Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe
Ɔfã 2: Ehia Sɛ Yesiesie Yɛn Ho Na Yɛde Yɛn No Hyem
1 Yehowa Asɛm se anigye ne onipa a onya nyansa ne nhumu, efisɛ akatua no so. (Mmeb. 3:13, 14, 16-18) Honhom fam nyansa som bo na egye nkwa. Etumi ma Kristoni de nimdeɛ a onya fi Onyankopɔn asɛm mu no di dwuma pa wɔ ɔsom a ɔkɔ so de ma no mu, ɔde di da biara ɔhaw horow ho dwuma, na ɔde si n’asetra mu botae horow ho gyinae ahorow.
2 Wɔayɛ Asafo Nhoma Adesua no sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛasua Onyankopɔn Asɛm na yɛde adi dwuma, na saa kwan yi so no yɛanyin wɔ nyansa ne honhom mu ntease mu. Enti, ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua a yɛbɛkɔ daa no yɛ nhyehyɛe a yɛn ankasa yɛ de nya nyansa no fã.—Mmeb. 4:7-9.
SIESIE WO HO YIYE
3 Afeha a edi kan no mu asafo no mufo binom anyere wɔn ho denneennen sɛ wobesua nokware no na wɔne hann a ɛkɔ so hyerɛn no abɔ anan nantew. Wɔkɔɔ so yɛɛ nkokoaa wɔ Kristo mu, ma enti wɔanhu trenee asɛm no. (Heb. 11-13) Ɔsomafo Paulo tuu asafo no fo sɛ wɔmpere nkɔ onyin mu.” (Heb. 6:1, New World Translation) Ɛda adi sɛ eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ pii sen nokware no ho nkɔmmɔ a afoforo bɔ a yebetie no ebi ne bi kɛkɛ no. Nneɛma ho susuw ne nhwehwɛmu ho hia na akanyan yɛn “adwene tumi a esusuw ade ho fann” no, na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho denneennen.—2 Pet. 3:1, 2, NW; Luka 13:24.
4 Yɛn ho a yesiesie yiye ma Asafo Nhoma Adesua ma yɛn ntease yɛ kɛse, na ɛma yenya asɛm no ho anisɔ. Nanso, ahosiesie a etu mpɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ pii sen nkyekyem no a yɛbɛkenkan na yɛatwitwa nsemmisa no mmuae ase ntɛmntɛm ara kwa no. Yehia bere na yɛde ahu asɛm no dɛ denam nea ɛkyerɛ ne mfaso a yɛn ankasa nya fi mu ho a yebesusuw no so. Bue kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nnim no na dwen sɛnea ɛfa nkyekyem no mu nsɛm ho no ho. Bisa nsɛmfua a wonte ase nwie no ho nkyerɛkyerɛmu.
5 Wɔ yɛn mu binom fam no, ebia kokoam adesua bɛyɛ adwumaden, na egye mmere, nanso hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so! Paulo twe adwene si nea ebefi adesua a ɛte saa mu aba no so, bere a ɔka eyi no: “Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Heb. 5:14) Kokoam adesua a ɛte sɛɛ no boa yɛn ma yɛn ho kokwaw, ma enti yebetumi ahu nea ɛteɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ yesi gyinae ahorow no.
FA WO HYEM
6 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ nhyiam biara mu. Dɛn ntia? Mmuae a yɛasiesie no yiye no nyɛ nea ɛda yɛn gyidi adi nko, na mmom ɛhyɛ yɛn nuanom nkuran ne wɔn den nso. (Rom. 10:10; Heb. 10:23-25) Yɛn ho a yɛde hyɛ Asafo Nhoma Adesua mu nnam so no nso di dwuma titiriw wɔ yɛn honhom mu onyin mu. Sɛ wɔn a wɔn ho akokwaw, mmofra ne afoforofo nyinaa fi wɔn pɛ mu ma mmuae a, kuw no nya mmuae pa ahorow pii. Eyi kyerɛkyerɛ yɛn nyinaa na ɛma yenya honhom mu ahoɔden.—kmTW 7/86 kr. 5.
7 Sɛ yɛde nsiyɛ siesie yɛn ho ma Asafo Nhoma Adesua, yɛkɔ daa, na yefi yɛn pɛ mu de yɛn ho hyem a, yebenya nyansa a yɛhwehwɛ no, ne ‘Yehowa ho nimdeɛ.’—Mmeb. 2:4, 5.