Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 12/1 kr. 9
  • Gyinae Pintinn a Wosi Wɔ Sukuu Mu so Ba Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyinae Pintinn a Wosi Wɔ Sukuu Mu so Ba Mfaso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Halloween Ho Nokwasɛm
    Nyan!—2013
  • Afahyɛ Ahorow a Agye Din Ho Nokwasɛm
    Nyan!—2001
  • Afahyɛ Ahorow a Agye Din—Ɛyɛ Anigyede a Asiane Biara Nnim?
    Nyan!—2001
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 12/1 kr. 9

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Gyinae Pintinn a Wosi Wɔ Sukuu Mu so Ba Mfaso

BIBLE hyɛ nkɔm sɛ: “Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yesaia 54:13 NW) Sɛ yɛbɛtrɛw mu a, “wo mma nyinaa” betumi afa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so nyinaa, a mmotafowa ka ho ho. Ɛnnɛ, Kristofo a wɔyɛ awofo hwɛ hu sɛ wɔn mma bɛyɛ wɔn a “Yehowa akyerɛkyerɛ” wɔn wɔ fie ne Kristofo nhyiam horow ase.

Nanso bere a wɔkɔ sukuu no, Kristofo mmofra hyia nsɛnnennen. Mpɛn pii no, wohu hia a ɛho hia sɛ wosi gyinae pintinn a egyina nea wɔasua afi Bible mu no so. Sɛ wɔyɛ saa a, sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa nya mu mfaso, sɛnea osuahu a edi so a efi Micronesia yi ma ɛda adi no.

Wɔ Pacific atɔe fam supɔw Tol a ɛwɔ Chuuk Nsupɔw so no so no, akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔnom sukuu mu no ka kyerɛɛ mmofra no nyinaa sɛ wonsiesie wɔn ho mmedi Halloween afahyɛ no. Ná sukuu mmofra a wɔyɛ Adansefo no nim sɛ afahyɛ no betumi ama wɔasiesie hɔ ahyehyɛ ntade te sɛ nsamanfo, asasabonsam, ne abayifo—a ne nyinaa ne ahonhomsɛmdi amanne horow wɔ abusuabɔ. Ná mmofra yi ahonim mma wontumi mfa wɔn ho nhyem.a

Ntetee a egyina Bible so a wonyae wɔ fie ne Kristofo asafo no mu nti, na wonim sɛ Onyankopɔn ani nnye nneyɛe a ɛte saa ho, sɛ mpo wɔyɛ de gye wɔn ani kɛkɛ a. Sɛnea ɛbɛboa ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn gyinaesi no mu yiye no, mmofra no too nsa frɛɛ Barak, Adansefo asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ supɔw no so no mu biako sɛ ɔne wɔn akyerɛkyerɛfo no mmɛkasa.

Bere a wotiee nkyerɛkyerɛmu no wiei no, akyerɛkyerɛfo no yɛɛ nhyiam a ɛto so abien ho nhyehyɛe, a na Barak betumi akasa akyerɛ sukuu no mu adwumayɛfo nyinaa. Wɔ saa nhyiam yi ase no, Barak de nokwasɛm a ɛfa Halloween ho ankasa ho adanse mae. Onyaa ne nsɛm no fii Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ne nhoma afoforo nso mu. Akyerɛkyerɛfo ne mpanyimfo no ho dwiriw wɔn wɔ nea wosua faa afahyɛ no fibea, n’abakɔsɛm, ne sɛnea ɛbata ɔsom ho no ho. Wɔpawee sɛ wobehyiam de asi sɛnea wobedi tebea no ho dwuma ho gyinae.

Nna kakraa bi akyi no, wɔbɔɔ gyinaesi bi a wɔnhwɛ kwan ho amanneɛ. Ná wɔrebetwa nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ Halloween ho no nyinaa mu. Sukuu no renni Halloween afahyɛ no saa afe no. Hwɛ ade pa a ɛte saa a efii si a saa Adansefo mmofra yi sii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ sukuu mu no mu bae! Ɛnsɛ sɛ mmofra suro anaa ɛyɛ wɔn aniwu da sɛ wobesi gyinae pintinn agyina Bible mu nokware akyi.

Wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wosua ade yiye wɔ sukuu mu. Afei nso, wɔtete Adansefo mmofra ma wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bɔ wɔn bra, ma sɛ wonya hokwan a, wɔka wɔn anidaso ne wɔn gyidi horow no ho asɛm kyerɛ sukuufo foforo. Sɛ mpo biribi pa amfi mu amma ntɛm sɛnea ɛte wɔ asɛm yi mu no a, mmofra betumi anya ahotoso ne abotɔyam wɔ nea ɛteɛ a wɔyɛ no mu. Na nea ehia sen saa no, wobetumi anya awerɛhyem sɛ wɔn soro Agya no wɔ wɔn ho anigye, na obehyira wɔn wɔ osetie a wofi nokwaredi mu yɛ no ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ Halloween ne n’ahonhomsɛmdi fibea ho nsɛm pii a, hwɛ January 8, 1994 Nyan! a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena