Ɛhe na Wofi Bae?
“ANSA na Columbus bae no, na edin bɛn na yɛde frɛ yɛn ho? . . . Wɔ abusua biara mu, ɛde besi nnɛ mpo no, sɛ obi nte ne yɔnko kasa mpo a, asɛmfua a yɛn mu biara de frɛ yɛn ho no kyerɛ ade koro no ara bere nyinaa. Wɔ yɛn kasa [Narrangansett] mu no, ɛyɛ Ninuog, anaa nkurɔfo no, [wɔ Navajo mu no, Diné,] nnipa. Saa na yɛfrɛɛ yɛn ho. Enti bere a [Europa] akwantufo no baa ha no, na yenim nnipa ko a yɛyɛ, nanso na yennim wɔn. Enti yɛfrɛɛ wɔn Awaunageesuck anaa ahɔho, efisɛ wɔn na na wɔyɛ amamfrafo, na wɔn na na yennim wɔn, nanso na yenim yɛn ho yɛn ho. Na yɛn na yɛyɛ nnipa no.”—Tall Oak, Narragansett abusua.
Nkyerɛkyerɛ a ɛfa baabi a Amerikafo Ankasa fi bae ho no dɔɔso.a Ná Joseph Smith, Mormonfo farebae no, ka nnipa pii a Ɔhopopofo William Penn ka ho, a wogye dii sɛ na Indiafo no yɛ Hebrifo, Israel mmusuakuw du a wɔkyerɛ sɛ wɔayera no asefo, no mu biako. Nkyerɛkyerɛmu a nnipa asetra ho animdefo dodow no ara gye tom nnɛ ne sɛ, sɛ́ wɔfaa asase kesee a ɛda nsu mu so anaa wɔde ɔkorow na ɛbae no, Asiafo mmusua tu kɔɔ nea seesei wɔfrɛ hɔ Alaska, Canada, ne United States. Ɛkame ayɛ sɛ DNA mu nhwehwɛmu mpo foa saa nsusuwii yi so.
Amerikafo Ankasa—Nea Wofi ne Wɔn Gyidi Horow
Samufo a ɔyɛ Amerikani Ankasa, Tom Hill (Senecani) ne Richard Hill, Panyin, (Tuscarorani) kyerɛw wɔ wɔn nhoma Creation’s Journey—Native American Identity and Belief mu sɛ: “Nkurɔfo a wofi hɔ no pii atetesɛm gyidi kyerɛ sɛ wɔbɔɔ wɔn fii asase no ankasa, nsu horow, anaa nsoromma mu. Nanso wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no wɔ anansesɛm bi a ɛfa asase kesee kɛse bi wɔ Bering Poka no mu a Asiafo nam so tu kɔɔ Amerika; Anansesɛm no kyerɛ sɛ na saa Asiafo yi yɛ wɔn a wofi Atɔe Fam ankasa no asefo.” Amerikafo Ankasa bi adwene mu yɛ wɔn naa wɔ aborɔfo anansesɛm a ɛfa Bering Poka ho no ho. Wɔn ani gye wɔn ankasa anansesɛm ne nkyerɛkyerɛmu no ho. Wobu wɔn ho sɛ wɔn a wofi hɔ ankasa sen sɛ atubrafo a wofi Asia bɛhwehwɛɛ hɔ.
Russell Freedman kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma An Indian Winter mu sɛ: “Sɛnea Mandanfo [abusua bi a na wɔte bɛn Missouri Asubɔnten no atifi fam] gyidi kyerɛ no, na Onipa a Odi Kan no yɛ honhom bi a ɔwɔ tumi, onyame bi. Nkwa Wura, a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no na ɔbɔɔ no teteete, sɛ ɔmmɛyɛ ntamgyinafo mma nnipa a wɔba fam ne anyame anaa ahonhom huhaa a na wɔwɔ amansan yi mu no.” Nsuyiri ho anansesɛm bi mpo ka Mandanfo gyidi ho. “Bere bi a nsuyiri kɛse bi faa wiase nyinaa no, Onipa a Odi Kan no maa nkurɔfo nyaa wɔn ti didii mu denam kyerɛ a ɔkyerɛɛ wɔn ma wosii abantenten a ɛbɛbɔ wɔn ho ban anaa ‘adaka’ a ɛbɛtɛn nsu a ayiri no ani so. Sɛ́ ade a wɔyɛ de hyɛ no anuonyam no, saa anansesɛm mu abantenten no nsɛso wɔ Mandanfo akura biara ase—kyeneduru dua a ne tenten bɛyɛ anammɔn anum a wɔde ntaboo agye ho ban.”
Ná Mandanfo no wɔ ɔsom mu sɛnkyerɛnnede bi nso, “adum tenten bi a wɔde ntakra ne nhwi adura ho, a wɔde dua a wɔaka ho tuntum a ɛyɛ hu ahyɛ atifi.” Ná eyi begyina hɔ ama hena? “Ohoni yi gyinaa hɔ maa Ochkih-Haddä, honhom bɔne bi a na ɔwɔ nnipa so nkɛntɛnso kɛse, nanso na ne tumi nnu Nkwa Wura no anaa Onipa a Odi Kan no.” Wɔ Indiafo a wɔte Asasetaw so no fam no, “na wogye ahonhom wiase no di wɔ wɔn da biara da asetram a wonnye ho kyim. . . . Na wontumi nsi gyinae titiriw biara, mfi dwumadi biara ase a wonni kan nhwehwɛ akronkronfo a wodii nnipa asetra mu nsɛm so no hɔ mmoa ne mpeneso.”
John Bierhorst kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma The Mythology of North America mu sɛ: “Wɔka sɛ ansa na wɔrenya ntɔn no, na Osagefo no kyinkyin mmeaemmeae wɔ tebea bi a wɔfrɛ no ganítha (enni mmara anaa nhyehyɛe biara so) mu. Atetesɛm kyerɛ sɛ wɔ saa tete mmere no mu no, nnipa bi a na wokura nsusuwii bi a na wɔfrɛ wɔn Nkwakoraa Nkumaa no . . . de nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ tumi bi a ɛyɛ dinn a ɛbɔ ade agye wim ne asase afa na ɛhwɛ ma nsoromma, ɔsram, ne owia no kɔ pɛpɛɛpɛ bae. Wɔfrɛɛ no Wakónda (tumi nwonwaso) anaa Eáwawonaka (nea ɔma yɛbaa nkwa mu).” Ná Zunifo, Siouxfo, ne Lakotafo a wɔwɔ Atɔe fam no nso kura adwene a ɛte saa ara. Winnebagofo no nso wɔ adebɔ ho anansesɛm a ɛfa “Asase Bɔfo” no ho. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔkae sɛ hann mmra na hann bae. . . . Afei osusuw ho na ɔkae sɛ asase mmra na asase yi bae.”
Bible suani ani begye ho sɛ obehu nsɛdi bi wɔ Amerikafo Ankasa no gyidi horow ne nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no mu, titiriw nea ɛfa Honhom Kɛse, “nea ɔma yɛbaa nkwa mu” no ho, a ɛma Onyankopɔn din Yehowa, “Nea Ɔma Biribi Yɛ Hɔ” no nkyerɛase ba adwenem no. Nsɛm foforo a edi nsɛ saa ara nso ne Nsuyiri no ne honhom bɔne a wɔfrɛ no Satan wɔ Bible mu no.—Genesis 1:1-5; 6:17; Adiyisɛm 12:9.
Amerikafo Ankasa Nyansapɛ Horow a Yɛbɛte Ase
Akyerɛwfo a wofi Amerika Ankasa, Tom Hill ne Richard Hill kyerɛkyerɛ ɔdom akyɛde ahorow anum a wɔkyerɛ sɛ Amerikafo Ankasa nya fii wɔn nananom hɔ mu. “Akyɛde a edi kan . . . ne sɛnea yenni asase no ho agoru.” Na sɛ yesusuw wɔn abakɔsɛm ho ansa na Europafo no reba hɔ ne ɛno akyi no ho a, hena na obetumi agye ho akyinnye? Wɔnam nhyɛ, nnaadaa, ne apam horow a anyɛ adwuma so de nkakrankakra gyee wɔn asase a na Amerikafo Ankasa taa bu no sɛ ade kronkron no, fii wɔn nsam.
“Akyɛde a ɛto so abien yɛ tumi ne honhom a mmoa ne yɛn nkurɔfo nyinaa wɔ no.” Obu a Amerikafo Ankasa wɔ ma mmoa no ada adi wɔ akwan pii so. Aduan, nkataho, ne atrae nkutoo nti na wɔyɛɛ ha. Ɛnyɛ nnipa a wofi hɔ no na ɛtɔree ɛkoɔ (bison) ase, na mmom aborɔfo mogyapɛfo ne adifudepɛfo no.
“Nea ɛto so abiɛsa ne ahonhom a wɔwɔ tumi a wɔyɛ yɛn abusuafo a wɔte ase a wɔnam ahoni a yɛayɛ ama wɔn no so ne yɛn di nkitaho no.” Asɛmti a ɔsom ahorow pii a ɛwɔ wiase nyinaa kyerɛkyerɛ—honhom anaa ɔkra bi a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi.b
“Nea ɛto so anan ne nim a yenim nnipa ko a yɛyɛ, a yɛnam yɛn abusua mu atetesɛm so da no adi na yɛma ɛtra hɔ no.” Ɛnnɛ akyinnye biara nni ho sɛ wobetumi ahu eyi wɔ abusua afahyɛ ahorow ase, beae a nkurɔfo hyia susuw abusua nsɛm ho, anaa wɔ aguabɔ ase, baabi a abusua asaw ne nnwonto kɔ so no. Indiafo ntade a wɔhyɛ, akyene a wɔyan no kama, asaw ahorow, abusua ne ntɔn nkabom—ne nyinaa da abusua atetesɛm adi.
“Akyɛde a etwa to ne adwinne nyansa—yɛn gyidi nam honam fam nneɛma a yetumi ma ɛdan nneɛma a ɛkanyan gyidi ne obu no so yɛ paa ara.” Sɛ́ ɛyɛ kɛntɛn nwene, nkuku nwene ne ɛho aduru a wɔka, agude ne nneɛma a wɔde siesie wɔn ho, anaa adwinni mu ade foforo biara no, ɛne wɔn atetesɛm ne tete amammerɛ wɔ abusuabɔ.
Mmusua no dɔɔso araa ma, ebegye nhoma pii na wɔde akyerɛkyerɛ atetesɛm ne amanne ahorow no nyinaa mu. Nea ehia yɛn seesei ne sɛ, Nkɛntɛnso bɛn na Europafo ɔpepem pii a wotu baa hɔ, a wɔkyerɛ sɛ pii yɛ Kristofo no nyae wɔ Amerikafo Ankasa so?
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛda adi sɛ edin “Amerikafo Ankasa” no fa mmusua a wɔte Canada no nso ho. Pii susuw sɛ Asiafo atubrafo a wodi kan no tuu kwan faa Canada kusuu fam atɔe kɔɔ kesee fam mmeae a ɛhɔ yɛ hyew no.
b Bible no nnyina ɔkra a enwu anaa honhom a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi mu gyidi biara akyi. (Hwɛ Genesis 2:7; Hesekiel 18:4, 20.) Sɛ wopɛ asɛm yi ho nsɛm a ɛkɔ akyiri pii a, hwɛ Mankind’s Search for God nhoma no mu wɔ nkratafa 52-7, 75, ne nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ akyiri wɔ “Immortal soul, belief in” no ase. Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na etintim nhoma yi.