Afahyɛ Ahorow a Agye Din Ho Nokwasɛm
ABAYIFO ne nsamanfo, ɛfere ne ogyatanaa, ahunahuna a wɔnam so nya akyɛde. Ɛnyɛ den koraa sɛ obi behu nneɛma yi a ɛhyɛ Halloween afahyɛ no agyirae no. Nanso, ɛyɛɛ dɛn na eyi ne afahyɛ afoforo no fii ase? Wɔfrɛ Halloween nso sɛ Akronkronfo Anwummere a edi Ahotefo Nyinaa Da anim no. Saa din a wɔkyerɛ sɛ efi Kristosom mu no mma yenhu abosonsɛm a ɛkɔfaa afahyɛ no bae no. Nokwarem no, nhomanimfo ka sɛ Halloween fii ase bere tenten ansa na Kristosom reba—bere a na Celtfo no te Britania ne Ireland no. Na Celtfo no hwɛ kalenda so kyɛ afe no mu abien—awɔw bere a ahotɔ nnim ne ahohuru bere a ahotɔ wom. Na Celtfo di Samhain afahyɛ a asekyerɛ ne “Ahohuru Bere Awiei” no wɔ November 1, bere a ɔsram atwa puruw no. a
Na wodi afahyɛ yi a efi Celtfo afe foforo ase no wɔ ahohuru bere awiei bere a wɔatwa wɔn nnɔbae de wɔn mmoa nyinaa afi adidi aba fie no. Na Celtfo no gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ amanne na wɔbɔ afɔre na ama owia no anya ahoɔden bere a owia rekɔtɔ no. Na wodum gya biara de kyerɛ sɛ afe dedaw no retwam, na na wɔbɔ gyatannaa kronkron de di afe foforo no na ama kurom hɔfo nyinaa de bi asɔw wɔn bukyia ano. Na wosusuw sɛ gyatannaa yi—a wɔbɔ bi bere a wɔredi Guy Fawkes Night wɔ Britania no—tumi pam ahonhommɔne nso.
Na wogye di sɛ wɔ Samhain afahyɛ no mu no, nkataanim a etwa nnipa ne ahonhom ntam no fi hɔ, na ahonhom pa ne ahonhommɔne nyinaa tumi ba bɛnenam asase so. Na wogye di sɛ awufo akra ba wɔn fie ma enti abusuafo de nnuan ne nsa si nsamanfo a wɔabɛsra wɔn no hɔ de pata wɔn na ama wɔayi mmusu biara afi hɔ. Enti, ɛnnɛ, sɛ mmofra yɛ wɔn ho te sɛ nsamanfo anaa abayifo kɔ nkurɔfo fie kɔsrɛ Halloween akyɛde anaa wohunahuna wɔn a, na wɔrema amanne a na wɔyɛ wɔ Samhain afahyɛ ase no akɔ so a wonnim. Jean Markale ka wɔ ne nhoma Halloween, histoire et traditions (Halloween—Abakɔsɛm ne Amammerɛ) mu sɛ: “Sɛ wogye biribi a, wɔde kyerɛ sɛ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, wonnim sɛnea awufo ne ateasefo de akyɛde ma wɔn. Enti na nokwarem no, wɔka sɛ kaakaamotobi a wɔhyɛ no Halloween afahyɛ mu . . . no yɛ ɔsom mu adeyɛ no.”
Ɛnam sɛ nkurɔfo gye di sɛ nkataanim a etwa ateasefo ne ahonhom ntam no afi hɔ nti, wosusuw sɛ ɛrenyɛ den koraa sɛ nnipa betumi akɔ ahonhom atrae hɔ. Enti, na wobu Samhain afahyɛ no sɛ bere pa a wɔnam so hu nea ɛbɛba daakye. Na wɔde aprɛ ne aborɔfo nkate a wobu n’abien nyinaa dua kronkron no hwehwɛ ahintasɛm a ɛfa aware, nyarewa, ne owu ho. Sɛ nhwɛso no, na wɔde aprɛ a ahyɛnsode bi wɔ ho gu nsu a wɔasaw asi hɔ mu. Bere a ɔbarima anaa ɔbea bi de n’ano afa aprɛ no, na otumi hu nea ɔbɛware no daakye. Ɛnnɛ wohu asumansɛm yi wɔ Halloween afahyɛ no mu bere a nkurɔfo de wɔn ano fa aprɛ no.
Afei nso, na wɔnom nsa tra so na wɔyɛ nneɛma a ɛmfata bere a wɔredi Samhain afahyɛ no. Markale ka sɛ: “Na wɔsesa amammerɛ mu nneyɛe a wommuu ani nguu so no. Na wɔma kwan ma wɔyɛ nneɛma a wɔabara no na na wɔbara nneyɛe a wɔma ho kwan no.” Nneɛma a ɛte saa no kɔ so wɔ Halloween afahyɛ no mu nnɛ, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛno na ama agye din kɛse no. The Encyclopedia of Religion ka sɛ, ɛnnɛ Halloween yɛ “bere a mpanyimfo nso bu wɔn ani gu amammerɛ so na wɔyɛ ade hunu biara a wɔpɛ saa anwummere no. Enti Celtfo afahyɛ no mu adeyɛ titiriw a ɛne sɛ ɛyɛ anwummere a wobu wɔn ani gu abrabɔ a wogye tom so no akɔ so abedu afeha 20 yi mu.”
Ɔsom Mu Akameakame
Esiane Irelandfo ntɔmmɔ fuw a ɛsɛee wɔ afeha 19 no mu nti, wɔn a wotuu kwan kɔɔ United States no de Halloween ne ɛho amanne horow no kɔɔ hɔ. Asan aba Europa nnansa yi ara. Nanso, ɛnyɛ obiara na n’ani gye Halloween a agye din kɛse nnɛ no ho. Sɛnea Le Monde atesɛm krataa no kyerɛ no, “Halloween afahyɛ a ɛne Ahotefo Nyinaa Da ne Akra Nyinaa Da (November 1 ne 2) hyia a anhwɛ a ebetumi abesi afahyɛ abien yi ananmu no ma adetɔnfo ani gye nanso ɛma asɔrekɔfo bɔ hu.”
Ɛhaw Katolek asɔre mpanyimfo a wɔwɔ France sɛ nkurɔfo bu wɔn ani gu asɔre no nnapɔnna so kodi Halloween afahyɛ no, na wɔka sɛ ɛyɛ “abosonne a wɔma ɔmanfo yɛ.” Stanislas Lalanne a ɔyɛ Katolek Asɔfo a wɔwɔ France no Nhyiam kasamafo no ka sɛ, Halloween afahyɛ no sɛe ‘nkwa ne owu’ ho ntease pa no. Jean Bonfils a ɔyɛ sɔfo panyin wɔ Nice no kae sɛ “afahyɛ yi ne amammerɛ a ɛwɔ Mediterranea ha ne Kristofo de no nni abusuabɔ biara”, ma enti ɔbɔɔ Katolekfo kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye wɔ “atan afahyɛ titiriw a agye din wɔ wiase nyinaa no ho.”
Hippolyte Simon a ɔyɛ sɔfo panyin wɔ Clermont-Ferrand no ka sɛnea Katolekfo agyaw wɔn amammerɛ hɔ akodi abosonsom afahyɛ akyi no ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea Francefo rehwehwɛ ɔsom bi a wɔde besi Kristosom ananmu wɔ ɔman no mu.” Ɔka sɛ: “Sɛ Halloween afahyɛ no du so a, nkurɔfo yɛ wɔn ho sɛ awufo na wɔn ‘saman’ de owu hunahuna yɛn. Nanso, sɛ Ahotefo Nyinaa Da no du so a, yɛka sɛ wɔn a wɔawuwu no te ase na yɛbɛkɔ akɔka wɔn ho wɔ Onyankopɔn Kurom.”—Vers une France païenne? (Ɛfa Francefo Abosonsomfo Ho?)
Saa na ɔsɔfopɔn Carlo Maria Martini a ɔwɔ Milan, Italy, tuu Italiafo fo sɛ enni sɛ wɔpo Katolekfo nnapɔnna ahorow no, na ɔkae sɛ Halloween “nte sɛ yɛn amammerɛ a ɛso wɔ mfaso kɛse a ɛsɛ sɛ yɛkɔ so di no. Akra Nyinaa Da no ka yɛn tete afahyɛ ahorow ho. Ɛyɛ da a ɛma yenya daa nkwa anidaso, ɛda a Awurade ma yɛte ase sɛ saa nkwa no som bo sen nea yehu wɔ asase so no.” Akyinnye biara nni ho sɛ Katolekfo komapafo pii te nka saa. Nanso, so nsonsonoe pɔtee bi da Halloween ne Akra Nyinaa Da no ntam sɛnea nsɛm a ɛte saa no pɛ sɛ yehu no? Sɛ yɛhwehwɛ nea ɛyɛe a Katolekfo nnapɔnna yi bae mu kɔ akyiri a, dɛn na yehu?
Akronkronne no Mfiase
The Catholic Encyclopedia ka sɛ Ahotefo Nyinaa Da no yɛ afahyɛ a wɔde “di ahotefo nyinaa ni, wɔn a wonim wɔn ne wɔn a wonnim wɔn.” Wɔ afeha a ɛto so abien no awiei mu hɔ no, wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no fii ase dii agyidifo a wokum wɔn no ni, na esiane sɛ na wɔn gyidi ne sɛ awufo a wɔte saa no ne Kristo wɔ soro dedaw nti, wɔbɔɔ mpae faa saa awufo no so sɛ wɔnsrɛ mma wɔn. Wɔ May 13,b 609 anaa 610 Y.B. mu, bere a Pope Boniface IV hyiraa Roma anyame nyinaa asɔredan bi so maa Maria ne agyidifo a wɔawuwu no, wofii ase hyɛɛ ho fa ankasa. Markale ka sɛ: “Roma anyame no gyaw wɔn dibea maa ahotefo a na wɔwɔ ɔsom a na ɛrekɔ so no mu.”
Pope Gregory III (731-741 Y.B.), na ɔsesaa da yi kɔɔ November bere a ohyiraa asɔredan bi so wɔ Roma maa ahotefo nyinaa na ɔkae sɛ wonni ahotefo yi ni wɔ November 1 no. Nea enti a ɔyɛɛ saa no da so ara yɛ ahintasɛm. Nanso, ebetumi aba sɛ saa bere no ara na na wodi afahyɛ yi wɔ England. The Encyclopedia of Religion ka sɛ: “Celtfo no kɔɔ so dii Samhain afahyɛ no wɔ mmere a na Kristosom retrɛw wɔ Britania nyinaa no. Britania asɔre no bɔɔ mmɔden de Kristofo afahyɛ bi hyɛɛ da a na wodi Samhain no na ama nkurɔfo adwene afi abosonsom amammerɛ so. . . . Ebetumi aba sɛ kae a na tete Britaniafo kae Ahotefo Nyinaa Da no nti na ɛmaa Kristofo nyinaa de wɔn ho hyɛɛ saa afahyɛ yi mu no.”
Markale ka sɛ saa bere no na Ireland nkokorafo dɔɔso wɔ Europa. New Catholic Encyclopedia san ka sɛ: “Na Irelandfo taa di afahyɛ bi ɔsram biara da a edi kan, na esiane sɛ na November 1 na efi Celtfo awɔwbere ase nti, na ɔkwan biara so wɔde saa da no bɛhyɛ fã ama ahotefo nyinaa.” Awiei koraa no, Pope Gregory IV hyɛ maa afahyɛ yi bɛdan amansan adeyɛ.
Ɛdefa Akra Nyinaa Da a wɔbɔ mpae ma akra a wɔwɔ ahodwiragya mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ ɔsoro ho no, nkokorafo a na wɔwɔ Cluny, France no de bɛhyɛɛ November 2 wɔ afeha 11 mu. Ɛyɛ ampa sɛ Akra Nyinaa Da no yɛ Katolekfo dapɔnna, nanso akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo afoforo adwene nsi wɔn pi wɔ ho. New Catholic Encyclopedia ka sɛ “efi tete nyinaa na wogye di ankasa sɛ akra a wɔwɔ ahodwiragya mu no dan wɔn ho sɛ hann bi, abayifo, mponkyerɛn, anaa nneɛma a ɛtete saa, saa da yi.”
Esiane sɛ asɔre no antumi amma ne nguan no annyae abosonne yi nti, wɔde “Kristosom” kataa so. The Encyclopedia of Religion si nokwasɛm yi so dua sɛ: “Wɔnam Kristofo afahyɛ a ɛne Ahotefo Nyinaa Da no so kae Kristosom mu ahotefo a wonim wɔn ne wɔn a wonnim wɔn nyinaa sɛnea na wɔnam Samhain afahyɛ so kae Celtfo anyame a na wodi wɔn ni no ara.”
Sɛnea Ɛsɛ sɛ Wubu Afahyɛ Ahorow a Agye Din No
Ɛsɛ sɛ Halloween ne afahyɛ ahorow a ɛte saa no mu nneyɛe bɔne no ka wo dɛn? Sɛnea yɛahu no, nnipa pii bu Halloween afahyɛ no sɛ bere a wɔde siesie wɔn ho na wogye wɔn ani ara kɛkɛ. Nanso, so wunnye ntom sɛ ɛho hia sɛ awofo hwɛ hu sɛ anigyede biara a wɔn mma de wɔn ho hyem no fata na asiane biara nnim?
Wobisaa sukuu panyin bi a ɔwɔ France a ɔde mfe 20 akyerɛ ade sɛ ɔnkyerɛ sɛnea Halloween anya mmofra nkumaa so nkɛntɛnso. Ɔkae sɛ: “Kɔ a mmofra kɔ nkurɔfo afie mu kohunahuna mpanyimfo ma wɔma wɔn tɔfe no haw me efisɛ ebetumi ayɛ asiane kɛse ama mmofra bere tenten. Ebetumi ama wɔabɛyɛ pɛsɛmenkominyafo. Wɔte nka sɛ sɛ wɔhyɛ nkurɔfo, ma wosuro a, ɛbɛma wɔn nsa aka nea wohia no.” Enti, ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho sɛ: ‘Sɛ me mma di nnapɔnna a ɛte saa a, dɛn na “wobesua afi mu?” ’
Akyinnye biara nni ho sɛ mmusua pii ahu sɛ ɛyɛ ka kɛse sɛ wɔbɛma wɔn mma akyɛde biara a wobisa no na wɔatotɔ ntade ama wɔn. Robert Rochefort, France Asoɛe a Ɛhwɛ Asetram Nsɛm so kwankyerɛfo panyin ka sɛ: “Halloween . . . nyɛ dapɔnna, ɛyɛ aguadi da.” Halloween ma aguadi yɛ anigye ansa na Buronya adu. Ɔkwan bi so no, ɛyɛ ade foforo a ɛma nkurɔfo sɛe sika—sika a mpɛn pii no wɔn ho nso. So ɛsɛ sɛ wudi nea nnipa dodow no yɛ akyi?
Nanso, nea ɛho hia Kristofo kɛse ne abosonne pii a ɛda adi wɔ Halloween ne afahyɛ ahorow a ɛtete saa mu no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne fa ayɔnko. Muntumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano.” (1 Korintofo 10:20-22) Obisae bio sɛ: “Twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atumi abɔ? Na ɔkwan bɛn so na biakoyɛ betumi atra Kristo ne ɔbonsam ntam? Kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ?” (2 Korintofo 6:14-15, Phillips) Enti Bible no kasa tia abosonne biara a wɔde Kristosom akata so no!
Afei nso, Bible kasa tia ahonhonsɛmdi. (Deuteronomium 18:10-12) Ɛwom, sɛ nnipa pii a wodi Halloween no ka sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ Satan nneyɛe biara mu de, nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, afahyɛ a ɛte saa no ne ahonhonsɛmdi na ɛnam. Enti, ebetumi ama nkurɔfo, ɛnkanka mmofra a wɔn ho nkokwawee, de wɔn ho akɔhyɛ ahonhonsɛmdi mu. Enni sɛ yɛma abosonsom amanne ne gyidihunu a egyina ahonhonsɛmdi so fra Kristosom; nneɛma a ɛte saa no yɛ asiane ankasa.
Nea etwa to no, nokwasɛm no ne sɛ Halloween, Ahotefo Nyinaa Da ne Akra Nyinaa Da no nyinaa gyina gyidi ahorow a ɛne sɛ awufo hu amane anaasɛ wobetumi ahaw ateasefo wɔ ɔkwan bi so no so. Nanso, Bible ka pefee sɛ gyidi a ɛtete saa no nyɛ nokware: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Ne saa nti, Bible tu fo sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [adesamma damoa] a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:10) Esiane sɛ awufo nnim biribiara na wontumi nhaw afoforo anaasɛ wɔn ankasa nhu amane biara nti, enni sɛ yesuro wɔn ɔkwan biara so. Afei nso, mpae a wɔbɔ de boa wɔn no so nni mfaso biara. So eyi kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ mma yɛn adɔfo a wɔawuwu no? Ɛnte saa. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.c
Sɛ obi wɔ nimdeɛ a, obetumi apaw nea ɔpɛ. Sɛ yenni asɛm bi ho nimdeɛ a edi mu a, yentumi nsi ho gyinae a edi mu. Afei a woasusuw nokwasɛm a wɔada no adi wɔ nsɛm yi mu nyinaa ho awie no, gyinae bɛn na wubesi?
[Ase hɔ nsɛm]
a Ebia Samhain nyɛ Celtfo awufo nyame sɛnea wɔtaa ka no, na mmom ɛyɛ afahyɛ no din. Sɛnea Jean Markale, Franceni a ɔwɔ Celtfo asetra ho nimdeɛ kyerɛ no, ebetumi aba sɛ Lug a ɔyɛ hann nyame no na na wɔde Samhain afahyɛ no di no ni.
b Anwonwasɛm ne sɛ saa da yi ara na na Romafo di wɔn afahyɛ Lemuria a na ɛba so May 9, 11, ne 13 de pata awufo akra sɛnea ɛbɛyɛ a wonhunahuna ateasefo anaasɛ wɔnhaw wɔn no.
c Sɛ wopɛ sɛ wunya Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa owusɔre ho no pii a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a Yehowa Adansefo tintimii no ti 9 asɛm a ɛne “Dɛn na Ɛba Yɛn Adɔfo a Wɔawuwu no So?” no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
Halloween daadaa nkurɔfo ma wogye di sɛ awufo te ase
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Celtfo asumansɛm da so ara wɔ Halloween nneyɛe mu
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Halloween fi Celtfo afahyɛ a ɛbɛyɛ sɛ na wɔde som hann nyame Lug mu
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Amusiei a tete Celtfo mmeamudua sisi
[Mfonini wɔ kratafa 20, 21]
Aprɛ a wɔde ano fa yɛ Celtfo agodie biako
[Asɛm Fibea]
From the magazine: The Delineator October 1911
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Pope Boniface IV hyiraa Roman abosonsom asɔredan so maa Maria ne asɔre no mufo a wokunkum wɔn no
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]
Nkɛntɛnso bɛn na Halloween nya wɔ wo mma so?
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Nokware Kristofo mmusua de wɔn ho hyɛ anigyede a ɛfata mu