Nkrabea Na Ɛkyerɛ Nea Wo Daakye Bɛyɛ?
SƐ WUNYA nkwa wɔ akwanhyia bi a ebetumi akum wo mu a, so anka wobɛte nka sɛ nkrabea na aboa wo? Anaasɛ mmom no, wode aseda bɛma sɛ na wowɔ beae a eye wɔ bere pa mu ara kwa?
Onyansafo Salomo kae sɛ: “Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam; na ɛbere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.” (Ɔsɛnkafo 9:11, New World Translation) Hwɛ sɛnea nea yɛnhwɛ kwan no taa si! Mmirikatufo a wobu no sɛ obedi nkonim no pira, na nea wobu no sɛ ontumi nni nkonim no mmom di nkonim. Akwanhyia kɛse ma adwumawura ɔnokwafo bi bɔ ka, na ɛma nea ɔyɛ adwuma koro no ara bi a ɔyɛ osisifo no nya ne ho. Nanso so Salomo kae sɛ eyinom fi nkrabea? Dabida. Eyinom yɛ nneɛma a “ɛbere ne akwanhyia” de ba ara kwa.
Yesu Kristo kaa biribi a ɛte saa ara. Yesu reka asɛm bi a esii a na ɛda adi sɛ n’atiefo nim ho asɛm no, obisae sɛ: “Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ mmaratofo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?” (Luka 13:4) Yesu anka sɛ eyinom wu no fi nkrabea nwonwaso bi anaasɛ ɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wannye anni sɛ ɔkwan bi so no, wɔn a wowuwui no yɛ mmaratofo sen afoforo. Saa akwanhyia a ɛyɛ awerɛhow yi yɛ nneɛma a ɛbere ne akwanhyia de ba no ho nhwɛso foforo.
Bible no nna adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn adi kan ahyɛ bere a yebewu no ato hɔ wɔ baabiara. Ɛyɛ nokware sɛ Ɔsɛnkafo 3:1, 2 se: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase: Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere; na ɔtɛw wɔ ne bere, na nea wɔatɛw no tutu wɔ ne bere.” Nanso na Salomo reka nkwa ne owu a ɛkɔ so, a ɛba adesamma a wɔnyɛ pɛ so ho asɛm kɛkɛ. Wɔwo yɛn, na sɛ yɛn nkwa nna so—mpɛn pii wɔ mfe 70 ne 80 akyi a—yewu. Nanso Onyankopɔn nnii kan nhyɛɛ bere pɔtee a yebewu, te sɛ nea okuafo nni kan nsi bere pɔtee a ‘ɔbɛtɛw’ anaasɛ ‘obetutu nea watɛw’ no ho gyinae no.
Nokwarem no, akyiri yi Salomo kyerɛe sɛ obi betumi apatu awu: “Mma abɔnefosɛm nnnɔɔso na nyɛ ɔkwasea: ɛdɛn nti na wubebu wo bere mu awu?” (Ɔsɛnkafo 7:17) Nyansa a ɛwɔ afotu yi mu ne nea ɛwɔ he, sɛ wɔadi kan akyerɛ da a obi bewu a wɔrentumi nsakra no a? Enti Bible no nnye nkrabea adwene no ntom. Onyankopɔn kasa tiaa Israelfo awaefo a wogyee abosonsom adwene yi toom no anibere so. Yesaia 65:11 se: “Na mo a mugyaw [Yehowa] na mo werɛ fi ne bepɔw kronkron no na motow pon ma siade bosom na mohyɛ mfrasa nkuruwa amaama ma hyɛbea bosom no.”
Enti, hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ wɔbɛka sɛ nkrabea na ɛma akwanhyia ne asiane ahorow ba, anaasɛ nea enye koraa no, wɔbɛka sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔma ɛba! Bible no se “Onyankopɔn ne dɔ,” na sobo a wɔbɛbɔ no sɛ ɔne adesamma amanehunu farebae no ne nokwasɛm titiriw yi bɔ abira pefee.—1 Yohane 4:8.
Onyankopɔn Atirimpɔw Ahorow ma Daakye
Na nkwagye ho anidaso a yɛwɔ no nso ɛ? So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nkrabea a wontumi nkwati biara nni hɔ a edi yɛn asetra so no kyerɛ sɛ yebetumi abu yɛn bra sɛnea yɛpɛ biara? Dabida, efisɛ Onyankopɔn akyerɛ nea adesamma abusua no ankasa daakye bɛyɛ. Bible no ka “asase foforo” a “trenee te mu” a wɔbɛbɔ ho asɛm.—2 Petro 3:13.
Nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ayɛ saa no, ɔde ne ho begye adesamma nsɛm mu tẽẽ. Ebia wunnim sɛ wonam mpae a edi so yi a woatĩ mu abɔ no so abɔ mpae sɛ eyi mmra: “W’ahenni mmra, nea wɔpɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ahenni yi yɛ nniso ankasa a wɔde asi hɔ wɔ soro. Bere a worebɔ mpae sɛ ɛmmra no, na worebɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmesi nnɛyi nniso horow no ananmu nni asase nyinaa so.—Daniel 2:44.
Wo Daakye ho Ban a Wobɛbɔ
Sɛnea anwonwasɛm a ebesisi yi bɛka wo daakye no nnyina nkrabea anaa ɛbere ne akwanhyia mpo so, na mmom egyina ɔkwan a wopaw sɛ wobɛfa so no so. Kae Siloa abantenten ho awerɛhosɛm no. Yesu de saa awerɛhosɛm a esii no kyerɛɛ asuade bi a tumi wom. Wɔn a saa abantenten no bu kunkum wɔn no antumi ankwati nea ɛtoo wɔn no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Yesu atiefo no betumi akwati ɔsɛe a ɔsoro abufuw ma ɛbae no. Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.” (Luka 13:4, 5) Ɛda adi pefee sɛ na wobetumi apaw wɔn ankasa daakye.
Wɔde hokwan koro no ara ma yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no—sɛ yɛnyɛ yɛn ankasa nkwagye ho adwuma. (Filipifo 2:12) Onyankopɔn pɛ sɛ “nnipa nyinaa . . . ba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:4) Na ɛwom sɛ nneɛma a yenya fii awo mu ne nea atwa yɛn ho ahyia ka yɛn kodu baabi de, nanso Onyankopɔn ama yɛn tumi a ɛma yɛyɛ nea yɛpɛ—tumi a ɛbɛma yɛakyerɛ sɛnea yɛpɛ sɛ yɛde yɛn nkwa di dwuma. (Mateo 7:13, 14) Yebetumi ayɛ nea ɛteɛ anaasɛ nea ɛnteɛ. Yebetumi anya Yehowa Nyankopɔn anim dom na yɛanya nkwa, anaasɛ yebetumi asɔre atia Onyankopɔn na yɛawu.
Nnipa pii paw sɛ wɔbɛkwati Onyankopɔn atra ase. Wɔde wɔn nkwa hwehwɛ honam fam nneɛma, anigyede, ne din. Nanso Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mo ani nna mo ho so na monwɛn anibere ahorow biara ho, efisɛ sɛ onipa wɔ ade ma ɛboro so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15, NW) Ɛnde, yɛn nkwa gyina dɛn so? Bible no kyerɛkyerɛ mu wɔ 1 Yohane 2:15-17 sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase . . . Nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi Agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”
Nkwa a Wobɛpaw
Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ woreyɛ Onyankopɔn apɛde ampa? Yesu kae sɛ “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Nokware nimdeɛ a efi Bible mu no ma yenya gyidi nnyinaso. “Na gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Nimdeɛ a ɛsɛ sɛ wunya no wɔ hɔ. Yehowa Adansefo aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔanya denam daa Bible adesua so.a
Nea ɛbɛyɛ na woasɔ Onyankopɔn ani no, ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae ahorow bi. Ebia na wowɔ subammɔne bi anaasɛ wubu ɔbra bi a ɛsɛ sɛ wugyae. Nanso mpa abaw te sɛ nea ebia worentumi nsakra. Adwene a ɛne sɛ wɔrentumi nsakra nneɛma no yɛ nea wonya fii nkrabea ho atoro nkyerɛkyerɛ no mu. Obiara nam Yehowa mmoa so betumi ‘ayɛ n’adwene foforo,’ na wanya “nipasu foforo.” (Romafo 12:2; Efesofo 4:22-24) Onyankopɔn behu mmɔden a wobɔ sɛ wobɛsɔ n’ani no. Wayɛ krado sɛ obehyira wɔn a wɔreyɛ n’apɛde no.
Ɛyɛ nokware sɛ Bible no a wubesua no renni ɔhaw a wuhyia nyinaa ho dwuma. Onyankopɔn nokware nkoa hyia akwanhyia ne tebea bɔne te sɛ afoforo ara. Nanso, Onyankopɔn betumi ama yɛn nyansa na yɛde agyina amanehunu ano. (Yakobo 1:5) Nim a obi nim sɛ ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa ho anigye no nso wɔ hɔ. Mmebusɛm 16:20 se: “[Anigye] ne nea ɔde ne ho to [Yehowa] so.”
Ɛbere ne akwanhyia renhunahuna yɛn bio wɔ Paradise a wɔasan de aba no mu wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase. Nokwarem no, Onyankopɔn beyi nneɛma a ɛsɛe adesamma anigye no nyinaa afi hɔ. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Ɔbɛpopa [yɛn] aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:4) Nnipa bebree a akwanhyia akunkum wɔn no benya owusɔre.—Yohane 5:28, 29.
So wubenya daakye a anuonyam wom yi? Bere a na Israelfo no rebɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no, Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho, efisɛ ɛne wo nkwa ne wo nna dodow?—Deuteronomium 30:19, 20.
Dabi, yɛnyɛ nkoa a yentumi nyɛ hwee a nkrabea a enni mmɔborohunu di yɛn so. Wo daakye anigye, nokwarem no, wo daakye a ɛbɛtra hɔ daa gyina wo so. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ paw nkwa.
[Ase hɔ asɛm]
a Wobetumi ayɛ adesua a ɛte sɛɛ ho nhyehyɛe denam wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi a wobɛkyerɛw wɔn no so.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Onyankopɔn kasa tiaa Israelfo awaefo a wogyee abosonsomfo adwene a ɛne nkrabea toom no anibere so