Nsɛm No Mu Nhumu
So ne Bere Atwam?
Sɛnea Anglikan sɔfo bi a ɔwɔ Adelaide, Australia, no kyerɛ no, obi nipadua a ɔkanyan no ɔkwan a ebetumi ama wabɔ aguaman anaasɛ wasɛe aware so ho kɔkɔbɔ no yɛ nea ne bere atwam na emfi Kristofo fibea. Nnansa yi ara nhwehwɛmu bi a ɔyɛe faa mmarima ne mmea nna ho mu no, ɔkyerɛ sɛ sɛ nnipa baanu a wɔaka sɛ wɔbɛware ne wɔn ho da ansa na wɔaware a, wɔnyɛɛ bɔne titiriw biara. Nhwehwɛmu no kyerɛ nso sɛ wobetumi apene mmarima a wɔne wɔn ho da so wɔ nsɛm no bi mu. Sɛnea Brisbane Courier Mail kyerɛ no, Uniting Church a ɛwɔ Australia no kasamafo bi “gyee amanneɛbɔ no nnyinasosɛm atitiriw no toom.”
Nanso, Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ obiara ‘bɛtwe ne ho afi aguamammɔ mu’ ne sɛ “nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni.”(1 Tesalonikafo 4:3, 4; 1 Korintofo 6:9, 10) Ampa, wɔn a wogye Bible no tom sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no nim sɛ adwene a ekura wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no fi Ɔbɔadeɛ a onim nyansa sen obiara no hɔ. Tumi a Bible gyinapɛn ahorow nya wɔ wɔn a wɔde di dwuma so no kyerɛ sɛ abrabɔ ho nnyinasosɛm ahorow a wose ne bere atwam yi yɛ nea ɛda so ara boa ma abusua gyina na ɛma wonya nea wɔde bɔ wɔn ho ban fi nkate mu yaw ne yare bɔne a efi ɔbrasɛe mu ba no ho.
Anosiw a Ɛsen Biara
Nnuru a wɔmmfa nni dwuma ɔkwampa so da so ara yɛ ɔhaw a anibere wom. Enti, dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a wobetumi afa so abɔ mmofra ho ban afi nnubɔne nom ho? Nsɛm bi a wobisabisaa Franseni ɔbenfo ne adwene ho ɔdenimfo Claude Olievenstein na wotintimii wɔ Brazilfo atesɛm krataa O Estado de S. Paulo mu mu no, osii hia a ɛho hia sɛ wɔma akwankyerɛ ne mmoa a efi ɔdɔ mu no so dua. Ɔkae sɛ: “Sɛ nkurɔfo ka nnuru ho asɛm nnɛ a, afã a polisifo, asennibea, ne sukuu wɔ no na wosi so dua. Nanso, nea ɛho hia kɛse ne abusua no [nnuru a wɔde di dwuma] a wobesiw ano. . . .Mmofra pii nnim nea agya tumi kyerɛ. Agya nni hɔ; ɛda adi sɛ wagyae adwumayɛ.
Ɔbenfo Olievenstein rekyerɛkyerɛ nea enti a ɛho hia sɛ wosiw nnubɔne nom ano wɔ abusua mu no mu no, ɔde kaa ho sɛ: “Yɛte adesamma abusua a wɔpɛ mfaso na nkurɔfo ani wu abrabɔ pa ho mu. Sɛ nnubɔne nti yɛn mma fi ase yi su bi adi a, ɛkyerɛ sɛ yɛnkyerɛ abrabɔ pa bio. Yɛn adesamma abusua no ayɛ den, ennim nyansa, na ɛpɛ nnwuma akɛse. Nkurɔfo susuw sɛnea wɔbɛko atra ase nkutoo ho.”
Sɛnea nsɛmma nhoma Superinteressante kyerɛ no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. no si hia a awofo tumi ho hia no so dua. Krataa no se: “Mmofra a wonnii mfe 20 a wɔbɔ mmɔden yiye wɔ sukuu sɔhwɛ mu na wɔyɛ pintinn wɔ nkate mu kɛse no fi mmusua a awofo de wɔn tumi dii dwuma de abrabɔ ho mmara a emu da hɔ sisii hɔ na wɔmaa ahofadi kosii anohyeto ahorow a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye mu no mu. Saa ara nso na mmofra a wonnii mfe 20 a wontumi nnyae nnubɔne ne nsa nom no dodow ba fam koraa wɔ mmusua a ɛtete saa no mu.”
Ntease pa nti na Bible no tu awofo fo sɛ: “Teɛ wo ba so na wama woahome, na wama wo kra anika.” (Mmebusɛm 29:17) Yiw, ateɛteɛ a egyina Bible so betumi aboa awofo ma wɔasiw nnubɔne nom ano na wɔama abusua mũ no asetra ayɛ yiye.