Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 4/8 kr. 23
  • Nkwa Tenten Ne Adwuma A Ɛma Akomatɔyam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkwa Tenten Ne Adwuma A Ɛma Akomatɔyam
  • Nyan!—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afa
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe Ɔfã 1: Adesua Sohwɛfo Asɛyɛde
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Honhom Mu Onyin Adi a Wobɛda Denam Nhyiam Mu Kyɛfa a Wubenya So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nkwa Tenten Ho Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 4/8 kr. 23

Nkwa Tenten Ne Adwuma A Ɛma Akomatɔyam

NNWOM kyerɛfo bi a wagye din wɔ wiase ne adwuma kuw kɛse bi a wotwa nnwom yɛɛ nhyehyɛe mfe anum sɛ afe biara ɔbɛyɛ nnwom ahorow anan ama wɔn. Ebia ɛno nyɛ wo asɛm foforo. Nanso ná nnwom kyerɛfo a wɔfrɛ no Leopold Stokowski yi adi mfe 95 saa bere no na na adwuma no bɛma wayɛ obi a onni adagyew ara kosi sɛ obedi mfe 100! Owui wɔ afe a onyaa mfe 96 no mu.

Ɛno nyɛ asɛm foforo. Ɛte sɛnea nnipa a wɔadi mfe aduɔwɔtwe ne aduɔkron no titiriw na ayɛ baabi a agofo mma gyina no ma. Mprempren sankubɔfo Arthur Rubinstein adi mfe 95, Jascha Heifetz adi mfe 80, na Andres Segovia adi mfe 88, wɔn a wɔagye din no kakraa bi nen. Tete nnwomtofo no bi ne Arturo Toscanini, nnwom kyerɛfo a obiara ne no nsɛ, a ɔyɛɛ adwuma no ara kosii sɛ onyaa mfe 90, Arthur Fiedler yɛɛ agofo mma a wɔagye din a wɔfrɛ wɔn Boston Pops no kannifo ara kosii sɛ owui afe a etwaam yi ara a na wadi mfe 85, na sankubɔfo Pablo Casals a ofi Spain no yɛɛ kuw a wɔfrɛ no Casals Festival no kwankyerɛfo ara kosii sɛ odii mfe 96.

Ɔreyɛ nnwom akyerɛfo 35 a ná wɔawuwu ho kyerɛwtohɔ no, Dr. Donald H. Atlas, a ɔyɛ nnuruyɛ ho ɔbenfo wɔ California Sukuupɔn mu no kae sɛ sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a na wɔn mu biara mfe yɛ 73 ne kakra. Sɛnea Dr. Atlas kyerɛ no, sɛ wɔde toto ho a, Amerikafo mmarima mfe yɛ 68 ne fã. Oduruyɛfo no kae sɛ “esiane sɛ minhuu onipa bi a ɔwɔ saa kuw yi mu a wanni mfe 58 ansa na ɔrewu nti, migye di yiye sɛ nneɛma bi a mintumi nkyerɛ bɔɔ saa mmarima yi ho ban fii nnɛyi nyarewa ahorow a ɛyɛ hu a ɛka nkurɔfo ntɛm no ho.”

Ebia nea ɛkyerɛkyerɛ “nneɛma a mintumi nhu” no mu kakra ne nhwehwem ahorow a Akwahosan, Nhomasua ne Amanfo Yiyedi Dwumadibea daa no adi wɔ 1973 amanneɛbɔ bi mu a wɔtoo din “Adwuma wɔ Amerika” no. Amanneɛbɔ no kyerɛe sɛ adwuma mu akomatɔyam ne anigye ara kwa ne nneɛma abien a edi kan a ɛma obi nya nkwa tenten.

Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni no, Ɔhene Salomo onyansafo no kae sɛ: “Mihui sɛ adepa bi nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛne ne kyɛfa.” (Ɔsɛnkafo 3:22) Nea ɛne adwene a wɔagye atom kɛse a ɛne sɛ “ahokokɔ” ne nea ebia ɛma obi nya nkwa tenten no bɔ abira no, ɛte sɛnea nea yɛasua yi ne nhwɛso ahorow no kyerɛ sɛ adwuma pa a ɛma akomatɔyam betumi ama obi anya nkwa tenten. Dr. Atlas de kaa ho sɛ: “Mewɔ anidaso sɛ nea ɛda adi wɔ nnwom akyerɛfo ho wɔ wɔn asetra mu no bɛkyerɛ yɛn sɛnea wonya nkwa tenten.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena