Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 9/13 kr. 6-9
  • Halloween Ho Nokwasɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Halloween Ho Nokwasɛm
  • Nyan!—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afahyɛ Ahorow a Agye Din Ho Nokwasɛm
    Nyan!—2001
  • Afahyɛ Ahorow a Agye Din—Ɛyɛ Anigyede a Asiane Biara Nnim?
    Nyan!—2001
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Gyinae Pintinn a Wosi Wɔ Sukuu Mu so Ba Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2013
g 9/13 kr. 6-9

ASƐM A ƐDA SO

Halloween Ho Nokwasɛm

Wɔhyɛ Halloween ho fã wɔ baabi a wote no? Wɔ United States ne Canada no, nnipa dodow no ara nim Halloween, na wɔhyɛ ho fã afe biara wɔ October 31. Nanso wɔyɛ amanne afoforo wɔ aman pii so a ɛno nso te sɛ Halloween. Wɔ mmeae bi no, wodi nnapɔnna bi te sɛ Halloween ara, ɛwom sɛ ɛsono edin a ɛda so: wodi ahonhonsɛm na wɔne awufo ahonhom, wɔn a wodi abayisɛm, ne mpo ɔbonsam ne adaemone di nkitaho.​—Hwɛ adaka “Afahyɛ a Ɛte sɛ Halloween wɔ Wiase Nyinaa.”

EBIA w’ankasa wunnye ahonhom a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ hɔ no nni. Ebia wubebu Halloween afahyɛ a wode wo ho behyem no sɛ biribi a woyɛ de gyigye w’ani kɛkɛ, na wohyɛ wo mma nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem mfa nsua ade. Nanso nnipa pii bu afahyɛ ahorow yi sɛ asiane wom esiane nea edidi so yi nti:

  1. Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Halloween ma obi tumi ne ahonhom a wɔn mu pii hunahuna nkurɔfo di nkitaho.” (Hwɛ adaka “Halloween Ho Abakɔsɛm.”) Saa ara na afahyɛ pii a ɛte sɛ Halloween nso fi abosonsom mu, na nananom som di mu akoten paa. Ɛnnɛ mpo, nnipa a wɔwɔ wiase mmeae pii ne awufo ahonhom di nkitaho saa da yi.​—Encyclopedia of American Folklore.

  2. Ɛwom sɛ wobu Halloween sɛ Amerikafo dapɔnna de, nanso afe biara nnipa pii a wofi aman horow so gye tom. Wɔn mu pii nnim sɛ Halloween agyiraehyɛde ahorow, nneɛma a wɔde siesie wɔn ho, ne amanne ahorow a emu dodow no ara ne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ no fi abosonsom mu.​—Hwɛ adaka “Ɛhe na Efi Bae?”

  3. Nnipa pii a wɔwɔ Wicca som mu a wodi tete Celtic amanne akyi no da so ara de tete din Samhain na ɛfrɛ Halloween, na wobu da a wɔde hyɛ fã no sɛ anadwo kronkron a ɛsen biara wɔ afe no mu. Bere a USA Today atesɛm krataa refa obi a ɔka sɛ odi abayisɛm asɛm aka no, ɛkae sɛ, “Kristofo ‘nhyɛɛ no nsow, nanso, wɔne yɛn redi yɛn dapɔnna. . . . Yɛpɛ no saa.’”

  4. Afahyɛ ahorow te sɛ Halloween ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mma wonhu . . . ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu.”​—Deuteronomium 18:10, 11, The Jerusalem Bible; hwɛ Leviticus 19:31; Galatifo 5:19-21 nso.

Mmusua betumi agye wɔn ani a wɔmfa wɔn ho nhyɛ afahyɛ a asɛm wɔ ho mu

Esiane nea yɛaka ho asɛm yi nti, ɛyɛ papa sɛ wubehu baabi a Halloween ne afahyɛ ahorow a ɛtete saa a asɛm wɔ ho no fi. Asɛm yi ho nokwasɛm a woahu yi betumi ama wo ne afoforo pii a wɔmfa wɔn ho nhyɛ afahyɛ ahorow yi mu no ayɛ adwene.

Bere a USA Today atesɛm krataa refa obi a ɔka sɛ odi abayisɛm asɛm aka no, ɛkae sɛ, “Kristofo ‘nhyɛɛ no nsow, nanso, wɔne yɛn redi yɛn dapɔnna. . . . Yɛpɛ no saa.’”

AFAHYƐ A ƐTE SƐ HALLOWEEN WƆ WIASE NYINAA

Nnipa pii bu Halloween sɛ Amerikafo dapɔnna. Nanso nnipa pii ani gye ho wɔ aman pii so wɔ wiase nyinaa. Bio nso, afahyɛ afoforo bi wɔ hɔ a ɛte sɛ Halloween, efisɛ wɔhyɛ ahonhom abɔde ne wɔn dwumadi ho fã wom. Mmeae a wodi nnapɔnna a agye din te sɛ Halloween wɔ wiase nyinaa na ɛwɔ ha yi.

