Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yesisi gyinae a ɛho hia a, ɛhe na wususuw sɛ yebetumi akɔhwehwɛ afotu pa? [Twɛn ma ommua. Kenkan Mmebusɛm 3:5, 6.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea nyansa wom sɛ yesusuw sɛnea ebewie no ho ansa na yɛasisi gyinae ahorow a ɛtete saa.” Twe n’adwene si asɛm a ɛwɔ kratafa 8 no so.
Awake! Sept.
“Wususuw sɛ nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ aduan ho bɛyɛ den ama nnipa sɛnea ɛte wɔ wiase nnɛ no? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de asiesie tebea no. [Kenkan Dwom 72:16.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɛma Paradise asan aba asase so mu.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 7 no kyerɛ no.
Ɔwɛn-Aban Oct. 1
“Saa bere yi a nneɛma ayɛ basaa yi, nnipa pii nhu nea ɛbɛba daakye. Dɛn na ɛboa wo ma wunya nneɛma ho adwempa? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ Bible mu bɔhyɛ yi nsow. [Kenkan Yesaia 65:17.] Nsɛmma nhoma yi ma yɛn nea yebetumi agyina so anya daakye ho adwempa.”
Awake! Oct.
“Intanɛt so wɔ mfaso, nanso ɛyɛ asiane ma mmofra paa. Wususuw sɛ yɛbɛyɛ dɛn abɔ wɔn ho ban? [Twɛn ma ommua.] Wode, hyɛ asɛm a Bible ka yi nsow. [Kenkan Mmebusɛm 18:1, na kyerɛkyerɛ mu.] Kyerɛwnsɛm yi yɛ Bible nnyinasosɛm asia a wɔasi so dua wɔ nsɛmma nhoma yi mu a ɛbɛboa awofo ma wɔabɔ wɔn mma ho ban no mu biako.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 8 no kyerɛ no.