Wiase A Amumɔyɛ Nnim Ɔkwan Bɛn So?
WƆREKO atia amumɔyɛfo fekuw wɔ wiase nyinaa. U.S.News & World Report kae sɛ: “Wɔatumi ako atia Mafia no kɛse wɔ bere tiaa bi mu, a titiriw no egyina mmara biako, Ahyehyɛde Ahorow a Nsɛmmɔnedifo Gyina Akyi ne Nea Wɔyɛ Nnubɔne Ho Mmara anaa RICO so.” Ɛma wogyina nsɛmmɔnedifo ahyehyɛde ahorow nneyɛe pii, nyɛ mmiako mmiako kɛkɛ, so di wɔn asɛm. Eyi ne nsɛm a wɔnam telefon ne nsɛmmɔnedifo a wɔpɛ sɛ wohu wɔn mmɔbɔ a woyi wɔn asoti no so, aboa ama wɔatumi ako atia Mafiafo a wɔwɔ United States no.
Wɔ Italy nso atumfo no reko atia nsɛmmɔnedifo denneennen. Wɔ mmeae bi te sɛ Sicily, Sardinia, ne Calabria a amumɔyɛfo fekuw ase atim no, wɔatu asraafo akuw kɔ hɔ na wɔakɔbɔ ɔmanfo adan ne mmeae a ehia ho aporɔw na wɔde asiw nsɛmmɔnedifo ntua ano. Aban no bu eyi sɛ ɔmanko ara pɛ. Bere a wɔakyere amumɔyɛfo fekuw mu mpanyimfo a wɔagye dimmɔne agu afiase, na wɔabɔ nea bere bi na ɔyɛ ɔman soafo panyin sobo wɔ nkitaho a ɔne Mafiafo dii ho no, wɔrehu nsakrae bi wɔ Italy.
Wɔ Japan no, bere a wɔhyehyɛɛ Mmara a Etia Amumɔyɛfo Fekuw wɔ March 1, 1992 mu no, aban no baraa yakuzafo no. Wɔ mmara yi ase no, bere a wɔahu nsɛmmɔnedifo kuw bi sɛ ɛte saa no, wɔbara wɔn anuɔdensɛm ho mmara horow 11 ho, a sika a wɔde kata nsɛm so, kuw a wogye apoobɔ sika a obi benya mu kyɛfa, ne akasakasa a wɔde wɔn ho begye mu asiesie agye ho sika ka ho. Aban no botae ne sɛ, ɔnam mmara yi a ɔbɛma wɔadi so no so besiw mmeae a nsɛmmɔnedifo akuw nya sika no ano. Mmara no atumi amumɔyɛfo ahyehyɛde ahorow no yiye. Akuw no bi agu, na nsɛmmɔnedifo panyin bi kum ne ho—a ɛda adi sɛ efi mmara a wɔhwɛ ma ɛyɛɛ adwuma denneennen no ntia.
Nokwarem no, aban ahorow ne mmara sodi asoɛe horow reko atia amumɔyɛfo fekuw denneennen. Nanso bere a ɛreka atemmufo ne polisifo mpanyimfo a wofi wiase nyinaa nhyiam a wɔyɛe wɔ 1994 mu ho asɛm no, Mainichi Daily News kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ amumɔyɛfo fekuw ase retim ma wonya sika pii wɔ wiase afannan nyinaa, na wotumi nya sika dɔla ɔpepepepem 1 afe biara.” Awerɛhosɛm ne sɛ, mmɔden horow a nnipa bɔ sɛ wɔbɛtɔre amumɔyɛfo kuw ase no nwie pɛyɛ. Ade biako nti a eyi te saa ne sɛ, mpɛn pii no, wɔtwentwɛn atentreenee ase na wontumi mfa ho nto so. Wɔ nnipa pii fam no, ɛkame ayɛ sɛ mmara horow no di boa amumɔyɛfo no, nyɛ wɔn a wohu amane no. Bɛyɛ mfe 3,000 ni no, Bible kae sɛ: “Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.”—Ɔsɛnkafo 8:11.
Amumɔyɛfo Ahyehyɛde mu a Wobefi
Amumɔyɛfo fekuw a aban ahorow ko tia akyi no, wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔwɔ amumɔyɛfo akuw mu no na wɔafi mu. Dwumadi a ɛte saa nna fam. Sɛnea tete asɛm bi ka no, “ɔkwan koro pɛ a wɔnam so fi Mafia mu ne adamoa mu.” Sɛ nsɛmmɔnedifo bi betumi afi yakuza ahyehyɛde bi mu a, ɛsɛ sɛ otua sika kɛse bi anaasɛ ɔma wotwa ne nsateaa ketewaa no anaa ne fã bi fi so. Ehu a ɛwɔ twe a obi bɛtwe ne ho afi sum ase kuw mu akyi no, ebehia sɛ kan nsɛmmɔnedifo no de asetra kwan a edi mu tra ase, na ɛnna fam. Mpɛn pii no, wɔpo ne krataa a ɔde kɔhwehwɛ adwuma no. Nanso wɔ aman bi so no, wɔnam polisifo mmoa a wɔhwehwɛ no telefon so tee so reboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi kuw no mu nanso wonnya adwuma pa nyɛ no.
Nea ɛbɛyɛ na watumi agyina nsɛmmɔnedifo abusua no nhyɛso ne ɔmanfo adwemmɔne ano no, ɔsɛmmɔnedifo no hia nkuranhyɛ a emu yɛ den na watumi ateɛ n’akwan. Dɛn na ebetumi akanyan no? Ebetumi ayɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma n’abusua, dwoodwoo asetra ho akɔnnɔ, anaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Nanso, Yasuo Kataoka nhwɛso a ɛwɔ hɔ no kyerɛkyerɛ ade a ɛhyɛ nkuran sen biara no mu.
Yasuo Kataoka te sɛ nnipa ɔhaha pii a wɔasakra wɔn asetra kwan koraa no ara pɛ. Wɔde “onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu” no asi su horow a na ɛte sɛ mmoa de a kan wɔdaa no adi no, ananmu. (Efesofo 4:24) Seesei, nnipa a na wɔte sɛ mpataku no ne ɔmanfo a wɔdwo na wɔte sɛ nguanten te asomdwoe mu, na wɔreboa afoforo mpo!—Yesaia 11:6.
Twe Wo Ho Fi Wiase no Honhom Ho
Sɛnea yɛadi kan aka wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, ɛnyɛ amumɔyɛfo akuw nkutoo na ɛhyɛ Satan Ɔbonsam tumi a aniwa nhu ase, na mmom wiase nyinaa ka ho bi. Nkurɔfo nhu mpo, nanso Satan ahyehyɛ wiase no ma adi n’amumɔyɛ ho dwuma. Sɛnea amumɔyɛfo akuw ma wonya ahonyade ne nnaadaa abusua nhyehyɛe no, ɔyɛ ne ho sɛ owura oyamyefo, denam sika, anigyede horow, ne biakoyɛ nka a ɔma nkurɔfo te no so. Ɛwom sɛ ebia worenhu de, nanso ebetumi aba sɛ ɔnam ne nnwuma bɔne no so adaadaa wo a w’adwene mmaa so. (Romafo 1:28-32) Bible se yɛn sɛ “wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn.” (Yakobo 4:4) Wiase yi a ɛhyɛ Satan nkɛntɛnso ase no mu anigye a wubenya no yɛ nea asiane wom. Amansan yi Bɔfo no wɔ abɔfo dɔm a wɔhyɛ Yesu Kristo ase a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛsɛe Satan ne n’adaemone, sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi wɔn nkɛntɛnso bɔne no afi wiase.—Adiyisɛm 11:18; 16:14, 16; 20:1-3.
Ɛnde ɔkwan bɛn so na wubetumi afi Satan wiase yi nkɛntɛnso ase? Ɛnyɛ sɛ wobɛtew wo ho atra baabi, na mmom denam wo ho a wobɛde afi su ne nsusuwii ahorow a edi wiase yi so nnɛ no ho so. Sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ woko tia Satan ahunahuna akwan no, na wopo nneɛma a ɔde daadaa nkurɔfo ka wɔn hyɛ n’ase no. (Efesofo 6:11, 12) Eyi begye afɔrebɔ ahorow, nanso sɛ woasi wo bo na woma Yehowa Adansefo boa wo a, wubetumi atwe wo ho, sɛnea afoforo ayɛ no ara pɛ.
Dɛn na ebedi basabasayɛ wiase a Onyankopɔn beyi amumɔyɛ afi so yi akyi? Bible se “abɔnefo asefo de, wobeyi wɔn hɔ,” na ɛtoa so sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:28, 29) Afei, ɛho renhia sɛ wosuro wɔn a na wokura mmoa su no bio, efisɛ ‘Yehowa ho nimdeɛ’ a ɛbɛyɛ asase so ma no bɛsakra wɔn.—Yesaia 11:9; Hesekiel 34:28.
[Kratafa 10 mfonini]
Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, obiara bedi ne nsa ano adwuma