So Yɛbɛyɛ Bio?—Yɛreto Nsa Afrɛ Akwampaefo Aboafo Bio
1 Dɛn na yɛbɛyɛ bio? So yɛbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ Nkaedi bere no mu? Krataa a na ɛhyɛ February 1997 Yɛn Ahenni Som mu no twee yɛn adwene sii asɛmti a wɔakyerɛw no akɛse: “Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000” no so. Ná yɛwɔ ahotoso sɛ mubesusuw saa ɔfrɛ no ho anibere so. Bere a wɔhyehyɛɛ March 1997 ɔsom akontaabu no, yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ nnipa 5,759 de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu! Sɛ yɛde daa akwampaefo 3,569 ne akwampaefo atitiriw 120 no ka saa dodow no ho a, yehu sɛ adawurubɔfo nyinaa mu bɛboro ɔha biara mu 18 na wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu. So yɛbɛyɛ bio saa Nkaedi bere yi?
2 Yɛde anigye kamfo wɔn a wɔbɔɔ mmɔden kɛse maa wɔn asɛnka adwuma nyaa nkɔanim afe a etwaam no. Ɛda adi pefee sɛ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a mowɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne mo mfɛfo nnipa na ɛkanyan mo nyinaa. (Luka 10:27; 2 Pet. 1:5-8) Adawurubɔfo a wɔn asetra mu nsɛm tebea gu ahorow no yɛɛ nhyehyɛe yɛɛ akwampaefo aboafo. Wɔ asafo bi mu no, adawurubɔfo 51 boom yɛɛ akwampae adwuma ɔsram koro no ara mu, a na mpanyimfo no mu dodow no ara, ɛna bi a ɔwɔ babea a wadi asram 15, onuawa bi a ogyaee n’adwuma kɔyɛɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wayɛ akwampae adwuma, ne onuawa bi a ne mfe akɔ anim a na ɔnyɛɛ akwampae adwuma da, ka ho. Ɔmansin sohwɛfo no kyerɛwee sɛ: “Wɔrebɔ mmɔden kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu. . . . Ɛnyɛ sɛ eyi resow aba wɔ asasesin no mu nko, na mmom ama asafo ahorow no anya anigye kɛse. Anuanom ani gye sɛ wɔrehu wɔn ho wɔn ho yiye na wɔrehu aba pa a wɔn som adwuma no resow no.”
3 Mmofra nso yɛɛ bi afe a etwaam no. Ná ɔdawurubɔfo bi a wɔmmɔɔ no asu a wadi mfe 13 ahwɛ bere a obetumi ayɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho nsɛnkyerɛnne no kwan. Bere a wɔbɔɔ no asu wɔ February mu no, ɔkyerɛw ɔpɛ a na wanya sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo boafo wɔ March mu no ho asɛm sɛ: “Bere a na afei biribiara nsiw me kwan no, mede m’akwammisa krataa kɔe ntɛm ara. . . . Sɛ ɛnyɛ nsa a mufi ɔdɔ mu to frɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ akwampae adwuma no a, anka yɛrennya osuahu a ɛyɛ anigye a yenyae no da. Meda Yehowa ase sɛ wama manya hokwan aka 5,000 a wogyee so yi ho.” Ɔde ayɛ ne botae sɛ ɔbɛyɛ bio.
4 Ebia na woka nnipa 5,759 a wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu wɔ March a etwaam no, anaa nnipa 4,552 a wɔyɛɛ bi wɔ April mu, anaa 3,358 a wɔyɛɛ saa wɔ May mu, no ho. So wobɛyɛ bio saa afe yi? Sɛ woantumi anyɛ akwampae adwuma Nkaedi bere a etwaam no a, so wubetumi ayɛ no afe yi? So yebetumi aboro 5,759, dodow a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no wɔ March 1997 no? Ɛno ne akwampaefo aboafo dodow a ɛsen biara wɔ ɔsram biako pɛ mu wɔ Ghana baa dwumadibea abakɔsɛm mu.
5 Fa W’adwene Si April ne May So: Afe yi, Nkaedi no si Memeneda, April 11, na ɛbɛma April ayɛ ɔsram a ɛkyɛn so a yebetumi atrɛw yɛn asɛnka adwuma mu. (2 Kor. 5:14, 15) Wɔ ɔsram no nnafua 11 a edi kan no mu no, yɛde yɛn adwene besi nsa a yɛbɛto afrɛ anigyefo pii sɛnea yebetumi ma wɔaba Nkaedi no so. Sɛ woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo a, yɛsrɛ sɛ fa w’akwammisa krataa kɔ ntɛm ansa na bere a wopɛ sɛ wufi ase no adu.—1 Kor. 14:40.
6 Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ May mu nti, ebia adawurubɔfo a wɔkɔ sukuu anaa wɔde wɔn bere nyinaa yɛ honam fam adwuma no behu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo saa ɔsram no mu. Sɛ woyɛ nhyehyɛe de nnɔnhwerew du yɛ asɛnka adwuma wɔ dapɛn awiei anum no biara mu a, nnɔnhwerew du pɛ na ebehia sɛ woyɛ ho nhyehyɛe ka ho wɔ ɔsram no mu na ama woadu nnɔnhwerew 60 a wɔhwehwɛ no ho.
7 Wɔ April ne May nyinaa mu no, yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! sɛ nhoma a yɛde rema. Ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn mu pii nkuran ma wɔyɛ akwampae adwuma mpo. Dɛn nti na yɛka saa? Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde nsɛmma nhoma no bɛma, na sɛ wode yɛ ɔsom adwuma no a, ɛyɛ anigye. Yetumi de di dwuma wɔ ɔsom adwuma no afã ahorow nyinaa mu—afie afie, adetɔnbea, ne bere a yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ mmɔnten so, mmeae a kar sisi, ne bɔnnɔ so adansedi mu. Nea ehia sen biara no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kura Ahenni ho nokware no mu. Ɛtwe adwene si Bible nkɔmhyɛ a enya mmamu so, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi. Ɛka akenkanfo asetra nso denam nkurɔfo ahiade ankasa a edi ho dwuma no so. Sɛ yesusuw sɛnea nsɛmma nhoma a ɛsom bo yi aka yɛn ho a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛanya kyɛfa akyekyɛ no kɛse sɛnea yebetumi biara wɔ April ne May mu.
8 Nea ɛbɛyɛ na woayɛ ahoboa ama nsɛmma nhoma kyekyɛ a ɛkɔ akyiri yi no, nsɛm a edidi so yi a wubesusuw ho no so bɛba wo mfaso: “Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Bere a Ɛfata mu Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware” (January 1, 1994, Ɔwɛn-Aban), “Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So” (September 1995 Yɛn Ahenni Som), ne “Siesie W’ankasa Nsɛm a Wobɛka De Nsɛmma Nhoma Ama” (October 1996 Yɛn Ahenni Som).
9 Mpanyimfo Di Anim: Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa adawurubɔfo pii a na wɔreyɛ akwampaefo adwuma wɔ afe a etwaam no, asafo bi mu mpanyimfo de Memeneda bi sii hɔ wɔ ɔsram no mu sɛ da titiriw a asafo mũ no nyinaa de bɛyɛ asɛnka adwuma. Wɔyɛɛ nhyehyɛe hyiaam mpɛn dodow bi saa da no, maa asafo no mufo nyinaa nyaa hokwan nyaa adansedi afã horow mu kyɛfa. Nea na ɛka eyi ho ne adwuma a wɔyɛe wɔ nnwumayɛbea, mmɔnten so adansedi, afie afie, sankɔhwɛ ahorow, nkrataakyerɛw, ne telefon so adansedi. Nea efi mu bae no daa nsow, na adawurubɔfo 117 na wɔde wɔn ho hyɛɛ asɛnka mu da no. Sɛ wɔka bom a, wɔde nnɔnhwerew 521 na ɛyɛɛ asɛnka adwuma no, na wɔmaa nsɛmma nhoma, nhomawa, ne nhoma 617! Anigye a wonyaa no saa Memeneda no toaa so kosii Kwasida, bere a nnipa dodow a wɔsen biara kɔɔ Baguam Nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua no.
10 Wɔ Ɔsom Nhyiam biara ase wɔ April ne May mu no, ɛsɛ sɛ wɔkae asafo no bere ne baabi a wɔbɛyɛ asɛnka nhyiam wɔ dapɛn a ɛreba no mu, titiriw sɛ wɔyɛ nhyehyɛe foforo ka nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho a. Wɔhyɛ daa akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔnyɛ akwampaefo aboafo nkuran sɛ wɔmmoa saa kuw nhyehyɛe yi sɛnea wɔn tebea ma kwan.
11 Ebehia sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no hyia onua a ɔhwɛ asasesin so no, na wɔyɛ nhyehyɛe yɛ adwuma wɔ nsasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ wɔde adwene si wɔn a wɔnto wɔn fie ne mmɔnten so ne adetɔnbea ahorow mu adansedi so kɛse. Wobetumi asi anwummere adansedi so dua. Ɛsɛ sɛ wɔkra nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso ma April ne May de twɛn nkɔanim a wobenya wɔ asɛnka adwuma mu no.
12 Adawurubɔfo Pii Betumi Afata: Kasamu a edi kan wɔ akwampaefo aboafo akwammisa kratasin no so ka sɛ: “Esiane ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa ne ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛboa afoforo ma wɔasua Yehowa ne n’atirimpɔw a ɔdɔ wom ho ade nti, mepɛ sɛ meyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu denam akwampaefo boafo a mɛyɛ so.” Yehowa a yɛdɔ no ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛboa afoforo wɔ honhom fam no yɛ yɛn ahosohyira mu ade titiriw. (1 Tim. 4:8, 10) Sɛ obi bɛfata sɛ akwampaefo boafo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wagye asubɔ, okura abrabɔ pa mu, na ɔyɛ obi a obetumi de nnɔnhwerew 60 ayɛ asɛnka adwuma ɔsram no mu. Bere a yɛn nyinaa susuw yɛn nsɛm tebea ho no, so yɛn mu bi a yɛnyɛɛ akwampae adwuma da no betumi ayɛ saa afe yi wɔ April anaa May mu?
13 Ebia asafo no mufo pii nso behu sɛ wobetumi ayɛ akwampae adwuma no bere a wohu sɛ afoforo a wɔn nsɛm tebea te sɛ wɔn de yɛ bi no. Sukuu mmofra, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wɔde bere nyinaa yɛ honam fam adwuma, a mpanyimfo ne asomfo, ne afoforo ka ho, atumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no. Ɔbaa warefo bi a ɔwɔ mma baanu a ɔde bere nyinaa yɛ adwuma no nyaa nnɔnhwerew 60, maa nsɛmma nhoma 108, fii Bible adesua 3 ase wɔ ɔsram biako a ɔde yɛɛ akwampaefo boafo no mu. Ɔyɛɛ no dɛn? Ná ɔde bere a ɛsɛ sɛ ɔde didi awia wɔ adwumam no di adanse wɔ asasesin bi a ɛbɛn hɔ mu, ɔnam nkrataakyerɛw so dii adanse, na odii adanse wɔ mmea a kar sisi ne mmɔnten so. Ɔde da a na ɔmfa nkɔ adwuma wɔ dapɛn no mu nso dii dwuma ɔkwan pa so ne asafo no yɛɛ asɛnka adwuma. Ɛwom sɛ na osusuw mfiase no sɛ akwampaefo boafo adwuma no yɛ botae a ontumi nnu ho de, nanso ɛdenam afoforo nkuranhyɛ ne nhyehyɛe a edi mũ so no, odii akwanside ahorow no so.
14 Yesu maa n’asuafo no awerɛhyem sɛ: “Me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mat. 11:30) Ná ɛno yɛ asɛm bi a ɛhyɛ nkuran a ɛwɔ August 15, 1995, Ɔwɛn-Aban mu no asɛmti. Ɛka onuawa bi a na ɔde bere nyinaa yɛ honam fam adwuma a nhyɛ kɛse wom ho asɛm. So osusuwii sɛ akwampaefo boafo adwuma no yɛ nea ontumi nyɛ bi da? Dabi. Nokwarem no, ɔbɔɔ mmɔden yɛɛ akwampaefo boafo ɔsram biara. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔte nka sɛ akwampae adwuma no na ɛboa no ma ɔkari pɛ. Ná nkurɔfo a ɔboa wɔn ma wosua Bible ho nokware no na ohu sɛ wɔasesa wɔn asetra ma wɔanya Onyankopɔn anim dom no ma onya anigye kɛse wɔ n’asetra a adagyew nnim no mu.—Mmeb. 10:22.
15 Ankorankoro afɔrebɔ ne nsakrae a obi hia na watumi ayɛ akwampae adwuma no yɛ nea wonya so nhyira kɛse. Onuawa bi kyerɛw osuahu a onyae wɔ akwampaefo boafo adwuma mu ho asɛm sɛ: “Ɛboaa me maa miyii m’adwene fii ahopɛ so, na mede m’adwene sii afoforo a mɛboa wɔn so. . . . Mekamfo kyerɛ wɔn a wobetumi ayɛ no.”
16 Egye Bere Nhyehyɛe Pa: Yɛasan de bere nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛbaa February 1997 Yɛn Ahenni Som mu no aba krataa a ɛhyɛ mu yi akyi. Ebia eyi mu biako fata wo nsɛm tebea. Bere a wohwehwɛ mu no, susuw nhyehyɛe a woyɛ no daa wɔ ɔsram biara dwumadi mu no ho. Nnwuma bɛn na ɛwɔ fie a wubetumi adi kan ayɛ ansa na woayɛ akwampae adwuma no anaa nea ɛwɔ he na wubetumi de ato hɔ bere tiaa bi na woadi ho dwuma akyiri yi? So wubetumi atew bere a wode gye w’ani, gye w’ahome, anaa wode yɛ anigyede afoforo no bi so? Sɛ́ anka wode w’ani besi nnɔnhwerew dodow 60 a ehia so no, yɛ wo bere nhyehyɛe no da biara da anaa dapɛn dapɛn. Nnɔnhwerew 2 da koro anaa nnɔnhwerew 15 dapɛn pɛ na ehia ma wode ayɛ akwampaefo aboafo adwuma. Hwɛ bere nhyehyɛe ho nhwɛso no, na bere a wukura pɛnsere no, hwɛ sɛ wubetumi ayɛ w’ankasa wo bere nhyehyɛe a eye ma wo ne w’abusua sen biara anaa.
17 Ade pa a asafo bi yɛe wɔ nsato no ho ne mmɔden kɛse a wɔbɔe wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ afe a etwaam Nkaedi bere no kanyan daa kwampaefo bi anigye ma ɔkyerɛw sɛ: “Meda mo ase pii wɔ nkuranhyɛ a efi ɔdɔ mu a ɛne sɛ yɛmmoa akwampaefo aboafo adwuma no. . . . Ɛbere nhyehyɛe ho nyansahyɛ a mode mae no boaa nnipa pii a na wɔnyɛɛ akwampae adwuma da ma wohui sɛ wobetumi ayɛ. . . . Ɛyɛ me anigye pii sɛ mewɔ Yehowa ahyehyɛde no mu, na midi akoa nokwafo ne ɔbadwemma no akanni a ɔdɔ wom no akyi.”
18 Mmebusɛm 21:5 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba.” Mmebusɛm 16:3 hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Fa wo nnwuma hyɛ [Yehowa, NW] nsa, na w’adwene betim.” Yiw, sɛ yɛnam mpaebɔ so de Yehowa ba yɛn gyinaesi mu, na yɛde yɛn ho to ne so koraa sɛ ɔmmoa yɛn mma yenni nkonim a, yebetumi asi pi ayɛ nhyehyɛe ayɛ akwampaefo aboafo. Ebetumi aba sɛ bere a yɛahu sɛ yɛn bere nhyehyɛe no atumi ayɛ yiye ɔsram biako anaa abien wɔ akwampaefo aboafo adwuma no mu no, yebetumi ahyɛ adaka a ɛwɔ akwampaefo aboafo akwammisa kratasin no so agyirae, nea ɛkenkan sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wosom daa sɛ akwampaefo boafo kosi sɛ wobɛka sɛ wopɛ sɛ wugyae a, hyɛ ha agyirae” no. Sɛnea ɛte biara no, yebetumi asan ayɛ akwampaefo boafo wɔ August mu, bere a yebenya dapɛn awiei anum no. Bere a yɛde ɔsom afe no ba awiei wɔ August mu no, obiara mmɔ mmɔden kɛse sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ ɔsom adwuma no mu koraa sɛnea obetumi.
19 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom.” (Yoh. 14:12) Ɛyɛ hokwan a ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛsom sɛ Onyankopɔn yɔnko adwumayɛfo bere a saa nkɔmhyɛ yi renya ne mmamu koraa no. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde anibere a ɛsen biara ka asɛmpa no, na yɛtɔ bere a ɛfata yɛ saa adwuma yi. (1 Kor. 3:9; Kol. 4:5) Akwampae aboafo adwuma no a yɛbɛyɛ no daa sɛnea yebetumi no yɛ ɔkwan a ɛkyɛn so a yɛnam so yɛ yɛn fam de sɛ Ahenni adawurubɔfo. Yɛde anigye retwɛn ahwɛ nea ayeyi nnwom a efi akwampaefo aboafo hɔ no bɛyɛ wɔ saa Nkaedi bere yi mu. (Dw. 27:6) Sɛ yesusuw nea efii afe a etwaam no mu bae ho a, yebisa sɛ, ‘So yɛbɛyɛ bio?’ Yɛwɔ ahotoso sɛ yɛbɛyɛ!
So Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo?
“Sɛnea wo nsɛm tebea te biara no, sɛ woagye asubɔ na wowɔ gyinabea pa a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe de nnɔnhwerew 60 a wɔhwehwɛ no ayɛ asɛnka adwuma ɔsram no, na nokwarem no, wubetumi asom ɔsram biako anaa asram pii sɛ akwampaefo boafo, na asafo mu mpanyimfo no ani begye sɛ wobesusuw w’akwammisa ma ɔsom hokwan yi ho.”—Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma, kratafa 114.