Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
1 “Hwɛ, [Yehowa] agyapade ne mmabanin.” (Dw. 127:3) Sɛ mowɔ agyapade a ɛsom bo sɛɛ a efi Yehowa hɔ a, ɛnde mo, sɛ awofo no, mowɔ asɛyɛde a ɛyɛ anigye, nanso anibere wom sɛ mobɛtete mo mma, ahwɛ wɔn, na moabɔ wɔn ho ban. Sɛ nhwɛso no, so moayɛ biribiara a ntease wom a ɛbɛma moabɔ mo mma ho ban na wɔamma wɔn mogya? Sɛ mo mma hu sɛ wɔbɛma wɔn mogya a, dɛn na wɔbɛyɛ wɔ ho? So moasusuw nea mubetumi ayɛ de adi tebea a egye ntɛmpɛ, a wɔpɛ sɛ wɔma mogya wom ho dwuma ɔkwan a etu mpɔn so ho sɛ abusua? Ɛwom mpo sɛ ebia ahyɛde a asennibea de ma sɛ wɔmfa mogya mma obi ho asɛm ntaa nsɔre wɔ ɔman yi mu de, nanso krataa yi ho a mubesusuw no besiesie mo ne mo abusua ama biribi saa a ebetumi asi daakye.
2 Ɛnsɛ sɛ mo abusua no a mubesiesie wɔn ama tebea horow a ɛte sɛɛ no ma moyɛ basaa anaasɛ mohaw kɛse. Ɛnyɛ biribiara a ebesi wɔ asetra mu no na mubetumi adi kan ahu na moasiesie mo ho ama, nanso sɛ awofo no, nneɛma pii wɔ hɔ a mubetumi adi kan ayɛ de abɔ mo mma ho ban na wɔamma wɔn mogya. Sɛ mubu mo ani gu asɛyɛde ahorow yi so a, ebetumi ama wɔama mo ba mogya bere a wɔrehwɛ no yare wɔ ayaresabea no. Dɛn na mubetumi ayɛ?
3 Gyidi a Enhinhim ho Hia: Ɛsɛ sɛ mususuw sɛnea gyidi a mo ankasa mowɔ wɔ Onyankopɔn mmara a ɛfa mogya ho no mu yɛ pintinn fa no ho. So morekyerɛkyerɛ mo mma ma wɔatie Yehowa wɔ asɛm yi mu, te sɛ nea mode ne mmara a ɛfa nokwaredi, abrabɔ pa, afã biara a yenni ne asetra afã foforo ho kyerɛkyerɛ wɔn no? So yɛte nka ankasa te sɛ nea Onyankopɔn mmara ahyɛ wɔ Deuteronomium 12:23 no: ‘Munsi gyinae pintinn sɛ morenni mogya’? Nkyekyem 25 de ka ho sɛ: ‘Munnni, na asi mo ne mo mma a wodi mo akyi no yiye, efisɛ mobɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so.’ Ebia oduruyɛfo bi bɛka sɛ mogya bɛma ‘asi’ mo ba a ɔyare no ‘yiye,’ nanso ɛsɛ sɛ musi gyinae pintinn ansa na tebea a egye ntɛmpɛ bi aba ma moapow sɛ mo ankasa ne mo mma rennye mogya, na mubu mo ne Yehowa ntam abusuabɔ sɛ ɛsom bo sen nkwa biara a wɔkyerɛ sɛ wɔbɛma ayɛ tenten a ɛbɛma moabu ne soro mmara so no. Onyankopɔn anim dom a mubenya mprempren ne daa nkwa a mubenya daakye ho asɛm wom!
