Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 1/8 kr. 30-31
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asadweam Wɔ Mexico
  • Akwankyerɛ Ahorow Ma Wimhyɛn Mu Akwantufo
  • Tokyo Kwaakwaadabi a Wodi Akɔneaba
  • Asase ne Ɛso Nneɛma Wɔ Asiane Mu
  • So Maria na Odii Kan Huu Kristo a Wasɔre No?
  • Kesee Fam Ahohuru Bere Mu Asiane
  • Adwumam “Ayayade”
  • Awɔw Bere Mu Kɔkɔbɔ
  • Sɛnea Abɔde Nyinaa Dan Wɔn Ho Wɔn Ho
    Nyan!—2001
  • Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Ɔhaw no Kɛse Te
    Nyan!—1996
  • Onipa Resɛe Afifide a Ɛma Onya Aduan No?
    Nyan!—2001
  • Bammɔ ne Asetɔre
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 1/8 kr. 30-31

Wiase Nsɛm

Asadweam Wɔ Mexico

Nhwehwɛmu a Mexico Mpanyinyɛ mu Akatua Ahyehyɛde no yɛe daa no adi sɛ na asadweam bɛboro ɔpepem anan na wɔwɔ Mexico wɔ 1991 mu. Nanso Mexico City atesɛm krataa El Universal bɔ amanneɛ sɛ, ebedu 1997 no na dodow no abu abɔ ho. Ɛfaa Asadweam a Wɔmmɔ Wɔn Din ahyehyɛde no asɛm kae sɛ, asadweam ɔpepem awotwe a wɔwɔ Mexico no mu ɔpepem abiɛsa wɔ Mexico City. Sɛnea El Universal kyerɛ no, asabow na ɛma nkurɔfo di nsɛmmɔne dodow no ara wɔ Mexico. Asabow mma nkurɔfo nkɔ adwuma, na wɔmmɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu. José Manuel Castrejón a ɔyɛ Ɔman Bagua a Ɛko Tia Nnubɔnenom nanmusifo no ka sɛ, “asanom na ɛde abusua mu basabasayɛ ɔha biara mu 50 ne adwumam asiane ahorow anum biara mu biako ba.”

Akwankyerɛ Ahorow Ma Wimhyɛn Mu Akwantufo

Wimhyɛn a wode betu kwan tenten ma adwene ne nipadua brɛ, na The Times atesɛm krataa a ɛwɔ London no de nyansahyɛ ahorow a ɛde ahotɔ ba ma. Nea ɛka eyinom ho ne “nsaden a wubegyae nom na woanom nsa dɔkɔdɔkɔ pii, adi nnuan a emu yɛ hare, na woayɛ ho mfonini wɔ w’adwenem sɛ wowɔ anigyebea bi.” Faako a obi bɛtra bere tenten betumi ama ne nan ase ataataa, na ne ntade akyekyere no. Enti, The Times bɔ amanneɛ sɛ, “nnuruyɛfo hyɛ nyansa sɛ hodwow wo ntade, worɔ wo mpaboa, na gye akongua a ɛwɔ kwan ho, na ama woatumi asɔresɔre akɔ tiafi kwan so.” Wo nsa ne wo nan a wobɛtaa apoapoa ateɛteɛ mu wɔ akwantu no mu boa ma mogya tumi di aforosian. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi wimhyɛn mu tra mu brɛ so no, “ɛtɔ mmere bi a wɔn a wɔtaa tutu akwan di kan yɛ nsakrae wɔ nnwuma a wɔyɛ no daa mu de siesie wɔn ho ma wɔn akwantu. Wɔn a wɔrebɛkɔ apuei fam no sɔre ntɛm, na wɔn a wɔrebɛkɔ atɔe fam no nna ntɛm.”

Tokyo Kwaakwaadabi a Wodi Akɔneaba

The Daily Yomiuri bɔ amanneɛ sɛ kwaakwaadabi a wɔwɔ Tokyo, Japan, redi akɔneaba wɔ nkurow nketewa ne kuropɔn no mu da biara. Nnomaa ho animdefo ka sɛ mfe kakraa a atwam ni na wofii ase yɛɛ eyi bere a kwaakwaadabi a wɔwɔ Tokyo nnomaa atrae ne asɔredan ho no dɔɔso araa ma kwaakwaadabi no tu kɔyɛɛ wɔn buw wɔ baabi foforo no. Saa bere no na wohuu anigye a ɛwɔ nkurow nketewa mu asetra mu. Nanso, ade biako a wɔn ani gyinae ne kuropɔn mu nnuan a ɛyɛ dɛ—nnuan ase nwura ne nnikae a wɔatow agu no. The Daily Yomiuri ka sɛ, wodii ɔhaw yi so denam “akɔneaba a wodii sɛnea adwumayɛfo yɛ no so. Wotu kɔ nkurow akɛse mu anɔpa kɔhwehwɛ aduan, na wɔsan kɔ mmorɔn no so anwummere.”

Asase ne Ɛso Nneɛma Wɔ Asiane Mu

◆ Wɔ India kusuu fam apuei a afifide ne mmoa pii wɔ hɔ no, wɔkyerɛ sɛ afifide ahorow 650 ne mmoadoma 70 na wɔn ase reyɛ atɔre wɔ hɔ seesei. Wɔkyerɛ sɛ adebɔ mu nneɛma a wotumi sɛe no ntɛmntɛm a ɛwɔ Meghalaya mantam no ne Bangladesh hye so ka mmeae 18 a ɛhɔ afifide ne mmoadoma wɔ asiane a ‘anibere wom’ mu no ho. Sɛnea The Asian Age bɔɔ amanneɛ no, nnipa nam adefow ne nneɛma foforo so resɛe adebɔ mu nneɛma. Afifide ne mmoadoma a wɔwɔ India kusuu fam apuei amantam ason mu no yɛ nea wotumi sɛe no ntɛmntɛm sen nea ɛwɔ ɔman no afã foforo.

◆ Wɔ Italy no, afifide ahorow ne mmoawammoawa a wɔwɔ asiane mu nso renya nkɔanim. Wɔ 1992 mu no, na wosusuw sɛ 458 na wɔn ase reyɛ atɔre, nanso ebeduu 1997 no, na dodow no akɔ anim akodu 1,011. Corriere della Sera kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Italy afifide ahorow ason biara mu biako wɔ asiane mu wɔ ɔkwan bi so, na afifide ahorow 29 na ase atɔre mfe kakra a atwam no mu.” Afifide bɛboro 120 na “ɛwɔ asiane a anibere wom mu a ase betumi atɔre nnansa yi ara,” na ɛkame ayɛ sɛ ɛrenkyɛ koraa 150 bɛkɔ asiane a ɛte saa mu. Sɛnea afifide ho nimdefo Franco Pedrotti a ɔwɔ Camerino Sukuupɔn mu kyerɛ no, “saa dodow yi kyerɛ sɛ tebea no yɛ hu.” Afifide biako ase tɔree koraa bere a wɔkɔyɛɛ prama a wɔbɔ so bɔɔl wɔ beae koro pɛ a na ebi wɔ no.

◆ Wɔ Argentina no, Buenos Aires atesɛm krataa, Clarín, bɔ amanneɛ sɛ ɛhɔnom mmoadoma 2,500 no mu 500 wɔ asiane mu. Sɛnea Claudio Bertonatti, a ɔyɛ Wuram Mmoa Ahyehyɛde so kora adwumayɛbea no guamtrani kyerɛ no: “Ɛwom sɛ afifide ne mmoadoma a yɛbɛkora wɔn so yɛ ade titiriw ma nnipa a wɔte ase nnɛ ne wɔn a wɔbɛba daakye yiyedi de, nanso mmoa pii ase reyɛ atɔre.” Mmoa a wɔwɔ asiane mu wɔ Argentina no mu bi ne apra, ɔsebɔ, aboa bi a ɔte sɛ wansan a wɔfrɛ no vicuña, bonsu, ne akyekyere. “Ɛmfa ho sɛ wɔabara sɛ wonnyae tɔn no,” amanneɛbɔ no ka sɛ wɔ Buenos Aires mantam mu no, “wɔtɔn nkyekyere bɛyɛ 100,000 afe biara.” Bertonatti kae sɛ: “Onipa a anka ɛsɛ sɛ ɔno na odi kan kyerɛ asase so nneɛma a ɛsom bo yi a wɔbɛkora so ho anigye no, ɔno mmom na ɔde asiane ahorow yi mu dodow no ara a ɛretɔre abɔde pii ase no aba.”

So Maria na Odii Kan Huu Kristo a Wasɔre No?

Pope John Paul II aka sɛ “ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛka sɛ [Maria, Yesu] Maame ne onipa a odi kan a ebia Yesu a wanyan no yii ne ho adi kyerɛɛ no.” (L’Osservatore Romano) Nsɛmpa anan no mu biara nka sɛ na Maria, Yesu maame, wɔ ne boda no ho bere a wohui sɛ ɛda mpan no. Nanso, Pope no kae nso sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbaabun a Wɔahyira no a na ɔka asuafo a wodi kan no ho (fa toto Asomafo no Nnwuma 1:14 ho) no, renka wɔn a wohyiaa ne Ba a ofi soro bere a ɔsɔre fii awufo mu no ho.” Pope no kaa nsɛm pii de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ hyia a Yesu hyiaa ne maame no ho kyerɛwtohɔ biara a enni Nsɛmpa no mu no mu. Nokwasɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ honhom kronkron anka Nsɛmpa akyerɛwfo no amma wɔanka biribi a ɛte saa ho asɛm. Saa ara nso na wɔnka ne ho asɛm wɔ asomafo no nkrataa no mu.—2 Timoteo 3:16.

Kesee Fam Ahohuru Bere Mu Asiane

Wɔ Kesee fam no, January yɛ asram a ɔhyew wom paa no mu biako. FDA Consumer nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔ wim tebea a emu yɛ hyew mu no, ehia sɛ wobɔ wo ho ban wɔ ɔhyew mu anisobiri ho. Oduruyɛfo Elizabeth Koller, a ɔyɛ nipadua mu ɔyaresafo no ka sɛ, ɛwom sɛ ɔhyew mu anisobiri kunkum nnipa ɔhaha pii afe biara de, nanso ɛyɛ nea wobetumi asiw ano koraa. Adwumaden a wɔyɛ wɔ ɔhyew mu tumi de ɔhyew mu anisobiri ba, na etumi ka wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wonni air-condition na wɔwɔ yare bi te sɛ asikreyare anaa komayare no nso. Sɛ wim yɛ hyew kɛse a, FDA Consumer tu fo sɛ, nom nsu pii—sɛ woreteɛteɛ w’apɔw mu a, nom lita biako dɔnhwerew biara. Sɛ wugyina awia mu a, hyɛ ahwehwɛniwa, ɛkyɛw a ɛtrɛw, ntade a ɛyɛ hodwohodwo. Sɛ wunni air-condition na w’ani so betumi abiri wo a, “guare nsuonwini, na fa nsu gu wo ho mpɛn pii, na tra bɔnframa anim. Sɛ wote nka sɛ w’ani so biri wo a, frɛ nnuruyɛfo.” Oduruyɛfo Koller bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ obi ho reyɛ hyew mmoroso a, simma kakraa bi pɛ na wowɔ a wubetumi de ayɛ ho biribi.”

Adwumam “Ayayade”

Nhwehwɛmufo Jack Rostron a ɔwɔ John Moores Sukuupɔn mu ka sɛ: “Atipae, ɔbrɛ, awerɛfiri, aniyare, anisobiri, ahomegu mu haw ahorow, ɔpakum, obi aso mu a ɛyɛ no yuu, [ne] honam ani nyarewa”—ne nyinaa betumi ayɛ ɔdan a yare wom ho haw, anaa SBS. Ɔka sɛ, SBS a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no gye toom ankasa wɔ 1986 mu no betumi “ama adwumakɔ a ɛyɛ mfonoe abɛdan ayayade mu a obi de ne ho kɔhyɛ ankasa.” The Independent a ɛwɔ London bɔ amanneɛ sɛ, adan a air-condition kɛse biako pɛ na ɛma emu yɛ nwini a wommue ne mpomma betumi ama mframa mu fĩ, te sɛ mframa a edi awu ne nwura nketenkete a efi mfiri a wɔde tintim nhoma mu aboaboa ano wɔ adan no mu. Sɛ wobetumi akwati SBS a, ɛsɛ sɛ wɔtaa popa air-condition no mu yiye. Rostron ka sɛ: “Sɛ nnipa kakraa bi yɛ adwuma wɔ adan nketewa a wobuebue ne mpomma mu a, wɔn adwumayɛ tu mpɔn.”

Awɔw Bere Mu Kɔkɔbɔ

The Toronto Star atesɛm krataa no ka sɛ, omintim, nipadua mu hyew a ɛkɔ fam ma ɛyɛ hu betumi akye obiara a ɔtra abɔnten wɔ awɔw ne mframa mu wɔ awɔw bere mu. Amanneɛbɔ no ka sɛ, eyi ba “bere a nipadua no hwere ɔhyew ntɛmntɛm sen nea nipadua no betumi anya,” na ɛde ka ho sɛ “enhia sɛ obi nipadua mu hyew bɛkɔ fam koraa ansa na omintim akye no.” Sɛnea nkwakoraa ne mmerewa nipadua yɛ adwuma no ano yɛ mmerɛw sɛ ebetumi agyina nipadua mu hyew a ɛhwere no ano. Wɔne mmofra nyinaa wɔ asiane a emu yɛ den mu. Wilderness First Aid Handbook ka sɛ, “sɛ awɔw de obi, ne ho afɔw, wabrɛ, ɔkɔm de no, ne ho rewosow, ɔrenwiinwii, [na] ɔkyerɛ sɛ n’ani nnye ho sɛ ɔbɛtra abɔnten a,” omintim betumi akye saa nipa no. Ɛsɛ sɛ wɔma onipa a ɔte saa no dabere, ntama a emu awo, aduan, ne nsu nanso ɛnsɛ sɛ wɔma no mmosa anaa kafe. Sɛ ne ho ntɔ no a, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ nnuruyɛfo mmoa ntɛm ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena