Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 4/8 kr. 31
  • So Onyankopɔn Gyina Ɔfã bi Akyi wɔ Agodi Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Gyina Ɔfã bi Akyi wɔ Agodi Mu?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Agodi Mu Nsɛnnennen Nnɛ
    Nyan!—1991
  • Ɛsɛ sɛ Mede Me Ho Hyɛ Agumadi Kuw Bi Mu?
    Nyan!—1996
  • Kuw Agumadi—Eye Ma Me?
    Nyan!—1996
  • So Menkɔka Sukuu Agumadi No Ho?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 4/8 kr. 31

So Onyankopɔn Gyina Ɔfã bi Akyi wɔ Agodi Mu?

MMIRIKATUFO bi a wadi nkonim bu nkotodwe yɛ sɛnea ɔrebɔ mpae de da nkonim a wadi no ho ase. Nanso yebetumi aka sɛ mmirikatufo afoforo a na wɔka akansi no ho no mu bi nso bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma wonni nkonim—nanso wodii nkogu.

Akuturukubɔfo baanu bu nkotodwe di nhwɛanim ansa na wɔafi wɔn akuturukubɔ no fã a edi kan no ase. Wɔn baanu mu biara yɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne, ɔkwan a wɔfa so bɔ Onyankopɔn mpae komm sɛnea wobedi nkonim. Afei obiako bɔ ɔfoforo no hwe fam. Wɔ ntɔkwa afoforo mu no, okuturukubɔfo biako pɛ na ebia ɔbɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma no nni nkonim, nanso ɛtaa ba sɛ odi nkogu sɛnea odi nkonim no ara.

Wɔ agodi a nnipa dodow bi wɔ kuw biako mu no, ebia agodifo no bɛbɔ mpae sɛ kuw wɔ agodi no mfiase ne mfinimfini anaa bere a wɔawie mpo no. Sɛ́ nhwɛso no, aka anibu kakraa bi ma wɔawie Amerika Super Bowl bɔɔlbɔ akansi kɛse no mu nea etwa to koraa no, ɛbae sɛ na bɔɔlbɔni bi rebɛbɔ bɔɔl ahyɛ, a sɛ otumi hyɛ a ne kuw no adi nkonim na sɛ wantumi anhyɛ nso a ne kuw no adi nkogu. Bɔɔlbɔni no kae akyiri yi sɛ: “Ná merebɔ ho mpae.” Nanso ná kuw a wɔne wɔn resi akan no nso mufo bi rebɔ mpae na wanhyɛ.

Ɛwom sɛ ebia akuw abien no nyinaa bɛbɔ mpae de, nanso ɛsɛ sɛ obiako di nkogu. Kuw a emu agodifo bɔ mpae na wodi nkonim no betumi adi nkogu wɔ agodi a edi hɔ no mu. Nokwarem no, awiei koraa, bere a akansi no nyinaa aba n’awiei no, na akuw afoforo no nyinaa adi nkogu, efisɛ kuw biako pɛ na ebedi nkonim koraa wɔ akansi bi mu. Nanso, na akuw a edii nkogu no mu dodow no ara na na emu agodifo no abɔ mpae sɛ wonni nkonim.

Wɔ asɛm bi a wɔtoo din sɛ “Yɛsrɛ Wo, Kora Wo Mpaebɔ So” mu no, agodi ho sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Sɛnea wohoahoa wo ho wɔ abusuabɔ a emu yɛ den a wususuw sɛ wone Onyankopɔn wɔ kɛkɛ ho no nkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware. . . . Wɔ Wiase Ko II no mu no, na wɔakyerɛw asɛm bi wɔ German asraafo bɛlt so sɛ: Gott mit uns. Ne nkyerɛase ne sɛ: ‘Onyankopɔn wɔ yɛn afã.’” Agodi ho sɛnkyerɛwfo foforo kae sɛ: “Onyankopɔn nnyina ɔfã bi akyi wɔ bɔɔlbɔ mu. Wiase mu nsɛm a ɛtete sɛɛ de, ɛnyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no na ɔkyerɛ nea obedi nkonim anaa nkogu na mmom egyina mmarima ne mmea so.”

Ɔsomafo Petro kyerɛw sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Agodi a basabasayɛ wom a obi de ne ho hyem no nyɛ ‘ade treneeyɛ.’ (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Romafo 14:19) Sɛ Onyankopɔn tie wɔn a wɔhwehwɛ nkonimdi no mpae no na agodifo no mu bi pira anaa wokum no a, so wɔde ɛho asodi bɛto Onyankopɔn so?

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Ansa na wobebua obi mpae no, ɛsɛ sɛ onii no hu Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ahorow na ne nneyɛe ne no hyia.—Fa toto Mateo 6:9, 10 ho.

Dabi, Onyankopɔn apɛde ne atirimpɔw ahorow mfa agodi ho. Enti, sɛ wɔbɔ nkonimdi ho mpae wɔ agodi mu a, so Onyankopɔn tie? Nokwarem no, ontie.

[Kratafa 31 mfonini]

UPI/Bettmann

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena