“Aman Nyinaa Bɛtan Mo”
1 Nnansa yi mfe no mu no, yɛn nyinaa adi ahurusi bere a yɛtee nhyira horow a ɛyɛ nwonwa a Yehowa nkurɔfo renya wɔ wiase nyinaa ho amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye no. Adwuma no a wɔagye atom wɔ mmara mu wɔ Malawi bere a wɔde mfe 26 hyɛɛ anuanom so atirimɔden so akyi no maa yɛn ani gyei yiye. Yɛn koma tɔɔ yɛn yam bere a yehui sɛ Komunism a ennye onyame biara nni no agu wɔ Europa Apuei Fam, na ama yɛn nuanom mpempem pii ade wɔn ho afi nhyɛso ase no. Yɛhawee bere a yɛn ɔsom mu ahofadi ho baa asɛm wɔ Greece no; yɛn ani gyei bere a yedii nkonim koraa wɔ Europa asennibea a ɛkorɔn sen biara no. Yɛn ani agye sɛ yɛte sɛ Asafo ti no baa dwumadibea ahorow mu retrɛw kɛse na ama wotumi tintim nhoma bebree ma wɔn a wɔhwehwɛ nokware no. Yɛn ho dwiriw yɛn bere a yɛtee sɛ wɔbɔɔ nnipa bɛboro 7,400 asu wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Kiev wɔ Ukraine ase no. Yiw, nkɔanim a ɛyɛ nwonwa a Ahenni adwuma no anya yi ama yɛn anigye ayɛ kɛse!
2 Ɛwom sɛ nea ɛma yedi ahurusi no sõ de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn ani annye ammoro so. Amanneɛbɔ pa a ɛtoatoa so ba no bɛma yɛanya adwene sɛ wɔnsɔre ntia asɛmpa no kɛse bio, na wɔregye Yehowa nkurɔfo atom wɔ wiase nyinaa. Saa nsusuwii no betumi adaadaa yɛn. Ɛwom sɛ yɛadi nkonim a ɛsɔ ani bi na yɛatumi ama asɛmpa no ho akwanside so atew wɔ nsase bi so de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ yɛne wiase no ntam abusuabɔ titiriw no nsakrae. Sɛ Yesu akyidifo no, ‘yɛnyɛ wiase no fã.’ Ne saa nti, yegye di sɛ ‘aman nyinaa bɛtan yɛn.’ (Yoh. 15:19; Mat. 24:9) Mpɛn dodow a nhyehyɛe yi kɔ so tra hɔ no, hwee rensakra nnyinasosɛm titiriw a ese “wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn” no.—2 Tim. 3:12.
3 Abakɔsɛm di nokware a kɔkɔbɔ yi yɛ no ho adanse. Ɛwom sɛ Yesu, Kristosom Farebae, no dii adanse fɛfɛ wɔ atumfo a wɔwɔ tumi kɛse ne wɔn manfo anim de, nanso wɔtan n’ani da biara na na bere nyinaa wɔpɛ sɛ wokum no. Ɛwom mpo sɛ n’asomafo no boaa nnipa pii ma wɔbɛyɛɛ asuafo, wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no bi, na wɔdaa honhom no anwonwa kwan so akyɛde horow adi de, nanso wɔtan wɔn yɛɛ wɔn ayayade saa ara. Ɛwom sɛ wobuu bra pa dɔɔ wɔn yɔnkonom de, nanso nnipa dodow no ara buu Kristofo nyinaa sɛ “fekuwsɛm” a wɔfata animtiaabu a ‘wɔkasa tiaa wɔn mmaa nyinaa.’ (Aso. 28:22) Ɛwom sɛ Yehowa de nnɛ wiase nyinaa Kristofo asafo no adi dwuma anwonwa kwan so ayɛ n’apɛde de, nanso nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu biribiara asɔre atia na wɔaka ho nsɛmmɔne. Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan koraa sɛ saa ɔsɔretia no begyae.
4 Wɔ afeha a edi kan no mu no, Satan taa Yesu asuafo no wɔ akwan horow so. Asɔretiafo a na wɔtan wɔn twaa atoro too wɔn so na wɔtotoo wɔn ano. (Aso. 14:2) Wohunahunaa wɔn kɛse de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ehu aka wɔn. (Aso. 4:17, 18) Nnipadɔm de abufuw bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔaka wɔn ano atom. (Aso. 19:29-34) Wɔde wɔn too afiase a na ntease biara nnim. (Aso. 12:4, 5) Ná ataafo no taa hwe wɔn. (Aso. 14:19) Wɔ tebea horow bi mu no, wɔhyɛɛ da kunkum wɔn a wɔn ho nni asɛm. (Aso. 7:54-60) Ɛkame ayɛ sɛ ɔsomafo Paulo ankasa gyinaa ayayade ahorow yi nyinaa bi ano. (2 Kor. 11:23-27) Asɔretiafo de hokwan biara dii dwuma ntɛmntɛm na ama wɔasɛe asɛnka adwuma no na wɔama adwumayɛfo anokwafo yi ahu amane.
