Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/90 kr. 1-8
  • Du Koma Mu Denam Bible Adesua A Etu Mpɔn So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Du Koma Mu Denam Bible Adesua A Etu Mpɔn So
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SI BIBLE NO SO DUA
  • BISA NSƐM
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Du Wo Bible Suani Koma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 11/90 kr. 1-8

Du Koma Mu Denam Bible Adesua A Etu Mpɔn So

1 Yesu nyaa anigye wɔ n’Agya apɛdeyɛ mu, na ɔde anigye boaa afoforo nso ma wɔsom Yehowa. (Dw. 40:8; Mat. 9:37, 38; 11:28-30) Yesu amma nkrasɛm no ka kɛkɛ annɔɔso amma no. Sɛ yebetumi ahyɛ afoforo nkuran ma woabɛka yɛn ho ayɛ asɛmpaka adwuma no a, ɛsɛ sɛ yedu yɛn Bible asuafo komam. Eyi gye pii sen nhoma a yɛde nsemmisa ne mmuae sua ara kwa. Sɛ yebedu koma no mu a, ehia sɛ yɛma yɛn osuani no ho asɛm tra yɛn adwene mu bere a yesiesie yɛn ho no.

2 Yesu kyerɛɛ afoforo ho anigye ankasa. Osusuw wɔn adwenkyerɛ ho. Ɔde mfatoho dii dwuma de maa nsɛm a ɛyɛ den asete yɛɛ mmerɛw. (Mat. atiri 5-7) ɛsiane sɛ Yesu huu ɔhaw ahorow a wobehyia nti, ɔde afotu a ɛfata mae. (Marko 9:33-37) Sɛ mfiase no n’atiefo antumi ante aba a ɛwɔ ne nkyerɛkyerɛ mu no ase a, ɔde boasetɔ yɛ nea ɔwɔ ka no ho mfatoho. (Mat. 16:5-12) Ɛsɛ sɛ afoforo ho anigye kɛse a Yesu wɔ no kanyan yɛn ma yebisa sɛ. ‘Sɛ anka mene osuani no a, dɛn na mehia na ama mate ase na nea wɔrekyerɛkyerɛ no akanyan me?’​—Hwɛ 1971 Yearbook, nkratafa 246-7.

SI BIBLE NO SO DUA

3 Bere a wobisaa awarefo bi sɛ dɛn na ɛma wɔyɛɛ adanse a wodii wɔn no ho ade ntɛm ara no, wobuae sɛ: “Ɛwɔ Bible mu.” Yiw, Onyankopɔn Asɛm no du koma mu. (Heb. 4:12) Twe adwene si so mpɛn pii, na monkenkan nkyekyem no mu kyerɛw nsɛm no pii. Boa osuani no ma onhu nea enti a nyansa wɔ adeyɛ pɔtee bi mu anaa nyansa nnim no. Wo ne no nsusuw sɛnea Onyankopɔn mmara so di ho bɛba no mfaso no ho.​—Hwɛ February 1, 1985 Ɔwɛn-Aban nkratafa 15-16.

4. Adawurubɔfobɔ pii ahu sɛ Reasoning nhoma no a wɔde di dwuma de si Bible no so dua no tu mpɔn yiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ moresusuw Tra Ase Daa nhoma no kratafa 124, nkyekyem 13 ho a, ebia ofiewura no bebisa nea enti a ne sɔfo ka sɛ mmofra wu efisɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔbɛka ne ho wɔ ɔsoro no ho asɛm. Reasoning nhoma no mu asɛm a ɛwɔ kratafa 99 wɔ “Why do babies die?” (Dɛn nti na nkokoaa wuwu) ase no si anigye a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛkora abusua nhyehyɛe no so no so dua. Asɛm no betumi ama onipa no agye ɔdɔ a Yehowa wɔ ma adesamma no adi.

BISA NSƐM

5 Nsemmisa a Yesu de dii dwuma ɔkwan a etu mpɔn so no ma otumi maa nkurɔfo dwen nneɛma ho. (Mat. 17:24-27) Osuani no mmuae no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɔresua ne adwenhorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so a ebia ɔda so ara kura no. Ebia na osuani no rebɔ mmɔden agyae tawanom. Wo ne no afi Tra Ase Daa nhoma no ti 27 no mu ne July 8, 1989 Awake! no mu asɛm no mu. Ohu sɛ ehia sɛ ogyae nom. Nanso, so ogye di ankasa sɛ ɛsɛ sɛ ogyae nom? Wubetumi aka sɛ: “Wote nka dɛn wɔ eyi ho? Fa no sɛ ɛsɛ sɛ wugyae nom seesei ara, nanso wo nnamfo binom bedi wo ho fɛw. Dɛn na wobɛyɛ?”

6 Nanso, ahwɛyiye bi ni. Ɛtɔ da bi a, nsemmisa a ɛte sɛɛ no ma wunya mmuae a ɛma wo ho dwiriw wo anaa wo aba mu bu. Ɛnde dɛn na wobɛyɛ? Sɛ ɛyɛ asɛm a ne ka yɛ ka na a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ woma ɛso hɔ ara na woka sɛ: “Afei ma yɛntoa so. Yebetumi aka ho asɛm akyiri yi.” Anaasɛ “Wiɛ, ɛyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho, anaa ɛnte saa?” (Yoh. 16:12) Bere a woahu sɛnea osuani no te nka ankasa wɔ asɛm no ho no, wubetumi asiesie asɛm a ɛbɛboa no ma wasan anya nkɔso. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkanyan onipa no koma, na yɛbɔ mpae na Yehowa aboa no ma wanyin honhom mu.​—1 Kor. 3:5-9.

7 Sɛ woreyɛ Bible adesua a, bere nyinaa kae sɛ wubegye bere a ɛdɔɔso ne osuani no asusuw asɛm a morebɔ ho nkɔmmɔ no ho. Sakra sɛnea wokyerɛkyerɛ no no mu ma ɛne n’ahiade ahorow pɔtee nhyia. Bɔ mmɔden sɛ wode Yehowa, Bible no, ne Yehowa ahyehyɛde no ho obu a emu dɔ bɛhyɛ ne koma mu. Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ yɛn fam de de aboa afoforo ma wɔayɛ Kristo asuafo denam mmɔden a yɛbɛbɔ ayɛ Bible adesua a etu mpɔn so.​—Aso. 2:41-46.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena