Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 9/8 kr. 7-12
  • Sɛnea Wɔn Asetra Sesae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wɔn Asetra Sesae
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biakoyɛ a Ɛkowiee Ntawntawdi Mu
  • “Ntawntawdi Akɛse”
  • Nea Ekum Nnipa Sen Biara
  • Dɛn na Ɛbaa Apam Ahorow no So?
  • “Ɔkwan Tenten” Twa ne Nusu Kwan
  • Wɔn Daakye Ne Dɛn?
    Nyan!—1996
  • Amerikafo Ankasa ne Bible No
    Nyan!—1999
  • Amerikafo Ankasa—Bere Bi Awiei
    Nyan!—1996
  • Ɛhe na Wofi Bae?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 9/8 kr. 7-12

Sɛnea Wɔn Asetra Sesae

MFE pii na wɔde nsɛm “Ɔkwan a wɔfaa nyaa Atɔe fam” kaa United States ho asɛm. Wɔn a wɔbaa Hollywood sini ahorow mu yɛ aborɔfo atubrafo a wɔnam Amerika nsasetaw ne mmepɔw so a John Wayne so asraafo ne Apɔnkɔsotefo atubrafo ka wɔn ho a wɔne Indiafo anuɔdenfo a wokurakura akuma dii ako. Wɔkyerɛe sɛ bere a aborɔfo no rehwehwɛ asase ne sika no, na Kristofo asɔfo ne asɛnkafo regye akra.

Wɔn a wofi hɔ ankasa, nkurɔfo a wofi Amerika ankasa no ka saa abakɔsɛm no ho asɛm dɛn? The Native Americans—An Illustrated History nhoma no ka sɛ bere a Europafo duu hɔ no, “wɔhyɛɛ” Indiafo “ma wogyinaa adifudepɛfo atirimɔdenfo a wɔsen biara a wɔahyia wɔn pɛn a wɔbaa wɔn asetra mu nhyɛso ano: Europa aborɔfo ntuafo no.”

Biakoyɛ a Ɛkowiee Ntawntawdi Mu

Mfitiase no, wɔn a wofi hɔ ankasa no daa ayamye ne biakoyɛ adi kyerɛɛ Europafo a wodii kan baa Amerika Kusuu fam Apuei no pii. Kyerɛwtohɔ biako ka sɛ: “Sɛ ɛnyɛ Powhatanfo no mmoa so a, anka Britaniafo a na wɔn atrae wɔ Jamestown, Virginia, Engiresi atubraman a edi kan wɔ Atɔe Fam no, antumi annyina awɔw bere a edi kan a ano yɛ den wɔ afe 1607-08 mu no ano. Saa ara nso na sɛ ɛnyɛ Wampanoagfo mmoa so a, anka Akwantufo atubraman a na ɛwɔ Plymouth, Massachusetts no dii nkogu.” Ɛhɔfo no bi kyerɛɛ atubrafo no sɛnea wosiesie asase no na wodua so nnɔbae. Na sɛ ɛnyɛ Shoshoneni bea Sacagawea mmoa so ne ne ho a ɔde gyee nsɛm mu a, anka ɛbɛyɛ dɛn na Lewis ne Clark kwan a wotu de kɔhwehwɛɛ nsase so wɔ 1804-06 mu—sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ɔkwan a wɔbɛfa so atu kwan afi Louisiana Asasesin mu akɔ nea wɔfrɛ hɔ Oregon Country—no ayɛ yiye? Ná ɔyɛ wɔn “asomdwoe ho kamafo” bere a wɔne Indiafo hyiaa anim ne anim no.

Nanso, esiane ɔkwan a Europafo no faa so yɛɛ asase no so adwuma ne aduan a ɛho yɛɛ na no nti, nnipa pii tu a wotu baa Amerika Kusuu fam hɔ no de ntawntawdi baa ahɔho ne ɛhɔfo no ntam. Canadani abakɔsɛm kyerɛwfo Ian K. Steele kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ afeha a ɛto so 17 mu no, na Narragansettfo 30,000 na ɛwɔ Massachusetts. Bere a wɔn hene Miantonomo “huu asiane ho mpopoe no, . . . ɔpɛe sɛ ɔtrɛw ɔne Mohawkfo apam no mu na ama wɔanya Amerika-Indiafo nyinaa asɔretiafo kuw.” Wɔka sɛ ɔka kyerɛɛ Montaukfo wɔ 1642 mu sɛ: “[Ɛsɛ sɛ] yɛyɛ biako sɛnea [Engiresifo no] yɛ biako no, anyɛ saa a, ɛrenkyɛ, yɛn nyinaa ase bɛhyew, efisɛ munim sɛ na yɛn agyanom wɔ aforote ne mmoa nhoma pii, na aforote abu so wɔ yɛn asasetaw so, sɛnea na nnua ne [krakum] abu so no, na na mpataa ne nkokɔ nyɛ na wɔ yɛn mmonhwa mu. Nanso bere a Engiresifo yi nyaa yɛn asase yi wiei no, wɔde wɔn kantankrakyi twaa sare no, na wɔde nkuma buu nnua no; wɔn anantwi ne apɔnkɔ we sare no, na wɔn mprako sɛe asukɔn a adɔde wɔ hɔ no, enti ɔkɔm bekunkum yɛn nyinaa.”—Warpaths—Invasions of North America.

Miantonomo mmɔden a ɔbɔe sɛ ɛbɛtew Amerikafo Ankasa fekuw no ankosi hwee. Wɔ abusua ntam akodi bi mu wɔ 1643 mu no, Chief Uncas a ofi Mohegan abusuakuw mu no kyeree no, na ɔdan no maa Engiresifo no sɛ otuatewfo. Engiresifo no antumi amfa mmara kwan so ammu Miantonomo fɔ ankum no. Wɔhwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so a eye ma wɔn. Steel toa so sɛ: “Bere a wɔantumi ankum [Miantonomo] a na ɔnhyɛ atubraman no mu biara ase no, aban ananmusifo no maa Uncas kum no, maa Engiresifo dii ho adanse sɛ wɔadi ho dwuma.”

Ɛnyɛ ntawntawdi a na ɛtaa kɔ so wɔ atubrafo ntuafo no ne wɔn a wofi hɔ no ntam nko na eyi ma yehu, na mmom apereperedi a ɛde nnipakum ba ne nnaadaa a na ɛwɔ mmusua no nso ntam no, a na ɛwɔ hɔ mpo ansa na aborɔfo no beduu Amerika Kusuu fam no. Ná mmusua no bi wɔ Britaniafo afã wɔ wɔne Fransefo akodi a wɔde peree atubradi wɔ Amerika Kusuu fam no mu, na afoforo gyinaa Fransefo no akyi. Ɛmfa ho ɔfã a edii nkogu no, mmusuakuw no nyinaa hweree ade.

“Ntawntawdi Akɛse”

Adwene a obi kura wɔ Europafo ntua no ho biako ni: “Nea mpɛn pii no India aman akannifo no ante ase kosi sɛ ɛkaa akyi dodo ne sɛnea na Europafo bu Indiafo no. Ná wɔnyɛ aborɔfo anaa Kristofo. Na nnipa pii bu wɔn ahamufo—mmoa ne agyimfo—nnipa a wonni nkate a wɔn ho yɛ hu a wɔsɛ sɛ wɔtɔn wɔn sɛ nkoa.” Saa ahomaso su yi nyaa mmusuakuw no so nkɛntɛnso bɔne.

Ná Amerikafo Ankasa no nte Europafo no nsusuwii ase. Sɛnea Navajo fotufo Philmer Bluehouse kae wɔ nsɛm bi a Nyan! kyerɛwfo bisabisaa no nnansa yi mu no, ná “wɔn ntease akyea koraa.” Ɛhɔfo no ammu wɔn amanyɔ no sɛ ɛba fam, na mmom, sɛ ɛyɛ soronko, na ekura gyinapɛn soronko koraa. Sɛ nhwɛso no, na asase a wɔtɔn no yɛ ade foforo koraa ma Indiafo no. Mframa, ahum, ne nsu betumi ayɛ obi de ma watɔn? Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔtɔn asase? Ná ɛda hɔ ma obiara. Enti na Indiafo nnye nsase ho ban.

Bere a Britaniafo, Spaniafo, ne Fransefo beduu hɔ no, nea wɔaka ho asɛm sɛ “amammerɛ soronko abien a ehyiam ma ɛde basabasayɛ ba” no bae. Ná wɔn a wofi hɔ no yɛ nnipa a wɔde mfehaha pii ahu sɛnea wɔbɛtra ase ma ɛne asase no ne nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no ahyia, na wonim ɔkwan a wɔbɛfa so atra so a ɛmfa ɔhaw biara mma. Nanso ankyɛ na aborɔfo no fii ase buu wɔn a wofi hɔ no sɛ wɔyɛ abɔde a wɔn ani mmuei a wɔn ho yɛ hu—bere a na wɔn werɛ afi atirimɔden kwan a wɔnam so dii wɔn so no koraa! Wɔ 1831 mu no, Franse abakɔsɛm kyerɛwfo Alexis de Tocqueville bɔɔ aborɔfo adwene titiriw a na wɔwɔ wɔ Indiafo ho no mmua sɛ: “Onyankopɔn ammɔ wɔn sɛ wɔn ani mmue; ehia sɛ wowuwu.”

Nea Ekum Nnipa Sen Biara

Bere a atubrafo dɔɔso wɔ atɔe fam wɔ Amerika Kusuu fam no, nsɛmmɔnedi toatoaa so. Enti sɛ́ ɛyɛ Indiafo anaa Europa ntuafo no na wofii ntua no ase no, afaanu no nyinaa dii nsɛmmɔne. Na wosuro Indiafo no esiane sɛ na wonim wɔn sɛ wɔyɛ atwitwatiri, adeyɛ a ebinom gye di sɛ wosua fii Europafo a na wɔma wɔn akyɛde de gye ti kwankoraa no hɔ, nti. Nanso na Indiafo no reko ntɔkwaw hunu tia wɔn a wɔsen wɔn—wɔ dodow ne akode mu. Mpɛn pii no, nea ɛkowiei ne sɛ mmusuakuw gyaw wɔn nsase hɔ anaasɛ wowuwui. Ná ɛtaa yɛ abien no nyinaa—wogyaw wɔn nsase hɔ na afei wokunkum wɔn anaa nyarewa ne ɔkɔm ma wowuwui.

Nanso, ɛnyɛ owu a wowuwui wɔ akono no ne ade a ɛtɔree ɛhɔfo mmusua no ase kɛse. Ian K. Steele kyerɛw sɛ: “Ɛnyɛ tuo, ɔpɔnkɔ, Bible, anaa Europa ‘anibue’ ne akode a ano yɛ nam sen biara wɔ Amerika Kusuu fam ntua no mu. Ná ɛyɛ nsanyare.” Ɛdefa nkɛntɛnso a na Apue Fam nyarewa nya wɔ Amerikafo so no ho no, Patrica Nelson Limerick, abakɔsɛm ho adesua mu ɔbenfo, kyerɛwee sɛ: “Bere a wɔde kɔɔ Atɔe Fam no, nyarewa koro yi ara [a egyee Europafo mfehaha pii ansa na wɔretumi agyina ano]—borompete, ntoburo, influensa, atiridiinini, asram, typhus, nsamanwaw, ne nea ɛsen ne nyinaa no, mpete—yɛ nea wɔantumi annyina ano. Nnipa a ekunkum wɔn wɔ nkuraase no kɔɔ soro ara koduu ɔha mu nkyem 80 anaa 90.”

Russell Freedman ka mpete yare a ɛhyetae wɔ 1837 mu ho asɛm. “Mandanfo na edii kan kaa wɔn, na ɛno akyi na ɛkaa Hidatsafo, Assiniboinfo, Arikarafo, Siouxfo, ne Blackfeetfo toatoaa so.” Ɛkaa kakra na anka Mandanfo no ase rehyew. Ade a na wɔn dodow si bɛyɛ 1,600 wɔ 1834 mu no, wɔn so tew beduu 130 wɔ 1837 mu.

Dɛn na Ɛbaa Apam Ahorow no So?

Ɛde besi nnɛ no, ɛnyɛ den mma mmusua panyin sɛ wɔbɛbobɔ nna a U.S. aban no ne wɔn agyanom de wɔn nsa hyɛɛ apam ahorow no ase wɔ afeha a ɛto so 19 no mu. Nanso dɛn ankasa na apam horow yi de bae? Mpɛn pi no na wogye wɔn asase pa no fi wɔn nsam na wotwa asase bonini ma wɔn ma aban hwɛ wɔn so.

Sɛnea wobuu mmusua a wofi hɔ no animtia no ho nhwɛso ne asɛm a ɛfa Iroquoifo aman (fi apuei kosi atɔe, Mohawk, Oneida, Onondaga, Cayuga, ne Seneca) ho no, bere a Amerika atubrafo no dii Britaniafo so nkonim wɔ ahofadi ho akodi a ɛbaa awiei wɔ 1783 mu no. Sɛnea Alvin Josephy Kumaa kyerɛ no, ná Iroquoifo no agyina Britaniafo afã, na akatua a wonyae ara ne gyaw a wogyaw wɔn ne atɛnnidi. Ná Britaniafo “abu wɔn ani agu [Iroquoifo no] so, adan wɔn nsase no so tumidi ama United States.” Ɔde ka ho sɛ asase ho aguadifo adifudepɛfo akuw ne aguadifo mfasopɛfo ne Amerika aban no ankasa mpo, hyɛɛ “Iroquoifo mpo a wogyinaa atubrafo no afã ma wotiaa Britaniafo no so.”

Bere a wɔfrɛɛ apam ho nhyiam bi wɔ 1784 mu no, James Duane, kan nanmusifo ma Asasepɔn Mmarahyɛ Bagua Boayikuw a Ɛhwɛ Indiafo Nsɛm So no, tuu aban nkurɔfo no fo sɛ “wɔmmrɛ ahotoso biara a Iroquoifo wɔ no ase denam hyɛ a wɔbɛhyɛ da ne wɔn adi sɛ nnipa a wɔba fam no so.”

Wodii n’ahantan nyansahyɛ no akyi. Wɔfaa Iroquoifo no bi nnommum na wɔnam owu ho ahunahuna so ne wɔn yɛɛ “nhyehyɛe.” Ɛwom sɛ wobuu wɔn ho sɛ nnipa a wɔanni nkogu wɔ ɔko mu de, nanso na ɛsɛ sɛ Iroquoifo no gyae wɔn asase a ɛda New York atɔe fam ne Pennsylvania no nyinaa mu na wogye nsase nketewa a wogyaw maa wɔn wɔ New York Mantam mu no.

Akwan a ɛte saa ara so na wɔne ɛhɔ mmusuakuw no dodow no ara dii nsɛm. Josephy ka nso sɛ Amerika mpanyimfo nam “adanmudegye, ahunahuna, nsã, ne atoro ananmusifo a wɔde wɔn yɛɛ adwuma sɛnea wɔpɛ, so bɔɔ mmɔden sɛ wobegye nsase afi Delawarefo, Wyandotfo, Ottawafo, Chippewafo [anaa Ojibwafo], Shawneefo, ne Ohio aman foforo nsam.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere tiaa bi akyi no, Indiafo no hweree ahotoso a na wɔwɔ wɔ aborɔfo ne wɔn bɔhyɛ hunu mu no.

“Ɔkwan Tenten” Twa ne Nusu Kwan

Bere a Amerika Ɔmanko (1861-65) pae gui no, ɛfaa asraafo fii Navajo man a na ɛwɔ Kesee fam Atɔe no. Navajofo no de bere tiaa mu ahotɔ bere yi to hyɛɛ Amerikafo ne Mexicofo atrae a ɛwɔ Rio Grande Bon mu wɔ New Mexicofo asasesin mu no so. Aban no de Sraani Panyin Kit Carson ne ne New Mexicofo Asraafo a Wɔatu Wɔn Ho Ama no kɔɔ hɔ sɛ wɔnkɔbrɛ Navajofo no ase na wontu wɔn nkɔ asase bonini bi a wɔfrɛ hɔ Bosque Redondo no so. Carson nam asase no so nnuan ne ahiade a ɔsɛee no so kyee Navajofo no yam kɔm de pamoo wɔn fii Canyon de Chelly, a ɛhɔ yɛ fɛ yiye wɔ Arizona kusuu fam apuei no. Ɔsɛe nnua a ɛsow aba bɛboro 5,000 mpo.

Carson boaboaa nnipa bɛyɛ 8,000 ano na ɔhyɛɛ wɔn ma wotwaa “Kwan Tenten” a ɛbɛyɛ akwansin 300 kɔɔ Bosque Redondo nneduaban mu wɔ Fort Sumner, New Mexico. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Ná wim ayɛ nwini yiye, na nnommumfo a na wɔnhyɛ ntade pa na wɔannya aduan a ɛsɛ no pii wuwui wɔ kwan so.” Na asase no so tebea nye koraa. Guankɔbea a na wɔrehwehwɛ no maa Navajofo no tutuu amoa wɔ fam. Bere a aban huu mfomso kɛse a edii wɔ 1868 mu no, ɛmaa Navajofo no nananom asase no mu hama ɔpepem 3.5 wɔ Arizona ne New Mexico. Wɔsan kɔe, nanso hwɛ brɛ a wɔma wɔbrɛe ansa!

Wɔ 1820 ne 1845 ntam no, wɔpamoo Choctawfo, Cherokeefo, Chickasawfo, Creekfo, ne Seminolefo fii wɔn nsase so wɔ Kesee fam Atɔe na wɔma wotwaa kwan faa atɔe fam, traa Mississippi Asubɔnten no kɔɔ akyirikyiri baabi a seesei wɔfrɛ hɔ Oklahoma no. Wɔ awɔw tebea a na ano yɛ den mu no, pii wuwui. Ɔkwan a wɔhyɛɛ wɔn ma wotwa kɔɔ atɔe fam no begyee dimmɔne sɛ Nusu Kwan.

Ntɛnkyea a wobuu Amerikafo Ankasa no yɛ nea nsɛm a Amerikani sraani panyin George Crook a na wataa Siouxfo ne Cheyennefo wɔ kusuu fam kae no di ho adanse. Ɔkae sɛ: “Wontie Indiafo afã wɔ asɛm mu da. . . . Sɛ [Indiafo] no keka wɔn ho a, ɔmanfo nyinaa dan wɔn ani ba Indiafo, wɔn nsɛmmɔnedi ne atirimmɔdensɛm nkutoo so kasa tia, bere a nkurɔfo a ɛnam wɔn ntɛnkyea so na ɛmaa wɔyɛɛ saa no fa wɔn ho di . . . Obiara nnim nokwasɛm yi nsen Indiafo no, enti wodi bem sɛ wosusuw sɛ atɛntrenee biara nni aban a ɛde asotwe nkutoo na ɛba wɔn so, bere a ɛma aborɔfo kwan ma wɔfow wɔn sɛnea wɔpɛ no mu.”—Bury My Heart at Wounded Knee.

Amerikafo Ankasa no asetra te dɛn nnɛ, bere a Europa de bɛboro mfirihyia ɔha adi wɔn so akyi no? So wɔn ase bɛhyew esiane sɛ wɔadi afra nti? Daakye ho anidaso bɛn na wɔwɔ? Asɛm a edi hɔ no besusuw eyinom ne nsɛmmisa foforo ho.

Adaka wɔ kratafa 9]

Asetra a Emu Yɛ Den Ma Mmea No

Wɔ mmusua pii mu no, bere a na mmarima no yɛ abɔmmɔfo ne akofofo no, mmea no yɛɛ nnwuma a mmofra hwɛ, aba dua ne ne twa ne ne siw ka ho. Colin Taylor kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asasetaw no so mmea adwuma titiriw ne sɛ . . . wɔbɛhwɛ fie, awo mma, na wɔanoa aduan. Wɔ mmeae a na wɔyɛ kua no, wɔdɔw mfuw nso, . . . na wɔ atɔe fam mmusua a wodi atutra yɛ ɛkoɔ ho ha no fam no, wɔboa ma woguaa mmoa no, de nam no baa nsraban mu, na afei wosiesiee nam no ma woyii aboa nhoma no ma wɔde dii dwuma akyiri yi.”—The Plains Indians.

Ɛdefa Apachefo ho no, nhoma foforo nso ka sɛ: “Ná afumdwuma yɛ mmea adwuma, na na biribiara nni ho a ɛma ɛyɛ adwuma fõ. Ná mmarima no boa, nanso na mmea no na wɔn ani kũ kuadwuma ho kɛse sen mmarima no. . . . Bere nyinaa na mmea nim sɛnea wɔyɛ kuayɛ ho amanne ahorow. . . . Mmea pii bɔɔ mpae bere a wɔregugu asase no so nnɔbae so no.”—The Native Americans—An Illustrated History.

Mmea nso na wosii adan a wɔde bere tiaa bi na ɛtra mu a wɔfrɛ no tepees a na ɛtaa di bɛyɛ mfe abien no. Wɔn na na wosi, na bere a ɛsɛ sɛ abusua no tu no, na wotutu. Akyinnye biara nni ho sɛ mmea no faa asetra a emu yɛ den mu. Nanso saa ara nso na ɛte wɔ mmarima no fam, sɛ́ wɔn a wɔhwɛ abusua no so no. Ná wobu mmea no, na na wɔwɔ hokwan ahorow pii. Wɔ mmusua bi te sɛ Hopifo mu no, mmea na agyapade hyɛ wɔn nsa de besi nnɛ mpo.

[Kratafa 10 adaka/mfonini]

Aboa Bi a Ɔsakraa Wɔn Asetra

Europafo de aboa bi baa Amerika Kusuu fam na ɔbɛsakraa mmusua pii asetra kwan—ɔpɔnkɔ. Spaniafo na wodii kan de apɔnkɔ baa asasepɔn no so wɔ afeha a ɛtɔ so 17 no mu. Sɛnea Europafo a wɔbaa hɔ no behui no, Amerikafo Ankasa no bɛyɛɛ apɔnkɔsotefo a wɔn ho akokwaw yiye a wɔtra pɔnkɔ so a wɔmfa hwee nhyɛ n’akyi ansa. Sɛ wɔn a wofi hɔ no te apɔnkɔ so a, ɛkoɔ ahayɔ nyɛ den mma wɔn koraa. Ná ɛyɛ mmerɛw sɛ atutrafo mmusua no betumi afow mmusua a wɔne wɔn te faako wɔ nkuraase no awia wɔn mmea ne wɔn nkoa.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 7]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mmeae a Amerika Kusuu fam mmusua no bi trae wɔ afeha a ɛto so 17 no mu

Kutenai

Spokan

Nez Perce

Shoshone

Klamath

Paiute Kusuu fam

Miwok

Yokuts

Serrano

Mohave

Papago

Blackfoot

Flathead

Crow

Cheyenne

Ute

Arapaho

Jicarilla

Hopi

Navajo

Apache

Mescalero

Comanche

Lipan

Cree Asasetaw

Assiniboin

Hidatsa

Mandan

Arikara

Yanktonai

Teton

Sioux

Yankton

Pawnee

Oto

Kansa

Kiowa

Osage

Quapaw

Caddo

Wichita

Atakapa

Tonkawa

Santee

Iowa

Missouri

Illinois

Chickasaw

Alabama

Choctaw

Creek

Timucua

Ojibwa

Sauk

Fox

Kickapoo

Miami

Shawnee

Cherokee

Catawba

Powhatan

Tuscarora

Delaware

Erie

Susquehanna

Potawatomi

Iroquois

Huron

Ottawa

Algonquian

Sokoki

Massachuset

Wampanoag

Narragansett

Mohegan

Montauk

Abnaki

Malecite

Micmac

Indiani: Adwinni a wɔhwɛɛ mfonini a Edward S. Curtis twae so yɛe; Amerika Kusuu fam: Mountain High Maps® Copyright © 1995 Digital Wisdom, Inc.

[Kratafa 8 mfonini ahorow]

Ade a Navajofo anwene no fɛfɛɛfɛ ne agude

[Kratafa 11 mfonini]

Canyon de Chelly, beae a wofii “Kwan Tenten” no ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena