Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Wɔ Asasesin A Yɛtaa Yɛ Mu Adwuma Mu
1 Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde Ahenni nkrasɛm no kɔ obiara nkyɛn? Efisɛ wɔn nkwa ne yɛn ankasa de ho asɛm wom. (Hes. 3:17-19; 33:6; 1 Tim. 4:16) Nanso ɔkwan bɛn so na woma nkrasɛm no yɛ foforo na ɛkanyan afiewuranom anigye, ne titiriw wɔ nsasesin a ɛte sɛ nea yɛtaa yɛ mu adwuma kɛse no mu? Dɛn na yebetumi ayɛ wɔ wɔn a ɛte sɛ nea wɔasi gyinae sɛ wɔrenkyerɛ asɛm no ho anigye da no ho? Nkyekyem a edidi so yi mu nsɛm no bi yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma ntɛm ara, na yɛde afoforo nso bedi dwuma akyiri yi, bere a wɔayi nsa afi yɛn dwumadi ho no.
NYA ADWEMPA
2 Nea ɛne adwene a ebia ebinom benya no bɔ abira no, asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma, na yɛyɛ no fefeefe no sow aba pa yiye sen faako a yɛntaa nkɔ so. Enti akwanside ahorow a yebedi so no mu nea edi kan ne adwene a ɛnteɛ biara a yebenya wɔ afi koro no ara mu a yɛkɔ faa no ho. Ehia sɛ yɛma nkurɔfo nya hokwan biara a wɔde betie Ahenni nkrasɛm no. Ɛbɛyɛ mfomso wɔ yɛn fam sɛ yɛbɛka sɛ Yehowa abu wɔn a wɔnyɛ asɛm no ho biribi pa bere a yɛkɔ wɔn nkyɛn mpɛn pii no atɛn sɛ wɔmfata.
3 Tema a yɛbɛda no adi ho hia titiriw wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma mu. Ebia asɛm pɔtee bi a yɛwɔ a ɛka nea ɛhaw nkurɔfo wɔ wɔn mpɔtam hɔ ho asɛm no bɛma ebinom a anka wɔrentie no ayɛ ho biribi pa. So wunim nsɛm a ɛresisi mprempren, na woasiesie wo ho sɛ wobɛkyerɛ sɛnea nkrasɛm no betumi aboa nkurɔfo ma wɔadi ɔhaw ahorow a wohyia ho dwuma?
SAKRA SƐNEA WOKA ASƐM NO MU
4 Sakra sɛnea woka asɛm no wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma no mu. Ɛtɔ da bi a, wubetumi de kratawa adi dwuma sɛ wo nnianim asɛm no fã. Bere foforo nso wubetumi de nnianim nsɛm bɛboro 40 a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9-15 no adi dwuma ma afa nea ɛhaw wɔn no ho. Ebia wobɛpɛ sɛ wotwe adwene si nsrahwɛ a etwa to wɔ mpɔtam hɔ no so, ma enti woabrɛ eyi a wobegyina so de ayɛ anoyi no ase. Sɛ wohyɛɛ asɛm bi a ofiewura no kae a ntease wom no nsow wɔ wo nsrahwɛ a etwa to no mu a, wubetumi agyina eyi so de abɔ nkɔmmɔ foforo a ɛkanyan anigye.
5 Bu nnipa sɛnea Yehowa bu wɔn, na kɔ so dwen wɔn a ebia wɔaka akyerɛ yɛn sɛ wɔrennya ho anigye da no ho. Yehowa kasa kyerɛɛ ne tete nkurɔfo mpɛn pii wɔ anibiannaso a woyii adi kyerɛɛ n’asomafo no nyinaa akyi. (2 Be. 36:15; Yer. 7:13) Nnipa pii a bere bi na wɔte nka sɛ wɔn ani nnye asɛm no ho yɛ yɛn nuanom nnɛ. Wɔama asɔretiafo a wɔn asɛm yɛ den abegye nokware no. Eyinom de aseda ma sɛ obi tɔɔ ne bo ase kɔɔ so de asɛmpa no baa wɔn nkyɛn.
YƐ KYERƐWTOHƆ PA
6 Ɛho hia yiye sɛ yɛbɛyɛ kyerɛwtohɔ pa. Wɔn a yɛanto wɔn wɔ fie a yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn no bɛma yɛayɛ asasesin no mu adwuma fefeefe, na ama bere a yɛde kɔ wɔn a yɛto wɔn wɔ fie nkyɛn no akɔ anim. Ebinom nso ahu sɛ eye sɛ wɔde wɔn a wɔanto wɔn wɔ fie wɔ dapɛn mfinimfini adansedi mu ho kyerɛwtohɔ bɛma wɔn a wɔyɛ asasesin no mu adwuma dapɛn awiei no. Eyi ma yɛsakra mmere a yɛde kɔ mmusua nkyɛn no mu yiye. na ɛma sɛnea yebetumi ahu nnipa a wonni fie bere nyinaa mmere bi wɔ da no mu, ne dapɛn no mu nna bi mu no yɛ kɛse. Yebetumi ahu nyansahyɛ afoforo wɔ September 1, 1988 Ɔwɛn-Aban no nkratafa 14-19.
7 Yehowa nim bere a yɛabɔ mmɔden yiye sɛ yɛbɛkɔ wɔn a wobetie no nyinaa nkyɛn no. Wɔ Kristo akwankyerɛ ase no, yɛbɛkɔ so ayɛ osetie ama Yehowa, a yɛwɔ ahotoso sɛ yɛbɛyɛ adwuma no awie wɔ bere a ɔde ama no mu—Hes. 9:11.