So Worenya Kyɛfa Wɔ Wɔn A Wɔagyae Asɛnka A Wɔboa Wɔn No Mu?
1 “Momma mo ne me ani nnye, na mahu me guan a ɔyerae no.” (Luka 15:6) Anuanom mmarima ne mmea pii rete saa anigye yi nka wɔ asafo ahorow a wɔn a wɔagyae asɛnka no resan abɛka nguankuw no ho no mu wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Ɛyɛ anigye ankasa sɛ wubetumi aboa wo nuanom binom a esiane nneɛma ahorow nti wɔne yɛn agyae fekubɔ no. Yenya Yehowa adwene wɔ wɔn ho, sɛ ‘ɛnyɛ yɛn agya . . . apɛde sɛ nketewa yi mu biako bɛyera.’—Mat. 18:14.
2 Ampa, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn mu pii benya saa anigye yi no, mmɔden a yɛbɛkɔ so abɔ ho hia. Dɛn ntia? Oguan a wayera taa yɛ nea ontumi nyɛ hwee. Oguanhwɛfo no na ɔhwehwɛ no hu no. Enti, mmɔdenbɔ ankasa ho hia na wɔde ahwehwɛ oguan a wayera, ahu no na afei wɔama no aduan. Wɔ Yesu bɛ no mu no, ɔkyerɛe sɛ oguanhwɛfo no begyaw aduɔkron akron no hɔ na wakɔhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no.—Luka 15:4.
SƐNEA YƐN NYINAA BETUMI ABOA
3 Yɛn Ahenni Som June, 1982 de no kyerɛe sɛ ɔkyerɛwfo no ne asɛnka adwuma sohwɛfo no bɛbom adi nneɛma ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpaw adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw yiye ma wɔne wɔn a wɔagyae asɛnka no ayɛ ofie Bible adesua. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ asafo no mufo a aka no nso rentumi mmoa. Nneɛma pa afi mmɔden a asafo no nyinaa bom bɔ no mu aba.
4 Nnansa yi ɔmansin sohwɛfo bi kɔsraa awarefo bi a ná anka wɔyɛ akwampaefo atitiriw a na wɔagyae asɛnka mfirihyia abien. Bere a wɔaka nea ɛhaw wɔn akyerɛ ɔhwɛfo kwantufo no wɔ nusu pii mu no, wɔn baanu no sii gyinae sɛ wɔbɛsan aba asafo no mu. Ankyɛ na wofii ase nyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Wɔte nka dɛn mprempren? Ɔbea no se: “Mepɛ sɛ mekyerɛ m’ani a asɔ Kristofo dɔ ne anigye a moayi adi akyerɛ yɛn no. Mete nka sɛ ɛte sɛ nea wɔayi adesoa a emu duru yɛ tɔn abien afi me so.” Ɔde krataa a ɔde kɔmaa ɔmansin sohwɛfo no baa awiei sɛ: “Mebɔ mpae sɛ eyi bi rento me bio da. Mifi me koma mu da wo ase sɛ wobae wɔ bere a ɛsɛ mu ne sɛ wosan bae bere a mantew m’anim ankyerɛ wo no akyi mpo. Woboaa me ma mihui sɛ nneɛma nyɛ nea anidaso nnim. Me werɛ remfi wo da.”
5 Eye sɛ yebehu sɛ wɔ nnipa a wɔafi asafo no mu fam no, ebia ɛbɛyɛ den kakra sɛ wɔbɛsan aba nhyiam horow no bio. Ebia ehu anaa aniwu bɛma ayɛ den ama wɔn mfiase no. Hwɛ ɔdɔ ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛn nyinaa bedi kan akyia saa nnipa yi bere a wɔba Ahenni Asa so no. Ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ yiw, ɛyɛ yɛn ‘anigye’ sɛ wɔabɛka yɛn ho. Ɛnsɛ sɛ wɔn ho anigye a yɛkyerɛ no yɛ bere a wofi ase sɛ wɔresan aba no nko, na mmom bere biara a wɔba Ahenni Asa so no, ɛsɛ sɛ yɛma wɔn ani gye. So worenya kyɛfa wɔ wɔn a wɔagyae asɛnka a wɔboa wɔn wɔ saa kwan yi so no mu?
6 Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ nneɛma pa afi mu aba wɔ asafo ahorow pii mu esiane sɛ wɔde nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wɔmmoa wɔn a wɔagyae asɛnka no hyɛɛ wɔn komam nti. Ɔmansin sohwɛfo bi bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ wɔ asafo biako mu no wɔaboa baason ma wɔasan aba. Onuawa bi ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ na ɔretwɛn sɛ obi bɛba abɛboa no, efisɛ na ɛyɛ den ma no sɛ n’ankasa befi ase de ne ho abɔ wɔn bio.
7 Ebetumi aba sɛ ebia ebinom rempɛ sɛ wɔboa wɔn. Yesu kae sɛ: “Sɛ ɛba sɛ ohu no a,” n’ani gye. (Mat. 18:13) Enti, sɛ ɛba sɛ yɛantumi amma ebinom ansan amma a, yɛremma ɛnhaw yɛn kɛse, bere a yenim sɛ yɛbɔɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛboa no.
8 Biribi a ayera a wɔhwehwɛ taa gye bere, boasetɔ, adwempa. Ebia nea efi mu ba no renyɛ ntɛmntɛm sɛnea yɛpɛ. Nanso eyi nyɛ nea enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn aba mu bu. Ɛho hia sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho wɔ eyi mu, bere a yenim sɛ ‘ɛnyɛ yɛn agya . . . apɛde sɛ nketewa yi mu biako bɛyera’ no. (Mat. 18:14) Momma yɛn nyinaa mmɔ mmɔden sɛ yebenya kyɛfa wɔ wɔn a wɔagyae asɛnka a wɔboa wɔn no mu.