  • Amerika Atifi Fam - Awufo Da

  • Amerika Anafo Fam - Kawsasqanchis (Da a awufo ba fie)

  • Europa - Awufo Da ne Halloween afahyɛ ahorow

  • Afrika - Egungunfo Kaakaamotobi Asaw

  • Asia - Bon Afahyɛ

ƐHE NA EFI BAE?

Faako a Halloween Amanne ne Agyiraehyɛde Ahorow Bi Fi Bae

WƆN A WODI ABAYISƐM, ASUMANSƐM, AHONHONSƐM: Wɔne ahonhommɔne na ayɛ adwuma fi teteete.

TƆFE: Tete Celtfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔde nnɔkɔnnɔkɔwade bɛpata ahonhommɔne no. Akyiri yi, asɔre no hyɛɛ wɔn a wodi afahyɛ no nkuran sɛ, sɛ edu Akronkronfo Anwummere a, wɔnkɔ afie afie nkɔsrɛsrɛ nnuan mfa mmɔ mpae mma awufo. Bere bi akyi no, saa amanne yi bɛyɛɛ ahunahuna kwan a wɔfa so nya akyɛde wɔ Halloween afahyɛ bere mu.

NTADE: Ná Celtfo hyɛ kaakaamotobi sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ ahonhommɔne hu wɔn a, wobesusuw sɛ wɔn nso wɔyɛ ahonhom na wɔanhaw wɔn. Asɔre no de nkakrankakra kaa abosonsom amane ahorow ne Akra Nyinaa Da ne Ahotefo Nyinaa Da ho afahyɛ no boom. Akyiri yi, wɔn a wɔhyɛ fã yi hyehyɛɛ ntade a wɔayeyɛ ahotefo, abɔfo ne adaemone mfonini agu mu de kɔɔ afie afie mu.

ƐFERE: Ná wodi nnuadewa a wɔasɔ kyɛnere wɔ mu ho adwinni, na na wɔde sisi hɔ de pam ahonhommɔne. Ebinom susuw sɛ, kyɛnere a ɛhyɛ nnuadewa no mu no gyina hɔ ma ɔkra bi a waka ahodwiragya mu. Akyiri yi, wɔde ɛfere a woadi ho adwinni sii ananmu.

HALLOWEEN HO ABAKƆSƐM

AFEHA A ƐTO SO ANUM A.Y.B.

Celtfo di Samhain afahyɛ no wɔ October awiei, efisɛ wogye di sɛ saa bere no na awufo ahonhom ne adaemone kyinkyin asase so paa sen mmere afoforo.

AFEHA A EDI KAN Y.B.

Romafo dii Celtfo so nkonim na wɔfaa Samhain amanne ahorow no nso kaa ho.

AFEHA A ƐTO SO ASON Y.B.

Wɔkyerɛ sɛ Pope Boniface IV na ɔde Ahotefo Nyinaa Da a wɔhyɛ no fa afe biara no sii hɔ sɛ wɔmfa nkae mogya adansefo.a

AFEHA A ƐTO SO DUBIAKO Y.B.

Wɔahyɛ November da a ɛto so abien sɛ Akra Nyinaa Da a wɔde kae awufo. Wɔka Ahotefo Nyinaa Da ho amanne ne Akra Nyinaa Da ho amanne bom frɛ no Halloween.

AFEHA A ƐTO SO DUNWƆTWE Y.B.

Sɛ wɔrekyerɛw dapɔnna, Hallowe’en (Hallow Evening) a ɛyɛ Ahotefo Anwummere ho asɛm wɔ nhoma mu a, wɔkyerɛw no sɛ Halloween.

AFEHA A ƐTO SO DUNKRON Y.B.

Nnipa mpempem pii a wotu fii Ireland kɔɔ United States no de Halloween amanne kaa wɔn ho kɔe, na bere kɔɔ so no, atubrafo a wofi Britain, Germany, Afrika ne aman afoforo so no de wɔn amanne ahorow a ɛne Halloween amanne di nsɛ no frafrae.

AFEHA A ƐTO SO ADUONU Y.B.

Halloween bɛyɛɛ nnapɔnna a agye din wɔ United States.

AFEHA A ƐTO SO ADUONU BIAKO Y.B.

Halloween afahyɛ a wɔnam so pɛ sika no abɛyɛ adwuma a ɛma wonya dɔla ɔpepepem pii wɔ wiase afanan nyinaa.

a Hallow yɛ tete asɛmfua bi a ɛkyerɛ “ɔhotefo.” Ahotefo Nyinaa Da (wɔsan frɛ no Akronkronfo Da) yɛ dapɔnna a wɔde kae ahotefo a wɔawuwu. Ná wɔfrɛ anwummere a na edi Ahotefo Nyinaa Da anim no sɛ Akronkronfo Nyinaa Anwummere (Hallow Even). Akyiri yi na wotwaa no tiawa frɛɛ no Halloween.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena