Yɛ Onyansafo—Fa Nea Wusua No Di Dwuma
1 Adesamma mu dodow no ara botae ne sɛ wɔbɛtra ase anigye, asomdwoe mu. Nhoma ne nsɛm ɔpepem pii de afotu ma wɔ sɛnea wobenya aware pa, wɔbɛtete mmofra, wobedi yiye sika fam, wobenya akwahosan pa na wɔakura mu, ne nsɛmti afoforo a ɛfa sɛnea wɔbɛboa nkurɔfo ma wɔanya anigye ho pii ho. Ɛwom sɛ wobetumi anya nyansa a eye bi wɔ wiase nhoma ahorow mu de, nanso nnipa a wɔwɔ wiase no mu dodow no ara nni anigye ne asomdwoe. Dɛn nti na eyi te saa?
2 Wobetumi ahu mmuae no wɔ Bible mu wɔ Mmebusɛm 1:7, nea ese: “[Yehowa] suro ne nimdeɛ mfiase; agyimfo bu nimdeɛ ne nteɛso animtiaa.” Sɛ obi nni nimdeɛ na ɔnkyerɛ obu mma nokware nimdeɛ ne nyansa Fibea, Yehowa Nyankopɔn a, ɔrentumi nhwɛ kwan sɛ obenya asomdwoe ne anigye.
3 Wiase no di hia buburoo honhom mu—ɔkɔm kɛse. Nea ɛbɔ ne ho abira no, nnipa na wɔde tebea a ɛyɛ awerɛhow yi aba wɔn ankasa ho so, efisɛ honhom mu aduan abu so asase so nyinaa, na wɔde ma kwa. (Mmeb. 1:20, 21; Adi. 22:17) Esiane sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no apow nyansa a efi Yehowa hɔ nti, wɔkɔ so hintiw wɔ honhom mu sum mu. (Mmeb. 1:22-32) Ɔkwan foforo so no, sɛ́ Yehowa nkurɔfo a yɛkyerɛ obu ma ne mmara horow na yedi n’ahyɛde so no, yedidi mee honhom mu na yɛn ani gye. (Yes. 65:13, 14) Afei nso, ɔdɔ a ɛwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu no da yɛn adi sɛ Kristo nokware asuafo. (Yoh. 13:35) Yiw, Yehowa Adansefo wiase nyinaa onuayɛ no de adanse a ɛte ase ma sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a wɔbata ho ne nyansa kwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so.
4 Nanso, ebia na ebinom a wɔne Yehowa ahyehyɛde no bɔ nnya anigye a ebetumi ayɛ wɔn de no. Wobetumi de nea wɔka na wɔyɛ asɛe afoforo a wɔatwa wɔn ho ahyia anigye mpo. Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba saa? Nea tiatwa ara ne sɛ wɔmmfa Onyankopɔn nyansa nni dwuma wɔn asetra mu. Ebia wɔbɛkɔ asafo, ɔmansin, ne ɔmantam nhyiam horow. Ebia wonim nea Asafo ti no nhoma ahorow ka mprempren nyinaa, nanso wɔn asetra kwan ne sɛnea wɔne afoforo a mfɛfo Kristofo ka ho di nsɛm no nkyerɛ sɛ wɔde nokware a wɔasua no redi dwuma. Dɛn na ɛho hia sɛ wɔyɛ? Ɛho hia sɛ nnipa a wɔte saa no de wɔn adwene kɔ ‘honhom mu a wobegu agu’ so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de nokware anigye aba wɔn ankasa asetra mu na wɔaboa ama wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no anya anigye.—Gal. 6:7, 8.
NEA ƐSƐ SƐ WODE DI DWUMA
5 Sɛ́ ankorankoro no, sɛ yegow yɛn ho mu, yegyae wɛn a yɛwɛn, na yegyae mu ma Satan, wiase no, ne yɛn honam a ɛnyɛ pɛ no a, yɛbɛhwere anigye a yenya sɛ yɛne Yehowa wɔ abusuabɔ a ɛbɛn so no. Mprempren, ɛho hia sen bere biara a aba pɛn sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛde nea yesua wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase ne ahyehyɛde no nsiesiei afoforo mu no di dwuma. Wiase a yɛte mu no mu yɛ hu na ɛsakra bere nyinaa. Ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛde afotu a Yehowa fi ɔdɔ mu de ma denam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so no di dwuma, na yegye tom sɛ ɛyɛ aduan ɛbere a ɛsɛ mu.—Mat. 24:45-47.
6 Yɛn nhyiam horow ase no, wɔde kaseɛbɔ a eye a ɛfa sɛnea yebegyina pintinn sɛ nguankuw biako no ho ma. Wɔde nyansahyɛ ahorow a eye a ɛfa sɛnea yɛbɛko atia nkɛntɛnso ahorow a ɛde mmerɛwyɛ ba, te sɛ nsɛm tebea horow a ɛma aba mu bu, wiase ahofadi honhom, ne nneɛma a ɛtwetwe adwene a ɛsɛe bere ho ma. So yɛde afotu pa a ɛne sɛ yennya Yehowa ne n’akwan mu ahotoso kɛse, yennye teokrase tumidi ntom na yɛmmrɛ yɛn ho ase nhyɛ ase, yennya ahobrɛase ne anidahɔ, na yennye bere mma teokrase nneɛma akyidi no redi dwuma? (Mika 6:8; Efe. 5: 15, 16; Heb. 6:10; 13:17) So mmusua mufo reboa wɔn ho wɔn ho ma wɔafa Kristofo asetra kwan so? Ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm mu afotu a yenya no ka anigyede a yɛpaw, yɛn su ahorow, ne nea yɛyɛ da biara. Sɛ yɛamfa nsiyɛ ammɔ mmɔden amfa nea yesua no anni dwuma a, yɛrennya honhom mu nkɔso, na ɛbɛka yɛn adwenem asomdwoe ne anigye ɔkwammɔne so.—Fil. 4:7-9; Yak. 1:22-25.
7 Mmɔdenbɔ kɛse ho hia wɔ kokoam ne abusua adesua mu. Watch Tower Publications Index no betumi akyerɛ yɛn kwan akɔ sɛnea yɛde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma no ho nsɛm so. Young People Ask nhoma no yɛ mmoa pa ma awofo sɛ wɔde bedi dwuma de aboa wɔn mma ma wɔagyina nnɛyi Satan wiase a emu ayɛ hwanyann yi ano. Sɛ yɛdan kɔ nhoma a ɛte sɛɛ so a, yebenya Yehowa adwene wɔ nsɛm ho na trenee nnyinasosɛm ahorow betumi akyerɛ yɛn kwan. Sɛ yɛanyɛ eyi a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛwɔ ɔyare bi ho aduru nanso yɛnnom, ɛwom sɛ yenim sɛ ebetumi asa yare a aka yɛn no de. Kokoam ne abusua adesua a yɛyɛ daa bɛma yɛn gyidi anyin na ama yɛn ahoɔden a yɛde begyina. Sɔhwɛ bere mu no, yɛn gyidi renhinhim na ama yɛawae.—Mat. 13:6; Luka 8:13; Heb. 2:1.
8 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ nhwɛso wɔ wɔn afi a wɔhwɛ so mu. Nea ɛka eyi ho ne wɔn yerenom ne wɔn mma a wɔbɛboa wɔn ma wɔde nea wosua fi Onyankopɔn Asɛm mu ne ahyehyɛde no hɔ no adi dwuma na ama wɔakɔ so ayɛ den honhom mu. Saa kwan yi so no, abusua mũ no nyinaa betumi ayɛ nhwɛso wɔ Kristofo asetra mu na wɔahyɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wonni mu no nkuran.—Efe. 6:4; 1 Tim. 3:4, 12, 13.
WƆN A ƐSƐ SƐ WƆBOA WƆN
9 Wɔn a wɔba Nkaedi ase afe biara no mu pii yɛ wɔn a wohia nkuranhyɛ bio na ama wɔde nea wosua no adi dwuma na wɔde wɔn ho abɔ ahyehyɛde no yiye. Yebetumi afi ɔdɔ mu asusuw yɛn Bible adesuafo ho denam sɛnea wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔn asetra mu ne sɛnea wobedi Onyankopɔn trenee ahyɛde ahorow so no, a yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn no so. Ɛsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔrenya nkɔso aba abɛyɛ yɛn gyidi mu nuanom mmarima ne mmea no ho asɛm hia yɛn.
10 Ɛsɛ sɛ yɛboa obiara a ɔnkɔ asɛnka daa anaasɛ wagyae asɛnka kɔ no ma ohu hia a ɛho hia sɛ wɔne ahyehyɛde no benya dwumadi mu kyɛfa daa no. Ɛho hia sɛ wɔsan nya asomdwoe ne anigye a na wɔwɔ kan bere a na wɔsom Yehowa yiye no bio. (Yoh. 13:17) Ɛdenam ayamye mu a yebefi aboa wɔn ma wɔahyɛ anisɔ a wɔwɔ ma nokware no mu den na ‘wɔabɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre’ no so no, wobetumi de nea wosua no adi dwuma na wɔakɔ so anantew nkwa kwan no so.—Heb. 13:15; hwɛ Yɛn Ahenni Som, November 1979, kratafa 3, ne June 1977, kratafa 3.
11 Ɛho hia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ne Yehowa ahyehyɛde a ɛkɔ anim ntɛmntɛm no bɔ anan. Yɛrentumi mma wɔnnaadaa yɛn na yɛmfa yɛn ho nto yɛn ankasa ho so. Ɛsɛ sɛ yekura yɛn honhom mu yiyedi mu bere nyinaa, yehu kaseɛbɔ afoforo a wɔnam Onyankopɔn ahyehyɛde no so de ma no na yɛde di dwuma ntɛm ara. Eyi gye mmɔden a wɔde nsiyɛ bɔ ne ɛtɔ mmere bi a afɔre a yɛn ankasa bɛbɔ. Nanso Yehowa nhwehwɛ nea yɛrentumi nyɛ mfi yɛn hɔ. Ɔne yɛn Bɔfo, na onim nea eye sen biara ma yɛn. Enti momma yɛnyɛ anyansafo denam kɔ a yɛbɛkɔ so ama Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn na yɛde nea yesua no adi dwuma no so. Eyi de ayeyi bɛbrɛ no na ama yɛanya mfaso daa.—Yes. 48:17; 54:13.