4 Yiw, Yehowa Adansefo pɛ nkwa. Wɔmpɛ sɛ wowu. Wɔpɛ sɛ wɔtra ase na wɔatumi akamfo Yehowa ayɛ n’apɛde. Ɛno ne ade biako nti a wɔkɔ ayaresabea, na wɔde wɔn mma kɔ hɔ sɛ wɔrekɔsa wɔn yare no. Wɔka kyerɛ nnuruyɛfo sɛ wɔnsa wɔn yare, na sɛ wɔka kyerɛ wɔn sɛ mogya ne aduru a wogye tom anaasɛ wɔde sa yare a, wobisa wɔn sɛ wɔmfa aduru foforo a mogya nka ho nsa wɔn yare. Nnuru afoforo pii wɔ hɔ a wobetumi de asi mogya ananmu. Nnuruyɛfo a wɔn ho akokwaw de redi dwuma. Nnuru afoforo a ɛte sɛɛ a wɔde bɛsa ɔyare no nyɛ nnuru a entumi nsa nyarewa, na mmom ɛyɛ nnuru pa a etumi sa nyarewa, a ɛho nsɛm wɔ aduyɛ nsɛmma nhoma atitiriw mu. Nnuruyɛfo pii a wɔwɔ wiase nyinaa ne yɛn reyɛ adwene denam hwɛ a wɔhwɛ yɛn yare yiye a wɔmfa mogya mma no so, ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɛda so ara yɛ den sɛ yebenya nnuruyɛfo a wɔbɛsa Adansefo mma yare a wɔremfa mogya nni dwuma de.
5 Hwehwɛ a Yɛbɛhwehwɛ Oduruyɛfo a Ɔne Yɛn Yɛ Adwene: Nnuruyɛfo dwen nneɛma pii ho bere a wɔresa ayarefo yare no, na sɛ moka kyerɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde mogya sa mo ba yare a, ɛma ɛyɛ den kɛse. Nnuruyɛfo bi bepene so asa mpanyimfo yare na wɔayɛ nea wɔpɛ wɔ mogya ho no ama wɔn, bere dodow a wɔhyehyɛ krataa a eyi ho asodi fi wɔn so no. Ebia wɔn mu binom bepene so saa ara sɛ wɔbɛsa mmofra a wɔada no adi sɛ wɔn ho akokwaw no yare, efisɛ asennibea ahorow bi ahu sɛ mmofra a wɔn ho akokwaw wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ wɔ wɔn ankasa ayaresa mu. (Hwɛ Vol. 112, No 12 (Ɔwɛn-Aban), nkratafa 16-17, na moanya nea ɛma abofra bi yɛ nea ne ho akokwaw ho nsɛm.) Nanso, ebia nnuruyɛfo rempene so sɛ wɔbɛsa mmofra nkumaa yare, ne titiriw nkokoaa, gye sɛ wɔma wɔn kwan sɛ wɔmma wɔn mogya. Nokwarem no, nnuruyɛfo kakraa bi na wɔbɛhyɛ bɔ sɛ wɔmfa mogya nni dwuma koraa wɔ tebea horow biara mu, bere a wɔresa abofra bi yare no. Esiane aduyɛ mu mmara ne mmara ahorow nti, nnuruyɛfo dodow no ara te nka sɛ wontumi nhyɛ bɔ a ɛte saa. Nanso, wɔn mu dodow bi a wɔredɔɔso pɛ sɛ wɔhwɛ Yehowa Adansefo mma, bere a wɔbɔ mmɔden biara a wɔte nka sɛ wobetumi de kyerɛ obu ma nea yɛpɛ wɔ mogya ho no.
6 Esiane eyi nti, sɛ bere a mohwehwɛ oduruyɛfo a ɔfata ama mo ba no munya oduruyɛfo bi a ɔne Yehowa Adansefo yɛ adwene, a wamfa mogya ansa Adansefo afoforo yare wɔ bere a atwam no mu, nanso ɔte nka sɛ mmara no mma no kwan sɛ ɔbɛhyɛ mo bɔ koraa sɛ ɔremfa mogya nni dwuma nso ɛ? Nanso, ɔma mo awerɛhyem sɛ ɔte nka sɛ ɔrenhyia ɔhaw biara wɔ saa bere yi mu nso. Ebia mubesi gyinae sɛ eyi ne nea eye sen biara ma mo. Wɔ tebea horow yi mu no, mubetumi de aba awiei sɛ mobɛma kwan ma wahwɛ no. Nanso, ɛsɛ sɛ moma ɛda adi pefee sɛ kwan a moama no sɛ ɔnsa mo ba no yare no nkyerɛ sɛ moama no kwan sɛ ɔmma no mogya. Saa a mobɛyɛ no bɛyɛ asɛyɛde a ɛsɛ sɛ ɛbɛda mo so a wɔremmu mo gyinaesi no sɛ moagyae nsɛm mu asiesie.
7 Nokwarem no, sɛ mubetumi anya ayaresa foforo a ntease wom a ɛbɛma ɔhaw a ɛne mogya a wɔde bedi dwuma no so atew bio, anaasɛ ɛrentumi nsɔre a, ɛnde ebia mubetumi afa nea asiane nnim kɛse no. Wɔbɛhwɛ kwan sɛ mode nsiyɛ bɛbɔ mmɔden ahwehwɛ oduruyɛfo a ɔbɛpene so koraa asen obiara sɛ ɔremfa mogya mma no. Ahobammɔ a eye sen biara ne sɛ mobɛhwɛ ɔhaw ahorow kwan. Mommɔ mmɔden biara a mubetumi sɛ mubedi kan ahwehwɛ oduruyɛfo a ɔne mo bɛyɛ adwene. Faako a ɛbɛyɛ yiye no, mommɔ mmɔden biara sɛ mobɛkwati nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow a wɔne mo nyɛ adwene no.
8 Ade foforo a ebetumi akyerɛ sɛ ebia wɔbɛma obi mogya anaa wɔmma no no ne sɛnea obetua ne hwɛ wɔ ayaresabea no ho ka no. Ebia awofo betumi ahwehwɛ oduruyɛfo a wɔpɛ wɔ faako a wɔn na ɛsɛ sɛ wotua ayaresa no ho ka nyinaa. Ɔkwan yi so no, ebetumi ayɛ mmerɛw kɛse sɛ wɔremma nnuruyɛfo anaasɛ ayaresabea adwumayɛfo a wɔne wɔn nyɛ adwene nsa nka mmofra no. Ayaresa no ho sika a ɛsɛ a wotua no na ɛtaa kyerɛ ayaresa ne mmoa ko a abusua bi nya fi nnuruyɛfo ne ayaresabea ahorow hɔ. Afei nso, sɛ́ ebia ayaresabea anaa oduruyɛfo bi bɛpene so sɛ wonyi abofra bi nkɔ baabi foforo anaasɛ ɔrempene so no taa gyina tumi a awofo no tumi tua ne hwɛ no ho ka no so. Na ehia sɛ mo a morebɛyɛ mmaatan no hwɛ mo akwahosan so wɔ mo nyinsɛn bere mu! Eyi bɛboa pii ma moakwati wo a mobɛwo ansa na mo awo bere aso ne emu nsɛnnennen no, efisɛ mpɛn pii no, wɔde mogya na edi dwuma wɔ mmofra a wɔn bere anso ansa na wɔrewo wɔn no ayaresa ne emu nsɛnnennen no mu.
9 Ɛtɔ mmere bi a, nnuruyɛfo nwiinwii sɛ Yehowa Adansefo ma ɛka akyi dodo ansa na wɔne wɔn asusuw mogya a wɔmpɛ no ho. Ɛnsɛ sɛ eyi ba saa. Nneɛma a edi kan a ɛsɛ sɛ Adansefo awofo yɛ bere a wɔrekɔ ayaresabea anaa wɔrekohu oduruyɛfo ma wasa wɔn yare no mu biako ne sɛ wɔbɛka wɔn gyinabea wɔ mogya ho no ho asɛm. Sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn a, mo ne nea ɔhwɛ ma wɔtra nkwa mu wɔ oprehyɛnyɛ mu (anesthesiologist) no nhyia ntɛm. Ebia oduruyɛfo no betumi aboa mo ma moayɛ saa. Ɛsɛ sɛ motɔ mo bo ase kenkan nnipa a wogye wɔn to hɔ ho nkrataa no yiye. Mowɔ hokwan sɛ mopow biribiara a mompɛ no. Nea ɛbɛyɛ na moayi adwenem naayɛ biara afi hɔ no, monka nkyerɛ ɔyarehwɛfo no mma ɔnkyerɛw wɔ nnipa a wogye wɔn to hɔ ho nkrataa no so pefee sɛ ɔsom ne aduyɛ mu ntease ahorow nti, mompɛ mogya anaa momma ho kwan wɔ tebea biara mu.
10 Mmoa a Efi Yehowa Ahyehyɛde Hɔ: Nsiesiei bɛn na Yehowa ahyehyɛde ayɛ na aboa mo ma moabɔ mo mma ho ban wɔ mogya ho? Pii wɔ hɔ. Asafo ti no atintim nsɛm pii de kyerɛkyerɛ yɛn wɔ mogya ne nnuru a mogya nnim a wɔde si mogya ananmu ho. Moasua How Can Blood Save Your Life? brochure no ne asɛm yi ho nhoma afoforo. Na mowɔ anuanom mmarima ne mmea wɔ mo asafo no mu a wobetumi de mmoa pii ama mo. Sɛ asɛm bi sɔre a, ebia mpanyimfo no bebu no sɛ eye sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma ɔyarefo no abusuafo a wɔwɔ nokware no mu ne asafo no mufo afoforo a (ebia wɔbɛwɔ hɔ) atra ɔyarefo no mpa ho ahwɛ no nnɔnhwerew 24. Ayaresabea ahorow pii ma saayɛ ho kwan wɔ faako a wɔde nkyerɛkyerɛmu ma sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe na ama wɔadi ɔyarefo no ahiade ahorow ho dwuma sɛnea ehia. Ɛho hia sɛ wosi nhyehyɛe yi so dua, efisɛ wɔahu sɛ wɔtaa de mogya ma bere a abusuafo ne nnamfo nyinaa akɔ fie anadwo no.
11 Asafo ti no ahyehyɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw Ahorow wɔ nkuropɔn atitiriw mu wɔ United States ne aman afoforo bi mu. Wɔde asafo ahorow no nyinaa ama boayikuw bi a emufo yɛ anuanom a wɔatete wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ wɔbɛboa. Sɛ mmoa ho behia a, wɔnam asafo no mu mpanyimfo so kohu wɔn. Wɔ Ghana no, wɔrebɔ mmɔden yiye ayɛ saa nhyehyɛe yi. Sɛ awiei koraa no, wɔtew Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw Ahorow wɔ Ghana a, mubetumi akohu wɔn ma wɔboa mo ma moakohu nnuruyɛfo a wɔne yɛn yɛ adwene, na wɔde nnuru a wobetumi de asi mogya ananmu ho nyansahyɛ ahorow ama bere a ehia no. Faako a ehia no, ebia ebetumi ayɛ yiye ama anuanom yi sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe aba ayaresabea hɔ abɛboa ma wɔadi ɔhaw no ho dwuma. Wobetumi ahu Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw Ahorow no adwuma ho nsɛm pii wɔ November 22, 1991 Awake! mu.
12 Asennibea ho a Ɛde Gye Asɛm no mu a Wɔbɛhwɛ Kwan ne Ɛho Dwumadi. Ɛwom sɛ eyi ntaa si koraa wɔ ɔman yi mu de, nanso sɛ oduruyɛfo anaa ayaresabea bi pɛ sɛ ekogye ahyɛde fi asennibea na wɔama mo ba mogya nso ɛ? So eyi ne bere a ɛsɛ sɛ mugyae asɛm no mu, na mususuw sɛ morentumi nyɛ ho hwee bio? Dabida! Ebia mubetumi akwati mogya a wɔde bɛma no ara. Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie mo ho ma tumi a ebetumi aba saa no. Dɛn na mubetumi ayɛ?
13 Mmara mu nnyinasosɛm ahorow a ayaresabea ne atemmufo de di dwuma wɔ nsɛm yi mu binom a mobɛte ase no bɛboa mo yiye ma moabɔ mo ho ban. Nnyinasosɛm a ɛte sɛɛ a ɛho hia titiriw no mu biako ne nokwasɛm a ɛne sɛ mmara no mma awofo tumi a anohyeto nnim sɛ wɔmpene ayaresabea ayaresa a wɔde bɛma wɔn mma so anaa wɔmmpene so. Ɛwom sɛ mpanyimfo wɔ hokwan sɛ wɔpene ayaresabea ayaresa so anaasɛ wɔpow sɛnea wɔpɛ de, nanso awofo nne wɔn ho sɛ wɔbɛpow ayaresa a wobu no sɛ ehia ma wɔn ba yiyedi, sɛ pow a wɔpow no gyina ɔsom mu gyidi horow a wogye tom ankasa so mpo a.
14 Nnyinasosɛm titiriw yi daa adi wɔ 1944 U.S. Asennibea Kunini no gyinaesi a ɛkaa asɛm yi mu: “Awofo wɔ hokwan sɛ wɔn ankasa bɛyɛ mogya adansefo. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ wɔwɔ hokwan wɔ tebea horow a ɛne eyi sɛ mu sɛ wɔbɛyɛ wɔn mma mogya adansefo ansa na wɔadi mfe a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa, ná mmara kyerɛ sɛ wɔn ankasa betumi apaw sɛ wɔbɛyɛ saa no.” Abofra honam fam akwahosan ne yiyedi ho adwene titiriw yi wɔ mmofra yiyedi ho mmara ahorow mu nnɛ. Wɔde ayayade a wɔyɛ mmofra ho mmara ahorow yi nso bɔ mmofra ho ban na wɔammu ani angu wɔn hwɛ so.
15 Ɛda adi sɛ mmofra ho ban a wɔbɛbɔ na awofo anyɛ wɔn ayayade ammu wɔn ani angu wɔn so nyɛ nea Kristofo awofo mpene so. Nanso wɔtaa de mmofra a wɔnhwɛ wɔn ho mmara ne U.S. Asennibea Kunini asɛm no a wɔafa aka asɛm wɔ atifi hɔ no di Yehowa Adansefo mma ho nsɛm ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ ɛnyɛ nea awofo a wɔyɛ Adansefo no pɛ sɛ wɔyɛ wɔn mma “mogya adansefo.” Sɛ wɔyɛ saa a, dɛn nti na wɔde wɔn mma bɛkɔ ayaresabea koraa? Nea ɛne eyi bɔ abira no, awofo a wɔyɛ Adansefo fi wɔn pɛ mu hwehwɛ ayaresabea ayaresa ma wɔn mma. Wɔdɔ wɔn mma na wɔpɛ sɛ wonya akwahosan pa. Nanso wogye di sɛ wɔwɔ adwuma a Onyankopɔn na ɔde ama wɔn sɛ wɔmpaw ayaresabea ayaresa a eye sen biara mma wɔn mma. Wɔpɛ sɛ wodi wɔn mma akwahosan ho ɔhaw ahorow ho dwuma a mogya nka ho. Ɛnyɛ sɛ ayaresa a mogya nka ho a wɔde si mogya ananmu no ye na asiane kɛse nnim te sɛ mogya nko, na mmom nea ehia sen biara no, ɛma wɔn mma kɔ so nya Nkwamafo kɛse, Yehowa Nyankopɔn no anim dom nso.
16 Wɔ nnuru a mogya nnim a wɔde sa nyarewa mu mfaso horow nyinaa akyi no, nnuruyɛfo ne mmofra yiyedi ho adwumayɛfo pii bu mogya a wɔde ma de sa nyarewa sɛ aduyɛ a wogye tom, a ɛho betumi ahia anaasɛ egye nkwa mpo wɔ tebea horow bi mu. Enti, sɛ Adansefo awofo pow mogya a wɔakamfo akyerɛ sɛ wɔmfa mma no a, ɔhaw ahorow betumi asɔre. Mpɛn pii no, nnuruyɛfo ntumi nsa mmofra yare wɔ mmara kwan so bere a awofo no mpenee so. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi pene a awofo no mpene so sɛ wɔmfa mogya nni dwuma no so no, ebia nnuruyɛfo ne ayaresabea adwumayɛfo afoforo bɛma ɔtemmufo bi apene so ama wɔn denam asennibea ahyɛde bi so. Ebia wɔnam mmofra yiyedi ho adwumayɛfo so na wobegye tumi a ɛte sɛɛ no afi asennibea, anaasɛ nnuruyɛfo anaa ayaresabea adwumayɛfo a wɔreyɛ ade de abɔ abofra no ho ban wɔ kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔnhwɛ abofra no yare na wobegye.a
17 Mpɛn pii no wokogye asennibea ahyɛde horow a ɛma tumi sɛ wɔmfa mogya nni dwuma no ntɛm ara, a ɛho asɛm kakraa bi na wɔka kyerɛ awofo no anaa wɔnka ho hwee koraa nkyerɛ wɔn. Nnuruyɛfo, ayaresabea so ahwɛfo, anaa mmofra yiyedi ho adwumayɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ saa ahyɛde horow a wokogye no ntɛm no fata, denam ka a wɔka sɛ ayaresa mu tebea bi a ehia sɛ wodi ho dwuma ntɛm wɔ hɔ a ɛmma wonnya bere sɛ wɔbɛka nea ɛrekɔ so no ho asɛm biara akyerɛ awofo no so. Nanso, mpɛn pii no sɛ wobisa nnuruyɛfo no nsɛm a, wogye tom sɛ na tebea bi a ehia sɛ wodi ho dwuma ntɛm ankasa nni hɔ, na wohia ahyɛde fi asennibea hɔ “na sɛ ɛba sɛ,” sɛnea wosusuw no, sɛ ebia wobehia mogya akyiri yi a, wɔde ama. Sɛ mo mma ahwɛfo ankasa no, mowɔ hokwan a ɛho hia yiye sɛ muhu nea nnuruyɛfo, ayaresabea so ahwɛfo, anaa mmofra yiyedi adwumayɛfo reyɛ wɔ mo ba ho bere nyinaa. Mmara no hwehwɛ sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mo amanneɛ wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegye ahyɛde afi asennibea no ho, na wɔma mo kwan ma mo nso moka mo asɛm kyerɛ wɔ asennibea no anim. Nanso, anigyesɛm ne sɛ wɔntaa mfa ahyɛde a efi asennibea a wogyina so ma mogya mma koraa wɔ ɔman yi mu.
18 Nanso, mmara mu nokwasɛm ahorow yi si bo a ɛsom sɛ mobɛhwehwɛ oduruyɛfo a ɔne mo yɛ adwene no so dua. Mo ne no nyɛ adwuma, na momfa Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw, sɛ wɔtew a, no so mmoa no mma ɔmfa nnuru a mogya nka ho nsa mo ba no yare, anaa onnyi no nkɔma oduruyɛfo anaa ayaresabea a ɛde ayaresa a ɛte sɛɛ bɛma no. Sɛ muhu nsɛnkyerɛnne bi sɛ oduruyɛfo no, ayaresabea sohwɛfo, anaa mmofra yiyedi ho odwumayeni pɛ sɛ okogye ahyɛde fi asennibea a, ɛsɛ sɛ momma mo ani da hɔ sɛ mubebisa sɛ nea ɔreyɛ ho nhyehyɛe nen anaa. Ɛtɔ mmere bi a, wɔfa telefon so yɛ saa wɔ kokoam wɔ nsase bi so. Sɛ wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ asennibea a, munsi so dua sɛ mopɛ sɛ muhu, sɛnea ɛbɛyɛ na mo nso moaka mo asɛm akyerɛ ɔtemmufo no nso. (Mmeb. 18:17) Sɛ bere wom a, ɛtaa yɛ papa sɛ mobɛhwehwɛ mmoa afi mmaranimfo bi hɔ. Asennibea apaw mmaranimfo wɔ mmere horow bi mu. Sɛ mowɔ mo ankasa mmaranimfo anaa nea asennibea no apaw no a, Asafo ti no betumi aka nsɛm a ɛbɛboa no ma ɔde anoyi a eye sen biara ama wɔ tebea horow no mu akyerɛ no.
19 Sɛ mogya a mopow nti wɔde mo kɔ asennibea a, oduruyɛfo no adwene a ɛne sɛ mogya ho hia na wɔakora mo ba no nkwa anaa n’akwahosan so no betumi adan afoforo ti yiye. Esiane sɛ ɔtemmufo no nnim aduyɛ ho hwee nti, ɔbɛkyerɛ obu ama oduruyɛfo no aduyɛ ho nimdeɛ no mpɛn pii. Eyi yɛ nokware titiriw bere a wɔma awofo hokwan kakraa bi anaa wɔmma wɔn bi koraa sɛ wɔnka wɔn asɛm, na wɔma oduruyɛfo no kwan ma ɔka sɛnea wohia mogya “ntɛm ara” ho asɛm a obiara nnye ho kyim no. Onipa biako anom asɛm a wotie no saa no mma wonhu nokware no. Nokwasɛm no ne sɛ bere ne nea enti a nnuruyɛfo te nka sɛ wohia mogya no yɛ wɔn ankasa adwene na wonnim nea ebefi mu aba. Mpɛn pii no, bere a oduruyɛfo biako ka sɛ mogya hia ɔkwan biara so na wagye abofra bi nkwa no, oduruyɛfo foforo a ne ho akokwaw wɔ saa ɔyare no ara sa mu, a ɔmfa mogya nni dwuma no bɛka sɛ mogya ho nhia na wasa ɔyarefo no yare.
20 Sɛ mmaranimfo anaa ɔtemmufo bi bisa mo nea enti a moremma wɔmma mo ba mogya a “egye nkwa” no a, dɛn na mobɛyɛ? Ɛwom sɛ ebia ɔpɛ a edi kan a mubenya ne sɛ mobɛkyerɛkyerɛ mo gyidi wɔ owusɔre no mu akyerɛ, na moaka gyidi a emu yɛ den a mowɔ sɛ sɛ mo ba no wu a, Onyankopɔn bɛma waba nkwa mu bio no ho asɛm akyerɛ de, nanso ebia mmuae a ɛte sɛɛ ankasa no bɛma ɔtemmufo a nea odwen ho titiriw ne abofra no honam fam yiyedi no agye adi yiye sɛ moyɛ katee wɔ ɔsom ho, na enti ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi de bɔ mo ba no ho ban.
21 Nea ehia sɛ asennibea no hu ne sɛ, ɛwom sɛ mugyina ɔsom mu gyidi a emu yɛ den so na mopow de, nanso ɛnyɛ nea morepow ayaresabea ayaresa. Ehia sɛ ɔtemmufo no hu sɛ monyɛ awofo a mubu mo ani gu asɛyɛde so anaa moyɛ mo ba no ayayade, na mmom awofo a mowɔ ɔdɔ a mopɛ sɛ wɔsa mo ba no yare. Nea ɛte ara ne sɛ munnye ntom sɛ mfaso horow a wose ɛwɔ mogya mu no boro emu asiane ne ɔhaw ahorow a ebetumi akum abofra no so, ne titiriw bere a nnuru afoforo a wobetumi de asi ananmu a asiane ahorow yi nnim wɔ hɔ no.
22 Mubetumi agyina tebea no so ama ɔtemmufo no ahu sɛ oduruyɛfo biako pɛ adwene na ɛkyerɛ sɛ mogya ho hia, nanso nnuruyɛfo mfa ɔkwan biako so, na mobɛpɛ sɛ munya hokwan de hwehwɛ oduruyɛfo a ɔbɛfa akwan horow pii a ɛwɔ hɔ, a wɔmfa mogya mma wom so asa mo ba no yare.
23 Sɛ wɔka kyerɛ atemmufo sɛ wɔmfa ahyɛde a efi asennibea mma ntɛm ara a, wɔntaa nsusuw anaa wɔnkae wɔn wɔ mogya mu asiane pii, a AIDS, mmerɛbo mu yare ne asiane afoforo pii ka ho no ho. Wubetumi ada eyinom adi akyerɛ ɔtemmufo no, na wubetumi ama wahu nso sɛ, sɛ ɔwofo Kristoni no, wubebu onipa foforo mogya a wɔde bedi dwuma de abɔ mmɔden sɛ wɔde bɛma nkwa atra hɔ no sɛ Onyankopɔn mmara sobu a anibere wom, na wubebu mogya a wɔbɛhyɛ wo ba de ama no no sɛ ɛte sɛ mmonnaato. Wo ne wo ba no (sɛ wanyin sɛnea ɛsɛ a obetumi anya n’ankasa gyidi horow a) betumi akyerɛkyerɛ mu sɛ mukyi nipadua a wɔhyɛ no saa no, na mubetumi asrɛ ɔtemmufo no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde ahyɛde no ma, na mmom ɔmma mo kwan mma monhwehwɛ ayaresa foforo mma mo ba no.
24 Sɛ mode anoyi a ɛfata ma a, atemmufo tumi hu ɔfã foforo no yiye—mo fam de—sɛ awofo. Enti, wɔremma kwan ntɛm ara sɛ wɔmfa mogya mma. Wɔ tebea horow bi mu no, atemmufo ato ahofadi a oduruyɛfo wɔ sɛ ɔde mogya di dwuma no ano hye kɛse, na waka mpo sɛ wonni kan nsusuw nnuru afoforo a wobetumi de asi ananmu ho, anaa wama awofo hokwan sɛ wɔmfa nhwehwɛ nnuruyɛfo a wɔbɛsa yare no a wɔmfa mogya nni dwuma.
