Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/15 kr. 3-4
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Ahobammɔ Wɔ Baabi a Ɛhɔ Yɛ Hu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Ahobammɔ Wɔ Baabi a Ɛhɔ Yɛ Hu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwempa a Wɔkɔ so Kura Mu
  • So Nsɛmmɔnedi Yɛ Asiane Ankasa Ma Wo?
    Nyan!—1985
  • Nsɛmmɔnedi Ho Akodi mu Nkogudi
    Nyan!—1998
  • Bere a na Nsɛmmɔnedi Nni Hɔ
    Nyan!—1998
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/15 kr. 3-4

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Anya Ahobammɔ Wɔ Baabi a Ɛhɔ Yɛ Hu?

MARIA ka sɛ: “Bere nyinaa na misuro. Ná misuro sɛ mɛtra afiri a wɔde foro abansoro mu. Ná misuro sɛ mɛtra me kar mu. Ná misuro sɛ mɛtra me fie. Nsɛmmɔnedi kɔɔ so wɔ baabiara. Ná wotwa nkurɔfo dwow bere nyinaa.” Wote nka te sɛ Brazilni bea yi, a wusuro baabi a wote, titiriw anadwo a esum aba no?

Nsɛmmɔnedi nhwehwɛmu ho ayɛsɛm nhoma akenkan betumi ayɛ anigye, nanso wɔ asetra ankasa mu no, nea efi mu ba no ntaa nyɛ anigye. Ebia nsɛmmɔnedi ho nhwehwɛmu no renkosi hwee. Anaasɛ wɔ awudisɛm mu no, ɛma obi hwere okunu, agya, anaa ɔbabarima, ɔhwere ɔyere, ɛna, anaa ɔbabea. Amumɔyɛ rekɔ soro wɔ baabi a wote no? Wo kɔn dɔ sɛ wubenya baabi a ɛhɔ dwo a w’abusua benya ahobammɔ atra? Anaasɛ, sɛ tebea no ma ɛho behia sɛ wotete wo mma wɔ baabi a nsɛmmɔnedi abu so a, dɛn na wubetumi ayɛ na woanya ahobammɔ?

Ɛyɛ nokware sɛ nkuropɔn bi da so ara wɔ hɔ a nsɛmmɔnedi nnɔɔso wɔ hɔ. Wɔ aman pii mu no, nnipa da so ara tete nkurow nketewa a kommyɛ wɔ mu anaa nkuraa a asomdwoe wɔ ase mu. Nanso nneɛma resesa ntɛmntɛm wɔ mmeae a kan no na wobu hɔ sɛ nsɛmmɔnedi nni hɔ mpo no. Sɛ nhwɛso no, mfe 50 a atwam ni no, na nnipa a wɔwɔ Brazil no ɔha biara mu 70 tete nkurow nketewa mu. Seesei ɔha biara mu 70 tete nkuropɔn mu. Adwuma hokwan a abuebue no ama nkuropɔn mu nsɛnnennen te sɛ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ adɔɔso. Sɛ́ baabi a wote yɛ hu anaa ɛhɔ nyɛ hu no, ɛho da so ara hia sɛ wufi fie kɔ adwuma anaa sukuu, na wokɔyɛ nneɛma pii.

Bere a polisifo panyin bi a ɔwɔ Rio de Janeiro gyee “ehu ho haw” a ɛrekɔ so no toom no, ɔkae sɛ nneɛma a ama no aba saa no bi ne asetra mu nsisi ne nsɛmmɔnedi a wɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe. Ɔte nka nso sɛ atesɛm nkrataa ne television boa ma ehu trɛw, “na ɛde amanneɛbɔ nsɛm a ɛyɛ hu tu ɔmanfo koma.” Nnubɔne a nkurɔfo nom ma ɛka wɔn hɔ, mmusua a emu apaapae, ne nyamesom ntetee a ɛmfata nso boa ma nsɛmmɔnedi kɔ soro. Na dɛn na ɛbɛba daakye? So basabasayɛ a ɛho nsɛm pii ba nhoma ne sini ahorow mu a wɔama ayɛ te sɛ biribi a ɛnyɛ hu no bɛma nkurɔfo tirim ayɛ den? Mmeae a wobu hɔ sɛ nsɛmmɔnedi nni hɔ no nso bɛyɛ hu?

Esiane sɛ basabasayɛ nyɛ anigyede mma nea wɔde di no nti, yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yebenya ahobammɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔmanfo a asɛm haw wɔn ka sɛ wɔmfa polisifo pii nkɔ mmɔnten so, na wɔnto wɔn a wodi wɔn asɛm no afiase nna mu anaa wonkum wɔn mpo no! Ebinom tɔ atuo de bɔ wɔn ho ban ɛmfa ho asiane ahorow a ɛwom. Afoforo nso mpɛ sɛ atumfoɔ no ma kwan ma wɔtɔn atuo pii. Nanso ɛmfa ho asɛmmɔne a ɛne sɛ nsɛmmɔnedi abu so no, ɛho nhia sɛ yɛn koma tu. Nokwarem no, nnipa pii te nkurow akɛse te sɛ Johannesburg, Mexico City, New York, Rio de Janeiro, ne São Paulo a wontwaa wɔn dwow da. Yɛnhwehwɛ ɔkwan a nkurɔfo fa so tra baabi a ɛhɔ yɛ hu.

Adwempa a Wɔkɔ so Kura Mu

Ɛdefa beae bi a nsɛmmɔnedi abu so ho no, ɔkyerɛwfo bi ka “Brazilfo mpempem pii a wɔde nyansa ne animia atumi anya nidi ne asetra pa wɔ tebea bɔne a ɛda so wɔ hɔ no mu” ho asɛm. Bere a Jorge atra Rio de Janeiro mfe 38 akyi no, ɔka sɛ: “Mekwati mmorɔn ne mmeae bi, na menyɛ ɔsɛmpɛfo. Mekwati nso sɛ mɛnantew abɔnten anadwo, na memma ehu nka me mmoro so. Ɛwom sɛ mehwɛ yiye de, nanso mibu nkurɔfo te sɛ nea wodi nokware, de nidi ne obu ma wɔn.”

Yiw, kwati ɔhaw a ɛho nhia. Mfa wo ho nhyehyɛ afoforo nsɛm mu. Mma w’ani mmpa so da sɛ ehu a emu yɛ den tumi ka nkatede nkwaadɔm, ma nnipa a wɔwɔ su pa mpo yɛ nneɛma bi a ntease nnim. Odair ka mmeae a ɛhɔ yɛ hu a ɔyɛ adwuma wɔ hɔ ho asɛm sɛ: “Mebɔ mmɔden nya adwempa, na memfa nneɛma bɔne a ebetumi ato me ho hu nhyɛ m’adwene mu efisɛ eyi de adwennwen ne akomatu a ɛho nhia ba. Mebɔ mmɔden kyerɛ obu ma obiara.” Wɔn a wɔn ho yɛ hu a ɔhwɛ ne ho yiye wɔ wɔn ho na ɔmmɛn wɔn akyi no, ɔka biribi foforo a ɛboa no ma odi ne nkate so: “Nea ɛsen ne nyinaa no, minya Yehowa Nyankopɔn mu ahotoso kae sɛ biribiara nni hɔ a onhu, na ɔno na ɔma biribiara a esi ho kwan.”

Nanso, obiara mpɛ sɛ ɔtra osuro mu bere nyinaa. Afei nso, hena na obegye kyim sɛ osuro ne adwennwen a ɛtra so yɛ asiane ma nkate ne honam fam akwahosan? Ɛnde, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wosuro sɛ obi betumi atow ahyɛ wɔn so bere biara? Esiane sɛ nnipa pii suro sɛ afei koraa na nsɛmmɔnedi a ɛyɛ hu paa no reba nti, basabasayɛ to betwa da bi? Yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan asɛm a edi hɔ a ɛne sɛ, “Bere Bɛn na Osuro Befi Hɔ?” no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena