Mmofra—Monhwɛ Mo Ho Yiye Wɔ Ɔbra Ahorow Abien A Mubebu Ho
“Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase. . . Nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu.”—ƆSƐNKAFO 11:9
1, 2. Abofra a obu ɔbra ahorow abien ho nhwɛso bɛn na ɛwɔ hɔ?
ABOFRA bi kyerɛwee sɛ “wɔtetee me sɛ Kristoni fi me mmofraase wɔ Yehowa Adansefo mu. Nanso ɔbra a na mibu, bere a na mewɔ fie mpo no ne m’awofo gyinapɛn ahorow ne nsusuwii bɔ abira koraa. Na m’abrabɔ mu fã kɛse no ara nnye, na ɛyɛ wiasefo abrabɔ a nteɛso nnim.”
2 Abofra no kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ansa na midi mfe du mpo no, na mafi ase bu ɔbra ahorow abien sɛnea metumi—sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye me atom wɔ sukuu na ama manya nnamfo na m’awofo nso akɔ so agye me atom. Wɔ sukuu no, memaa m’abrabɔ ne yɛbea ne su a ɛwɔ hɔ no hyiae sɛnea metumi . . . Nanso na meyɛ soronko koraa wɔ fie. Na meyɛ Kristoni a obu ɔbra pa a na m’awofo hwɛ kwan no.”
3. (a) Ahotoso bɛn na yɛwɔ, nanso dɛn na yehu? (b) Dɛn na ɛma yɛde yɛn adwene si mmofra so?
3 Yenim sɛ saa abofra yi abrabɔ no nyɛ ɔbra a mo mmofra pii a mowɔ asafo no mu bu no ho nhwɛso. Yɛwɔ ahotoso sɛ mudi mo awofo ne asafo no nokware na eyi ma yɛn koma ani gye. Wɔ bere koro no ara mu no, yenim sɛ ebinom yɛ wɔn ho sɛ wobu ɔbra pa na wɔde wɔn nneyɛe bɔne no hintaw mpanyimfo sɛnea wobetumi. Enti asemmisa no ne sɛ: So woyɛ onipa a woma yesusuw sɛ woyɛ no, anaasɛ worebu ɔbra ahorow abien? Ɛnyɛ sɛ yɛrebisa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya wo ho mfomso bi, na mmom yɛdɔ wo ankasa na yɛpɛ sɛ yɛboa wo ma w’ani gye wɔ wo mmerantebere anaasɛ mmabaabere mu denam ɔbra a wubebu wɔ ɔkwan a ɛbɛsɔ Yehowa ani so.—Ɔsɛnkafo 11:9, 10; 12:14; 2 Korintofo 5:10.
4. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo binom abu ɔbra ahorow abien, nanso dɛn na wɔahu nnansa yi wɔ mmofra mu?
4 Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mode mo adwene si yɛn mmofra so? Mpanyimfo nso ɛ?’ Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wɔn nso wɔhwɛ wɔn ho yiye wɔ ɔbra ahorow abien a wobebu ho. Gehasi a na ɔyɛ Elisa somfo no yɛɛ ade wɔ nnaadaa kwan so na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ogyee akyɛde horow fii Naaman hɔ no so. (2 Ahene 5:20-26) Na Anania ne Safira a na wɔyɛ mpanyimfo no dii atoro denam ka a wɔkae sɛ wɔde asase no sika nyinaa ama asomafo no so—wɔbɔɔ mmɔden yɛɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ nnipa pa—bere a wɔ nokwarem no na wɔde sika no bi asie ama wɔn ho. (Asomafo no Nnwuma 5:1-4) Nanso, nea enti a yɛretwe adwene asi mo mmofra so no ne sɛ ada adi sɛ ɔhaw yi anya nkɔanim wɔ mo mu.
Nea Enti a Ebinom Bu Ɔbra Ahorow Abien
5. (a) Dɛn nti na mmofra binom bu ɔbra ahorow abien? (b) Wɔtaa yɛ mmofra dɛn bere a wobu ɔbra a ɛfata nkamfo no, enti dɛn na ebinom yɛ?
5 Dɛn nti na eyi te saa? Abofra bi twe adwene si ade titiriw a ɛma wɔyɛ saa no so na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na mempɛ sɛ mehwere me nnamfo denam yɛ a mɛyɛ soronko so.” Ɛyɛ ampa sɛ soronko a obi yɛ wɔ ɔkwan pa so no taa ma wodi no ho fɛw. (Fa toto 1 Petro 3:16; 4:4 ho.) Sɛnea ɛbɛyɛ a wobekwati fɛwdi yi na wɔn atipɛnfo agye wɔn atom no, mmofra binom bow nsa anaasɛ wonya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa mpo. Abeawa bi a wadi mfe 13 a ɔnyɛ Ɔdansefo a onim nhoma yiye a na onya sukuu dan mu adesua mu nkɔmmɔbɔ ahorow mu kyɛfa bere nyinaa no kae sɛ: “Nkurɔfo renkyerɛ obi a onim nhoma yiye te sɛ me no ho anigye. . . . Meresusuw me nhomanim a mɛma aba fam anaasɛ biribi a mɛyɛ de ama din a mewɔ no ayɛ kɛse no ho.”
6. Ɔkwan bɛn so na wɔdaadaa Petro ma ɔyɛɛ bɔne, enti ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi ka adwene a yɛwɔ wɔ mmofra ho no?
6 Bere bi ɔsomafo Petro susuw n’anuonyam anaasɛ din a ɔwɔ no ho kɛse sen sɛ ɔbɛyɛ nea onim sɛ ɛteɛ no. Bere a Yudafo Kristofo baa Antiokia no, Petro ne Amanaman mufo Kristofo no ammɔ fekuw efisɛ na osuro sɛ Yudafo no bɛkasa atia no wɔ saa Amanaman mufo a ɔne wɔn bɔ yi no ho. (Galatifo 2:11-14) Esiane sɛ atipɛnfo nhyɛso atumi anya Kristofo a wɔn ho akokwaw mpo so tumi nti, so ɛyɛ nwonwa sɛ ebetumi anya mmofra a wonni osuahu nso so tumi saa ara?—Mmebusɛm 22:15.
7. Dɛn na ebetumi asɔ mmofra binom ahwɛ ma wɔabu ɔbra ahorow abien?
7 Ade foforo nti a mmofra binom bu ɔbra ahorow abien ne sɛ wogye di sɛ wonnya anigye. Wɔte sɛ mmofra a wɔwɔ sukuu mu no ka wɔn dwumadi ahorow ho asɛm—sɛnea na apontow no yɛ anigye kɛse, sɛnea na nsa, nnubɔne, ne nnwom no yɛ dɛ ne sɛnea wɔbow kɛse no! Anaa, wɔte sɛnea obi tumi fɛw ano na ɔne afoforo nya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa no. Enti wɔkanyan ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ eyi no na wɔdaadaa mmofra no sɛ wɔnka nea Bible frɛ no “bɔne mu dɛw nna tiaa bi” no nhwɛ.—Hebrifo 11:24, 25; 1 Korintofo 10:6-8.
8. Dɛn titiriw nti na mmofra bu ɔbra ahorow abien?
8 Nanso ade titiriw nti a mmofra binom bu ɔbra ahorow abien ne sɛ Yehowa ne ne wiase foforo a ɛreba no nyɛ paara mma wɔn. Wonnye Yehowa bɔhyɛ ne nea efi asoɔden a wɔyɛ tia Yehowa no mu ba no ho kɔkɔbɔ ahorow a ɔnam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde a aniwa hu so de ama no nni ankasa. (Galatifo 6:7, 8) Wɔnte sɛ Mose a Bible no ka ne ho asɛm sɛ: “Ɔhwɛɛ [Onyankopɔn] akatua no. . . . Omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” Wɔ Mose fam no, na Yehowa ne Ne bɔhyɛ ahorow yɛ paara. Nanso wɔn a wobu ɔbra ahorow abien no nni saa gyidi no. Nea wohu nyinaa ne nea Satan pɛ sɛ wohu—ne nhyehyɛe no hyerɛn. Enti wodi bɔne mu anigye a ɛyɛ bere tiaa bi no akyi nanso wɔ bere koro no ara mu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ kronkron.—Hebrifo 11:26, 27.
Awofo, Mubetumi Aboa
9. (a) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi aboa ma wɔn mma abu ɔbra ahorow abien? (b) Dɛn na ɛho hia sɛ mpanyimfo hu na wɔma wɔn ani da hɔ sɛ wɔbɛyɛ?
9 Abofra a yɛafa n’asɛm aka wɔ adesua yi mfiase no kae sɛ: “Nea na ɛmma wɔmpɛ m’asɛm wɔ sukuu no ma wogyee me toom wɔ fie na wɔn ani sɔɔ me. Nanso na mihia biribi a ɛsen saa. Na mihia obi a metumi de me ho abɔ no, makasa akyerɛ no, menya ne mu ahotoso, nanso na minnya eyi mfi m’awofo hɔ.” Awofo, so morehwɛ yiye sɛ moremmoa mo mma na ama wɔabu ɔbra ahorow abien wɔ fie? So moma mo ani ku wɔn ho na mode akwankyerɛ a wohia no ma? Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu nhyɛso kɛse a ɛsɛe gyidi a yɛn mmofra hyia wɔ sukuu no na wɔma wɔn ani da hɔ sɛ wɔbɛyɛ biribiara a wobetumi de ahyɛ wɔn nkuran na wɔaboa wɔn.—Dwom 73:2, 3; Hebrifo 12:3, 12, 13.
10. (a) Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobehu nneɛma mu bɛn na ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wodi ho dwuma? (b) Sɛ awofo antumi amfa akwankyerɛ amma a, dɛn na ɛtaa fi mu ba?
10 Mpɛn pii nsɛm a abofra bisa yɛ nea ɛfa wɔn a ɔne wɔn nkura bɔbea su koro ntam abusuabɔ ho, asɛm a awofo pii kwati. Sukuuni ɔhoɔfɛfo bi a wadi mfe 15 kae sɛ: “Wɔne me ammɔ nkɔmmɔ a efi komam. Biribiara a misua faa ɔbarima ne ɔbea nna ho no yɛ nea m’ankasa na misuae. . . . Na ɛyɛ me aniwu sɛ mɛka ho asɛm ɛwom sɛ na nneɛma pii wɔ hɔ a na mepɛ sɛ mihu de.” Dɛn na efii mu bae? Ɔkae sɛ: “Ɔfasu a aniwa nhu a na ɛwɔ me ne m’awofo ntam no yɛɛ kɛse, na mebɛyɛɛ abeawa a ɔpɛ biribi ahu, a onnim nyansa na ɔyɛ mmerɛw.” Yiw, ɔmaa aberante bi kwan ma ɔne no dae, nanso henanom na wobɛka sɛ eyi ho asodi da ɔne wɔn so?—Mmebusɛm 22:3; 27:12.
11. (a) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi akyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn mma? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ mmofra bedi ɔdɔ a ɛte saa no ho dwuma?
11 Ɛho hia sɛ awofo da no adi kyerɛ wɔn mma sɛ wɔdɔ wɔn ankasa denam bere a wɔbɛsɛe de atra wɔn nkyɛn, kokoam nkɔmmɔ a wɔne wɔn bɛbɔ ne akwankyerɛ ahorow a wɔde bɛma wɔn no so. (Mmebusɛm 15:22; 20:18) Abofra foforo bi se: “Mete nka sɛ sɛ wosusuw me ho ankasa a, anka wɔbɛyɛ ahyɛde horow bi.” Sɛ mmofra pow w’ahyɛde ne mmara ahorow mprempren mpo a, akyiri yi wɔde anisɔ bɛkae. Abofra bi kyerɛw krataa kɔmaa ne maame sɛ: “Sɛ obi a na ɔresɔ ahye ahorow no ahwɛ bere nyinaa a na ɔrehwehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ mmerɛw ne akwan horow a ɔbɛfa so aguan mmara ne ahyɛde ahorow a emu yɛ den no, meda wo ase sɛ womaa wo nsa yɛɛ den wɔ me so.” Enti da no adi sɛ wodɔ wo mma denam hwehwɛ a wobɛhwehwɛ afi wɔn nkyɛn sɛ wonni w’akwankyerɛ so no so. Ɛmmra sɛ woremmoa wɔn mmma wommmu ɔbra ahorow abien denam nkitaho a wo ne wɔn renni anaasɛ kɔ a wɔrenkɔ wɔn nkyɛn bere a wohia wo no so!
12. Awofo su a nyansa nnim bɛn na ɛboa ma wɔn mma bu ɔbra ahorow abien?
12 Awofo betumi aboa wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko kɛse so ma wɔn mma abu ɔbra ahorow abien. Asɛm a New Jersey ɔmansin asennibea kunini bi temmufo kae yi kyerɛkyerɛ eyi mu. Ɔtemmufo no kae sɛ: “Akyerɛkyerɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔde nteɛso bɛma mmofra wɔ bɔne a wɔyɛ wɔ sukuu no ho na afei awofo yaw wɔn sen sɛ anka wɔbɛboa wɔn.” Ɛte sɛ nea awofo binom di mfomso gye di sɛ wɔn mma rentumi nyɛ mfomso. Sɛ Kristofo mpanyimfo anaasɛ afoforo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa a wɔwɔ asafo no mu mpo ka wɔn mma bɔne ho asɛm kyerɛ wɔn a, wontie. Ɛdenam saayɛ so no, wɔboa wɔn mma ma wɔyɛ nnaadaafo.
Nea Abrabɔ Ahorow Abien Kyerɛ Ankasa
13. Ɔbra ahorow abien a wobu no kyerɛ dɛn ankasa?
13 Eyi ho hia sɛ yesusuw ho: Ɔbra ahorow abien a wubu no kyerɛ sɛ wudi atoro—woyɛ ɔdaadaafo, nyaatwomfo. (Dwom 12:2; 2 Timoteo 3:13) Ɛte sɛ nea wote sɛ Satan a ‘ɔkɔ so dan ne ho sɛ hann bɔfo’ no. (2 Korintofo 11:14, 15) Ɛkyerɛ sɛ wote sɛ saa nyamesom akannifo a Yesu kaa eyi faa wɔn ho no: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mote sɛ ɔda a wɔasra ho a ɛho a wohu yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma. Saa ara nso na mote sɛ nnipa trenee nnipa anim, na mo mu de, nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ no ma.” (Mateo 23:27, 28) Ɛda adi sɛ ɔbra ahorow abien a wobu yɛ bɔne a anibere wom a wɔyɛ tia Onyankopɔn.
14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi nya ɔpɛ sɛ obekwati ɔbra ahorow abien a obebu no?
14 Nokwasɛm foforo a ɛsɛ sɛ wosusuw ho anibere so ne eyi: Nyaatwom kwan a wɔnam so rentumi nhintaw daa. Bible no ka sɛ: “Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ.” (Mmebusɛm 20:11; Luka 12:1-3) Yiw, awiei koraa no, sɛ w’adeyɛ teɛ anaasɛ ɛnteɛ no bɛda adi. Na Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛtwe nyaatwomfo aso denneennen. (Mateo 24:51) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wobɛpɛ sɛ wubekwati ɔbra ahorow abien a wubebu no!
Ɔkwan a Wobɛfa so Akwati
15. Dɛn na ɛbɛboa mmofra ma wɔakwati ɔbra ahorow abien a wobebu no?
15 Ɔkwan biako a wobɛfa so akwati ɔbra ahorow abien a wubebu ne sɛ wubegye nea ɛkyerɛ ankasa no atom na afei woabisa wo ho sɛ: So saa na mepɛ sɛ wɔkae me, sɛ meyɛ nyaatwomni, obi a osuasua Satan ne Farisifo? Dabida! Biribi foforo a ɛbɛboa wo ma woakwati ɔbra ahorow abien a wubebu ne sɛ wubesusuw ɛyaw ne awerɛhow a ɔbra a ɛte saa de bɛbrɛ wo no ho. Kae nea ɛtoo Gehasi bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedi atoro no. Naaman kwata no baa no so na ɔdanee ɔkwatani wɔ n’asetra a aka nyinaa mu. Na Onyankopɔn kum Anania ne Safira nyinaa sɛ wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ ayamyefo no.—2 Ahene 5:27; Asomafo no Nnwuma 5:5, 9, 10.
16. Dɛn na ɛtoo abofra bi a ɔde ne ho hyɛɛ wiase no abrabɔ mu no?
16 Nnɛyi nhwɛso ahorow nso wɔ hɔ. Na abofra bi a ɔwɔ United States no afi ase sua Bible no na na ɔkɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Nanso afei ofii ase buu wiasefo abrabɔ no bi na ogyaee nhyiamkɔ no. Mfe pii twaam, na ɔkyerɛwee sɛ: “Bɛyɛ asram abien a atwam ni, meka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsoma Ɔdansefo bi mma ɔmmra me nkyɛn efisɛ manya ɔpɛ sɛ mefi ase bio. Mifii ase sɛ mesua ade bio bere a ɔtopae no paee. Wohui wɔ ɔsram a etwaam no mu sɛ mewɔ Kaposi sarcoma, AIDS foforo a wontumi nsa no fã bi.” Ɔde baa awiei sɛ: “Sɛ midii Kyerɛwnsɛm mu kɔkɔbɔ akyi na midii so wɔ saa bere no mu a, anka minni saa tebea yi mu nnɛ.” Ampa wopɛ sɛ wukwati biribi a ɛte saa a ɛyɛ awerɛhow biara! Wiase no nni biribi a ɛsom bo ankasa a ɛde bɛma yɛn.—1 Yohane 2:15-17.
17. Ade foforo a wosusuw ho bɛn na ɛbɛboa mmofra ma wɔakwati ɔbra ahorow abien?
17 Nea ɛbɛboa wo ma woakwati ɔbra ahorow abien a wubebu nso ne sɛ wubesusuw nea saa a wobɛyɛ no bɛma aba Yehowa din so no ho. Abofra a yɛaka ne ho asɛm wɔ nnianim asɛm no mu no kae sɛ obi a ohuu no sɛ wagye sigaret no kae sɛ: “Na minnim sɛ Yehowa Adansefo betumi anom sigaret. So wonyɛ Ɔdansefo?” Akyiri yi ɔkae sɛ asemmisa no maa odii yaw efisɛ na nea ɔreyɛ no de ahohorabɔ ba Yehowa so. So wopɛ saa? So wunsusuw yɛn Nyankopɔn no ho ahe biara ma enti wode animguase bɛba ne din so te sɛ tete Israel a anni nokware no?—Dwom 78:36, 37, 41; Hesekiel 36:22.
18. (a) Awofo bɛyɛ wɔn ade dɛn, sɛ wɔte sɛ wɔn ba rebu ɔbra ahorow abien a? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi siw Kristofo mmofra kwan na amma wɔammu ɔbra ahorow abien?
18 Wɔ eyi akyi no, susuw w’awofo din ne wɔn nkate horow ho. Abofra a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kyerɛw sɛ: “Ɛda a m’awofo huu onii ko a meyɛ ankasa no dui. Memaa wɔn ho dwiriw wɔn. Mihui sɛ maame ne me papa resu nea edi kan wɔ m’asetra mu. Nea na mayɛ no haw wɔn kɛse.” Ɛda adi sɛ w’awofo nso besu sɛ wohu sɛ wubu ɔbra ahorow abien a. So ɛno ne nea wopɛ? Bible no ka sɛ: “Din pa ye kɛse sen ahonyade pii.” (Mmebusɛm 22:1, The Jerusalem Bible) Ɛdenam ɔbra ahorow abien a wubu so no, wosɛe w’ankasa wo din. Nanso ɛnyɛ ne nyinaa nen. Wosɛe w’awofo din pa no nso na wugu ho fi na wohyɛ wɔn aniwu.—Mmebusɛm 10:1; 17:21.
19. Ɔkwan bɛn so na Yakob mmabarima abrabɔ bɔne no kaa no, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?
19 Yakob mma nso yɛ sɛnea mmofra betumi asɛe wɔn awofo din pa no ho nhwɛso yiye. Bere a obi ne Yakob babea Dina dae no, ne nuabarimanom kunkum kurow no mu mmarima na afei wɔfow mu nneɛma na ɛmaa Yakob kae sɛ: “Moahaw me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi so.” Onyankopɔn kyerɛɛ Yakob sɛ ontu mfi mpɔtam hɔ mpo. (Genesis 34:30; 35:1) Wo nso wubetumi ama wo papa ne wo maame din abɔn na wɔn ani awu sɛ wobegyina wɔn afipamfo ne wɔn nnamfo mpo anim. Nokwarem no Bible no ka sɛ: “Ɔba kwasea yɛ n’agya awerɛhow ne ne na a ɔwoo no amutew.”—Mmebusɛm 17:25.
20. Akyɛde a ɛyɛ nwonwa bɛn na Kristofo awofo de ama wɔn mma?
20 Nanso yɛwɔ ahotoso sɛ wompɛ sɛ woma w’awofo di awerɛhow na wɔte yaw nka. Enti susuw nea wo nneyɛe bɛma aba wɔn so no ho. Afei nso, sɛ wowɔ Kristofo awofo a, susuw nea wɔde ama wo no ho—ɛnyɛ nkwa ara kwa—na mmom biribi a ɛsom bo sen saa. Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ: “W’adɔe ye sen nkwa.” (Dwom 63:3) Ɛdenam tete a w’awofo atete wo wɔ nokware no mu no so no, wɔama woanya Onyankopɔn adɔe, na wɔaboa wo ma wo ne no anya abusuabɔ. Eyi a wowɔ no ye sen nkwa ankasa a wowɔ efisɛ sɛ ɛba mpo sɛ ɛsɛ sɛ wuwu a, Onyankopɔn bɛma wo daa nkwa wɔ Paradise.
Boa Afoforo Ma Wonkwati
21. (a) Asɛyɛde bɛn na mmofra a wonim afoforo bɔne no wɔ? (b) Nhwɛso pa bɛn na obi a wadi mfe 13 de mae?
21 Na sɛ wunim obi a obu ɔbra ahorow abien nso ɛ? Nea edi kan no hyɛ onipa no nkuran sɛ ɔnkɔka nkyerɛ mpanyimfo no. Na sɛ ɔpow sɛ ɔbɛyɛ saa nso ɛ? Ɛnde ɛyɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a wowɔ sɛ wobɛkɔ akɔka. (Leviticus 5:1) Yenim sɛ eyi renyɛ mmerɛw nanso ɛno ne ade a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ. Bible no ka sɛ: “Ɔdɔfo pira yɛ nokware.” (Mmebusɛm 27:6) Bere a abeawa bi a wadi mfe 13 tiee ɔkasa bi a ɛkyerɛkyerɛ ne Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde mu no, ɔkɔɔ n’adamfo bi a na onim sɛ ɔyɛ bɔne no nkyɛn na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ. Abeawa no kyerɛw sɛ: “Mekɔhwɛe sɛ ebia waka ho asɛm akyerɛ ɔpanyin bi anaa. Na ɔnyɛɛ saa ɛ. Enti mekɔka kyerɛɛ mpanyimfo no mu biako.” Abeawaa no bisae sɛ: “So meyɛɛ nea ɛteɛ denam ‘obi a na anka ɔyɛ m’adamfo a ɔsen biara’ a miyii no mae no so?” Nokwarem no ɔyɛɛ nea ɛteɛ no! Bere a nea ebefi eyi a wɔbɛyɛ mu aba ntɛm ara no betumi ayɛ awerɛhow no, nea ebefi mu aba akyiri yi betumi ayɛ anigye na ebetumi agye ɔdebɔneyɛfo no nkwa mpo.—Hebrifo 12:11.
22. Nyansa kwan bɛn na wɔhyɛ mmofra nkuran sɛ wɔmfa so, na dɛn na ebefi mu aba?
22 Nanso wubetumi akwati eyi nyinaa sɛ nea edi kan no woammu ɔbra ahorow abien a. Enti yɛ onyansafo. Wone Onyankopɔn nnya abusuabɔ a emu yɛ den te sɛ nea wone w’adamfo paa benya no. Yɛ eyi denam mpae a wobɛbɔ no daa na woabisa no hɔ mmoa no so ne denam nsiyɛ a wode besua n’Asɛm Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ne su ahorow no ho anisɔ ampa no so. Mmofra, afei wobehyira mo na mobɛma mo awofo koma atɔ wɔn yam. Nanso nea ɛho hia kɛse no, mobɛma Yehowa koma atɔ ne yam.—Mmebusɛm 27:11.
Wubebua Dɛn?
□ Dɛn nti na mmofra binom bu ɔbra ahorow abien?
□ Ɔkwan bɛn so na awofo binom boa ma wɔn mma bu ɔbra ahorow abien?
□ Ɔbra ahorow abien a wobu kyerɛ dɛn ankasa?
□ Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi akwati ɔbra ahorow abien a wobebu no?
□ Asɛyɛde bɛn na mmofra wɔ, sɛ wonim mmofra a wɔayɛ bɔne ahorow a anibere wom a?
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Kokoam nkɔmmɔ da ɔdɔ a ɔwofo wɔ no adi
[Mfonini wɔ kratafa 30]
Sɛ wunim sɛ obi foforo ayɛ bɔne a anibere wom a, hyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔbɔ amanneɛ