Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 10/8 kr. 9-11
  • Awiei Koraa No—Aban a Ɛbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ Aba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awiei Koraa No—Aban a Ɛbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ Aba
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Awerɛhosɛm a Ɛwɔ Wiase Nyinaa”
  • Aban a Ɛbɛma Nsɛmmɔnedi To Atwa
  • Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
    Nyan!—1998
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 10/8 kr. 9-11

Awiei Koraa No—Aban a Ɛbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ Aba

BIBLE ka siei sɛ wɔ yɛn nna yi mu no nnipa bɛyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa.” (2 Timoteo 3:2, 3) Nnipa a wɔte saa di nsɛmmɔne.

Esiane sɛ nnipa na wodi nsɛmmɔne nti, sɛ wɔsesa yɛ ade pa a, nsɛmmɔnedi so huan. Nanso ɛnyɛɛ mmerɛw mmaa nnipa da sɛ wɔbɛsesa ayɛ papa. Ɛyɛ den nnɛ sen bere biara, efisɛ efi 1914, ɛbere a Bible akontaabu hyɛɛ no agyirae no, yɛatra nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu. Sɛnea Bible ka siei no, “mmere a emu yɛ den” na ahyɛ saa bere yi agyirae. Satan Ɔbonsam, ɔsɛmmɔnedifo a ɔsen biara, a “wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa” no na ɔde mmere a emu yɛ den yi ba.—2 Timoteo 3:1; Adiyisɛm 12:12.

Ɛno kyerɛkyerɛ nea enti a nsɛmmɔnedi anya nkɔanim ntɛmntɛm no mu. Satan nim sɛ ɛrenkyɛ na wɔasɛe ɔno ne ne nhyehyɛe no. Wɔ bere tiaa a aka no mu no, ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛfa ɔkwan biara a obenya so de subammɔne a wɔabobɔ din wɔ 2 Timoteo ti 3 no ahyɛ nnipa mu. Enti, sɛ aban bi bɛma nsɛmmɔnedi to atwa a, ɛsɛ sɛ eyi Satan nkɛntɛnso fi hɔ, na ɛboa nkurɔfo nso ma wɔsesa, na amma wɔanyɛ wɔn ade sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no. Nanso aban bi betumi ayɛ adwuma a ɛboro nnipa ahoɔden so yi?

Nnipa aban biara nni hɔ a ebetumi ayɛ eyi. J. Vaskovich a ɔkyerɛ mmara wɔ Ukraine no hyɛ hia a “kuw bi a ebetumi ama aman nyinaa ayɛ biako, na ahwɛ ma ahyehyɛde ahorow nyinaa aka abom adi dwuma” ho hia ho nkuran. Na Philippines Ɔmampanyin Fidel Ramos kae wɔ nsɛmmɔnedi ho nhyiam bi a wiase nyinaa yɛe ase sɛ: “Esiane sɛ anibue ama wiase ayɛ ketewa nti, nsɛmmɔnedi atumi atrɛw akɔ aman horow so, na abɛyɛ amanaman ntam ɔhaw. Ɛno nti ɛsɛ sɛ ano aduru nso yɛ amanaman ntam de.”

“Awerɛhosɛm a Ɛwɔ Wiase Nyinaa”

Amanaman Nkabom no yɛ amanaman ntam kuw. Efi bere a wɔhyehyɛe no, abɔ mmɔden sɛ ɛbɛko atia nsɛmmɔnedi. Nanso enni ano aduru ankasa te sɛ aban ahorow a ɛwowɔ amanaman no mu ara pɛ. The United Nations and Crime Prevention nhoma no ka sɛ: “Nsɛmmɔnedi a ɛkɔ so wɔ ɔman bi mu no aboro sɛnea aman mmiako mmiako no betumi adi ho dwuma, na amanaman ntam nsɛmmɔnedi anya nkɔanim araa ma akyɛn sɛnea amanaman no betumi adi ho dwuma seesei. . . . Nsɛmmɔne a nsɛmmɔnedifo akuw di no atrɛw ma akodu baabi a ɛyɛ hu, na honam fam basabasayɛ, apoobɔ ne ɔporɔw a aban mpanyimfo de ba ayɛ aniberesɛm. Amumɔyɛfo akunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm ɔpedudu pii. Nnubɔne a edi awu a wɔde tu akwan kɔtɔn abɛyɛ awerɛhosɛm a ɛwɔ wiase nyinaa.”

James Madison, United States ɔmampanyin a ɔto so anan no kae bere bi sɛ: “Sɛ wɔrehyehyɛ aban bi a ɛyɛ nea nnipa bedi nnipa so a, asɛnnennen bi wɔ eyi mu: ɛsɛ sɛ mudi kan ma aban no tumi di ɔman mma no so; na nea edi hɔ no, mohwɛ ma aban no di emufo no so.” (Fa toto Ɔsɛnkafo 8:9 ho.) Enti ano aduru a ɛfata ne sɛ wɔbɛma nhyehyɛe bi a Onyankopɔn di so abesi aban ahorow a ‘nnipa di nnipa so’ no ananmu. Nanso ano aduru a ɛte saa betumi aba?

Aban a Ɛbɛma Nsɛmmɔnedi To Atwa

Nokware Kristofo gye nea Bible ka fa Onyankopɔn Ahenni ho no di.a Ɛyɛ aban ankasa. Ɛwom sɛ esiane sɛ Ahenni no wɔ soro nti aniwa nhu de, nanso yetumi hu nea ɛreyɛ wɔ asase so no. (Mateo 6:9, 10) Yesu Kristo ne nnipa 144,000 a wɔapaw wɔn “afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu” na wɔwom, “na wobedi asase so ahene.” Aban a ɛwɔ tumi yi bedi “nnipakuw kɛse” a wɔbɛyɛ Ahenni no mma a Bible hyɛ wɔn ho nkɔm sɛ wɔn nso ‘wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu’ no so. (Adiyisɛm 5:9, 10; 7:9; Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Enti, sodifo no ne Ahenni no mma nyinaa fi aman horow mu, na wɔyɛ nnipa a wɔayɛ biako a wofi amanaman nyinaa mu a wɔanya Onyankopɔn anim dom ampa.

Esiane sɛ Yehowa Adansefo agye Onyankopɔn nniso atom nti, ɛsɛ sɛ wodi nsɛmmɔnedi ho haw a ɛwɔ wɔn ankasa mu no so koraa. Ɔkwan bɛn so? Denam sua a wobesua sɛ wɔbɛkyerɛ nyansa a ɛwɔ Bible nnyinasosɛm ahorow mu ho anisɔ denam dwuma a wɔde bedi wɔ wɔn asetram, na wɔama kwan ma tumi a ɛsen biara wɔ amansan yi mu, Onyankopɔn honhom, ne n’aba—ɔdɔ—akanyan wɔn no so. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.” (Kolosefo 3:14) Yehowa Adansefo yi saa dɔ ne biakoyɛ yi adi wɔ bɛboro nsase 230 so, de da sɛnea Onyankopɔn Ahenni afi ase dedaw rema nsɛmmɔnedi to atwa no adi.

Nea efii nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1994 mu a wobisabisaa Yehowa Adansefo 145,958 a wɔwɔ Germany nsɛm mu bae no betumi akyerɛkyerɛ eyi mu. Wɔn mu pii gye toom sɛ na ɛsɛ sɛ wodi mmerɛwyɛ ahorow a anibere wom so ansa na wɔatumi abɛyɛ Adansefo. Bible no a wosuae na ɛkanyan wɔn ma wotumi yɛɛ saa. Sɛ́ nhwɛso no, 30,060 dii tawa anaa nnubɔnenom so, 1,437 gyaee kyakyato; 4,362 twee wɔn ho fii basabasayɛ anaa nsɛmmɔnedi ho; 11,149 dii su ahorow te sɛ ninkuntwe anaa nitan so; na 12,820 siesiee wɔn abusua asetra mu nsɛm a na ayɛ basaa ma ɛbɛyɛɛ ofie a asomdwoe wom.

Ɛwom sɛ nea wohui yi fa Yehowa Adansefo a wɔwɔ ɔman biako pɛ mu ho de, nanso ɛte saa wɔ Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa ho. Fa Ukraineni abofra bi a ne din de Yuri no sɛ nhwɛso. Bere a ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no, na ɔyɛ atotobɔtɔmni. Na watu kwan mpo akɔ Moscow pɛn, baabi a na onim sɛ nnipadɔm no bɛma ‘n’adwuma’ no ayɛ mmerɛw no.

Wɔ 1993 no, Yuri kɔɔ Moscow bio a ná ɔfra nnipadɔm mu. Nanso na ɛnsɛ sɛ nnipa 23,000 a na wɔwɔ Locomotive Agumadibea hɔ Fida, July 23 no suro no, efisɛ saa bere no de na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Nokwarem no, na Yuri wɔ asɛnka agua no so a ɔrenya dwumadi bi a wɔyɛ kyerɛɛ amanaman ntam atiefo no mu kyɛfa. Bere a ɔsesa bɛyɛɛ onipa pa no, odi Bible ahyɛde yi so: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.”—Efesofo 4:28.

Nnipa pii a wɔte sɛ Yuri agyae nsɛmmɔnedi na ama wɔafata ama nkwa wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu. Eyi si nokwasɛm a ɛwɔ Owura Peter Imbert, kan Britania polisifo panyin bi asɛm a ɔkae no so dua sɛ: “Sɛ na obiara wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ ne ho mmɔden a, anka wotumi siw nsɛmmɔnedi ano ntɛm pa ara.” Bible nkyerɛkyerɛ dwumadi ho nhyehyɛe a Onyankopɔn aban yɛe no ma nnipa komapafo nya nkuranhyɛ a wohia na ama “wɔabɔ wɔn ho mmɔden.”

Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim

Nsɛmmɔnedi biara kyerɛ ɔdɔ a wonni mma afoforo. Kristofo di Yesu a ɔkae sɛ: ‘Dɔ Awurade wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ no nhwɛso akyi.—Mateo 22:37-39.

Aban biako pɛ a atu ne ho asi hɔ sɛ ɛbɛma nsɛmmɔnedi to atwa denam kyerɛ a ɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wodi saa ahyɛde abien yi so ne Onyankopɔn Ahenni. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem anum nya nkyerɛkyerɛ yi mu mfaso. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔremma nsɛmmɔnedi su nnye ntini wɔ wɔn komam, na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛbɔ mmɔden biara a ɛho hia de aboa ma wiase a nsɛmmɔnedi nnim aba. Nea Onyankopɔn ayɛ wɔ wɔn asetram no yɛ nea ɔbɛyɛ wɔ ne wiase foforo a ɔsoro aban di so no mu ho nhwɛso ketewaa bi. Susuw wiase a polisifo, atemmufo, mmaranimfo, anaa afiase ho renhia wom ho hwɛ!

Eyi a ɛbɛba wɔ wiase nyinaa no behia sɛ Onyankopɔn ankasa de nniso mu nsakrae kɛse bi a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu ba. Daniel 2:44 ka sɛ: “Ahene [a wɔwɔ hɔ nnɛ] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma [ɔsoro] ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Onyankopɔn bɛpɛtɛw Satan nso, na ama ne nkɛntɛnso bɔne no to atwa.—Romafo 16:20.

Sɛ Onyankopɔn soro aban no nya besi nnipa aban ahorow no ananmu pɛ a, nnipa renni wɔn ho wɔn ho so tumi bio. Ɔsoro ahemfo—ahene a wɔkorɔn sen abɔfo mpo—bɛkyerɛkyerɛ adesamma wɔ trenee akwan so. Afei, awudi, mframa a awuduru wom a wɔde di nsɛmmɔne, anaa amumɔyɛfo atopae to betwa! Asetram nsisi a ɛde nsɛmmɔnedi ba no to betwa! Na wɔn a wɔwɔ bi ne wɔn a wonni bi to atwa!

Ɔbenfo S. A. Aluko, a ɔwɔ Obafemi Awolowo Sukuupɔn mu wɔ Nigeria, kae sɛ: “Ahiafo ntumi nna anadwo esiane sɛ ɔkɔm de wɔn nti; adefo ntumi nna esiane sɛ ahiafo nnae nti.” Nanso ɛrenkyɛ obiara betumi ada ma ne ho adwo no a onim sɛ saa aban—Onyankopɔn aban—ama nsɛmmɔnedi to atwa koraa!

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛnea Onyankopɔn Ahenni no te ne sɛnea adesamma gyidifo benya emu mfaso ho nkyerɛkyerɛmu pii a, yɛsrɛ wo kenkan Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no.

[Kratafa 10 mfonini]

Kan owifo bi ne nea ɔbɔɔ no korɔn, a seesei wɔayɛ biako sɛ anuanom Kristofo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena