Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/87 kr. 1-2
  • Anigye A Yebekura Mu Wɔ Yɛn Som Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye A Yebekura Mu Wɔ Yɛn Som Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NYA AHOTOSO
  • Nsɛmma Nhomakra—‘Nyansa Reteɛm’!
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhomakra So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban Kra So
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Asan Akɔhwɛ Wɔn a Wɔakra Nsɛmma Nhoma a Ɛreyɛ Asa
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 6/87 kr. 1-2

Anigye A Yebekura Mu Wɔ Yɛn Som Mu

1 Hwɛ anigye a ɛso bi nni a yebetumi anya bere a yɛsom Yehowa no! Ɛte sɛ nea ɔnam odiyifo Yesaia so kae wɔ bere tenten a atwam no mu ara pɛ: “Hwɛ, me nkoa ani begye . . . Hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto dwom.” (Yes. 65:13, 14) Dɛn nti na Yehowa nkoa ani gye na wɔde koma pa to dwom? Efi yiye a wodi bere a wɔwɔ honhom mu paradise no. Anigye yi ka wɔn ma wonya kyɛfa wɔ adwuma a ɛho hia sen biara a ɛne afoforo a wɔbɛboa wɔn ma wɔabehu Yehowa na wɔanya ne papayɛ mu kyɛfa no mu.

2 Nnɛyi nkɔso ahorow te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Yearbook no mu a yehu no ma yenya anigye pii. Saa ara na ɛbae wɔ Yesu asuafo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no fam. Amanneɛbɔ ahorow a na ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyiraa wɔn asɛnka adwuma no so no hyɛɛ wɔn nkuran. (Aso. 15:3, 4) Bere a anoboaboa no nya nkɔso ntɛmntɛm no, ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu.

NYA AHOTOSO

3 Ahotoso a efi komam kanyan yɛn ma yɛka yɛn anidaso ho asɛm kyerɛ afoforo. (Luka 6:45) Ɛboa yɛn wɔ asasesin a ɛte sɛ nea emu yɛ den mpo mu. Ɛho hia sɛ yɛbɛkɔ so na yɛde yɛn ho nyinaa ato Yehowa so te sɛ nea Dawid yɛe bere a ɔkaa eyi no: “[Yehowa], bue m’ano.”​—Dw. 51:15; 63:5.

4 Gyidi a ɛyɛ den, nokware anidaso ne Kristofo dɔ na ɛma yenya ahotoso a ɛte saa. (1 Kor. 13:13) Yɛnam kokoam adesua, nea yesua a yɛde di dwuma ne mpae a yennyae bɔ da no so na yenya su ahorow yi. (Rom. 12:12) Ɛdenam Yehowa mmoa a efi ɔdɔ mu so no, yebetumi anya yɛn som adwuma no ho adwempa na yɛakɔ so akura mu. Wɔ saa kwan yi so no, yetumi kura anigye a yenya wɔ yɛn som adwuma no mu no mu.

5 June ne ɔsram a ɛto so abien wɔ asram a yɛrema wɔakra Ɔwɛn-Aban wom no mu. Ɔwɛn-Aban biara a ɛba no kura nsɛm a ɛma nkwa. Yenya honhom mu aduan a ɛwom no mu mfaso na sɛ afoforo nso nya nsɛmma nhoma yi bi na wɔkenkan daa a, wɔn nso benya mu mfaso. Sɛ wɔkra bi a, wobenya nea ɛbɛba biara no bi wɔ wɔn fi. Bere a yɛn mfɛfo yiyedi ho asɛm wɔ yɛn adwenem no, yɛpɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya no ka kra a wɔbɛkra no ho asɛm kyerɛ wɔn. Sɛ ofiewura no nni adagyew a, yebetumi aka ne kra ho asɛm tiaa. Sɛ wankra a, fa nsɛmma nhoma foforo a aba ma no.

6 Yenim sɛ ɛnyɛ yɛn nko na Yehowa adwuma a yɛyɛ no ma yenya daa anigye na mmom wɔn a wotie na wɔyɛ ho biribi no nso. (Fil. 4:4) Bere a Ahenni ho asɛmpa no du nnipa afoforo pii a wɔdɔ trenee no komam no, momma yɛnkɔ so nnya Yehowa mu anigye na ɛmmra sɛ Yehowa behyira yɛn mmɔdenbɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no so.​—Dw. 32:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena