Asemmisa Afa
● Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa ma yɛanya asafo ɔsom akontaabu a edi mũ ɔsram biara?
Sɛ yɛkenkan nkɔso fɛfɛ a Yehowa ma yenya wɔ asɛnka mu wɔ wiase nyinaa no ho asɛm a, akyinnye biara nni ho sɛ yedi ahurusi wɔ yɛn komam. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 11:18 ho.) Yɛn nyinaa wɔ biribi yɛ wɔ ɔsram biara akontaabu a yɛbɛma adi mu no mu.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 102-104.
Sɛ adawurubɔfo no, ehia sɛ yeyi bere si hɔ de kɔ asɛnka dapɛn biara na yɛkae sɛ yɛbɛkyerɛw da biara asɛnka dwumadi ato hɔ ntɛm ara. Sɛ ɔsram no wu pɛ a, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de n’akontaabu ma ne kuw sohwɛfo anaa nea wɔapaw no sɛ onnyigye no. Sɛ woayɛ nhyehyɛe sɛ wubetu kwan ansa na ɔsram no awu a, hwɛ hu sɛ wode w’akontaabu bɛma ansa na woakɔ. Yɛhyɛ abusua ti biara nkuran sɛ ɔne n’ankasa abusua mufo mmom nkɔ asɛnka ɔsram biara, na ɔmmoa wɔn ma wɔmfa wɔn akontaabu mma ntɛm ara. Mfaso foforo a obenya afi saayɛ mu ne sɛ etumi ma ohu abusua no muni biara nkɔso wɔ ɔsom adwuma no mu na ɔde mmoa a ehia no ama.—Efe. 5:28; 6:4; fa toto 1 Timoteo 3:4 ho.
Mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ adwuma titiriw yɛ wɔ asafo no akontaabu a wɔbɛma adi mũ no mu. Sɛ kuw so ahwɛfo kyekyɛ wɔn bere mu ɔsram biara na wɔne kuw no mu anuanom kɔ asɛnka na wɔma wɔn ani ku akuw no no ho titiriw a, ɛhyɛ nkuran. Ebia ɛho behia sɛ wɔpaw akwampaefo anaa kuw no mu adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ma wɔboa afoforofo anaa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no wɔ asɛnkakɔ ne ɔsram biara akontaabu a wɔyɛ no mu. ɛsɛ sɛ kuw sohwɛfo no ma n’ani di nhyehyɛe yi akyi daa na ama akɔ so ayɛ adwuma (Dw. 78:72) Sɛ nea wɔapaw no sɛ onnyigye akontaabu no yere ne ho yɛ n’adwuma yi ɔsram biara a, ani bɛsɔ. Ebinom wɔ nhoma kotoku a wɔde akontaabu a wɔagyigye no hyem, na ama wɔatumi de ama ɔkyerɛwfo no a ebi nyera. na yɛhyɛ eyi ho nkuran.
Asafo no ɔkyerɛwfo bɛboaboa akontaabu no ano na ɔde asafo no akontaabu no amana Asafo ti no ansa na ɔsram a edi hɔ no da a ɛto so asia adu. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ hu sɛ wahyehyɛ Congregation Report (S-1) no pɛpɛɛpɛ ansa na ɔde ne nsa ahyɛ ase de amana anaasɛ ɔde akɔ faako a yɛkɔfa yɛn nneɛma no. Mpanyimfo kuw no betumi apaw ɔpanyin foforo anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata ma waboa ɔkyerɛwfo no wɔ akontaabu no anoboaboa no mu. Bere a yɛn mu biara yɛ ne fam de hwɛ hu sɛ yebenya akontaabu a edi mũ ɔsram biara no, yebetumi akɔ so adi Teokrase nkɔso ho asɛmpa a ɛyɛ “papa ho asɛmpa” no ho ahurusi.—Yes 52:7.