Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 5/8 kr. 30
  • Amerikafo Ankasa ne Bible No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amerikafo Ankasa ne Bible No
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Henanom na Wɔadi Mu Akoten?
  • Wɔn Daakye Ne Dɛn?
    Nyan!—1996
  • Sɛnea Wɔn Asetra Sesae
    Nyan!—1996
  • Ɛhe na Wofi Bae?
    Nyan!—1996
  • Amerikafo Ankasa—Bere Bi Awiei
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 5/8 kr. 30

Amerikafo Ankasa ne Bible No

EFI bere a Europafo kɔfaa Amerika asase no, wɔn mu pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ Amerikafo Ankasa no Bible no.

Efi afeha 17 mu no, wɔakyerɛ Bible no nyinaa ase kɔ Amerika Atifi fam Indiafo kasa asia mu. Na nea edi kan no ne John Eliot Bible a wotintimii wɔ 1663 mu maa Massachusett Indiafo a wɔte Boston ne Roxbury, Massachusetts, no. Harvey Markowitz ka wɔ Encyclopedia of North American Indians mu sɛ: “Ɛwom sɛ ɛnnɛ abakɔsɛm akyerɛwfo pii gye adwene a ɛmaa saa atubrafo yi yɛɛ apam [no], [“a ɛne ‘sɛ wɔbɛma wɔn a wɔte Wiase Foforo yi mu no ani abue’] ho kyim de, nanso mfe dunum a Eliot de suaa Massachusett kasa na ɔpɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya kasa no nkyerɛwde de akyerɛw Bible no maa ne mmɔdemmɔ daa adi pefee. Eliot buu adwumaden yi sɛ ‘ade kronkron, a na ɛsɛ sɛ wɔda osuro ne obu kɛse adi wɔ ho.’”

Ɛwom sɛ wɔkyerɛɛ Bible no fa bi ase kɔɔ Amerikafo kasa ahorow mu de, nanso mfe ahanu twaam ansa na Britania ne Amannɔne Bible Fekuw bi tumi tintim Bible mu no nyinaa wiei wɔ (1862) mu wɔ Atɔe fam Cree kasa mu. Ankyɛ koraa na wowiee nkyerɛase foforo: Apuei fam Arctic Inuit (1871); Dakota anaa Apuei fam Sioux (1880); ne Gwich’in, a ɛyɛ Amerikafo a wɔte bɛn arctic po no ho no kasa mu de, wɔ (1898) mu.

Bible nkyerɛase a wowiee no nnansa yi ara ne Navajo nkyerɛase a egyee Bible tintim fekuw abien mfe 41 ansa na wɔretintim awie wɔ 1985 mu no. Wɔakyerɛ Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no fa bi ase kɔ Indiafo kasa horow bɛyɛ 46 mu mprempren.

Henanom na Wɔadi Mu Akoten?

Markowitz ka sɛ: “Ɛda adi yiye . . . sɛ Protestantfo na wɔadi Bible nkyerɛase mu akoten kɛse.” Ɔkyerɛwfo koro no ara kae sɛ, ansa na wɔrebɛyɛ Vatican Nhyiam a Ɛtɔ so Abien (1962) no, Katolek Asɔre no “kasa tiaa Bible no a wɔbɛma asɔremma no nsa aka bi no, na na wogye di sɛ nnipa a wɔnyɛ asɔfo no nni ntetee a ɛfata a ebetumi ama wɔakyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu yiye.”

Mprempren Bible tintim fekuw ahorow rekyerɛ Bible no ase akɔ Amerikafo Ankasa a wɔtete Amerika Atifi fam no kasa bɛyɛ 20 te sɛ Cheyenne, Havasupai, Micmac, ne Zuni, mu. Wɔreyɛ Hela Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase foforo ama Navajo abusua no. Wɔreyɛ nkyerɛase afoforo ama Indiafo a wɔwɔ Amerika Mfinimfini ne Anaafo fam no.

Yehowa Adansefo nyɛ Protestantfo ahyehyɛde biara mufo. Nanso wɔrereyɛ adwuma denneennen wɔ wɔn a wɔyɛ Amerikafo Ankasa no mu, na wɔn a wɔyɛ Amerikafo Ankasa no mu pii retie Bible mu nokware a ɛfa “ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” ho no. (2 Petro 3:13) Adansefo no de Bible ahorow a wɔatintim nnansa yi wɔ Amerikafo kasa mu no redi dwuma. Afei nso, wɔde Ɔwɛn Aban Asafo no Bible ho nhoma a wɔakyerɛ ase kɔ Amerikafo Ankasa kasa pii mu te sɛ Aymara, Cree, Dakota, Guarani, Inuktitut, Iroquois, Navajo, Quechua, ne kasa afoforo akron mu no di dwuma.—Hwɛ Nyan! a ɛbaa September 8, 1996 mu no.

[Kratafa 30 mfonini]

Edin “Yehowa” no pue wɔ Navajo Bible no mu wɔ Dwom 68:4

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena