Siesie Wo Ho Ma Ɔwɛn-Aban Kra Ɔsatu
Esiane sɛ Asafo ti rehwɛ Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu titiriw wɔ May ne June mu kwan nti, ɛreyɛ Ɔwɛn-Aban ne Awake! titiriw bi a ɛbɛkanyan anigye. Emu nsɛm bɛka nsɛmti ahorow a nnipa a wɔwɔ mmeae nyinaa dwen ho titiriw ho asɛm.
Ɔwɛn-Aban no bɛka nsɛmti a edidi so yi ho asɛm: “So Aka Akyiri Sen Sɛnea Wususuw?” (April 1) . “Bere Bɛn na Asomdwoe Bɛba Ankasa?” (April 15) . “Nsɛmmɔnedi Ano a Yebegyina wɔ Basabasa Wiase Mu” (May 1) . ne “Ma Onyankopɔn Nni Kan wɔ W’abusua Asetra Mu!” (May 15) . Awake! mu nsɛm bɛka nsɛmti yi ho asɛm: “Bere a Onipa ne Mmoa Tra Ase Asomdwoe Mu” (April 8) , “Mmoa ma Mmofra a Wɔn Awofo Agyae Aware” (April 22) . “Loto—Hena na Odi? Hena na Onni?” (May 8) , ne “Television—Adaka a Ɛsakraa Wiase No” (May 22) .
Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo nyinaa, ne titiriw akwampaefo, susuw nneɛma a wohia sɛ ankorankoro na wɔayɛ adwuma a ɛkɔ anim na ama wɔama wɔakra nsɛmma nhoma na wɔagye bi. Sɛ nsɛmma nhoma a yenya nnɔɔso a, yebetumi de yɛn ankasa de adi dwuma de akanyan ofiewura no anigye. Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo hwɛ hu sɛ wɔwɔ nkratasin a wɔde kra nsɛmma nhoma a wɔde bɛyɛ ɔsatu no.