25 Sɛ moredi wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔhyɛ mo ba ma no mogya ho dwuma a, ɛnsɛ sɛ moyɛ biribiara de kyerɛ sɛ muhinhim wɔ mo gyidi mu. Ɛtɔ mmere bi a, atemmufo (ne nnuruyɛfo) bisa sɛ ebia ɛbɛyɛ den ama awofo sɛ wɔde gyinae a wobesi sɛ wɔmfa mogya mma ho asɛyɛde “bɛto wɔn so,” a wɔte nka sɛ eyi bɛma ayɛ mmerɛw kɛse ama awofo sɛ wɔde ahonim pa bɛtra ase. Nanso, ɛsɛ sɛ moma wɔn a wɔn ho wɔ asɛm no mu no nyinaa hu pefee sɛ mo, sɛ awofo no, mote nka sɛ ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ mokɔ so yɛ nea mubetumi biara de kwati mogya a wɔde bɛma. Eyi yɛ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama mo. Morentumi mfa mma obi foforo.
26 Enti, sɛ mo ne nnuruyɛfo ne atemmufo rekasa a, ehia sɛ musiesie mo ho sɛ mobɛda mo gyinabea adi pefee ne wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔagye atom so. Sɛ wɔde ahyɛde a efi asennibea ma wɔ mmɔden a ɛsen biara a mobɔe nyinaa akyi a, monkɔ so nsrɛ oduruyɛfo no sɛ ɔmmfa mogya mmma, na monhyɛ no sɛ ɔmfa aduru foforo nsa yare no. Monkɔ so sɛ mobɛma wanya ɔpɛ asusuw aduyɛ mu nsɛm ne aduruyɛfo biara a wɔwɔ ɔpɛ sɛ mubetumi abehu wɔn wɔ yare no ho afotu ho na ama moakwati mogya. Mpɛn pii no, oduruyɛfo a ɛda adi sɛ ɔmpene so no fi oprehyɛn dan mu de anigye abɛka sɛ wamfa mogya anni dwuma. Enti, ɛmfa ho sɛ wɔde ahyɛde a efi asennibea ama mpo, ɛnsɛ mopa abaw!—Hwɛ Vol. 112, No. 12 (Ɔwɛn-Aban), “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ.”
27 Monkae sɛ Yesu se: “Monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wobeyi mo ama [asennibea] . . . Wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman.” Nea ɛbɛyɛ na yɛanya awerɛkyekye wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no, Yesu de kaa ho sɛ honhom kronkron no bɛboa yɛn ma yɛkae nea ɛbɛfata na mfaso wɔ so sɛ yɛka wɔ mmere a ɛte saa mu.—Mat. 10:16-20.
28 “Nea odwen asɛm so no hu papa, na nhyira ne nea ɔde ne ho to [Yehowa] so.” (Mmeb. 16:20) Awofo, munni kan nyɛ ahosiesie a ehia no mfa mmɔ mo mma ho ban na wɔamma wɔn mogya a ebegu wɔn ho fĩ wɔ honhom mu. (Mmeb. 22:3) Mmofra, munnye ntetee a mo awofo de ma de yɛ ahosiesie yi ntom, na momfa nsie mo koma mu. Sɛ abusua no, ‘munsi gyinae pintinn sɛ morenni mogya, na asi mo yiye,’ efisɛ mowɔ Yehowa nhyira ne n’anim dom.—Deut. 12:23-25.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛnea oduruyɛfo no kyerɛ no, ɛyɛ bere a tebea a egye ntɛmpɛ da so ara wɔ hɔ, a ehia sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛmntɛm nkutoo na wobetumi de ayaresa a wobu no sɛ ehia ma wɔakora abofra no nkwa anaa n’akwahosan so (a mogya a wɔde ma ka ho) ama a mmara nsiw ho kwan, na wɔremma ɔwofo anaa asennibea mpene so ansa. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ oduruyɛfo no bu nneɛma ho akontaa kyerɛ bere a ɔde ne ho to mmara mu tumi a ɛma wɔyɛ ade ntɛm so yi so no.