Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/90 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EDI KAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
  • DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Yɛn Ahenni Som—1990
km 11/90 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

MONHYƐ NO NSOW: Yɛbɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ ɔmantam nhyiam adapɛn no mu. Asafo ahorow betumi ayɛ nsakrae sɛnea ehia na wɔanya kwan akɔ ɔmantam nhyiam no, na afei wɔde simma 30 atĩ dwumadi no nsɛntitiriw mu wɔ Ɔsom Nhyiam no ase dapɛn a edi hɔ no. Wobetumi adi kan de da biara de a wobetĩ mu no ama anuanom baanu anaa baasa a wɔfata a wobetumi atwe adwene asi nsɛntitiriw no so no. Ntĩmu a wɔasiesie no yiye yi bɛboa anuanom ma wɔakae nsɛntitiriw no na wɔde adi dwuma wɔ wɔn asetra ne asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ osuahu ahorow ne nsɛm a atiefo no bɛka no yɛ tiawa na ɛfa asɛm no ho tee. Monkae sɛ, esiane ɔkwan no tenten ne sikasɛm nti, adawurubɔfo pii ntumi nkɔ ɔmantam nhyiam no. Enti, monhwɛ nhu sɛ ntĩmu no tu mpɔn na wɔte ase.

DAPƐN A EDI KAN

Dwom 92

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Nkaebɔ a wɔapaw afi krataa yi mu.

17 min: “Kɔ so Kyerɛkyerɛ Daa.” Nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Bere a moasusuw nkyekyem 2 ho awie no, ma akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔwɔ osuahu nyɛ sɛnea wɔbɛma obi a ɔkyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho nokware anigye akra nsɛmma nhoma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ onii no bɛpɛ sɛ ne nsa ka nsɛmma nhoma no daa a, yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛhyehyɛ kratasin a wɔde kra no na ama wɔde nsɛmma nhoma no afa post office abrɛ no. Sɛ onni sika a ɔde bɛkra a, yebetumi ahyɛ no nkuran ma wagye nea aba foforo no bi. Sɛ onni sika a ɔde bɛtɔ mpo a, yebetumi ne no ayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan aba ne no abesusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm afoforo a ɛhyɛ nkuran ho. Oguamtrani da sɛnea ehia sɛ yɛde nhumu di dwuma bere a yɛreka nsɛmma nhomakra ho asɛm no adi. Enhia sɛ yɛbɛka sɛ wobetumi agye nsɛmma nhoma no bere pɔtee bi, sɛ ebia afe biako. Ɛsɛ sɛ asram asia a onipa no bɛkra no hyɛ nsɛmma nhoma no mu Ahenni nkrasɛm ho anisɔ a ɔwɔ no mu den, na ɛboa yɛn ma yehu sɛ ebia n’ani gye ho ampa anaa. Nkyekyem 3 ne 4 akyi no, adawurubɔfo baanu a wɔwɔ anigye susuw sɛnea wɔde nyansahyɛ ahorow yi bedi dwuma wɔ November ne asram a ɛreba no mu ho.

23 min: “Bra 1990 ‘Kasa Kronn’ Ɔmantam Nhyiam.”​—Ɔfã a Edi Kan. Wɔne atiefo susuw nkyekyem 1-15 ho ne “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow” a wotĩ mu tiawa.

MONHYƐ NO NSOW: Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔbɛkɔ nhyiam a wɔbɛyɛ no November 15-18 no yi ɔfa a ekura simma 17 a ɛwɔ atifi hɔ no fi mu na wosusuw nhyiam no ho krataa a ɛhyɛ krataa yi mu no mu nsɛm nyinaa ho dapɛn yi.

Dwom 195 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Dwom 215

5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase nsɛmmansɛmma.

15 min: “Du Koma Mu Denam Bible Adesua a Etu Mpɔn So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Bere a mususuw nkyekyem 3 ne 5 ho no, yɛ sɛnea wɔma asɛm no ne mo hɔnom tebea hyia no ho ɔyɛkyerɛ. Si February 1, 1985 Ɔwɛn-Aban no mu nsɛntitiriw a ɛfata so dua.

25 min: “Bra 1990 ‘Kasa Kronn’ Ɔmantam Nhyiam.”​—Ɔfã a Ɛto so Abien. Wo ne atiefo nsusuw krataa a ɛhyɛ krataa yi mu no nkyekyem 16 ho nkosi awiei. Si Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn abrabɔ wɔ nhyiam ase kwan no so dua.

Dwom 43 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Dwom 132

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Fa ntoboa a Asafo ti kyerɛ sɛ nsa aka ka ho, na da ani a ɛsɔ sika fam mmoa a wɔde ma wɔ mo asafo mu ahiade ahorow ho no adi. Bisabisa abusua bi a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔde dapɛn mũ no nyinaa bɛyɛ asɛnka adwuma nsɛm, na si nhyehyɛe ahorow a ebetumi aboa afoforo so dua.

20 min: “Boa Afoforo Ma Wɔn ho Nkokwaw wɔ Onyankopɔn Asɛm a Yɛde Di Dwuma no Mu.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Si sɛnea ehia sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho na yɛatu mpɔn kɛse wɔ ɔsom adwuma no afã horow mu no so dua. Yɛ sɛnea adawurubɔfo betumi aboa Bible asuafo a wɔfata sɛ wɔkɔ asɛnka anaa sɛnea ɔwofo bi boa ne ba ma osiesie ne ho ma ɔsom adwuma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: Ahosiesie a Yɛbɛyɛ Ama Asɛnka. Yɛ abusua bi a wɔresiesie nea wɔbɛka wɔ asɛnka mu, a wɔn mu biako resi nsɛmma nhoma so dua. Ɔfoforo si kratawa so dua, na nea ɔto so abiɛsa no reka ofie Bible adesua a wonnye hwee ho asɛm ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ sɛnea abusuafo no mufo ne wɔn ho wɔn ho resua sɛnea wɔbɛyɛ no no.

Dwom 42 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Dwom 31

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Asemmisa Afã. Fa sɛnea Nyan! nsɛmma nhomakra ɔsatu no rekɔ so ho amanneɛbɔ ma.

15 min: Ɔmansin Sohwɛfo Adwuma ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ. Wo ne atiefo nsusuw Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no nkratafa 47-50 mu nsɛm a ɛwɔ asɛm “Ɔmansin Sohwɛfo” ase no ho. Ɛsɛ sɛ oguamtrani ni si sɛnea yebetumi anya nsrahwɛ no a yɛbɛboa no mu mfaso akosi ase no so dua. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ onyamesom pa ahofama ho nhwɛso a ɔmansin sohwɛfo no ne ne yere yɛ wɔ wɔn adwuma no yɛ mu no ho anisɔ.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nkɔmmɔ a Yɛne Nkurɔfo Bɛbɔ So.” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye mfa nkyerɛ sɛnea wobefi nkɔmmɔbɔ ase wɔ ɔpon ano ne bere a wohyia nkurɔfo wɔ mmorɔn so.

Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena