Wɔn Daakye Ne Dɛn?
CHEYENNE asomdwoe hene Lawrence Hart kae wɔ nsɛm bi a Nyan! kyerɛwfo bisabisaa no no mu sɛ ɔhaw ahorow a Indiafo hyia no mu biako “ne sɛ yɛafra yɛn amammerɛ mu asuasua afoforo de. Sɛ nhwɛso no, yɛn kasa reyera. Bere bi a atwam no na eyi yɛ nhyehyɛe a aban no ahyɛ da ayɛ. Wɔnam nhomasua so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛn ‘ani abue.’ Wɔde yɛn kɔɔ sukuu a wɔtra hɔ, na wɔbaraa yɛn sɛ yɛnnka yɛn kasa a wɔde woo yɛn no.” Sandra Kinlacheeny ka sɛ: “Sɛ meka Navajo kasa wɔ me sukuu a mete mu no mu a, ɔkyerɛkyerɛfo no de samina hohoro m’anom!”
Chief Hart toa so sɛ: “Ade biako a ɛhyɛ nkuran nnansa yi ne sɛ mmusua no mu pii ani aba wɔn ho so. Wɔahu sɛ sɛ wɔammɔ mmɔden ankora so a, wɔn kasa no bɛyera.”
Nnipa du pɛ na aka a wɔka Karuk, California mmusua no biako kasa. Red Thunder Cloud (Carlos Westez), Indiani a otwa to a ɔkaa Catawba kasa no wui wɔ January 1996 mu, bere a na wadi mfe 76. Ɔtraa ase mfe pii a wannya obiara ne no anka saa kasa no.
Wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa horow a ɛwɔ Navajo ne Hopi atrae wɔ Arizona no, ɛkame ayɛ sɛ obiara ka Navajo anaasɛ Hopi ne Engiresi. Adansefo a wɔnyɛ Indiafo mpo resua Navajo kasa no. Ɛsɛ sɛ Adansefo no te Navajo kasa na ama wɔatumi ayɛ wɔn Bible ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, esiane sɛ Navajofo no pii no ankasa kasa nkutoo na wotumi ka no yiye nti. Wɔda so ara ka Hopi ne Navajo kasa no paa, na wɔhyɛ mmofra nkuran ma wɔka wɔ sukuu mu.
Amerikafo Ankasa no Nhomasua
Indiafo kɔlege ahorow 29 a asuafo 16,000 wom na ɛwɔ United States. Wobuee nea edi kan ano wɔ Arizona wɔ 1968 mu. Amerika Ntoaso Sukuu Boayikuw muni Ɔbenfo David Gipp kae sɛ: “Eyi yɛ nsakrae a ɛyɛ nwonwa sen biara no mu biako wɔ Indiafo Man mu, hokwan a yɛwɔ sɛ yɛn ankasa si nhomasua ko a yɛpɛ ho gyinae.” Wɔhwehwɛ sɛ obiara sua Lakota kasa wɔ Sinte Gleska Sukuupɔn mu.
Sɛnea Ron McNeil (Hunkpapa Lakotani), Amerika Indiafo Kɔlege Foto titrani ka no, nnipa dodow a wɔyɛ Amerikafo Ankasa a wonnya adwuma nyɛ no fi ɔha mu nkyem 50 kosi 85, na Indiafo nkwa nna yɛ tiaa na wonya asikireyare ne nsamanwaw, wɔyɛ asadweam sen kuw biara wɔ United States. Nhomasua a edi mu yɛ akwan a wobetumi afa so de aboa no mu biako pɛ.
Nsase Kronkron
Wɔ Amerikafo Ankasa no pii fam no, wɔn nananom nsase no yɛ kronkron. Sɛnea White Thunder ka kyerɛɛ mmarahyɛ baguani bi no: “Ade a ɛsom bo ma yɛn sen biara wɔ asase so ne yɛn asase yi.” Mpɛn pii no, sɛ wɔreyɛ apam ne nhyehyɛe biara a, Indiafo no fa no sɛ ɛyɛ nea ɛbɛma aborɔfo no hokwan ma wɔayɛ adwuma wɔ wɔn asase no so, na ɛnyɛ sɛ abɛyɛ wɔn de koraa. Bere a nkorontufu baa Dakota Black Hills so bɛhwehwɛɛ sika kɔkɔɔ wɔ 1870 mfe no mu no, Sioux India mmusua no nsase pii fii wɔn nsa. Wɔ 1980 mu no, U.S. Asennibea Kunini no hyɛɛ U.S. aban no sɛ wontua sika bɛyɛ dɔla ɔpepem 105 mfa mpata Sioux mmusua awotwe. Ɛde besi nnɛ no, mmusua no apow sɛ wobegye sika no—wɔpɛ sɛ wɔsan de wɔn asase kronkron no, Black Hills a ɛwɔ Dakota Kesee fam no san ma wɔn.
Sioux Indiafo pii mpɛ sɛ wobehu sɛ wɔayɛ aborɔfo amanpanyin sɛso wɔ Mount Rushmore a ɛwɔ Black Hills so no. Wɔ bepɔw bi a ɛbɛn hɔ so no, anwenfo renwene mfonini akɛse mpo. Ɛyɛ Crazy Horse, Oglala Sioux akodi mu kannifo no de. Ebedu June 1998 no na wɔawie anim no.
Ɛnnɛyi Akwanside Ahorow
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi atra nnɛyi wiase mu no, Amerikafo Ankasa no nam akwan horow so ayɛ nsakrae. Pii anya nhomasua pa na wɔatete wɔn wɔ kɔlege, a wɔwɔ nimdeɛ a wobetumi de aboa wɔn mmusua. Nhwɛso biako ne Burton McKerchie, Chippewani a ne kasa yɛ bɔkɔɔ a ofi Michigan no. Wayɛ sini ahorow ama Ɔmanfo Dawurubɔ Adwumayɛbea no, na seesei ɔyɛ adwuma wɔ ntoaso sukuu bi a ɛwɔ Hopi atrae wɔ Arizona, na ɔhwɛ video a wɔde kyerɛ ade wɔ ɔman no mu kɔlege sukuu dan nyinaa mu no so. Nhwɛso foforo ne Ray Halbritter, abusua panyin a ofi Oneida man mu a osuaa nhoma wɔ Harvard no.
Arlene Young Hatfield rekyerɛw wɔ Navajo Times mu no, ɔkae sɛ Navajo mmofra nni suahu horow anaa wɔmfa nneɛma mmɔɔ afɔre te sɛ nea wɔn awofo ne wɔn nananom yɛe bere a na wɔrenyinyin no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Esiane [nnɛyi] nneɛma a ɛmma asetra nyɛ den nti, wɔnkɔɔ anyina, mpaee gya, nkɔɔ nsu, anaa wɔnhwɛɛ nguan da te sɛ wɔn nananom. Wɔmmoa mma yɛnhwehwɛ abusua no asetrade sɛnea mmofra yɛe bere tenten ni no.” Ɔde baa awiei sɛ: “Yɛrentumi nkwati asetra mu nsɛnnennen a ɔkwan biara so no ebenya yɛn mma so nkɛntɛnso no. Yɛrentumi nyi yɛn mmusua, anaa yɛn atrae no mfi wiase no mu nnipa a aka no mu, na saa ara nso na yɛrentumi nsan nkɔfa yɛn nananom asetra kwan no bio.”
Ɛhɔ na Amerikafo Ankasa no haw wɔ—sɛnea wobekura wɔn abusua mu amammerɛ ahorow ne gyinapɛn soronko mu, na bere koro no ara wɔayɛ nsakrae ma ɛne wiase a ɛredan no ahyia.
