Akwanhyia—Nkrabea Anaasɛ Nsɛm Tebea?
BERE a Cristina, ababaa hoɔfɛfo bi a ɔhyɛ ntade a aba so foforo de kyerɛ twaa Nove de Julho Avenue kwan a lɔre pii fa so no mu wɔ São Paulo, Brazil, no, wanhu bɔs a ɛreba no. Ofirikafo no de ahoyeraw bɔɔ mmɔden sɛ obegyina, nanso na aka akyi dodo. Ɛfaa Cristina so kum no.
Wɔde akwanhyia a ɛyɛ awerɛhow yi ho amanneɛbɔ mae wɔ Brazilfo atesɛm krataa O Estado de S. Paulo (July 29, 1990) no anim. Nanso ɛyɛ lɔre akwanhyia a nnipa 50,000 wowuwu wom a esi afe biara wɔ Brazil no mu biako kɛkɛ. Bere a akwanhyia a ɛte sɛɛ ma afoforo mpempem pii dan abubuafo no, afoforo nso fi mu ka a hwee nyɛ wɔn. Ɛnde, dɛn nti na ababaa yi wui? So na wɔadi kan ahyɛ ato hɔ sɛ obewu saa da no?
Nnipa pii bɛka sɛ saa na ɛte. Wogye nkrabea di, ne sɛ wɔadi kan ahyehyɛ nsɛm atitiriw a esisi, te sɛ bere a obi bewu no ato hɔ. Saa gyidi yi ama wɔka nsɛm te sɛ “Obiara ntumi ne nkrabea nni asi,” “Ne bere adu,” anaasɛ “Wɔrentumi nsakra nea wɔahyɛ ato hɔ.” So nokware bi wɔ saa nsɛm a wɔtaa ka yi mu? So yɛyɛ nkoa a nkrabea betumi de yɛn adi dwuma sɛnea ɔpɛ?
Nkrabea, anaasɛ adwene a ɛne sɛ wɔadi akan ahyehyɛ nsɛm a ebesisi nyinaa ato hɔ kɔɔ so wɔ tete Helafo ne Romafo mu. Ɛnnɛ mpo, wɔda so ara kura adwene no mu denneennen wɔ ɔsom pii mu. Sɛ nhwɛso no, Nkramosom di Koran mu nsɛm yi so: “Ɔkra biara rentumi nwu gye sɛ Alla ma ho kwan, na bere a wɔahyɛ no adu.” Nkrabea mu gyidi abu so nso wɔ Kristoman mu, na hyɛbea ɔkyerɛkyerɛ a John Calvin de sii hɔ no ama anya nkɔso. Enti, asɔfo taa ka kyerɛ abusuafo a wodi awerɛhow sɛ akwanhyia bi yɛ “Onyankopɔn pɛ.”
Nanso adwene a ɛne sɛ nkrabea na ɛde akwanhyia ahorow ba no ne nyansa ne osuahu bɔ abira, na ntease nnim. Ade biako ne sɛ lɔre akwanhyia nyɛ ɔsoro a wofi de wɔn ho gye nneɛma mu, efisɛ nhwehwɛmu fefeefe taa da no adi sɛ biribi a ntease koraa wom na ɛde ba. Afei nso, akontaabu kyerɛ pefee sɛ ahwɛyiye a obi bɛyɛ—te sɛ seat belt a wɔbɔ—tew akwanhyia mu owu a ebetumi aba no so kɛse. So ahwɛyiye a ɛma wonya ahobammɔ bi betumi asiw Onyankopɔn apɛde a wadi kan ahyɛ ato hɔ kwan ankasa?
Nanso, nkrabea mu gyidi nya nea ogye di no so tumi wɔ ɔkwammɔne so. So ɛnhyɛ nneɛma a nyansa nnim a wɔyɛ ho nkuran, te sɛ ani a wobu gu mmirika a ɛsɛ sɛ mfiri tu ne lɔre kwan so agyiraehyɛde ahorow so, anaa nsa ne nnubɔne a wɔnom ka afiri? Nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse sen nea yɛaka no, nkrabea mu gyidi ma nnipa bi nunu Onyankopɔn bere a wonya akwanhyia bi no. Esiane sɛ wɔn bo fuw na wontumi nyɛ hwee, na wogye di sɛ Onyankopɔn nnwen wɔn ho nti, ebia wɔbɛhwere wɔn gyidi mpo. Ɛfata sɛ anwensɛm kyerɛwfo Emerson ka sɛ: “Ade a ɛyɛ awerɛhow sen biara wɔ asetra mu ne Hyɛbea anaasɛ Nkrabea a ne tirim yɛ den mu gyidi.”
Nanso dɛn na Bible no ka wɔ asiane ne akwanhyia ahorow ho? So ɛkyerɛ ankasa sɛ nkrabea na ɛde eyinom ba? Afei nso, dɛn na ɛka wɔ nkwagye ho anidaso a yɛwɔ no ho? So yebetumi apaw nea yɛpɛ wɔ asɛm no mu?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
“Ade a ɛyɛ awerɛhow sen biara mu ne Hyɛbea anaasɛ Nkrabea a ne tirim yɛ den mu gyidi.”—Ralph Waldo Emerson