12:11.
2 Nanso nhoma a yɛde ma no yɛ ade a edi kan a ɛbɛma yɛadi yɛn botae a ɛne nnipa a wɔhwehwɛ nokware no a yɛbɛboa wɔn ma wɔaba Onyankopɔn Ahenni no afã ho dwuma. Ɛho hia sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔn ani gye ho no nkyɛn ntɛm na yɛboa wɔn ma wɔte nea yɛne wɔn kaa ho asɛm mfiase no ase kɛse. Anyɛ saa a, ɔbɔne no de ne ho begye mu na wayi nea yɛagu wɔ wɔn komam no afi mu.—Mat. 13:19.
TOA NKAEDI DWUMADI NO SO
3 Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so boa wɔn a wɔbaa Nkaedi no ase no. Sɛ wɔkyekyem a, nnipa a wɔba Nkaedi no ase afe biara wɔ Ghana no dɔɔso sen adawurubɔfo a wɔwɔ ɔman yi mu mprɛnsa. Hwɛ nya a yebetumi anya asuafo afoforo pii! Enti sɛ́ anka yɛbɛma dwumadi a ɛka Nkaedi no ho no ano abrɛ ase no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so boa wɔn a wɔbaa ase no ma wonya honhom fam nkɔso foforo. So wo ne nnipa a wotoo nsa frɛɛ wɔn no nyinaa reyɛ Bible adesua? Sɛ obi suaa ade wɔ bere a atwam no mu a, so Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ a emu da hɔ a wo ne no bɛbɔ wɔ saa bere yi mu bebue hokwan ama wo ne no ayɛ Bible adesua a ɛsow aba? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa nnipa yi bere a bere da so wɔ hɔ no?
4 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ayɛ Ahenni adwuma no kɛse ne anwummere adansedi. Ɛde rekɔ anwummere no, ɛtaa yɛ nea afiewuranom gye wɔn ahome na wotumi tie asɛm kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ adwurubɔfo ne akwampaefo pii bɛpɛ sɛ wode anwummere adansedi di dwuma na ama wɔato nkurɔfo pii a wɔntaa nto wɔn wɔ fie anɔpa no.
‘MONNYƐ NYAA’
5 Saa bere yi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyaa wɔ yɛn adwuma mu na mmom ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ hyew honhom mu.’ Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛda yɛn ho adi sɛ adwumayɛfo a wɔyɛ nsi a wofi wɔn pɛ mu yɛ adwuma. (Heb. 6:11, 12) Nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ mprempren no betumi ama yɛanya anigye wɔ honhom fam wɔ asram a ɛreba no mu. ‘Honhom mu hyew’ a yɛbɛyɛ no bɛma nneɛma pa afi mu aba wɔ asafo no mu ne akyi.