Nnubɔne ne Nsã a Wɔko Tia
Ɛde besi nnɛ no, sadweamyɛ sɛe Amerikafo Ankasa no asetra. Oduruyɛfo Lorraine Lorch a ɔde mfirihyia 12 ahwɛ Hopifo ne Navajofo mmofra ne mpanyin nyinaa yare no kae wɔ nsɛm bi a Nyan! kyerɛwfo bisabisaa no mu sɛ: “Sadweamyɛ yɛ ɔhaw kɛse ma mmarima ne mmea nyinaa. Nnipa a wɔn ho yɛ den nya mmerɛbo mu yare, wohyia akwanhyia wu, wokum wɔn ho, na wodi wɔn ho awu. Ɛyɛ awerɛhow sɛ wubehu sɛ sadweamyɛ ho hia wɔn sen wɔn mma, ahokafo, ne Onyankopɔn mpo. Ɔserew dan su, na odwo dan basabasayɛ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Seesei ɛtɔ mmere bi a, wɔde asabow ne nguamansɛm gu guasodeyɛ ahorow bi a bere bi na Navajofo ne Hopifo bu no kronkron mpo ho fĩ. Nsã sɛe nnipa a wɔn ho yɛ fɛ yi akwahosan, wɔn nyansa, sɛnea wotumi bɔ wɔn tirim yɛ ade, ne wɔn nipasu ankasa.”
Philmer Bluehouse, ɔpatafo bi a ɔwɔ Navajo man no Atemmu Asoɛe wɔ Window Rock, Arizona no kaa nnubɔne nom ne sadweamyɛ ho asɛm no sɛe no koraa sɛ ade a “wɔde yɛ wɔn ho aduru.” Suban bɔne yi kata awerɛhow so na ɛboa obi ma oguan asetra yayaayaw a adwuma nnim na mpɛn pii no, atirimpɔw biara nnim no.
Nanso, Amerikafo Ankasa pii atumi adi nsã “bɔne” a aborɔfo de bae no so na wɔabɔ mmɔden adi nnubɔne nom a ɛka obi hɔ no so. Ɛho nhwɛso abien ne Clyde ne Henrietta Abrahamson a wofi Spokane Indiafo Atrae a ɛwɔ Washington Mantam mu no. Clyde yɛ onipa pipiripi a ne ti nhwi ne n’aniwa biri. Ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo no sɛ:
“Yenyinii wɔ atrae hɔ na yɛde yɛn nkwa nna mu dodow no ara traa hɔ, na afei yetu kɔɔ kɔlege wɔ Spokane kuropɔn mu. Yɛn ani anye yɛn asetra kwan a na adan asanom ne nnubɔnenom no ho. Asetra kwan a na yenim ara ni. Yenyinii a na yɛn ani nye nkɛntɛnso ahorow abien yi ho esiane ɔhaw ahorow a na ɛde aba yɛn abusua mu a yɛn ani tua no nti.
“Afei yebehuu Yehowa Adansefo. Ná yɛntee wɔn nka da kosii sɛ yɛkɔɔ kuropɔn no mu. Yɛanya nkɔso ntɛmntɛm. Gyama gye a na yennye ahɔho nni, titiriw aborɔfo, no ntia. Yɛde bɛyɛ mfirihyia abiɛsa yɛɛ Bible adesua a na ɛntoatoa so. Suban a na ɛyɛ den ma me sɛ megyae paa ne wiinom. Ná manom fi bere a midii mfe 14, na midii mfe 25 ansa na mebɔɔ mmɔden sɛ megyae nom. Mede me mmerantebere mu fã kɛse no ara bowee. Wɔ 1986 mu no, mekenkanee asɛm a ɛwɔ May 8, Nyan! mu a ekura asɛmti, “Obiara Nom Marijuana—Dɛn Nti na Ɛnsɛ sɛ Menom?” Ɛma misusuw nyansa a enni wiinom mu no ho—titiriw bere a mekanee Mmebusɛm 1:22 a ɛka sɛ: “Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akosi? Na afɛwdifo bɛpɛ fɛwdi, na nkwasea akyi nimdeɛ?” no.
“Migyaee nom, na wɔ 1986 osutɔbere mu no, mewaree Henrietta. Wɔbɔɔ yɛn asu wɔ November 1986 mu. Mebɛyɛɛ asafo mu panyin wɔ 1993 mu. Wɔbɔɔ yɛn mmabea baanu no nyinaa asu sɛ Adansefo wɔ 1994 mu.”
Kyakyatow Ne Ano Aduru?
Ná kyakyatow adwuma biara nni hɔ a ɛyɛ Indiani de wɔ United States wɔ 1984 mu. Sɛnea The Washington Post ka ho asɛm no, afe yi, mmusua 200 wowɔ kyakyatow nnwuma 220 wɔ nkurow 24 mu. Wɔn a wɔn ho nni asɛm koraa wɔ eyi mu ne Navajofo ne Hopifo a ɛde besi seesei no wɔabɔ mmɔden atwe wɔn ho afi dwumadi yi mu no. Nanso, so kyakyatow ne loto adan ne ɔkwan a wɔn a wɔte atrae hɔ no bɛfa so anya wɔn ho na wɔanya nnwuma pii ayɛ? Philmer Bluehouse ka kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo no sɛ: “Kyakyatow yɛ nkrante anofanu. Asɛmmisa no ne sɛ, Ɛbɛboa nnipa pii asen sɛnea epira no?” Amanneɛbɔ bi ka sɛ Indiafo kyakyatow adan ama nnipa 140,000 anya adwuma ayɛ wɔ ɔman no mu baabiara, nanso ɛka sɛ emu ɔha mu nkyem 15 pɛ na ɛhyɛ Indiafo nsa.
Cheyenne hene Hart kaa n’adwene kyerɛɛ Nyan! kyerɛwfo no wɔ sɛnea kyakyatow nya wɔn a wɔte atrae hɔ no so nkɛntɛnso no ho. Ɔkae sɛ: “M’adwene nsi pi. Nea eye wɔ ho ara ne sɛ ɛma mmusua no nya nnwuma yɛ na wonya sika. Ɔkwan foforo so no, mahu sɛ wɔn a wɔtow no dodow no ara yɛ yɛn ankasa nkurɔfo. Nnipa bi a minim wɔn ntumi nyae kyakyatow, na wofi fie ntɛm kɔ hɔ ansa na mmofra mpo apɔn sukuu aba fie. Na eyinom bɛyɛ apon ano ahwɛfo wɔ fie kosi sɛ wɔn awofo befi kyakyatow ase aba.”
“Nea ɛhaw adwene titiriw ne sɛ mmusua no susuw sɛ wɔbedi na wɔanya sika pii. Wɔntaa nni; wodi nkogu. Mahu wɔn sɛ wɔahyew sika a wɔde asie sɛ wɔde bedi gua anaa wɔde bɛtotɔ ntade ama mmofra no.”
Dɛn na Ɛbɛba Daakye?
Tom Bahti kyerɛkyerɛ mu sɛ akwan ahorow abien na wobetumi afa so aka Kesee fam Atɔe mmusua no daakye ho asɛm. “Nea edi kan no ka to hɔ pefee sɛ Amerikafo asetra bɛma ɛhɔfo amammerɛ ayera. Nea ɛto so abien no mu nna hɔ papa . . . Ɛka amammerɛ a ebedi afra ho nsɛm kakraa bi, na ɔkyerɛ sɛ ‘tete amammerɛ a eye ne nnɛyi de a eye’ a wɔbɛka abom a nyansa wom bɛba, amammerɛ fɛfɛ a edi mu a ebetumi ama Indiani akɔ so akura tete adwinni nyansa mu, na ne som ayɛ anika, na ne nyansapɛ mu adɔ—nanso wɔbɛkɔ so anya ntease wɔ wɔne yɛn nsenni mu (yɛn [aborɔfo] amammerɛ no) na wɔate nsɛm ase te sɛ yɛn.”
Afei Bahti bisa asɛm bi. “Yɛrentumi nkwati nsakrae, nanso hena na ɔbɛsakra, na atirimpɔw bɛn nti? . . . Yɛn [aborɔfo] wɔ su bɔne bi a ɛne sɛ yebu nnipa afoforo nyinaa sɛ Amerikafo a wɔn ani mmuei. Yɛfa no sɛ ɛsɛ sɛ wɔn asetra kwan no fono wɔn na wɔde ahopere gye yɛn asetra kwan ne yɛn nsusuwii tom.”
Ɔtoa so sɛ: “Ade biako da adi pefee—Amerika Indiafo no ho asɛm no ntwae, nanso ɔkwan a ɛbɛfa so aba awiei anaasɛ sɛ́ ɛbɛba awiei koraa no, yennim. Bere da so ara wɔ hɔ a gyama yebetumi afi ase asusuw Indiafo aman a aka no ho sɛ beae a yebetumi anya amammerɛ mu nimdeɛ a ɛsom bo, sen sɛ yebebu wɔn sɛ nnipa a wɔhaw adwene wɔ asetram kɛkɛ.”
Asetra Wɔ Wiase Foforo a Biakoyɛ ne Atɛntrenee Wom Mu
Yehowa Adansefo nam nea Bible ka so nim nea daakye betumi akyerɛ ama Amerikafo Ankasa ne nnipa a wofi aman, mmusua ne kasa horow nyinaa mu. Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ “ɔsoro foforo ne asase foforo.”—Yesaia 65:17, NW; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1, 3, 4.
Saa bɔhyɛ no nkyerɛ okyinnsoroma foforo. Sɛnea Amerikafo Ankasa no nim yiye no, sɛ wɔhwɛ asase yi yiye kyerɛ obu wɔ ho a, ɛyɛ ade a ɛyɛ fɛ. Bible nkɔmhyɛ twe adwene si ɔsoro nniso foforo a ɛbɛba abesi adesamma adifudepɛ nniso no ananmu mmom so. Wɔbɛdan asase no paradise a kwae, nsasetaw, nsubɔnten ne wuram mmoadoma nyinaa bɛsan aba bio. Nnipa nyinaa bɛtra asase so abom a pɛsɛmenkominya nnim. Adifudepɛ ne anibere befi hɔ. Nnuan pa ne nnwuma pa bebu so.
Na bere a awufo asɔre no, wobeyi ntɛnkyea a atwam no nyinaa afi hɔ. Yiw, Anasazi (Navajo asɛmfua ma “tetefo”) no mpo, Pueblo Indiafo a wɔte Arizona ne New Mexico no nananom, bɛsan aba abenya hokwan sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase a wɔasan asiesie no so ha. Afei nso ebia akannifo a wɔagye din wɔ Indiafo abakɔsɛm mu—Geronimo, Sitting Bull, Crazy Horse, Tecumseh, Manuelito, Chief Joseph ne Seattle—ne afoforo pii bɛsan aba bio wɔ owusɔre a wɔde ahyɛ bɔ no mu. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Hwɛ anidaso a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn ne wɔn a wɔsom no seesei no nyinaa bɔ!
[Kratafa 15 mfonini]
Navajofo dan a wɔde dua ne dɔte asi
[Kratafa 15 mfonini]
Crazy Horse nsɛso, a ɛso na wɔhwɛ yɛɛ anwenne a ɛwɔ bepɔw a ɛwɔ akyi hɔ no so
[Asɛm Fibea]
Mfonini a Robb DeWall twae, Crazy Horse Memorial Foundation (nonprofit), na wɔmaa ho kwan
[Kratafa 15 mfonini]
Hopi ne Navajo Adansefo a wɔwɔ Keams Canyon, Arizona, no hyiam wɔ Ahenni Asa a anka ɛyɛ aguadibea yi so
[Kratafa 16 mfonini]
Anasazi atrae fi bɛboro mfirihyia 1,000 a atwam ni (Mesa Verde, Colorado)
[Kratafa 16 mfonini]
Geronimo (1829-1909), Apache hene a wagye din
[Asɛm Fibea]
Mercaldo Archives/Dictionary of American Portraits/Dover, na wɔmaa ho kwan