5 Ɛnnɛ Satan fa akwan a ɛtete saa ara so. Wɔadi atoro ankasa, na wɔada yɛn adi wɔ ɔkwan a ɛmfata so sɛ yɛyɛ nnaadaafo anaa sum ase kuw bi. Aman bi mu no, atumfo no akyerɛ sɛ yɛn nhoma de basabasayɛ ba na wɔabara. Wɔadi obu a yɛwɔ ma kronkron a mogya yɛ no ho fɛw baguam na wɔasɔre atia. Wɔ 1940 mfe no mu no, nnipadɔm a na frankaakyia ho ɔsɛmpɔw no ama wɔn bo afuw kɔtow hyɛɛ yɛn nuanom so, pirapiraa wɔn, na wɔsɛee wɔn agyapade. Wɔde mpempem pii agu afiase esiane afã biara a wonni wɔ amammui mu nti. Wɔ kankabi aman mu no, wɔatoto anuanom ano sɛ wotutu ɔman ase, na ama wɔayɛ ɔhaha pii ayayade, akunkum bi wɔ afiase ne nnadeban mu. Yɛkɔ so hyia nhyɛso no bere nyinaa, na ɛkyerɛ pefee sɛ wɔtan yɛn kwa.—Hwɛ Proclaimers, ti 29.
6 Dɛn na Yebetumi Ahwɛ Kwan Daakye? Ɛwom sɛ Yehowa nkurɔfo betumi anya ahotɔ bere ne bere mu ma nhyɛso no agyae wɔ wiase no afa horow bi de, nanso tebea mũ no nyinaa nsakrae. Ɔbonsam bo kɔ so fuw wɔ brɛ a wɔbrɛɛ no ase wɔ 1914 mu no ho. Onim sɛ bere a ɔwɔ yɛ tiaa. N’abufuw no ano bɛkɔ so ayɛ den bere a ahohiahia kɛse no bɛn no. Watu ne ho asi hɔ koraa sɛ ɔbɛko atia Kristo Yesu a wɔasi no Hene no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛko akodu awiei. Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asase so a wɔde nokwaredi ‘di Onyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no’ nkutoo na ɔne n’adaemone no betumi afa wɔn ho abufuw.—Adi. 12:12, 17.
7 Enti bere a yɛhwɛ nea ɛbɛba daakye kwan no, ɛho hia sɛ yehu sɛnea nea yɛhwɛ kwan no te ankasa. Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ Satan begyae yɛn tan. Yɛn ho tan a ɔde ahyɛ wiase yi mu no betumi ada adi bere biara wɔ baabiara. Wɔ aman pii mu no, yedii apere mfe pii ansa na yenyaa ahofadi a ɛma yɛka asɛm no. Ebia saa ahofadi no ntumi nkyɛ pii, na sodifo bi a ɔwɔ ayamhyehye a ɔredi tumi mprempren anaa mmara bi a wɔmpɛ na ama atra hɔ. Basabasayɛ kɛse betumi asi mpofirim, na ama wɔabu hokwan ahorow a nnipa nyinaa wɔ so kɛse.
8 Yiyedi ne ahofadi a yɛwɔ wɔ aman bi so no betumi aba awiei mpofirim ma wɔasan ayɛ yɛn nuanom ayayade te sɛ kan no. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ anibiannso na yenya adwene sɛ yɛadi atamfo no so nkonim. Ebia ɛnyɛ bere nyinaa na ɔtan a wiase yi wɔ no bɛda adi kɛse de, nanso emu da so ara yɛ den. Biribiara a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu kyerɛ sɛ wiase no ɔsɔretia no mu bɛyɛ den na ɛremmrɛ ase bere a awiei no rebɛn no. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye, na yɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ ‘anifere sɛ awɔ ne kronn sɛ mmorɔdoma.’ (Mat. 10:16) Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yebedi ‘apere’ akosi awiei, na boasetɔ na ɛbɛma yɛanya nkwa.—Yuda 3; Mat. 24:13.
9 Ebia asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ wiase no fã a yɛwɔ no, na yenhu sɛ asɔretiafo sɔre tia. Eyi betumi ama yɛagye kyim sɛ ɛho nhia sɛ yedwen nneɛma ho anibere so. Nanso, ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Nsɛm tebea horow tumi sakra ntɛm ara. Asɔretiafo betumi de ɔsɛmpɔw bi asɔre atia yɛn mpofirim. Awaefo hwehwɛ asɛm a wobegyina so anwiinwii bere nyinaa. Asɔfo a wɔn bo afuw a wɔte nka sɛ yɛn adwuma no de wɔn yiyedi reto asiane mu no bɛkasa atia yɛn wɔ baguam. Nhyehyɛe a yɛyɛ sɛ yebesi Ahenni Asa wɔ yɛn mpɔtam hɔ betumi ama akasakasa a ɛhaw mpɔtam hɔfo nyinaa asɔre. Wobetumi aka yɛn ho nsɛmmɔne wɔ atesɛm nkrataa mu de abɔ yɛn dimmɔne. Mpɔtam hɔfo a wɔwɔ din betumi ahyɛ da atoto yɛn ano, na ama yɛn mpɔtam hɔfo ada ɔtan adi bere a yɛkɔ wɔn nkyɛn no. Yɛn adɔfo mpo a yɛne wɔn te fie bo betumi afuw yɛn na wɔataa yɛn. Enti ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye, na yehu sɛ wiase no da so ara tan yɛn kɛse, na ebetumi ada adi bere biara.
10 Ɛsɛ sɛ Eyi Ka Yɛn Dɛn? Eyi nyinaa ka yɛn nsusuwii ne adwene a yekura wɔ daakye ho no sɛnea ɛfata. Ɔkwan bɛn so? So ɛsɛ sɛ eyi ma yesuro na ehu ka yɛn wɔ nea ebia ɛsɛ sɛ yegyina ano no ho? So ɛsɛ sɛ yegow yɛn asɛnka adwuma no mu, esiane sɛ ebia ɛbɛhaw ebinom a wɔwɔ yɛn asasesin no mu nti? So ntease pa bi wɔ hɔ sɛ yɛbɛma yɛn bo afuw bere a wɔka yɛn ho asɛmmɔne wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no? So ɛda adi pefee sɛ ayayade bɛma yɛahwere anigye a yɛwɔ wɔ Yehowa som mu no? So ɛsɛ sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ nea ebefi mu aba ho? Dabida! Dɛn ntia?
11 Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ nkrasɛm a yɛbɔ no dawuru no mfi yɛn na mmom Yehowa. (Yer. 1:9) Ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yebetie afotu yi: “Mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu . . . asase nyinaa so.” (Yes. 12:4, 5) Atirimpɔw pɔtee bi, a ɛne sɛ ‘ɔbɛma wɔaka ne din ho asɛm asase so nyinaa’ nti, wanya ne nkurɔfo a wɔyɛ wɔn ayayade no ho koma. (Ex. 9:16) Yɛreyɛ adwuma a Yehowa ahyɛ sɛ yɛnyɛ, na Ɔno na ɔma yɛn akokoduru ma yɛde nnam kasa. (Aso. 4:29-31) Eyi ne adwuma a ɛho hia, mfaso wɔ so, na egye ntɛmpɛ sen biara a wobetumi ayɛ wɔ nhyehyɛe dedaw yi nna a edi akyiri yi mu.
12 Nimdeɛ yi ma yenya akokoduru de gyina pintinn sɔre tia Satan ne wiase yi tẽẽ. (1 Pet. 5:8, 9) Nim a yenim sɛ Yehowa ka yɛn ho no ma ‘yɛyɛ den yɛ nnam,’ na yɛmmɔ hu wɔ yɛn ataafo anim. (Deut. 31:6; Heb. 13:6) Ɛwom sɛ bere nyinaa yɛbɛbɔ mmɔden ada anifere, ntease ne nyansa adi bere a asɔretiafo hunahuna yɛn no de, nanso yɛbɛda no adi pefee sɛ yɛasi yɛn bo sɛ ‘yebetie Onyankopɔn asen nnipa’ bere a wɔsɔre tia yɛn som no. (Aso. 5:29) Sɛ yɛwɔ hokwan a ɛfata a yɛde beyi yɛn ho ano a, yɛbɛyɛ saa. (1 Pet. 3:15) Nanso, yɛnsɛe bere ne atamfo a wɔn koma apirim a nea wɔn ani gye ho ara ne sɛ wɔbɛsɛe yɛn din no nnye akyinnye. ‘Yebegyaa wɔn’ mmom sen sɛ yɛbɛma yɛn bo afuw wɔn anaa yɛbɛbɔ mmɔden atua wɔn so ka bere a wɔka yɛn ho nsɛmmɔne anaa wɔbɔ yɛn atoro sobo no.—Mat. 15:14.
13 Yɛn boasetɔ wɔ sɔhwɛ ahorow mu no sɔ Yehowa ani. (1 Pet. 2:19) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwere na yɛanya n’anim dom a ɛte saa? So ɛsɛ sɛ yɛde awerɛhow som esiane sɛ wɔtan yɛn sɔre tia yɛn nti? Dabida! Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔde “anigye ne asomdwoe” betua yɛn ka wɔ yɛn osetie no ho. (Rom. 15:13) Wɔ amanehunu a emu yɛ den a Yesu hyiae nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so maa n’ani gyei esiane “anigye a [na] ɛda n’anim” no nti. (Heb. 12:2) Ɛte saa ara wɔ yɛn fam. Esiane sɛ yɛn boasetɔ no ho akatua sõ nti, ɛka yɛn ma ‘yɛn ani gye na yɛn ho sɛpɛw yɛn,’ ɛwom sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den de. (Mat. 5:11, 12) Wɔ amanehunu mmere mu mpo no, anigye yi ankasa yɛ ade a ɛma yɛkamfo Yehowa na yedi no ni de boa Ahenni nkrasɛm no.
14 So yɛn adwenem yɛ yɛn nãã wɔ nea awiei koraa no ebefi mu aba ho, ma enti yɛbɔ hu anaa yɛn adwene yɛ ntanta? Dabi, wɔkyerɛe nea ebefi Yehowa ahyehyɛde ne Satan wiase no ntam ntawntawdi no mu aba no bere tenten a atwam. (1 Yoh. 2:15-17) Sɛnea ɔsɔretia no mu yɛ den mfa ho, Yehowa bɛma yɛadi nkonim. (Yes. 54:17; Rom. 8:31, 37) Ɛwom mpo sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ kosi ase de, nanso nea ɛbɛyɛ biara no, yebenya akatua no. Ɛnsɛ sɛ ‘yedwen biribiara haw yɛn ho,’ efisɛ Yehowa ama yɛn asomdwoe de abua yɛn nkotɔsrɛ ahorow.—Fil. 4:6, 7.
15 Enti yɛda Yehowa ase bere biara a yɛte sɛ wɔagye yɛn nuanom afi ɔtaa mu anaa wɔama wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm wɔ mmeae a na wɔabara wɔn kan no. Yɛn ani gye bere a nsɛm tebea horow a ɛresakra ma hokwan afoforo bue ma nnipa komapafo mpempem pii te Ahenni nkrasɛm no. Yɛde aseda ma ankasa bere a Yehowa ma yedi nkonim wɔ yɛne asɔretiafo a wɔtan yɛn ntam akameakame mu no. Yenim sɛ obehyira yɛn adwuma no so ma anya nkɔso wɔ ɔkwan biara a ɛho hia so, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛapagyaw ne nokware som fi no ma wɔn a ‘wɔfata’ a wofi amanaman nyinaa mu anya hokwan aba mu.—Hag. 2:7; Yes. 2:2-4.
16 Bere koro no ara mu no, yenim sɛ yɛn tamfo, Satan, wɔ tumi kɛse, na ɔbɛsɔre atia yɛn denneennen akosi awiei. Ne ntua ahorow no betumi ayɛ tẽẽ a emu yɛ den, anaasɛ ebetumi ayɛ anifere ne nnaadaa kwan so de. Ɔtaa betumi aba mpofirim wɔ mmeae a bere bi a atwam no na wɔwɔ asomdwoe bere nyinaa no. Asɔretiafo nnipa bɔnefo betumi akɔ so adi atirimɔdensɛm de abɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wɔbɛhyɛ yɛn so wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, saafo no nyinaa behu pefee sɛ wɔyɛ wɔn a ‘wɔreko atia Onyankopɔn ankasa,’ na ɔbɛsɛe wɔn pasaa. (Aso. 5:38, 39; 2 Tes. 1:6-9) Mprempren de, nea ɛsɛ sɛ yegyina ano no mfa ho, yɛasi yɛn bo sɛ yebegyina pintinn de nokwaredi asom Yehowa na yɛaka Ahenni nkrasɛm no. Yɛne nnipa a yɛwɔ anigye sen biara wɔ asase so, na yenim sɛ, sɛ ‘yenya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, yebenya nkwa abotiri no.’—Yak. 1:12.