So Moreyɛ Adwuma Sɛ Abusua Wɔ Honhom Mu Botae Ahorow Ho?
1 Sɛ́ nnipa a yɛahyira yɛn ho so no, yɛwɔ botae a ɛne sɛ yɛbɛsom Yehowa nokwaredi mu. Yɛde ahopere hwɛ daa nkwa akyɛde a yɛn nsa bɛka no nso kwan. Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn nokwaredi ne nkwagye nko na yɛn ani gye ho. Yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo ma wodu botae yi ho, na yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn ankasa abusua titiriw.—Yoh. 1:40, 41; 1 Tim. 5:8.
2 Sɛnea wɔde nkakrankakra foro bepɔw no, saa ara na yɛn nso yebetumi de nkakrankakra akɔ yɛn anim wɔ yɛn Kristofo adwuma no mu. Esiane eyi nti yɛde honhom mu botae ahorow sisi hɔ ma yɛn ho. Eyi mfa ankorankoro nkutoo ho. Mmusua nso betumi anya botae ahorow a ɛfa nhyiamkɔ, asɛnka, ne abusua adesua ho. So nkɔso ho hia? So mubetumi aboa abusua no mufo bi ma wɔadu bere nyinaa som adwuma botae no ho? Abusua nkɔmmɔbɔ betumi aboa wɔ botae a mode asi hɔ a mubedu ho no mu. Bere a moadu eyi ho no, mubetumi de teokrase botae afoforo asisi hɔ. Enti, nkakrankakra no, mubetumi anya honhom mu nkɔso.
NHYIAM AHOROW
3 Ebia ɛho behia sɛ mmusua binom de nhyiam a wɔbɛkɔ bere ano yɛ wɔn botae. Eyi betumi ayɛ asɛnnennen ankasa ama mmusua akɛse, wɔn a wɔn adwuma mu nhyehyɛe yɛ den, anaasɛ faako a lɔre ho asɛm yɛ den no. Biakoyɛ ne nhyehyɛe pa ho hia.
4 Botae foforo a eye a ɛsɛ sɛ abusua no susuw ho ne mmuae a wɔbɛma wɔ nhyiam ase. Ebia abusua no mufo binom bɛpɛ sɛ wɔkenkan mmuae tiaa bi. Nanso mmuae tiawa a obi de n’ankasa kasa bɛma kyerɛ honhom mu nkɔso a mfaso wɔ so. Abusua mufo betumi aboa wɔn ho wɔn ho ma wɔasiesie wɔn mmuae ahorow no. Wobetumi aboa wɔn ho wɔn ho ma wɔanya nkɔso wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Nea ebia ɛka eyi ho ne abusua mufo nkumaa a wobetie wɔn bere a wɔresua wɔn dwumadi na wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔde kratasin di dwuma, akyerɛ wɔn sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua din, ne ade. Botae a ɛne ɔkyerɛkyerɛfo pa anaasɛ baguam ɔkenkanfo pa a wɔbɛyɛ fata ɛho mmɔden kɛse a wɔbɔ no.—1 Tim. 4:13.
ASƐNKA ADWUMA
5 Ɛho hia sɛ mmusua binom tumi yɛ asɛnka adwuma daa. So w’abusua no nyinaa de wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma mu Kwasida a edi kan wɔ ɔsram biara mu no? Na botae a ɛne abusua mufo a wɔbɛboa wɔn ma wɔasua mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no anaa nsɛmma nhoma foforo a aba a wɔde bɛma nso ɛ? Botae a ɛne ofie Bible adesua a wubefi bi ase anaasɛ ebi a woahyehyɛ dedaw a wobɛyɛ no daa nso wɔ hɔ.
ABUSUA ADESUA
6 Wɔ mmusua binom fam no, ebia ɛbɛyɛ den ankasa sɛ wobekura abusua adesua nhyehyɛe no mu. Ebia ɛho behia wɔ mmere bi mu sɛ wɔsan yɛ adesua no ho nhyehyɛe foforo. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛtaa ba saa. Botae pa foforo ne sɛ mobɛkenkan Bible no afã a wɔayɛ ho nhyehyɛe ama dapɛn biara no daa na ebia mode aka abusua adesua no ho mpo. Wɔ pii fam no, nea wɔayɛ ho nhyehyɛe ama dapɛn no a wɔkenkan no gye simma 20 kosi 30 pɛ. Etumi ma nimdeɛ a obi wɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu dɔɔso na ɛma dapɛn biara Bible mu nsɛntitiriw mu ntimu no yɛ anigye kɛse.
7 Botae afoforo pii wɔ hɔ a ankorankoro ne mmusua betumi de asi wɔn anim. Sɛ nhwɛso no, mmɔden a abusua no bɛbɔ wɔ akwampaefo boafo adwuma ho April mu nso ɛ? Bio nso, so ɛdenam nhyehyɛe pa ne biakoyɛ so no, anyɛ yiye koraa no abusua no betumi aboa emuni biako sɛ daa ɔkwampaefo? Botae a ɛne asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin a obi bɛba abɛyɛ nso wɔ hɔ. Botae horow yi yɛ nea wobetumi adu ho, nanso egye mmɔdenbɔ ne adwumaden. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebedu yɛn ankasa ne abusua botae horow ho no, ɔsom a yɛde ma Yehowa no benya nkɔso de ahyɛ no anuonyam.—Dw. 96:7, 8.