Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/84 kr. 3
  • So Woyɛ Ɔdansefo Kumaa Ma Yehowa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woyɛ Ɔdansefo Kumaa Ma Yehowa?
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ADESUA
  • ASƐNKA
  • AHOSOHYIRA
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra A Wɔatete Wɔn Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Ɛho Hia Sɛ Yɛn Nyinaa Sua Ade
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Ma W’ani Nkũ Anigyefo a Wunya Wɔn no Ho
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 10/84 kr. 3

So Woyɛ Ɔdansefo Kumaa Ma Yehowa?

1 Sɛ wobisa wo saa asɛm no a, so wobɛka sɛ yiw? Dɛn ntia? So esiane sɛ w’awofo yɛ Yehowa Adansefo na wɔne wo asua ade nti? Ebia wɔde wo kɔ nhyiam ahorow na wo ne wɔn kɔ asɛnka. Ebia na wo nnamfo ne wɔn a wunim wɔn pii yɛ Yehowa Adansefo. Na wo ankasa nso ɛ? So woyɛ ɔdansefo ma Yehowa?​—Yes. 43:10-12.

ADESUA

2 Sɛ yɛbɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a, ɛho hia sɛ yenya Yehowa, n’atirimpɔw ne nneɛma a ɔhwehwɛ ho nimdeɛ. So woayi bere asi hɔ ama kokoam adesua? So woyɛ no bere nyinaa te sɛ nea wugye bere didi bere nyinaa no? (Yoh. 17:3) Sɛ wokenkan Bible no ne teokrase nhoma ahorow a, so wohyɛ nsɛm a ɛka Yehowa, ne nsusuwii ne n’atirimpɔw ahorow ho nsɛm pii kyerɛ wo no nsow sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ada nneɛma yi adi yiye akyerɛ afoforo ma wonam saa yɛ so ayɛ ɔdansefo ankasa ama Yehowa? Eyi yɛ adepa a ɛsɛ sɛ woyɛ bere a wokenkan Asafo nhoma afoforo ne dedaw nyinaa no.

3 So wobɔ mmɔden sɛ wubedi Bible akenkan nhyehyɛe ma dapɛn biara no akyi? So wusiesie wo ho ma nhyiam ahorow? So wohyɛ nsemmisa ahorow no mmuae agyirae ma Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua? So woma mmuae wɔ nhyiam horow no ase? Wɔ wo ankasa nsɛm mu? Sɛ saa a, ɛnde wofata nkamfo. (Heb. 10:23-25) Ɛda adi sɛ worebɔ mmɔden kɛse sɛ wobɛyɛ ɔdansefo ankasa ama Yehowa wɔ wo mmofrabere mu.

ASƐNKA

4 Nanso, sɛ yɛbɛyɛ adansefo ama Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛka ne ho asɛm. So wunya asɛnka adwuma mu kyɛfa daa? Mmofra pii yɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. Sɛ wode nsɛmma nhoma rema wɔ afie afie a, so wotwe ofiewura no adwene kɔ asɛm bi a wugye di sɛ n’ani begye ho so? Sɛ ɛte saa a, na worebɔ mmɔden. Sɛ wode nhoma a wɔahyɛ sɛ yɛmfa mma no reyɛ adwuma a, so woka Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho asɛm, kenkan Bible nkyekyem ahorow a ɛfata kyerɛ ofiewura no? So woma ɔkyerɛ n’adwene wɔ asɛm a morebɔ ho nkɔmmɔ no ho? Sɛ wode nhoma no rema a, so wodan adwene kɔ asɛm bi a wugye di sɛ ofiewura ani begye ho so? Ebia eyinom yɛ mmeae ahorow a wubetumi anya nkɔso wɔ hɔ. Sɛ saa a, bɔ mmɔden na bɔ mpae ma Yehowa mmoa wo na onhyira wo te sɛ nea ɔwɔ adawurubɔfo nkumaa afoforo pii a wɔreda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ adansefo a wɔn ho akokwaw ma Yehowa no.​—Kol. 1:9, 10.

AHOSOHYIRA

5 Sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, ɛho hia sɛ awiei koraa no, yehyira yɛn nkwa so ma no na afei sɛnea Yesu hyɛe no, wɔbɔ yɛn asu wɔ nsu mu. (Mat. 28:19, 20) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ bere a wobɔ mmɔden sɛ wubehu Yehowa na woayɛ n’apɛde no, ɔbɛboa wo ma woayɛ ɔdansefo kumaa nokwafo a ɔyɛ nnam de ahyɛ no anuonyam.​—Heb. 6:10-12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena