Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
ƐHO hia sɛ afoforo da ayamhyehye adi kyerɛ obi a wahaw na wɔde wɔn ho si onipa foforo no ananmu. Nea eyi kyerɛ daa adi wɔ asɛm a edi so yi mu. Bere a agya a wahaw no teɛteɛɛm guu ne yere so akyi no, ɔde sũ kae sɛ: “Ɛnyɛ m’adwene ne sɛ mɛyɛ saa!” Mmuae tiawa a ntease wom a ne yere de mae sɛ: “Minim sɛ ɛnyɛ w’adwene ne no, ɔdɔ,” no kanyan no yiye.
Dr. Ari Kiev, a ɔyɛ ɔbenfo a ɔwɔ baabi a wɔsa adwenemyare no, bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ mmusua bu adwenemhaw no sɛ efi anidaho ne pɛ a obi mpɛ sɛ odi so nkonim a, ɛma ɔyarefo no basaayɛ no kɔ so. . . . Na obi behu nneɛma a onii no bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho.” Nanso ɔde ka ho sɛ: “Anka nkurɔfo betumi ayi adwenemhaw no afi hɔ, sɛ wone wɔn mmusua gye tom sɛ ɛyɛ ɔyare a ɛtra hɔ kosi baabi a awiei koraa no ebetwam a.” Afotu a ɛte saa ye ma abusuafo ne nnamfo nyinaa.
‘Kyekye Ne Werɛ’
Wobisaa wɔn a nneɛma haw wɔn adwene no nsɛm a afoforo kae a ɛboae kɛse. Wɔkae sɛ: “Mete ase,” “Yɛdɔ wo,” “Minim sɛ ɛrenkyɛ wubesi wo dedaw mu bio,” “Ɛnnɛ de, wo ho ye paa” ne “minnim sɛnea wote nka ankasankasa de, nanso yegyina wo akyi.” Ɛnã bi kyerɛwee sɛ: “Ná te a mɛte kɛkɛ sɛ me mma ka sɛ, ‘Yehia wo,’ no te sɛ nkuranhyɛ kɛse bi.” Nanso ɔde kaa ho sɛ: “Obi a nneɛma haw no dedaw a wobɛkasa atia no no te sɛ akorabo a ekum obi.” Hwɛ sɛnea Bible mu afotu a efi honhom mu no ho wɔ mfaso! Etu fo sɛ: “Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.”—1 Tesalonikafo 5:14.
Dɛn na afoforo kae a epira? Ná mmuae a wɔde mae no bi ne sɛ: “Woyɛ me mmɔbɔ,” “Nea ɔpɛ ara ne sɛ yɛbɛhwɛ no” ne “Nni awerɛhow; nnipa afoforo wɔ hɔ a wɔyare sen wo a wonnsu na wonnwiinwii.” Susuw sɛnea saa nsɛm yi a wɔkae no maa saa nnipa yi tee nka no ho hwɛ! “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Ɛnyɛ sɛ nnipa hyɛ da sɛ wobepira wɔn a wɔahaw, na mmom mpɛn pii no, wonsusuw ho ansa na wɔakasa.
Adwene ho nimdefo bi a wayɛ wɔn a nneɛma haw wɔn adwene ho adwuma bɛboro mfe 20 tu fo sɛ: “Obi a wayɛ basaa no bo afuw ne ho dedaw, enti mfa bi nka n’awerɛhow no ho denam nea ɔyɛ a bere nyinaa wobɛsan asiesie no no so. Sɛ́ wobɛka akyerɛ no sɛ, ‘Dɛn nti na wonkenten wo ho’ no, ebia wubetumi aka sɛ, ‘Ɛte sɛ nea ɛyɛ den ankasa ma wo, na mente ne nyinaa ase, nanso mepɛ sɛ mɛte sɛnea wote nka no ase. Mɛpɛ sɛ meboa.’ Nya ne ho anigye nokwarem. Obi betumi ahu, sɛ w’ani nnye ne ho a.”
Hwehwɛ hokwan ahorow a wobɛfa so de nkamfo a ɛfata ama. Si wo nsɛm pi: “Hwɛ, woyɛɛ ade paa wɔ wo mma no ntetee mu,” “Wowɔ nyansa kwan bi a wofa so yɛ ade a ɛma afoforo ani gye,” ne nea ɛkeka ho. Boa no ma ɔnsan nnya obu a ɔwɔ ma ne ho no.” Nanso nea ɛsen ne nyinaa no . . .
Yɛ Otiefo Pa
Mpɛn pii no, obi a wayɛ basaa no wɔ pii a ɔpɛ sɛ ɔka nanso ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ ɔka. Ebia ɔbɛte nka sɛ obiara ani nnye ho ankasa sɛ ɔbɛte ne haw anaasɛ ne nkate ahorow no ho asɛm. Ɔbea bi a wadi mfe 27 a nneɛma haw n’adwene mfe bebree kae sɛ: “Na mihia obi a obetie me, ɛnyɛ obi a ɔbɛtoa nsɛm akyerɛ me na wama mate nka sɛ mahyɛ da na mereyɛ eyi. Ná me haw ahorow no yɛ paara!”
Ababaa yi a ɔpɛe sɛ owu no, de kaa ho sɛ: “Na mewɔ nnamfo baanu bi a mitumi ka nea ɛwɔ me komam kyerɛ wɔn. Ɛwom mpo sɛ na mintumi nte m’ankasa me nkate ahorow no ase nwie de, nanso saa nkɔmmɔbɔ yi boae ankasa.” Enti ma obi a wayɛ basaa no nna ne nkate horow adi. Ɛho nhia sɛ wubebu nea ɔka biara so atɛn. Obetumi aka nsɛm bi a ɛhyɛ abufuw. Mpɛn pii no, ɔmfa nea ɔka no aniberesɛm ankasa. Nanso, sɛ woyɛ otiefo pa na wunya onipa no mu awerɛhyem a, ebetumi aba sɛ, ɛdenam nyansa kwan so no, wubetumi de nkakrankakra ama ne nsuswii ayɛ yiye.—Mateo 7:1.
“So Wɔn a Wɔyɛ Mmerɛw Mu”
Tete asɛm bi a na wɔtaa ka ne sɛ: “Nnamfo boa; afoforo hu mmɔbɔ.” Nokwarem no, nnamfo pa ne abusua mufo a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan no bɛfa akwan horow so aboa wɔn a wɔbɛn wɔn a wɔahaw. ‘Wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no, mmarima a wɔfata honhom mu wom a mpɛn pii wɔayɛ mmoa kɛse ama wɔn a nsɛm haw wɔn. Wɔto nsa frɛ wɔn a nsɛm haw wɔn adwene no ma wɔkɔhwehwɛ mmoa a ayamhyehye ne ɔdɔ wom wɔ wɔn nkyɛn. Obi a na biribi haw n’adwene kae sɛ: “Mankyerɛ me ho koraa sɛ mɛkɔ akɔhwehwɛ mmoa.”—Yakobo 5:14, 15.
Bere a egyina nsɛm tebea horow so no, nneɛma bebree wɔ hɔ a nnipa betumi ayɛ. Sɛ nea nsɛm rehaw n’adwene no ntumi nna a, tra ne nkyɛn. Sɛ ose onnidi a, nhyɛ no, nanso fa aduan a ahoɔden wom a wɔasiesie no dɛdɛɛdɛ kakraa bi sɔ no hwɛ. Sɛ ɔmpɛ sɛ ɔteɛteɛ ne mpɔw mu a, ɛnde fa no fi adi na monkɔnantenantew, anaasɛ wo ne no nyɛ biribi a ɛyɛ apɔw-mu-teɛteɛ a ahoɔden wom. Ebia mmoa a wode bɛma no wɔ akwan a ɛte saa so no renyɛ mmerɛw.
Ɔbea yamyefo bi aboa nnipa bebree a na nneɛma haw wɔn adwene yiye. Ná eyinom mu biako a ɔma ɔne no bɛtrae kosii sɛ ne ho yɛɛ no den no rehu amane. Ayamye mu no, Doreen ka kyerɛɛ ababaa yi sɛ: “Hyɛ w’atade, wo kyɛw ne wo mpaboa.” Nanso obuae sɛ: “Mempɛ sɛ mikotu mpase biara.” Doreen kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Meka kyerɛɛ no ayamye mu, ne anibere so sɛ, ‘Yiw, wobɛkɔ. Fa hyɛ.’ Ɔhyɛe. Yɛnantew akwansin anan. Bere a yɛsan bae no na wabrɛ, nanso ne ho tɔɔ no. Obiara nni hɔ a ogye mmoa a apɔw-mu-teɛteɛ a ɛyɛ den yɛ tom, gye sɛ woma wɔyɛ. Afei wohu.”
Mmoa a wode bɛma nso betumi akyerɛ obi a biribi haw n’adwene kɛse a wobɛboa no ma wanya mmoa a ɛfata afi tebea no ho abenfo nkyɛn. Ebia obi a nsɛm haw n’adwene kɛse paa no behia mmoa afi nnipa a wɔahyɛ da akyerɛ wɔn ade a, wodi saa ɔyare no ho dwuma nkyɛn. Ɛho ayaresa ahorow wɔ hɔ mprempren.
Nneɛma afoforo a ɛboa a wɔn a nsɛm haw wɔn adwene de too gua ne sɛ: “Mma nnipa bebree mmɛsra wo; siw afoforo kwan wɔ dede a ɛmfata a wɔbɛyɛ ho—te sɛ nnwom a egyigye denneennen.” “Afoforo a wɔte nka ankasa ma wo no nsrahwɛ ntiantia ye.” “M’abusua hwɛɛ me so, ná wɔfrɛ me daa wɔ telefon so, ná wɔde me fi adi, ná ɛtɔ mmere bi mpo a wɔboa me ma mehyɛ m’atade ne me mpaboa.”
Mpɛn pii no, ɛyɛ bɛn a wobɛbɛn no ne ɔdɔ a wubeyi adi ara kwa. Ɔbea bi a na wayɛ basaa kaa nea ɛboaa no asram akron a “nneɛma haw n’adwene” no mu. Bere bi de osu guu ne kunu so sɛ: “Mintumi nnyina ano bio! Me ho ntɔ me. Mereyɛ awu!” Obuae brɛoo sɛ: “Sɛ wuwu a, me ne wo bɛkɔ pɛɛ!” Bere a ɔredwen eyi ho no, ɔbea no kae sɛ: “Ne tiawa mu ne sɛ—na ɔwɔ me nkyɛn bere nyinaa.”
Yiw, mmoa a edi mũ a awerɛkyekye nsɛm ka ho ne asõ a wɔyɛ tie asɛm yɛ mmoa a eye sen biara a afoforo betumi de ama “wɔn a wɔn koma abubu.”