Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 3/8 kr. 3-5
  • Sɛnea Amumɔyɛfo Fekuw Ka Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Amumɔyɛfo Fekuw Ka Wo
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase A Amumɔyɛ Nnim Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1997
  • Dɛn Nti na Amumɔyɛfo Fekuw Nya Nkɔso?
    Nyan!—1997
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 3/8 kr. 3-5

Sɛnea Amumɔyɛfo Fekuw Ka Wo

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ JAPAN HƆ

Mafia kuw bi mu panyin (ɔkannifo) de ade wɔ obi a wabɛka wɔn ho foforo nsateaa. Mogya sosɔ gu “ɔhotefo” bi mfonini so. Afei wɔde gya hyew mfonini no. Ɔpanyin no ka kyerɛ aberante no sɛ: ‘Sɛ woma kuw no ahintasɛm biara pue a, yɛbɛhyew wo kra te sɛ ɔhotefo yi.’

KOMMYƐ mmara—a wɔfrɛ no wɔ Italy kasa mu omertà no—kataa amumɔyɛfo fekuw so mfe pii. Nanso ɛnnɛ, wɔka amumɔyɛfo akuw ho asɛm kɛse wɔ atesɛm nkrataa mu wɔ baabiara, bere a amumɔyɛfo binom twa wɔn ho pa wɔn ho ntama no. Onipa a ɔsen biara a saa pentiti, anaa Mafiafo a wɔasakra yi bɔɔ no sobo ne Giulio Andreotti a wayɛ Italy aban soafo panyin mpɛn ason, na seesei wɔredi n’asɛm sɛ ɔne Mafiafo wɔ nkitahodi no.

Amumɔyɛfo fekuw ahorow a ɛwɔ baabiara atrɛw wɔn dwumadi mu ma aka nnipa ahorow nyinaa: Italy Mafia ne nea ɛwɔ United States a wɔsan frɛ no Cosa Nostra; akuw a wɔtɔn nnubɔne wɔ Amerika Kesee fam; Chinafo Ahinasa Akuw; yakuza a ɛwɔ Japan no. Wɔn amumɔyɛde no ka yɛn nyinaa, na ɛma nneɛma bo yɛ den.

Wɔ United States no, wɔka sɛ, Mafiafo no akyɛ New York kuropɔn no mu ama amumɔyɛfo akuw anum, na wonya sika ɔpepepem pii fi apoobɔ, apoobɔ sika a wogye, sika a wɔde fɛm gye mfɛntom akɛse, kyakyatow, nnubɔne ho aguadi, ne tuutuusi mu. Wɔkyerɛ sɛ, Mafia akuw no wɔ adwumayɛfo fekuw ahorow a woyi sumina, wɔhwɛ lɔre ahorow so, sisi adan, kyekyɛ nnuan, na wɔyɛ ntama, no so nkɛntɛnso kɛse. Esiane tumi a wɔwɔ wɔ adwumayɛfo fekuw horow so no nti, wobetumi asiesie adwumayɛfo ne adwumawuranom ntam akasakasa anaasɛ wobetumi atutu agu nkurɔfo asom ama wɔagyae adwuma bi yɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ baabi a wosi adan no, da bi wɔ hɔ a katapila nyɛ adwuma, da foforo nso, trata a wɔde dɔw nso ho biribi sɛe, na mfiri ho adwumayɛfo “twentwɛn” adwuma ase—saa nsɛm a esisi yi, ne afoforo pii kɔ so ara kosi sɛ nea wɔresi ne dan no bɛyɛ nea basabasayɛfo kuw no hwehwɛ ama wɔn, sɛ́ ɛyɛ adanmude anaa adwuma a ɔde bɛbɔ wɔn paa. Time nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ nokwarem no, “adanmude a wɔde ma Basabasayɛfo Kuw no betumi ama adwumawuranom nsa aka wɔn nneɛma ntɛm, wɔne wɔn adwumayɛfo ntam bedwo, na wɔatumi anya adwumayɛfo a wonnye akatua pii.”

Wɔ Colombia no, akuw abien a wodi nnubɔne ho gua dii aperepere araa kosii sɛ wɔbɔɔ Medellín aguadi kuw no panyin, Pablo Escobar tuo wɔ 1993 mu. Ɛno akyi no, Cali aguadi kuw no gyee wiase nyinaa cocaine aguadi no bɔɔ so. Bere a wonyaa sika dɔla ɔpepepem 7 wɔ 1994 mu wɔ United States nkutoo no, ɛkame ayɛ sɛ wɔbɛyɛɛ amumɔyɛfo kuw ahyehyɛde a ɛso sen biara wɔ wiase. Nanso nea otua wɔn ano, José Santacruz Londoño a wɔkyeree no wɔ 1995 mu no haw aguadi kuw no. Nanso, bere nyinaa obi wɔ hɔ a wayɛ krado sɛ obesi ɔpanyin bi ananmu.

Komunist amammui baa awiei no, Russia Mafiafo yii wɔn ti wɔ wiase. Ne saa nti, sikakorabea dwumayɛni bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ Newsweek mu kae sɛ “adwuma biara a ɛwɔ Russia ne Mafiafo wɔ biribi yɛ.” Wɔ Brighton Beach, New York, mpo no, wɔbɔ amanneɛ sɛ Russia Mafiafo renya mfaso pii fi pɛtro ho gua a wodi no sum ase mu. Ebewie ase no, na wɔn a wɔwɔ kar na wotua bo a ɛda so no, na aban nsa nka tow ahorow. Russia nsɛmmɔnedifo akuw no hyehyɛ tuutuusi adwumayɛfo wɔ Europa Apuei fam nso. Wɔfa wɔn ho di wɔ wɔn amumɔyɛde no pii ho. Hena na obetumi agyina nnipa a kan no na wɔyɛ agumadifo ne asraafo wɔ Afghan akodi mu a wɔamia akode yi anim?

Saa ara na tebea no te wɔ Apuei fam nso. Wɔ Japan no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ guasodeyɛ no hyɛ ɛhɔnom yakuza kuw no anuonyam na wotua tow ma wɔn, anyɛ saa a wobehyia ɔhaw ahorow pii. Ɛha nso, wogye apoobɔ sika fi wɔn a wɔtɔn nsa ne tuutuufo mpo hɔ. Afei nso, yakuzafo no nam wɔn ankasa nnwuma a wɔabuebue, sika a wɔbɔ nnwuma akɛse no apoo gyigye, ne amannɔne amumɔyɛfo akuw a wɔne wɔn ka bom so de wɔn ho agye Japanfo sikasɛm mu denneennen.

Amumɔyɛfo akuw a ɛwɔ Hong Kong ne Taiwan nso retrɛw wɔn dwumadi mu wɔ wiase nyinaa. Wɔn din Ahinasa akuw no akyi no, yenni wɔn nhyehyɛe no ho nimdeɛ pii biara. Wɔn ho abakɔsɛm fi afeha a ɛto so 17 mu tɔnn, bere a Chinafo nkokorafo kaa wɔn ti boom sɔre tiaa Manchuriafo a wobedii China so no. Ɛwom sɛ kuw no mufo dodow nenam ɔpepedu de, nanso wɔkyerɛ sɛ Hong Kong Ahinasa akuw bom bere tiaa bi di nsɛmmɔne pɔtee bi anaa wodi toatoa so, na ɛma ɛyɛ den ma polisifo sɛ wobehu wɔn. Wonya dɔla ɔpepepem pii fi heroin aguadi mu, na wɔama Hong Kong adan baabi a wɔde afoforo din gye sika sen biara.

Wɔ ne nhoma The New Ethnic Mobs mu no, William Kleinknecht kyerɛw amumɔyɛde a ɛkɔ so wɔ United States ho asɛm sɛ: “Wɔ amumɔyɛfo fekuw a aba so foforo mu no, apoobɔfo akuw a wofi faako biara nni nnyinaso nsen Chinafo no. . . . Amumɔyɛfo akuw a ɛwɔ China no renya ɔman no nkuropɔn so tumi ntɛmntɛm. . . . New York Mafiafo nkutoo na wɔsen wɔn.”

Ɛdefa sum ase aguadi foforo bi a ɛresɔre wɔ Hong Kong ho no, U.S. Atemmu Asoɛe mu panyin bi ka sɛ: “Ananafo a wɔde wɔn fa sum ase ba no yɛ ho nsɛnkyerɛnne.” Mpanyimfo bi bu akontaa sɛ Chinafo 100,000 na wɔnam sum ase kɔ United States afe biara. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ otubrafo a wɔde no afa sum ase aba no tua sika $15,000 wɔ ɔman a wodi yiye a wɔde no kɔ mu no ho, na otua emu fã kɛse no ara bere a wakodu no. Ne saa nti, wɔ atubrafo pii fam no, ɔman a wɔde wɔn ani too so no bɛyɛ wɔn amanehunu, bere a wɔyɛ adwuma te sɛ nkoa wɔ nnwinnan mu ma wobu wɔn kwasea wɔ nguamannan mu no.

Ebia wobɛte nka sɛ esiane sɛ womfa wo ho nhyɛ amumɔyɛde mu nti, amumɔyɛfo fekuw nka wo. Nanso, ɛte saa ankasa? Wɔn a nnubɔnenom aka wɔn hɔ no pii a wɔwɔ nsasepɔn ahorow so no di nsɛmmɔne na ama wɔatumi atua nnubɔne a efi Amerika Kesee fam nnubɔne aguadi akuw mu ba no ho ka. Amumɔyɛfo fekuw no hwɛ hu sɛ wɔde ɔmanfo nnwuma bɛhyehyɛ nnwumakuw a wɔde wɔn ho abata wɔn ho no nsa; ne saa nti, ɔmanfo tua pii. Ɔmampanyin Asoɛe a Edi Amumɔyɛfo Fekuw Nsɛm Ho Dwuma, kaa no bere bi sɛ, wɔ United States no, “amumɔyɛfo fekuw nam korɔnbɔ, apoobɔ, adanmudegye, nneɛma bo a wɔhyehyɛ ne aguadi hokwan a wosi so ma nneɛma bo sakra,” ma enti ɛhyɛ wɔn a wɔtɔ nneɛma a ɛte saa no ma wotua “nea yebetumi afrɛ no tow” a wɔde ma Mafiafo no. Enti, obiara nni hɔ a ɔfa ne ho di wɔ nea amumɔyɛ de ba no ho. Yɛn nyinaa bɔ ho ka bi.

Nanso, dɛn nti na amumɔyɛfo fekuw nya nkɔso nnɛ?

[Kratafa 5 adaka]

Mafia—Ne Fibea

“Mfinimfini Mmere no awiei na Mafia fii ase wɔ Sicily, baabi a ebetumi aba sɛ efii ase sɛ sum ase kuw bi a wɔn botae ne sɛ wobetu amanfrafo a wɔabedi supɔw no so nniso agu—sɛ nhwɛso no, Saracenfo, Normanfo, ne Spaniafo. Mafia fi asraafo akuw nketewa pii anaa mafie a ɔmanfo no ankasa hyehyɛe a asasewuranom a na wɔnte hɔ no bɔɔ wɔn paa sɛ wɔmmɔ wɔn nsase no ho ban mfi adwotwafo ho wɔ amumɔyɛ tebea a na ɛwɔ Sicily fã kɛse no ara wɔ mfehaha mu no mu na ɛbae. Wɔ mfeha a ɛto so 18 ne 19 mu no, nsɛmmɔnedifo a na wɔn ho yɛ den a wɔwɔ asraafo akuw a amanfo ankasa ahyehyɛ mu no boboaa wɔn ho ano bɛyɛɛ den yiye araa ma wɔsɔre tiaa asasewuranom no, na wobegyee agyapade pii fae, na wogyee apoo sika fii asasewuranom hɔ esiane wɔn mfuw a wɔbɔɔ ho ban maa wɔn nti.” (The New Encyclopædia Britannica) Apoosika a wogye bɛyɛɛ wɔn su. Wɔde sɛnea wɔyɛ wɔn nneɛma no kɔɔ United States, na ɛhɔ na wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ kyakyatow, aguadi mu apoobɔ, bosea a wɔbɔ nkurɔfo gye mfɛntom akɛse, nnubɔne ho aguadi, ne tuutuusi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena