Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 10/8 kr. 18-19
  • Afahyɛ Ahorow a Agye Din—Ɛyɛ Anigyede a Asiane Biara Nnim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afahyɛ Ahorow a Agye Din—Ɛyɛ Anigyede a Asiane Biara Nnim?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Halloween Ho Nokwasɛm
    Nyan!—2013
  • Afahyɛ Ahorow a Agye Din Ho Nokwasɛm
    Nyan!—2001
  • Gyinae Pintinn a Wosi Wɔ Sukuu Mu so Ba Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 10/8 kr. 18-19

Afahyɛ Ahorow a Agye Din—Ɛyɛ Anigyede a Asiane Biara Nnim?

WƆ October mfinimfini no, nsakrae soronko bi ba wɔ France nkuropɔn bi mu. Wɔde fere, kaakaamotobi, ne ntontan hyehyɛ adetɔndan mfɛnsere mu. Adetɔnfo a wɔte sotɔɔ ahorow ano no hyehyɛ kyɛw tuntum a ano yɛ feafeaa. Awiei koraa no, mmofra nkumaa tew si mmɔnten kɔbobɔ nkurɔfo apon mu hunahuna wɔn sɛ, sɛ wɔamma wɔn nsa anka akyɛde a wɔhwehwɛ no a, asɛmmɔne bi bɛto wo.

Wɔyɛ amanne a ɛtete saa no nyinaa bere a wɔredi Halloween afahyɛ no. Bere bi a atwam no, na wobu Halloween sɛ Amerikafo afahyɛ, nanso ɛnnɛ mmofra ne mpanyin a wɔwɔ mmaa nyinaa de wɔn ho hyem kɛse. Ɛte sɛ nea Francefo de anigye kɛse di Halloween afahyɛ no. Akontaabu bi kyerɛ sɛ afe a etwaam no, Francefo bɛyɛ baasa mu biako na wodii afahyɛ no. Italy atesɛm krataa La Repubblica ka afahyɛ foforo yi ho asɛm sɛ “biribi a atrɛw ntɛmntɛm” wɔ Italy man no mu baabiara. Nordkurier atesɛm krataa no ka sɛ: “German ɔman mma pii mpɛ sɛ afahyɛ kɛse a wɔyɛ basabasa wom yi bɛpa wɔn ti so.”

Ɛnyɛ Europafo nkutoo mu na Halloween afahyɛ no agye ntini kɛse. Wɔde anigye di Halloween afahyɛ yi wɔ Bahamas kosi Hong Kong nyinaa. International Herald Tribune bɔ amanneɛ sɛ afe a etwaam no, wɔyɛɛ “Halloween afahyɛ ho nneɛma ne nteɛteɛm a ɛyɛ hu sen biara” ho akansi wɔ Sri Lanka radio dwumadibea bi. Halloween afahyɛ no agye din kɛse wɔ Japan nso, faako a nnipa ɔpepem pii ‘de afahyɛ no ho nneɛma te sɛ fere kurakura na wotu aperenten’ wɔ Tokyo no.

Wɔ aman a wonni Halloween kɛse mu mpo no, mpɛn pii no wɔwɔ afahyɛ ahorow a ɛte sɛ ɛno. Sɛ Britaniafo Guy Fawkes Night no du a, wutumi hu mmofra pii a wɔnenam srɛsrɛ sika na wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea ɛkɔ so wɔ Halloween afahyɛ no mu no. Wodi Kanea Afahyɛ no wɔ Taiwan. Mmofra nkumaa tew si mmɔnten a wokurakura akanea a ɛte sɛ nnomaa ne mmoa. Wodi Mexicofo Día de los Muertos, anaa Awufo Da afahyɛ no wɔ ɔman no mu ne U.S. nyinaa. Ɔkyerɛwfo Carlos Miller ka sɛ Mexicofo a wɔwɔ Amerika no da so ara “hyɛ kaakaamotobi a wɔde nnua ayɛ a wɔfrɛ no calacas na wɔsaw de hyɛ wɔn abusuafo a wɔawuwu no anuonyam.”

Ebia nnipa pii bebu afahyɛ a ɛtete saa no sɛ anigyede bi a asiane biara nnim—sɛ bere a mmofra ne mpanyimfo nyinaa hyehyɛ ntade bi na wonya kwan yɛ nneɛma ahorow bi a ɛmfata ara kwa. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma ho a wonnwen nkɔ akyiri saa no ma wobu wɔn ani gu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ afahyɛ ahorow yi fi abosonsom mu no so. Sɛ nhwɛso no, nea ɛmaa Taiwan Kanea Afahyɛ no bae no yɛ bere a nkurɔfo nyaa adwene sɛ wɔbɛsɔ akanea de ahu ahonhom a wogye di sɛ wɔnenam wim no. Mexicofo Awufo Da no nyaa ne mfiase wɔ Aztecfo amanne a edi awufo ni no mu.

Ebia ebinom bɛka sɛ nea ɛyɛe a afahyɛ ahorow a ɛte sɛ eyinom bae no ho nhia biara. Nanso, bisa wo ho sɛ, ‘So yebetumi abu afahyɛ ahorow a efi abosonsom mu yi sɛ biribi a asiane biara nnim?’ Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ho nhia aguadifo a wɔkamfo afahyɛ ahorow yi kyerɛ no. Amammerɛ Asoɛe a Ɛwɔ Barcelona, Spain no nanmusifo bi kaa Halloween ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ afahyɛ a wɔnam so di gua.” Afe a etwaam mpo nkutoo mu no, wɔtɔn nneɛma dɔla ɔpepepem 6.8 wɔ Halloween afahyɛ no mu wɔ United States nkutoo. Wɔ France no, adwumakuw bi a ɛpam Halloween ho nneɛma bu akontaa sɛ wɔ mfe abiɛsa pɛ mu no, mfaso a enya no abu abɔ ho mpɛn ɔha.

Nanso, so eye sɛ wubedi afahyɛ a ɛtete saa esiane sɛ agye din anaasɛ mfaso wɔ so nti? Ma yensusuw Halloween afahyɛ no ho bio mfa mmua asɛm no.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Tikwankora a wɔde asikre ayɛ a wɔhyɛ wɔ Mexicofo Awufo Da no

[Asɛm Fibea]

SuperStock, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Sɛ wɔredi Britaniafo Guy Fawkes Night no a, wɔbɔ gyatannaa

[Asɛm Fibea]

© Hulton Getty Archive/gettyimages

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena