Dɛn Nti na Amumɔyɛfo Fekuw Nya Nkɔso?
AL CAPONE, nsɛmmɔnedifo a ogyee dimmɔne wɔ U.S. Anohyeto Bere mu (1920-33) no kyerɛe sɛ ɔyɛ oguadini a odi mmara no so ara kwa—adetɔ ne adetɔn ho mmara no. Japan yakuza akuw no mu kɛse paa mmaranimfo bi kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ wɔhwehwɛ [nna, nnuru, ne kyakyatow] akyi kwan denneennen.” Eyi akyidi ma amumɔyɛfo fekuw kɔ so. Ɛwom sɛ obiara mpɛ sɛ wodi no nsɛmmɔne de, nanso ebia ebinom de wɔn ho bɛbɔ amumɔyɛfo fekuw ahorow na wɔagye wɔn nkyɛn mmoa horow.
Sɛ nhwɛso no, susuw sika a nsɛmmɔnedifo akuw a ɛwɔ aman pii mu gye fi nkurɔfo hɔ na ama wɔanya ahobammɔ a wɔde pɛ sika no ho. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔde wɔn ani si aguadifo a wɔn ho nni asɛm so de, nanso wɔtaa haw wɔn a wodi sum ase gua no. Obi a ɔwɔ kyakyatow dan wɔ Shinjuku, Tokyo, a ɔde video so agodie akata n’adwuma no anim no kae sɛ: “Wɔwɔɔ odwumayɛni bi sekan gyee ne sika [yen] ɔpepem 2 ($20,000). Nanso yɛantumi amfrɛ polisifo.” Dɛn ntia? “Esiane sɛ yɛyɛ adwuma a mmara mma ho kwan (kyakyatow) nti, yɛmpɛ sɛ yɛne polisifo nya biribiara yɛ. Sɛ obi a ɔrebedi yɛn gua yɛ basabasa wɔ yɛn dan no mu a, yɛfrɛ yakuzafo no.” Ɔsram biara, kyakyatow danwura no tua $4,000 ma yakuzafo no, sika a sɛ wɔde toto mfaso $300,000 a onya fi ne dwumadi a mmara mma ho kwan no mu saa bere no ho a, ɛyɛ ketewaa bi. Ɛhe na saa sika no fi? Efi wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ kyakyatow a mmara mma ho kwan no bɔtom.
Saa ara nso na ɛte wɔ nnwuma horow a ɛwɔ din pa a wɔpɛ sɛ wɔkwati ɔhaw ahorow no ho. New York panyin bi buu akontaa sɛ, obi a wɔbɔ no paa ma ɔka dan ho a onya dɔla ɔpepem 15 afe biara no, maa apoobɔfo kuw adanmude, nyaa mfaso dɔla ɔpepem 3.8. Eyi maa nea wɔabɔ no paa no faa adwumayɛfo a wonnye akatua kɛse, na amma ɔne adwumayɛfo fekuw a nsɛmmɔnedifo di so no annya asɛm. Wɔ Japan no, bere a na sikasɛm tebea ye no, asikafo akɛse de wɔn sika hyɛɛ adansi adwuma mu, na wobubuu adan ne aguadidan dedaw sisii adan a ɛyɛ fɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔte mu no mpɛ sɛ wotu anaa wɔtɔn wɔn asase a, asikafo akɛse yi frɛ jiageyafo a wɔn mu dodow no ara fi nnwumakuw a ɛne yakuzafo no wɔ biribi yɛ mu no ma wotu wɔn.
Bere a yakuzafo no huu sɛnea ɛnyɛ den sɛ wɔbɛfɛm sika na wɔanya mfaso wɔ 1980 mfe no mu no, wɔhyehyɛɛ nnwuma horow na wɔde ahopere sisii adan tɔnee, de wɔn sika hyehyɛɛ nnwuma mu a ɛda adi pefee sɛ esiane mfaso horow a na wɔn ankasa pɛ ntia. Nanso bere a sikasɛm tebea no baa fam no, ɛyɛɛ den maa sikakorabea horow no sɛ wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. Bere a ɔreka Japan sika fam ahokyere a ɛde nkakrankakra bae no ho asɛm no, kan polisifo panyin bi kae wɔ Newsweek mu sɛ: “Ade titiriw nti a wontumi nka sika a wɔfɛm a wontua no ho asɛm ntɛm ne sɛ, emu dodow no ara ne amumɔyɛfo fekuw wɔ biribi yɛ.”
Nokwarem, amumɔyɛfo fekuw gye ntini na ɛkɔ so wɔ baabi a nkurɔfo ani gye ho sɛ wobedi wɔn akɔnnɔ ho dwuma, ɛmfa ho ɔkwan a wɔnam so no. Anigyede, ɔbarima ne ɔbea ntam nna ne sika ho anibere ma nnubɔne tɔn, tuutuusi, kyakyatow, ne sika a wɔde fɛm gye ho mfɛntom akɛse nya nkɔso. Dwumadi a ɛtete saa a obi de ne ho behyem no taa ma ɔboa ma basabasayɛfo fekuw no nya wɔn ho. Hwɛ nokware araa a ɛyɛ sɛ amumɔyɛfo fekuw di wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wobedi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi ɔkwan biara so no ahwehwɛde ho dwuma!
Nnaadaa Abusuabɔ
Nnwuma a mmara mma ho kwan a wodi akyi no pa ho a, ade foforo a ɛma amumɔyɛfo fekuw nya nkɔso nso wɔ hɔ. Yakuza akuw a ɛso sen biara wɔ Japan no biako titrani a waka baabi no kaa no denneennen sɛ, na ogye wɔn a wɔato wɔn sraha no hwɛ wɔn, na amma wɔansɛe. Ɔkyerɛe sɛ na ɔyɛ apoobɔfo no agya. Ɛmfa ho ɔman a wofi mu no, amumɔyɛfo fekuw no dodow no ara ahyehyɛde no gyina nnaadaa abusuabɔ a ɛtete saa so.
Sɛ nhwɛso no, susuw Chi Suna a ofi abusua a wodi hia mu wɔ Hong Kong no ho hwɛ. Ná n’agya taa hwe no denneennen wɔ nneɛma nketenkete ho. Bere a na Chi Sun yɛ abofra no ɔbɛyɛɛ otuatewfo, na akyiri yi ɔkɔkaa Ahinasa akuw a wɔagye dimmɔne no ho bere a na wadi mfirihyia 12 no. Onyaa “ahobammɔ ne ahotɔ” wɔ amumɔyɛfo no fekuw mu. Esiane sɛ na otumi de akode ko akokoduru so nti, ankyɛ na wɔbɔɔ n’aba so maa no dibea a mmarima pii hyɛ n’ase. Awiei koraa no, bere a na wadi mfirihyia 17 pɛ no, wɔde no kɔtoo afiase.
Nnipa pii a wɔte sɛ Chi Sun dan kɔ amumɔyɛfo fekuw mu na ama wɔanya abusua mu biakoyɛ a wɔhweree wɔ fie no. Kuw no mufo kyerɛ sɛ wosusuw afoforo ho, nanso mpɛn pii no, mmofra taa yɛ basaa bere a wobehu sɛ emuni biara dwen n’ankasa ho titirirw no.
Hann Bɔfo
Bere a wɔnam mmara foforo a etia amumɔyɛfo kuw a wɔhyɛe wɔ 1992 mu so buu nsɛmmɔnedifo kuw a ɛso sen biara wɔ Japan no sɛ basabasayɛ kuw no, wɔn akannifo no biako sii so dua sɛ kuw no bu wɔn ho sɛ “ayamyefo” a wɔko tia nnebɔne. Bere a asasewosow a ɛyɛ hu no sii Kobe wɔ 1995 no, saa amumɔyɛfo kuw koro yi ara kyekyɛɛ aduan, nsu, ne nneɛma foforo a wohia no ntɛm maa wɔn mfɛfo. Asahi Evening News bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔkwan biara so no, ayamye ade a ɛte saa no bɛma Yakuzafo no akɔ so agye din sɛ amumɔyɛfo a wɔwɔ nidi.”
Mpɛn pii no, amumɔyɛfo fekuw mu mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔde ayamye bɛkata wɔn ani. Ana Carrigan kyerɛwee wɔ Newsweek mu sɛ wɔ wɔn a na wɔtete ahiafo atrae no fam no, ná Pablo Escobar, Colombia nnubɔne aguadi kuw a ɛwɔ Medellín no titrani, yɛ “ɔnwonwafo—ne fã bi yɛ Mesia, ɔfã bi yɛ Robin Hood, Owura wɔ nea na ɛreyɛ akɔyɛ te sɛ patrón wɔ katabaakofo nniso ase no, ɔpanyin.” Osisii agodibea maa mmofra ne afie a edi mu maa ahiafo, na mmofra a wɔato wɔn sraha mpo nyaa adwuma yɛe. Ná ɔyɛ ɔkatakyie ma wɔn a wonyaa n’ayamye no mu mfaso no.
Nanso nsɛmmɔnedifo a ɛte sɛ nea wɔde wɔn fekuw no akata wɔn ani no yɛ amansan nyinaa nsɛmmɔnedi wura bi adwumayɛfo ara kwa. Bible da onii ko no adi. “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse bi; na ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.” (2 Korintofo 11:14, 15) Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara nnye nni sɛ Satan yɛ obi ankasa. Afeha a ɛto so 19 mu France anwensɛm kyerɛwfo bi kae sɛ: “Ɔbonsam nnaadaa kwan a ɛsen biara ne sɛ ɔbɛma woagye adi sɛ onni hɔ.” Ogyina nkyɛn na ɔkyerɛ nneɛma a ɛrekɔ so kwan, ɛnyɛ nsɛmmɔnedifo kuw mu nko, na mmom wɔ wiase nyinaa. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Yesu kaa Satan ho asɛm sɛ “ɔyɛ owudifo fi mfiase, . . . ɔtorofo ne atoro agya.”—1 Yohane 5:19; Yohane 8:44.
Bible nkɔmhyɛ ahorow da no adi sɛ, efi 1914 titiriw na Satan Ɔbonsam ani beree. Efi saa afe no, ɔreboa nnipa pii ano ma wɔde wɔn ahoɔden nyinaa ako atia Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔrepia adesamma akɔ basabasayɛ a emu yɛ den mu. Ɔno titiriw nti na nsɛmmɔnedi ne amumɔyɛfo fekuw kɔ so nnɛ no.—Adiyisɛm 12:9-12.
So wobeyi nea ɔtaa asase so amumɔyɛfo fekuw akyi no afi hɔ da bi? So adesamma benya asomdwoe ne ahotɔ da bi? So wubetumi ade wo ho afi Satan ahemman bɔne a wahyehyɛ wɔ asase so nnɛ no ho?
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔn a wɔaka wɔn ho asɛm no bi ahobammɔ nti, wɔasesa din ahorow no bi.
[Kratafa 7 adaka]
Sɛnea Wobɛbɔ W’abusua Ho Ban
ABUSUA a anigye ne biakoyɛ nnim betumi ama ayɛ mmerɛw ama amumɔyɛfo fekuw sɛ wobenya mmofra. Wɔ United States no, wɔbɔ amanneɛ sɛ, mmofra a wɔde wɔn ho hyɛ awudifo akuw mu no dodow no ara fi ahiafo mmusua anaa mmusua a emu apaapae mu. North Carolina afiase panyin bi ka sɛ: “Esiane sɛ wonya nea wohia nti, ɛnyɛ den sɛ abusuabɔ a emu yɛ den a ɛda ɔpanyin ne wɔn a wɔhyɛ n’ase ntam, ne biakoyɛ nka a wɔte sɛ́ ahyehyɛde biako mufo bere a edi kan koraa wɔ wɔn asetram no, bɛkanyan wɔn.”
Saa ara nso na wɔ Apuei fam no, yakuzani kumaa bi a wɔasiesie ne ho sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ ne panyin ho ban no ka sɛ: “Ná meyɛ ankonam wɔ fie bere nyinaa. Ɛwom sɛ na yɛyɛ abusua de, nanso mansusuw da sɛ yebetumi afi yɛn komam abɔ nkɔmmɔ. . . . Nanso, seesei de mitumi fi komam ne kuw no mufo di nkɔmmɔ.” Mmofra a wɔyɛ ankonam kyerɛ anisɔ ma amumɔyɛfo fekuw mufo a wɔtwe wɔn kɔ nea ɛte sɛ abusua nhyehyɛe mu no.
Mmeawa kuw bi a wɔka motosakre wɔ Okinawa no kannifo ka sɛ: “Yakuzafo no susuw afoforo ho yiye. Ebia ɛno ne ɔkwan a wɔfa so nya nkurɔfo; nanso nea ɛte ne sɛ, esiane sɛ wɔnyɛɛ yɛn brɛbrɛ saa pɛn nti, eyi ka yɛn.” Mmeawa mmofrabɔne sukuu bi panyin di ho adanse sɛ, amumɔyɛfo no “bɔ mmɔden yiye wɔ sɛnea wɔkanyan mmeawa koma ho.” Sɛ mmeawa a wɔayɛ ankonam frɛ wɔn ɔdasum a, amumɔyɛfo no de ahopere tie wɔn, bere a wɔmma no nhia wɔn sɛ wɔbɛka nna ho asɛm akyerɛ wɔn.
Saa su a wɔde kyerɛ sɛ wodwen wɔn ho no ba awiei bere a wɔanya mmofra a wɔhwehwɛ wɔn no koraa no. Afei sɛ wonya mmofra no a, wɔpɛ wɔn ho mfaso—mmeawa si tuutuu, na mmarimaa no kodi nsɛmmɔne.
Wobɛyɛ Dɛn Abɔ W’adɔfo Ho Ban?
Bible tu fo sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.” (Kolosefo 3:21) Eyi nhyɛ awofo nkuran sɛ wɔmpene biribiara so. Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.” (Mmebusɛm 29:15) Mmom no, Bible hyɛ agyanom—ne ɛnanom nso—nkuran sɛ bere a wɔne wɔn mma di nsɛm no, ɛsɛ sɛ wɔda ntease adi, tie wɔn, na wobue nkɔmmɔbɔ hokwan. Ɛno ansa na sɛ biribi haw mmofra no a, ɛbɛka wɔn ma wɔaka wɔn kokoam nsɛm akyerɛ wɔn awofo.
Nea ɛka nkɔmmɔbɔ ho kwan a ɛbɛda hɔ ho no, ɛsɛ sɛ awofo de asetram gyinapɛn ahorow sisi hɔ ma wɔn mma. Ɛhefa na agya betumi anya akwankyerɛ a ɛtete saa? Bible se: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Gye bere ne wo mma nsusuw Bible no ho, denam abusua Bible adesua so. Na fa Yehowa ho suro pa dua wo mma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a bere nyinaa wobedi Yehowa akwankyerɛ akyi ma asi wɔn ankasa yiye.—Yesaia 48:17.