Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/02 kr. 1
  • Fa Honhom Fam Botae Ahorow Sisi W’anim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Honhom Fam Botae Ahorow Sisi W’anim
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Mmofra—Dɛn Ne Mo Honhom Fam Botae Ahorow?
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Sɛnea Wubetumi Adu Wo Som Mu Botae Ahorow Ho
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 8/02 kr. 1

Fa Honhom Fam Botae Ahorow Sisi W’anim

1 Hwɛ hokwan ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkamfo Yehowa daa nyinaa! Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛadu saa botae no ho no, yebetumi de honhom fam botae ahorow asisi yɛn anim nnɛ na yɛabɔ mmɔden adu ho. Eyi ma yetumi de yɛn ahoɔden di dwuma nyansam. (1 Kor. 9:26) Botae ahorow bɛn na wubetumi adu ho?

2 Bible Adesua: So wusiesie wo ho ma asafo nhyiam biara? Sɛ woyɛ saa a, so wunya bere de yɛ nhwehwɛmu na wudwennwen nsɛm ho bere a wusua ade no? Sɛ nhwɛso no, sɛ woresiesie wo ho ama dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua no a, so wutwitwa mmuae no ase kɛkɛ anaasɛ wubue emu kyerɛw nsɛm no kenkan na wususuw nea enti a wɔde saa nkyerɛkyerɛmu no ama ho? So wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wobɛhwehwɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu Bible akenkan ma dapɛn biara no mu nsɛntitiriw kakra mu? Honhom fam nneɛma ho nhwehwɛmu a ɛte saa no gye bere ne mmɔdenbɔ, nanso ɛde mfaso pii ba.—Mmeb. 2:4, 5.

3 Asafo Nhyiam Ahorow: Botae foforo ne sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam ahorow anum no nyinaa daa. Du a wubedu hɔ ntɛm na wo ne wo mfɛfo gyidifo abɔ fekuw na woanya dwom ne mpaebɔ a wɔde fi ase no mu kyɛfa no boa ma asafo no yɛ den. Yebetumi abɔ mmɔden nso sɛ yɛbɛma mmuae wɔ asafo nhyiam biara ase na yɛayere yɛn ho ama yɛn mmuae atu mpɔn. Ebia wubetumi akyerɛ sɛnea nkyekyɛm no mu kyerɛwsɛm bi fa asɛm a moresusuw ho no ho anaa sɛnea asɛm no fa yɛn da biara asetra ho.—Heb. 10:24, 25.

4 Asɛnka: Yɛn asɛnka tu mpɔn kɛse bere a yɛde botae ahorow sisi yɛn anim no. So wode ayɛ wo botae sɛ wode nnɔnhwerew bi bɛyɛ asɛnka adwuma ɔsram biara? Ebinom hu sɛ ɛboa. Anaasɛ so wubetumi ama wo som adwuma no fã bi, te sɛ ebia Bible no a wode bedi dwuma wɔ afie afie adwuma mu, sankɔhwɛ a ɛsow aba pii a wobɛyɛ, mmɔden a wobɛbɔ sɛ wubefi Bible adesua ase, anaasɛ wo nkyerɛkyerɛ a wobɛma atu mpɔn wɔ adesuayɛ mu no anya nkɔanim?

5 Awofo, so morehyɛ mo mma nkuran ma wɔde botae ahorow asisi wɔn anim wɔ Yehowa som mu? Mommoa wɔn mma wonhu sɛ som a wɔbɛsom sɛ akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, anaa Betel abusua no mufo no yɛ ɔkwan pa a wɔfa so da anisɔ a wɔwɔ ma Yehowa no adi.—Ɔsɛnk. 12:1.

6 Bere a yɛpɛɛpɛɛ yɛn dwumadi ahorow mu, de botae ahorow sisi yɛn anim, na afei yɛyere yɛn ho sɛ yebedu ho no, yebenya anigye kɛse wɔ yɛn som mu na yɛbɛhyɛ afoforo nkuran.—Rom. 1:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena