Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 9/8 kr. 3-4
  • Amerikafo Ankasa—Bere Bi Awiei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amerikafo Ankasa—Bere Bi Awiei
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Custer Atuatew a Etwa To ne Wounded Knee Okunkɛse No
  • Sɛnea Wɔn Asetra Sesae
    Nyan!—1996
  • Wɔn Daakye Ne Dɛn?
    Nyan!—1996
  • Amerikafo Ankasa ne Bible No
    Nyan!—1999
  • Ɛhe na Wofi Bae?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 9/8 kr. 3-4

Amerikafo Ankasa—Bere Bi Awiei

HENA na ɔnhwɛɛ Apɔnkɔsotefo ne Indiafo sini pɛn? Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ate Wyatt Earp, Buffalo Bill, ne Lone Ranger, ne Indiafo Geronimo, Sitting Bull, Crazy Horse, ne Chief Joseph, ne afoforo pii nso ho asɛm. Nanso sɛnea Hollywood yii ho sini no yɛ nokware kodu he ankasa? Na sɛnea wɔyɛ Indiafo ho mfonini no di mũ kodu he?

Asɛm a ɛfa nkonim a Europafo dii wɔ Wɔn a wofi kusuu fam Amerika (Indiafo) so no ma nsɛmmisa sɔre.a So abakɔsɛm nhoma ahorow no aka Indiafo no ho nokwasɛm ankasa? So adifudepɛ, nhyɛso, nnipa mu nyiyim ne atirimɔdensɛm ho asuade bi wɔ hɔ a yebetumi asua? Dɛn ne nokwasɛm a ɛfa wɔn a wɔfrɛ wɔn Apɔnkɔsotefo ne Indiafo no ho?

Custer Atuatew a Etwa To ne Wounded Knee Okunkɛse No

Wɔ afe 1876 mu no, na Sitting Bull a ofi Lakota (Sioux mmusua titiriw abiɛsa no mu biako) mu a ɔyɛ odunsini no, yɛ kannifo wɔ akodi a agye din a ɛkɔɔ so wɔ Asubɔnten Little Bighorn ho wɔ Montana no mu. Ná Sraani Panyin Custer “Nhwi Tenten,” susuw sɛ obetumi de asraafo 650 adi Sioux ne Cheyenne akofo 1,000 so nkonim a ɔremmrɛ koraa. Ná eyi yɛ atoro nsusuwii koraa. Ná ɔrehyia Amerikafo Ankasa mu akofo a gyama wɔdɔɔso sen biara a wɔaboaboa wɔn ano pɛn—bɛyɛ 3,000.

Custer kyɛɛ N’asraafo Apɔnkɔdɔm a ɛto so 7 no mu akuw abiɛsa. Bere a wantwɛn akuw abien a aka no ma wɔammɛtaa n’akyi no, ne kuw no to hyɛɛ Indiafo nsraban no so wɔ ne fã a osusuw sɛ ɛyɛ mmerɛw no. Indiafo a akannifo Crazy Horse, Gall, ne Sitting Bull di wɔn anim no tɔree Custer ne ne dɔm a na wɔbɛyɛ sɛ asraafo 225 no ase. Ná ɛyɛ bere tiaa mu nkonimdi ma India man no, nanso na ɛyɛ nkogudi a ɛyɛ awerɛhow ma U.S. Asraafo no. Nanso mfe 14 pɛ akyi no, wɔtɔɔ wɔn so were ma ɛyɛɛ awerɛhow.

Awiei koraa no, bere a wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔde ne ho bɛkyɛ no no, Sitting Bull de ne ho mae. Nanso wɔyɛɛ no deduani nna kakra wɔ Fort Randall, Dakota Asasesin mu. Bere a ne mfe kɔɔ anim no, opuee baguam wɔ Buffalo Bill ɔyɛkyerɛ a wɔde tuu kwan faa tete Amerika Atɔe fam no mu. Kan Ɔkannifo a na odi mu no, bɛhweree nkɛntɛnso a na ɔwɔ sɛ odunsini no.

Wɔ 1890 mu no, India polisifo too Sitting Bull (Lakota din, Tatanka Iyotake) tuo kum no bere a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔkyere no no. Wɔn a wokum no ne Siouxfo “Dade Koko” (polisifo a wɔbɔ baagye), Sraani Panyin Bull Head, ne Sraani Kumaa Red Tomahawk.

Awiei koraa wɔ afe koro no ara mu no, atua a Indiafo tewee wɔ aborɔfo nniso so no baa awiei wɔ Wounded Knee Creekfo nnipakum a ɛkɔɔ so wɔ Amerika Asasetaw Kɛse so no mu. Ɛhɔ na aban asraafo de wɔn Hotchkiss aprɛm a ɛpa gya no kunkum Siouxfo mmarima, mmea, ne mmofra bɛyɛ 320 a na wɔreguan no. Asraafo no de tuu wɔn ho sɛ wɔde eyi tuaa kum a wokunkum wɔn mfɛfo, Custer ne ne mmarima no, wɔ nkoko a Asubɔnten Little Bighorn da ase no so ka. Ɛno na ɛde akodi ne ntawntawdi a bere ne bere mu no ɛkɔɔ so wɔ Amerika atubrafo ne mmusua a wofi hɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no ntam bɛboro mfirihyia 200 no baa awiei.

Nanso nea edi kan koraa no, ɛyɛɛ dɛn na Amerikafo Ankasa no tumi traa Amerika Kusuu fam? Ná wɔn asetra te dɛn ansa na aborɔfo no kɔɔ Amerika Kusuu fam nea edi kan?b Dɛn na ɛmaa awiei koraa no wodii nkogu na wɔbɛhyɛɛ wɔn ase? Na tebea bɛn mu na Indiafo no wɔ seesei wɔ ɔman a Europa atubrafo a wodi kan no asefo na wɔdɔɔso wom nnɛ no mu? Yebesusuw eyinom ne nsɛmmisa foforo ho wɔ nsɛm a edidi so no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Bere a seesei ebinom ani gye edin, “Amerikafo Ankasa” ho no, nhoma pii wɔ hɔ a wɔda so ara de “Indiafo” di dwuma wom. Yɛde nsɛm abien yi nyinaa bedi dwuma. “Indiafo” yɛ din a ɛmfata a Columbus a na osusuw sɛ wadu India bere a oduu beae a seesei wɔfrɛ hɔ West Indies no, de too ɛhɔfo no.

b Wɔ nsɛm yi mu no, yɛreka Amerika Kusuu fam Indiafo no nkutoo ho asɛm. Yɛbɛka Amerika-Indiafo a wɔwɔ Mexico, Amerika Mfinimfini fam, ne Amerika Kesee fam—Aztecfo, Mayafo, Incafo, Olmecfo ne afoforo—ho asɛm wɔ nsɛm a ɛbɛba akyiri yi mu wɔ nsɛmma nhoma yi mu.

[Kratafa 3 mfonini]

Awufo a Wosie Wɔn wɔ Wounded Knee

[Asɛm Fibea]

Montana Historical Society

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena