Bra 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam No
1 1990 ɔmantam nhyiam no asɛmti bɛyɛ “Kasa Kronn,” na yɛto nsa frɛ wo sɛ bra. Wɔayɛ nhyiam awotwe ho nhyehyɛe ama Ghana ne Togo wɔ aman a ɛbemmɛn a ɛne Benin ne Cote d’Ivoire mu. Wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ Ghana kasa atitiriw abiɛsa a ɛne Ewe, Ga ne Twi mu. Enti, ɛda adi sɛ enhia sɛ obi bɛkɔ Engirisi kasa nhyiam no wɔ Nigeria. Nanso, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ saa a, yɛkamfo kyerɛ sɛ ɔnkɔ nea ɛbɛn yiye a wɔbɛyɛ wɔ Otta, a ɛbɛn Lagos, fi November 29 kosi December 2 no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ nhyiam yi kyerɛw krataa kɔma Nigeria baa dwumadibea no de si so dua.
2 Yehowa nkɔmhyɛ asɛm a ɛwɔ Sefania 3:9. NW, no se: “Ɛno na mɛma amanaman no asakra aka kasa kronn, na wɔn nyinaa abɔ Yehowa din, na wɔabom asom no.” Ɛnyɛ sɛ afe yi nhyiam no bɛma yɛahu nea “kasa kronn” no yɛ nko, na mmom nso ɛbɛboa ma yɛahu nea enti a ehia kɛse sɛ yesua na yɛka no frenkyemm, ne sɛnea dwuma a yetumi de di no hyɛ wiase nyinaa onuayɛ biakoyɛ no mu den no.
3 DU HƆ NTƐM: Yehowa ahyehyɛde reto nsa afrɛ yɛn sɛ yemmedidi wɔ ne honhom mu pon so. Ɛhɔ a yebedu bere ano no kyerɛ sɛ yɛwɔ obu ne anisɔ. Nokwarem no, ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedu hɔ ntɛm da biara na yɛtra ase ansa na dwumadi no afi ase. Eyi hwehwɛ sɛ yɛma yɛn ho bere a ɛdɔɔso de yɛ nneɛma a ehia sɛ yedi ho dwuma, te sɛ ahoboa a yɛne yɛn mma bɛyɛ, lɔre a ɛdɔɔso so pii wɔ kwan so mu a yɛbɛfa, biribi a yɛbɛhwehwɛ adi wɔ baabi a wɔnoa aduan, ne nkongua a eye a yɛbɛhwehwɛ ama yɛn mmusua.—1 Kor. 14:40.
4 Nhyiamfo a wɔkɔɔ Poland nhyiam no afe a atwam no mu no ani gyee wɔn nuanom onyamesom pa ahofama, ɔdɔ, ne biakoyɛ no ho. Na honhom mu nsiesiei a nhyiam no de bɛma no ho anisɔ a emu dɔ da adi. Na anuanom no du nhyiambea hɔ ntɛm anɔpa biara, na wɔtra ase siesie wɔn ho ma dwom a wɔde bue ano no ne mpaebɔ. Wɔtra hɔ twɛn dwom a wɔde pɔn no ne mpaebɔ, na wɔtwɛn wɔ dwumadi no akyi na ama wɔne wɔn nuanom abɔ fekuw.
5 Sɛnea anuanom no yɛɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ no yɛɛ nhwɛso pa. Na wɔaba sɛ wobetie asɛm na wɔasua ade. Osu a ɛtɔe wɔ Poznan ne Chorzow agumadibea no mu mpo no antumi antwe wɔn adwene amfi dwumadi no so. Na mmofra a wɔwɔ hɔ, a mmofra nkumaa ka ho no yɛɛ osetie kɛse, wɔyɛɛ komm, na wotiee dwumadi no. Na mmusua horow te faako. Wɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ obu kɛse a wɔdaa no adi wɔ Yehowa pon so a wodidi no mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya wɔn nhwɛso no mu mfaso?
6 Kyerɛwnsɛm no pene so sɛ yebesua afoforo nhwɛso pa. (2 Tess. 3:7) Ɛwom sɛ ebia ɛsono yɛn nsɛm tebea de, nanso yɛn nso yɛpɛ sɛ yenya nea ɛsen biara fi yɛn nhyiam akɛse mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔakwati adwennwen ne abasamtu esiane sɛ wɔka akyi kɔ nhyiambea hɔ nti, mmusua bi hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛhyɛ bere bi a ɛfata a wɔde bɛda. Ɛdenam bere nhyehyɛe so a wobedi pɛpɛɛpɛ no so no, ɛda adi yiye sɛ wɔbɛda yiye anadwo na wɔasiesie wɔn ho afi fie ntɛm da a adihɔ no. Eyi ma wɔkwati du a wobedu nhyiam no ase bere a dwumadi no rekɔ so no, ade a ɛtwe nkurɔfo adwene fi dwumadi no so a ebetumi ahaw wɔn a wɔatra ase dedaw no. Nneɛma ho a yebesusuw wɔ asɛm yi mu no da nidi ne obu a yɛwɔ ma Yehowa ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom ne wɔn ho a yesusuw no adi.
7 NNANAN NHYIAM: “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam no bɛyɛ nnanan. Ebefi ase Yawda awia 1:30, na yɛapɔn bɛyɛ anwummere 5:10 Yawda, Fida, ne Memeneda, ne anwummere 4:00 p.m. Kwasida. Efi Fida kosi Kwasida no, dwumadi no befi ase anɔpa 9:30. Wɔde kasa kronn a yɛbɛka ho nsɛm a ehia bɛma. Wɔbɛma ɔkasa ahorow, ayɛ ɔyɛkyerɛ ahorow, ne Bible drama abien.
8 Fa yɛ wo tirimbɔ sɛ woremma nhyiam no fã biako mpo mpa wo ti so. Ebia eyi behia sɛ wode nneɛma bɔ afɔre na wɔyɛ nsakrae wɔ wo bere nhyehyɛe mu. Ebia ebinom behu sɛ ehia sɛ wɔne wɔn adwumawura bɛyɛ nhyehyɛe titiriw bi. Pii pow sika fam mfaso sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ nhyiam no nyinaa. Nanso, susuw nea yɛn nuanom pii de bɔɔ afɔre ne nea wɔfaa mu ansa na wɔkɔɔ nhyiam no wɔ Poland wɔ afe a etwaam no ho. So ɛkanyan mo nyinaa kɛse sɛ mobɛtra nhyiam no ase atie dwumadi no biara? Ɛda adi sɛ Yehowa behyira wɔn a wɔde koma pa bɔ asɛm no ho mpae na wofi koma mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ no.—Heb. 10:24, 25.
9 Susuw anigye a abusua bi daa no adi bere a wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam no akyi no ho. Wose: “Ɛyɛ nkyerɛkyerɛ dwumadi a ɛyɛ anigye a yɛn nyinaa kyerɛɛ ho anisɔ. Ade titiriw foforo a ɛkaa yɛn koma ankasa ne ɔkwan a mofaa so yii nhoma afoforo adi no. Ɛkanyan me ne me yere ma ‘yɛde biribi mae,’ na yɛde pii mae sen nea yɛde ama pɛn wɔ nhyiam biara ase wɔ mfe pii a yɛne asafo no abɔ no mu. Ɛnyɛ yɛn nkutoo. Na biribi foforo wɔ nhyehyɛe foforo no mu a ɛkanyan yɛn ma yɛyɛɛ pii sen sɛnea yɛyɛ no. Nokwarem no, yɛn mu biara ntumi mfa nea ɛdɔɔso mma Yehowa wɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa na ɔkɔ so yɛ ma yɛn no ho.”
10 TIE NO YIYE: Yehowa ka wɔ Dwom 50:7 sɛ: “Me man, muntie, na merebɛkasa.” Enti, wɔ nhyiam dwumadi no mu no, mma nea wuhu ne dede a ɛmfa asɛm a wɔka wɔ asɛnka agua no so ho no ntwe w’adwene mfi dwuma no so. Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛka kasa kronn no frenkyemm no kanyan yɛn ma yedi Yehowa abisade a ɛwɔ Yesaia 55:2 no so wie: “Muntie me [yiye].”
11 Nsɛm a wɔde bɛma wɔ nhyiam no ase nyinaa bɛma yɛadi yiye wɔ honhom mu, na ɛbɛhyɛ yɛn tirimbɔ a yɛayɛ sɛ yɛbɛkɔ so agyina pintinn wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu, na yɛne yɛn nuanom ayɛ biako no mu den. Nhyiam no bɛma yɛanya nea yehia mprempren no, na aboa yɛn ma yɛne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan. Aso a yɛrenyɛ no bɛma yɛaka akyiri. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si dwumadi no so na yɛanya mfaso kɛse afi mu, na ɛno akyi no yɛde nea yɛasua no adi dwuma.—Yak. 1:25.
12 So biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na ama yɛatie dwumadi no yiye na yɛakae nsɛm a wɔkae no? Yiw, ebi wɔ hɔ. Nhyiamfo pii anya su a mfaso wɔ so a ɛne sɛ wɔbɛyɛ kyerɛwtohɔ wɔ dwumadi no mu. Ɛsɛ sɛ yɛfa Bible ne nnwom nhoma ka nhoma a yɛbɛyɛ kyerɛwtohɔ a ɛfata wom no ho sɛ nnwinnade a ehia bere a yɛkɔ nhyiam no. Sɛ w’adwenem yɛ wo naa wɔ kyerɛwtohɔ a wobɛyɛ ho a, dɛn nti na wonsɔ nhwɛ wɔ “Kasa Kronn” Nhyiam no ase? Wubetumi ahu sɛ ɛyɛ ɔkwan pa a wobɛfa so de w’adwene asi nea wɔka no so, na ɛmma w’adwene nkyinkyin.
13 Enhia sɛ kyerɛwtohɔ a wobɛyɛ dɔɔso pii. Mpɛn pii no ɔkasa fa biako anaa abien a wode begyina hɔ ama asɛntitiriw bi no ye. Mpanyimfo hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wobenya kyerɛwtohɔ a wɔahyehyɛ no fɛfɛ a wɔde bɛyɛ nhyiam dwumadi no ntĩmu a ntease wom wɔ Ɔsom Nhyiam ase. Afei nso, ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔde nsɛntitiriw a wɔkae wɔ nhyiam no ase no pii di dwuma wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ ne nguanhwɛ adwuma no mu.
14 DWOM NE MPAEBƆ: Yɛhyɛ Yehowa anuonyam denam n’ayeyi nnwom a yɛto no so. Ɛyɛ yɛn som fã. Yehowa nso ani gye bere a ne nkurɔfo ba ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu no. (Mmeb. 15:8b) Ɔmantam nhyiam ma yenya hokwan soronko a ɛma yɛne yɛn nuanom mpempem pii bom de dwom ne mpaebɔ yi Yehowa ayɛ. Nanso, ebinom nkyerɛ obu mma yɛn som afã a ɛho hia yi. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nhyiam no ase a wodu wɔ bere a yɛtow dwom a wɔde bue ano no ne mpaebɔ no mu anaa wɔ akyi no so. Anaasɛ wɔ dwumadi no awiei no, ebinom sɔre kɔ bere a yɛto dwom ne ansa na yɛabɔ mpae. Dɛn ntia? Ɛtɔ da bi a, ebia ɛbɛyɛ ntease pa bi nti na wɔyɛ saa. Nanso, so yɛrekyerɛ obu ne anisɔ a ɛfata ama Yehowa pon so adidi bere a ebinom pow hokwan a ɛne nnwom a yɛbɛto ne mpae a yɛbɛbom abɔ no na ama wɔatu wɔn kar anaa bɔs anaa woakodidi ntɛm no?—Mat. 6:33.
15 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na bere a yedi nea eye ma yɛn ankasa akyi no, yɛamma wiasefo su a ɛne me na ɛsɛ sɛ midi kan no anaa su bɔne te sɛ adifudepɛ ne pɛsɛmenkominya ansiw yɛn honhom mu nkɔso kwan. Ɛmmra sɛ yɛbɛda akronkronne ho anisɔ koro ara no adi te sɛ nea yɛn nuanom yɛe wɔ Poland nhyiam no ase wɔ afe a etwaam no mu no, na ɛmmra sɛ yɛne wɔn bɛbom asom denam obu a ɛfata a yebenya ama yɛn som no afã horow a ɛkorɔn a ɛne mpaebɔ ne ayeyi nnwom a yɛbɛto ama Yehowa no—Dw. 69:30.
16 YƐN KRISTOFO SU HOROW: Yɛn Kristofo su horow ne yɛn ahosiesie wɔ nhyiam ase ama yɛanya din pa sɛ Yehowa Adansefo. Aba saa efisɛ yɛfa yɛn som a yɛde ma Yehowa no aniberesɛm, na yemmu nhyiamkɔ sɛ pue a yepue kogye yɛn ani ara kwa. Sɛ yebom hyiam ma adeyɛ titiriw a ɛte sɛɛ a, ɛsɛ sɛ yekura Kristofo anuonyam ne honhom mu nneɛma ho adwene a yɛwɔ no mu na yɛbɔ yɛn bra sɛ asomfo bere nyinaa.—1 Kor.10:31-33.
17 Nanso, ɛhaw adwene sɛ yebehu sɛ nhyiamfo dodow bi ntadehyɛ, kasa ne wɔn abrabɔ mfata. Dɛn na yebetumi ayɛ bere a nneɛma a ɛte sɛɛ da adi wɔ yɛn asafo nhyiam anaa nhyiam kɛse bi ase no? Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔfata wɔ honhom mu no de afotu a ɔdɔ wom ma na ama wɔayɛ nsakrae. (Gal. 6:1; Efe. 4:11, 12) Ɛsɛ sɛ kasa kronn no a yɛka no kanyan yɛn ma yekura yɛn din pa no ne abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn mu.
18 Obi a ɔbaa nhyiam no biako ase de krataa a nsɛm a edidi so yi wɔ so no hyɛɛ ntoboa adaka bi mu: “M’ani gyee mo dwumadi no ho yiye. Afei me ne anuanom [no] mu biako besua Bible no. Eyi ne bere a edi kan a maba mo nhyiam no biako ase. Meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛba Memeneda nkutoo, efisɛ Kwasida yɛ da a mede kɔ asɔre. Nanso m’ani gyei araa ma nnɛ mebae, na mede m’abusua mufo nyinaa kaa me ho bae. Nanso wɔn a wɔanyinyin a na wɔkasa denneennen bere a na ɔkasafo no rekasa no maa m’aba mu bui.”
19 Wɔahu nso sɛ wɔ nhyiam no bi ase no, mmofra a wonnya nnii mfe aduonu no dodow bi tra akyirikyiri baabi wɔ pata no ase, kyerɛw nkrataa ma wɔn ho wɔn ho, tu asu, na wontie dwumadi no. Saa su no kyerɛ sɛ ehia ara sɛ wɔn awofo hwɛ wɔn so na wɔne wɔn mmusua tra faako. Awofo a wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma no bɛma wɔn ani aku nneɛma yi ho na wɔde akwankyerɛ a wɔn mma hia no ama wɔn. (Efe. 6:4) Ɛsɛ sɛ anuanom mmarima, anuawanom, ne mmofra hu sɛ bere a dwumadi no kɔ so no yɛ bere a ɛsɛ sɛ wotie asɛm na ɛnyɛ bere a wɔkasa.—Deut. 31:12.
20 Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de anisɔ honhom kɔ nhyiam no, na yɛde aseda ma wɔ nsiesiei a wɔayɛ no nyinaa ho. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ wɔ Côte d’Ivoire no, ahyehyɛde no sua yiye. Anuanom no ayɛ wɔn nhyiam dedaw. Onuadɔ a wɔwɔ ma yɛn nti na wɔapene so sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abiɛsa ama yɛn nkutoo. So ɛnsɛ sɛ yɛde aseda ma? Nokwarem no, Benin mfii ase nyɛɛ adwuma sɛ baa dwumadibea bere a wogyaa wɔn wɔ mfe 14 a wɔde baraa wɔn no akyi no. Nanso, esiane sɛ mprempren wɔagyaa wɔn nti, anuanom no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa yɛn denam yɛn nhyiam anum a wɔbɛyɛ no so. Ɛda adi sɛ wɔn a wɔbɛkɔ no bɛdɔɔso asen sɛnea wɔtaa hu no. Enti, nneɛma bi te sɛ dabere ne aduan a wɔde bɛma no betumi ayɛ adwumaden ama wɔn. Sɛ anka wobɛda pɛsɛmenkominya, me na ɛsɛ sɛ midi kan ne anwiinwii su adi mmom no, dɛn nti na womma anuanom no nhu sɛ w’ani sɔ nea wɔatumi ayɛ de ayi ahɔhoyɛ su adi akyerɛ wo no?
21 Baabiara a wɔde wo bɛtra no, ma ɛnyɛ wo botae sɛ wobɛma hɔ atew. Dabere bi wɔ hɔ a wɔmma kwan sɛ wɔbɛsɔ gya na wɔanoa aduan wɔ hɔ. Yɛsrɛ wo, siesie wo ho sɛ wobɛboa wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe no wɔ nsɛm yi mu. Hwɛ hu sɛ biribiara a wode bɛkɔ no ho tew. Kae, wo su ne wo nneyɛe bɛma wɔaka ahyehyɛde no a ɛwɔ Ghana no ho asɛmmɔne anaa asɛmpa. Ma ɛntra w’adwene mu sɛ wobɛma wɔanya yɛn ho adwene pa wɔ bere a woafi hɔ akyi no.
22 Esiane sɛ wubetu kwan akɔ ɔman foforo so nti, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma June 22, 1986 Awake! no mu asɛm “To Tip—Or Not” (So Ɛsɛ sɛ Wode sika Kyɛ—Anaa Ɛnsɛ sɛ Woyɛ Saa) ne “Tips on Tipping” (Sika a Wɔde Kyɛ ho Nyansahyɛ Ahorow) a ɛwɔ nkratafa 24-7 no mu nsɛntitiriw atra w’adwene mu. Yɛsrɛ wo sɛ san kenkan nsɛm yi, efisɛ ɛhyɛ da kyerɛ nea wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkyɛ no sika ne sika dodow a ɛsɛ sɛ wɔde kyɛ no, sɛnea aman ahorow mu amammerɛ te. Afei nso, Awake! no mu nsɛm a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no si so dua sɛ sɛ “wokɔ nhyiam a, nea w’ankasa woyɛ no ka kuw mũ no nyinaa. Nkurɔfo begyina wo su so akyerɛ sɛnea kuw no te.” Enti adwenhorow a wokura wɔ sika a wɔde kyɛ ho no mfa ho, sɛ wokɔ kurow bi mu sɛ obi a ɔkɔ Yehowa Adansefo nhyiam a, fa atɛmpa ne nhumu di dwuma na yɛ krado sɛ ‘wobɛyɛ eyi nyinaa asɛmpa no nti.’—1 Kor. 9:19-23.
23 Bere a onuawa bi kɔɔ afe a etwaam no ɔmantam nhyiam no wiei no, onnyaa krataa fii abaawa a osiesiee n’ahɔhodan mu no nkyɛn. Ɛkae sɛ: “Mepɛ sɛ meda wo ase wɔ wo nhomawa ne sika a wugyaw too hɔ maa me no ho. . . . Meda wo ase, mprempren mereyɛ Bible adesua na meresua sɛnea mɛkyerɛ anisɔ ama yɛn Agya Yehowa ne ne Dɔba a Ɔwoo no Koro, Yesu Kristo no. . . . Ɛyɛ m’anigye sɛ w’ani gyee yɛn ahɔhodan a wotraa mu no ho. Mehwɛ kwan sɛ mehu wɔ nhyiam a edi hɔ no ase.” Na abaawa no atwa nsɛmfua “nhomawa” ne “sika” no ase wɔ ne krataa no mu.
24 Wɔ dabere ho bio no, yɛsrɛ wo sɛ kae bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ w’abrabɔ hyɛ Onyankopɔn din anuonyam. Sɛ wɔma mo dabere wɔ ɔdan a wotua ho ka a wɔkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ebia nnipa bɛboro baanan a ‘mmofra ka ho da mu mu a, ɛnsɛ sɛ mokɔfa mo nnamfo ne abusuafo afoforo bɛka ho na mokyere so wom. Ɛno renkyerɛ nokwaredi. Bio nso, monhwɛ nhu sɛ moremfa ntamagow ne nneɛma afoforo a moahoro nsesɛw hɔ sɛ morehata, efisɛ ɛbɛma hɔ ayɛ tan. Sɛ wɔmma kwan sɛ wɔnoa aduan wɔ hɔ a, yɛsrɛ sɛ munni so.
25 Ɛnyɛ yɛn ntadehyɛ ne abrabɔ nkutoo mu na ɛsɛ sɛ ahotew ne afoforo ho a yedwen da adi, na mmom nso sɛnea yɛyɛ afoforo agyapade nso. So yɛwɔ biribi a yebegyina so aka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ɔdan a wotua ho ka no mu atew ansa na yɛafi mu akɔ? Su a ɛkyerɛ sɛ yensusuw afoforo ho sɛe din pa a yɛwɔ no. Wɔ ɔmantam nhyiam a ɛreba no mu no, momma yɛn nyinaa mmɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛnea ɛbɛyɛ na ‘yɛahyehyɛ yɛn agyenkwa Onyankopɔn kyerɛ, ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.
26 AWOFO: Mmofra nkumaa ne wɔn a wonnii mfe aduonu ka wɔn a yɛato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam no ase no ho. Ɛsɛ sɛ wɔn nso wɔka kasa kronn no frenkyemm. Hwɛ sɛnea eye sɛ yebehu mmofra a wɔasua sɛnea wotie asɛm yiye wɔ Kristofo nhyiam nyinaa ase na wɔkyerɛ nhyiam dwumadi no ho anigye kɛse! (Dw. 148:12, 13) Nanso, pii gyina awofo nhwɛso ne sɛnea wɔhwɛ wɔn so no so. Wɔakyerɛ mmofra pii sɛnea wɔyɛ kyerɛwtohɔ yiye. Sɛ ɔwofo no, sɛ wunnya nkyerɛɛ wo mma sɛnea wɔyɛ kyerɛwtohɔ a, dɛn nti na womfa mmere a aka ansa na woakɔ nhyiam no nyɛ saa? Yebetumi ahyɛ mmofra nkumaa mpo nkuran ma wɔakyerɛw Kyerɛw nsɛm a wɔbobɔ din ne ho nsɛntitiriw a wɔte sɛ akasafo ka no. Awofo binom yɛ nhyehyɛe de ti ɛda no dwumadi no nsɛntitiriw mu bere a wɔasan akɔ faako a wɔsoɛe no anaa bere a wɔrekɔ ne no.
27 Nokwarem no, awofo pii hu sɛ mmofra awosu ne sɛ wobedi agoru. Wonni osuahu wɔ asetra mu, na wɔn ho nkokwawee. Enti, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn bere a ɛsɛ sɛ wotie asɛm ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ nhyiam ase. Eyi hwehwɛ sɛ awofo hwɛ wɔn so yiye. Awofo binom yɛ anibiannaso wɔ eyi mu. Ɛwom sɛ wɔ mmere horow mu no. ebia na awofo kyerɛ obu a ɛfata ma Yehowa bere a wɔbɔ mpae no de, nanso na wɔn mma redi agoru na wɔretwetwe afoforo adwene afi dwumadi no so. Ɛsɛ sɛ awofo hu nea wɔn mma reyɛ bere a wɔrebɔ mpae mpo no. Afei nso, dɛn na wɔreyɛ bere a wɔsɔre wɔ dwumadi no mu no? So wogyaw mmofra no a obiara nhwɛ wɔn so bere a nhyiam dwumadi no rekɔ so anaa wɔapɔn no?—Mmeb. 29:15.
28 Wɔ nsɛm bi mu no, wogyaw mmofra no a obiara nhwɛ wɔn so wɔ nhyiam no ase. Eyi nye. Mmofra binom ayɛ asoɔden ne basabasa na wobuu anuanom mmarima ne mmea mpanyimfo a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛ wɔn so ayamye mu no animtiaa. Saa basabasayɛ no ne abrabɔ a ɛmfata Kristofo no taa fi biribiara a wɔma ho kwan ne nteɛso a wɔmfa mma wɔ fie no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wosiesie eyi. Ɛsɛ sɛ Kristofo awofo nyinaa hwɛ wɔn mma so yiye bere nyinaa bere a ‘wɔyɛn wɔn Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no.—Efe. 6:4.
29 ANI SƆ WO MMOA NYINAA: Wɔayɛ nhyehyɛe ne nnwuma pii na wɔahwɛ ma wɔanya nkongua, nhoma, aduan, ne nneɛma afoforo a ɛdɔɔso ama obiara a ɔba nhyiam no. Nea ɛbɛyɛ na nhyehyɛe yi atu mpɔn no, wɔahyɛ da akyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam pɔtee bi. Eyi so a wubedi pɛpɛɛpɛ no ho hia na yɛakwati nkyereso. Nokwarem no, nsɛm tebea horow betumi ama ahia sɛ nnipa kakraa bi kɔ nhyiam no wɔ baabi foforo. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn mu fã kɛse no ara tumi kɔ nhyiam no wɔ faako a wɔakyerɛ sɛ yɛnkɔ no.—1 Kor. 13:5; Fil. 2:4.
30 Yennye nni sɛ nkongua ho bɛyɛ na, nanso eye sɛ yɛbɛkae nhyehyɛe a ɛne kwan a wogyaw to hɔ ma obi no. WƆN A WUBETUMI AGYAW KWAN ATO HƆ AMA WƆN NKUTOO NE W’ABUSUA MUFO ANKASA NE OBI A EBIA ƆKA WO HO WƆ WO KAR MU. Yɛsrɛ wo nnyaw kwan nto hɔ mma afoforo. Ɛtɔ da bi a, wogyaw kwan to hɔ a ɛnyɛ nea wɔde ma obi pɔtee biara. Eyi nkyerɛ ɔdɔ, na ɛdaadaa wɔn a wogye ahɔho ne afoforo a wɔhwehwɛ baabi atra no. Nea ɛne Bible afotu hyia no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda onuadɔ adi na yɛaboa nhyehyɛe a ɛne ɔkwan a wogyaw ma obi no akosi ase.—2 Pet. 1:5-8.
31 Wɔde nyansahyɛ ma sɛ ɛsɛ sɛ yɛde atɛmpa di dwuma wɔ nneɛma a yɛde bɛba nhyiambea hɔ no mu. Kan no, ebinom de nneɛma kuntann a wontumi mfa nhyɛ wɔn akongua ase ba. Wɔde eyi sisi kwan mu anaa akongua so. Eyi mma afoforo nnya nkongua ntra so. Ehia sɛ yesusuw afoforo ho wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu.
32 Wɔma kwan sɛ yɛde video ne mfiri a wɔde kyere kasa bedi dwuma wɔ nhyiam no ase. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa mfiri no di dwuma no hwɛ yiye na wɔanhaw afoforo anaa wɔantwe wɔn adwene amfi dwumadi no so. Ɛnsɛ sɛ wɔde saa mfiri no sisi kwan mu. Ɛnsɛ sɛ wɔde sa akasam afiri no anaa anyinam ahoɔden ho nhama no. Wɔremma kwan ma wɔnsosɔ ɛho nkanea a wɔde di dwuma no. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔma adwene fi dwumadi no so anaa wobu akwankyerɛ ahorow a yɛde ama wɔ atifi hɔ no so no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ nsiesiei bere a wɔtwe wɔn adwene si so no. Wɔn a wogye ahɔho ne afoforo a wɔhwɛ nneɛma so no bɛma wɔn ani ada hɔ adi akwankyerɛ ahorow yi mu biara a wobu so no ho dwuma, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa mfiri no di dwuma no tie wɔn wɔ biribiara mu.
33 NHOMA NE ADUAN: Yebenya nhoma afoforo a wobeyi no adi no bi wɔ nhyiam no ase wɔ bo a wɔde ma wɔ ɔman a obi fi mu no so. Wubetumi atɔ nea wuhia akenkan nkutoo. Bere a ɛsɛ mu no, yebenya bi wɔ Ghana nso. Sɛnea yɛabɔ mo amanneɛ dedaw no, wɔbɛyɛ aduannoa ho nhyehyɛe wɔ nhyiam no nyinaa ase. Wɔrennoa nnuan ahorow ahorow pii te sɛnea yenim wɔ Ghana ha no. Nanso, bere koro no ara mu no, wubenya aduan a ɛdɔɔso adi wɔ nhyiam no mu nyinaa. Hwɛ hu sɛ wowɔ sika a ɛdɔɔso wɔ wo ho a wode bɛtɔ nea wuhia.
34 Ɛda adi sɛ Yehowa nkurɔfo ani sɔ sɛnea wotumi hyia bom wɔ baabi pa afe biara na wɔanya honhom fam dwumadi a ɛyɛ anigye a wɔasiesie no mu mfaso no. Yɛn ani sɔ nnwuma a wɔyɛ ne nneɛma pa pii a wɔde ma wɔ nhyiam a ɛte sɛɛ ase no nso. Asafo ti no de ahwɛyiye ne sika kɛse yɛ nhyehyɛe ahorow na yɛanya nkongua a ɛdɔɔso, wɔasesa akasam ho nneɛma a egye sika pii, ayɛ aduannoa ho nhyehyɛe pa, na wɔadi nhyehyɛe ne nnwuma dodow bi a ɛma nhyiam no kɔ yɛ anigye na ɛma honhom mu ahodwo ho dwuma.
35 Ntoboa a mufi mo pɛ mu yi de boa Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no na wɔde tua eyi ho ka. Wɔde ntoboa nnaka sisi nhyiam no ase nyinaa na ntoboa no yi ayɛ mmerɛw ama wo. Ani sɔ ntoboa a muyi nyinaa no yiye, na Asafo ti no pɛ sɛ odi kan da mo ase wɔ ayamye ne biakoyɛ mu a mufi boa Ahenni nneɛma saa no ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ ɛbɛkanyan obiara ma wahu asɛyɛde a ɔwɔ wɔ nea yɛka wɔ ha no mu, na waboa akosi ase denam emu kyɛfa a obenya sɛnea ne tebea ma kwan no so.—Luka 6:38.
36 BRA “KASA KRONN” ƆMANTAM NHYIAM NO: Ɛdenam “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam no a wobɛkɔ na woatie dwumadi no yiye so no, wubehu nea enti a Yehowa de kasa kronn no ama yɛn ne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ pɛsɛmenkominya su horow biara a ebetumi asɛe biako a yɛne yɛn nuanom bɛyɛ no ho. Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wubedu hɔ na watow dwom a wɔde bue ano bi na kɔ ne nyinaa kosi sɛ wɔbɛbɔ mpae a wɔde pɔn no Kwasida awia.
[Kratafa 6 adaka]
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ
AKWANTU TUMI NKRATAA: Hwɛ hu sɛ wo passport nwui, anaa wɔde wo aka kuw passport nhyehyɛe no ho. Ɛsɛ sɛ cholera ne yellow fever a wɔasesa wo wɔ ho no ho adansedi krataa nso yɛ nea enwui ɛ. Yɛsrɛ wo sɛ nnyaw krataa yi biara wɔ fie. Wɔ Côte d’Ivoire no, hwɛ hu sɛ w’akwantu tumi nkrataa hyɛ wo ho bere biara a wobefi adi no.
SIKA: Ɛsɛ sɛ wotɔ amannɔne sika a wubehia no nyinaa wɔ beae a wɔtɔn no. Hwɛ hu sɛ woagye so krataa. Ebehia sɛ wode ɛso krataa no kyerɛ wɔ ɔhye no so, bere a wode wo sika kyerɛ no. Wɔ mo a mobɛkɔ Nigeria fam no, yɛsrɛ mo sɛ momma ɛntra mo adwene mu sɛ mmara mma kwan sɛ wubekura naira bɛboro 10 de ahyɛn Nigeria. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛfa CFA anaa pound sterling, a ɛnyɛ den sɛ wubetumi asesa no naira bere a wufi Benin atra ɔhye no akɔ Nigeria no. Yɛsrɛ wo, bisa wɔ faako a wɔtɔ tekit wɔ bɔs gyinabea hɔ no. Gye sɛ wowɔ biribi titiriw a wobegyina so akɔ Lagos, anyɛ saa a, yɛhyɛ nyansa sɛ kɔ Otta nhyiambea hɔ tẽẽ bere a woatra ɔhye no wɔ Seme akɔfa Idi-Oroko no. Ɔkwan yi nware, ennye sika pii, na ɛyɛɛ tẽẽ nso.
DABERE: Sɛ wubisa dabere denam Asafo ti no so a, yɛsrɛ wo sɛ kɔ nhyiam no dabere dwumadibea hɔ bere a woadu nhyiam kurow no mu no. Wɔbɛkyerɛ wo wo dabere. Wonnya mfaa faako a wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ Cotonou no ho amanneɛbɔ mmrɛɛ yɛn ɛ. Wɔbɛyɛ Côte d’Ivoire nhyiam no wɔ Terrain d’assemblée des Témoins de Jéhovah, Quartier PRODOMO, Koumassi, Abidjan. Sɛnea yɛabɔ mo amanneɛ dedaw no, momfa nneɛma a wɔde da, mpopaho, samina ne nneɛma afoforo a ɛsɛ. Yɛkamfo kyerɛ sɛ monyɛ nhyehyɛe sɛ mobɛboa nhyiam no ase kafeteria no sen sɛ mode kropɔt ne aduannoa nkankyee bɛkɔ.
ASUBƆ: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbɔ asu no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase wɔ beae a wɔde ama wɔn no ansa na dwumadi no afi ase Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛbɔ asu no mu biara de asuguare atade ne mpopaho a ɛfata ba. Asubɔ kasa no ne ɔkasafo no mpaebɔ akyi no, dwumadi no guamtrani de akwankyerɛ tiaa bɛma asubɔfo na wama wɔato dwom. Wofi ase to nkyekyem a etwa to no a, wɔn a wogye ahohɔ no bɛkyerɛ asubɔfo no kwan akɔ faako a wɔbɛbɔ wɔn asu no anaa lɔre a ɛde wɔn bɛkɔ no mu, bere a atiefo nkae no wie dwom no to no. Esiane sɛ asu a obi bɔ de yɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne no yɛ n’ankasa ne Yehowa ntam asɛm nti, wɔrenyɛ nsiesiei mma nea wɔfrɛ no ahokafo asubɔ a asubɔfo baanu anaa nea ɛboro saa fam mu anaa wɔso wɔn ho wɔn ho nsam bere a wɔrebɔ wɔn asu no.
ADWUMA A WOTU WƆN NO MA YƐ: Yehia wɔn a wotu wɔn ho ma mmoa na nhyiam no akɔ so pɛpɛɛpɛ. Sɛ wubetumi ayɛ adwuma wɔ nhyiam no fã mpo mu a, ani bɛsɔ w’adwuma no. Sɛ wubetumi aboa a, yɛsrɛ wo sɛ kɔ Wɔn a Wɔatu Wɔn ho Ama Dwumadibea bere a woadu nhyiam no ase no. Mmofra a wonnii mfe 16 nso betumi aboa ma nhyiam no akɔ so yiye, nanso wɔhwehwɛ sɛ wɔne ɔwofo anaa ɔpanyin foforo bi a otumi di asɛyɛde ho dwuma yɛ adwuma.
ADE A WƆDE BƆ KOKO SO: Yɛreyɛ nhyehyɛe ma wɔde ade a wɔde bɔ koko so aba ɔmantam nhyiam no ase. Eyi nyɛ ade a yɛyɛ, efisɛ yɛntaa ntɔn ade a wɔde bɔ koko so nhyiam ase. Wɔbɛkyerɛ mo asafo no nhyiam ho nsɛm sohwɛfo no anaa ɔpanyin bi ma wakɔ nhomatɔnbea akogye bi abrɛ n’asafo no mu kuw no na wɔatua ka. Morennya ne kotoku no bi enti yɛsrɛ mo sɛ monkae na mode mo de dedaw no akɔ nhyiam no.
KƆKƆBƆ: So wode wo kar kɔ nhyiam no ase a, ɛmfa ho sɛ ɛhe na wode besi no, ɛsɛ sɛ wototo mu bere nyinaa na nnyaw biribi wom a wohu da. Sɛ ebetumi a, fa wo nneɛma hyɛ faako a wɔde nneɛma hyɛ no na to mu. Afei nso, monhwɛ mo ho yiye wɔ awifo ne atotobotomfo a wɔpɛ mmeae a nnipa pii hyia no ho. Nea ɛka eyi ho ne sɛ morennyaw biribi a ɛsom bo nto akongua so wɔ nhyiam no ase anaa bɔs mu a obi nhwɛ so. Yɛsrɛ wo, hwɛ yiye.
Wɔade amanneɛbɔ ama sɛ ahɔhodan bi ma wɔhwɛ television so dwumadi a ɔbrasɛe anaa ɔbarima ne ɔbea nna ho nneyɛe mpo wom. Eyi si sɛnea ehia sɛ wɔkwati TV a wɔbɛma mmofra ahwɛ a obiara renhwɛ wɔn so wɔ dabere yi no so dua.