Atɛntrenee Ma Henanom?
MMARA horow a wɔhyehyɛ no yɛ nea wɔka sɛ wɔde rebɔ ɔmanfo a wodi mmara so ho ban na wɔde asiw nsɛmmɔne ne nsɛmmɔnedifo ano. Nanso, nokwarem no, sɛnea bere a Amerika Asennii Kunini Temmufo Warren E. Burger rekasa akyerɛ Amerika Asenni Baguafo Kuw no ɔkae no, nhyehyɛe a ɛwɔ Amerika nnɛ “bɔ mmaratofo ho ban kɛse . . . nanso ɛmmfa ahobammɔ a ehia mma ne manfo a wodi mmara so no.” Dɛn nti na ɔkae saa? Dɛn ne nokwasɛm ahorow no? Sɛ nhwɛso no, susuw tebea a ɛwɔ New York no ho.
WƆ Mmɔnten So Amanneɛbɔ bi a ɛwɔ New York Post mu a egyina polisifo nhwehwɛmu wɔ nsɛmmɔnedi akɛse a esisii 1979 mu so no kyerɛ sɛ wɔ Manhattan no, mpɛn ason biara mu no, hokwan wɔ hɔ sɛ mmaratofo benya wɔn a wodi mmara so no pɛnkoro, saa nso na mpɛn asia biara mu no, hokwan wɔ hɔ sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛmmɔnedifo pɛnkoro.” Enti amanneɛbɔ no se, nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ anim ne mmara ho nhyehyɛe a ɛmfata no “reyɛ ayɛ pɛ bere a ɛnyɛ hu bio sɛ wobɛyɛ nsɛmmɔnedifo sen sɛ wobɛyɛ mmara so difo.” Nanso so nsɛmmɔnedifo baasia mu biako a wɔkyere no no mpo hyia biribi a ɛyɛ hu ankasa?
Wɔ Asennibea Ahorow New York Times amanneɛbɔ bi se: “Nnipa 100 biara a wɔkyere wɔn sɛ mmaratofo wɔ New York Kurom no mu aduakron nkron nkɔ afiase, na wonni bɛboro 80 asɛm sɛ mmaratofo.” Wɔde asodi no reto wɔn a wodi wɔn ho dwuma a wɔnnɔɔso ne nneɛma a wɔde di dwuma a ɛmfata so. Robert Keating a ɔyɛ wɔn a wodi mmaratofo asɛm sohwɛfo no kae sɛ: “Esiane sɛ nsɛm kakraa bi na yebetumi adi nti, ɛhyɛ yɛn ma yɛyɛ nneɛma a minsusuw sɛ obiara ani gye ho.” Na “nneɛma” a yɛyɛ no bi ne nsɛm a ɛfa mmarato ho no ɔha biara mu 80 a yetwam anaa yebu no sɛ ɛnyɛ mmarato a emu yɛ duru. Enti henanom na wɔreboa wɔn?
Wɔ Afiase Nnipa 100 biara mu biako mpo a wɔde no kɔto afiase no mmoa onii a ɔyɛɛ no bɔne no. Dɛn ntia? Nea edi kan koraa no, nea wɔyɛɛ no bɔne a otua tow no bɔ ka pii na ama mmaratofo no ada afiase—wɔbɔ ɔdeduani biara ho ka dɔla 10,000 kɔpem 30,000 afe biara. Na esiane sɛ afiase dodow no ara nnya baabi mma mmaratofo nna nti, sɛ nhwɛso no, akontaabu kyerɛ sɛ, 1979 mu, wɔ New York Kurom no, Post bɔɔ amanneɛ sɛ, “nnipa 9507 na wɔde wɔn koguu afiase na wogyaa 8802, na ɛnyɛ sɛ ebia wɔbɛpon wɔn ntia, na mmom esiane sɛ na wɔn so ahwɛfo hwehwɛ adan a wɔwom no nti.” Dɛn na afi mu aba? Mmaratofo asan aba mmorɔn so bio a biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔrenni wɔn nsɛmmɔne no bio. Ade mũ no nyinaa san fi ase.
Nea enti a saa nneyɛe bɔne yi wɔ hɔ yɛ nea Bible ada no adi pefee wɔ Ɔsɛnkafo 8:11 sɛ: “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.” Ɔreka nsɛmmɔne a “abu abɔ ho” ho asɛm no, otemmufo Panyin Burger daa no adi sɛ “sɛ́ wobesiw ano kyerɛ ɛho biribi ntɛm a ɛsɛ sɛ ɔmanfo yɛ,” nanso ɔde awerɛhow kae sɛ nea yɛwɔ ne “nnipa a hwee mfa wɔn ho.” Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ yehu fi Bible mu sɛ ɛwom mpo sɛ “nnebɔneyɛfo” kɔ so mprempren de, nanso “aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ,” efisɛ Onyankopɔn ankasa bedi dwuma apopa nsɛmmɔnedi afi asase so!—Dwom 37:1, 2, 10.
[Box on page 23]
“Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho; na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono. Bata [Yehowa] ho, na yɛ papa, tra asase so, na di nokware. Yɛ komm ma [Yehowa], na to wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye nti, onipa a odi ne koko so asɛm no nti. Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko.”—Dwom 37:1-3, 7, 8.
[Kratafa 23 mfoni]
MPƐN ASON BIARA MU NO, HOKWAN WƆ HƆ SƐ WOBENYA WO PƐNKORO
MPƐN ASIA BIARA MU NO, HOKWAN WƆ HƆ SƐ WƆBƐKYERE NSƐMMƆNEDIFO PƐNKORO