Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Wotie
1 Nsɛm a wɔka kyerɛ a wotie ne nea ɛkyerɛ sɛnea asɛm no fa ofiewura no ho pefee, kyerɛ sɛ ɛyɛ biribi a ohia anaasɛ obetumi de adi dwuma. Wɔ mo nkɔmmɔbɔ no mu nyinaa no, boa ofiewura no ma onhu sɛ “Asɛm yi fa me ho.” Sɛ yɛresiesie asɛm bi a yɛbɛka akyerɛ a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Nsɛm bɛn na yɛn asasesin no mu nnipa dwen ho kɛse sen biara? Nneɛma bɛn na wohia? Ɔkwan bɛn so na metumi aka asɛm no ma wɔahu sɛ Yehowa dwen wɔn ahiade ahorow ho?’ Nneɛma a ɛho hia nkurɔfo nnɛ no mu kakraa bi na wɔahyehyɛ wɔ ase ha no. So wubetumi de emu biako anaasɛ biribi a ɛte saa adi dwuma wɔ asɛm a wobɛka akyerɛ no mu? Hyɛ sɛnea wubetumi de Revelation Climax nhoma no mu nsɛm atoa so no nsow.
2 Anigye a Wonni Ho Dadwen: “Yɛne nnipa a wodwen sɛnea asetra te wɔ yɛn mpɔtam ha no ho ankasa rebɔ nkɔmmɔbɔ. Ɛwom sɛ ebia honam fam nneɛma ho hia nkurɔfo de, nanso nnipa pii ani nnye nea wɔwɔ wɔ asetra mu no ho ankasa. So wususuw sɛ yebetumi anya asetra a anigye wom ankasa? [Ma ommua.] Yehu nneɛma a ɛma yenya anigye no mu biako wɔ Bible no mu wɔ Adiyisɛm 1:3. [Kenkan.] Nea Adiyisɛm ka fa daakye ho a wobɛte ase no betumi ama woanya anigye. Hyɛ emu nkɔmhyɛ ahorow no mu biako pɛ nsow.” Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4, na afei fa Revelation Climax no mu mfonini a ɛwɔ kratafa 302 no kyerɛ no.
3 Daakye Ho Dadwen: “Yɛrebɔ mmɔden ama yɛn mpɔtam hafo anya daakye ho adwempa. So saa na wobɔ mmɔden sɛ wubebu asetra? [Ma ommua.] Sɛnea Bible no kyerɛ no, sɛ yɛyɛ nea ɛka wɔ Adiyisɛm 1:3 no a, yɛwɔ nea yebegyina so anya anidaso pa.”
4 Akwahosan Pa a Wɔbɛkɔ so Anya Ho Dadwen: “Yɛn mpɔtam hafo pii dwen akwahosan pa a wɔbɛkɔ so anya no ho. Nanso, wɔ ahwɛyiye a yɛyɛ nyinaa akyi no, yehu nyarewa mu amane. So wobɛpɛ sɛ wotra wiase bi a obiara benya akwahosan ne ahoɔden a edi mũ wom mu? Ɛwom sɛ ebia ɛyɛ den sɛ yebegye asɛm yi adi de, nanso Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no ka bere a ɛte saa ho asɛm, na ɛka sɛ ɛrenkyɛ na aba.” Kenkan Adiyisɛm 21, 3, 4. Afei wubetumi de mfonini a ɛwɔ Revelation Climax nhoma no nkratafa 308-9 no akyerɛ, na woakyerɛ sɛnea wobenya nkwa nsiesiei wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu no mu kyɛfa.
5 Efi̇̃ ne Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Dadwen: “Bere a yɛne yɛn mpɔtam hafo rebɔ nkɔmmɔ no, yehui sɛ yɛn mframa, nsu ne aduan a wɔresɛe no no haw wɔn mu pii. So wususuw sɛ nniso horow no betumi ama wɔagyae saayɛ da bi? [Ma ommua.] Ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu nea Bible no ka sɛ ɛbɛto wɔn a wɔresɛe asase no.” Kenkan Adiyisɛm 11:18b. Da no adi sɛ wɔn a wɔresɛe asase no a wobeyi wɔn afi hɔ akyi no, Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ wɔn a wodwo no bɛdan asase no paradise, sɛnea wakyerɛ wɔ Dwom 37:10, 11 anaasɛ Yesaia 65:21, 22 no.
6 Ma Wɔn a Wɔpɛ Nyamesom: “Yɛrebisa yɛn mpɔtam hafo asɛm bi. So wususuw sɛ wɔpɛ sɛ yɛte Adiyisɛm nhoma no ase, anaasɛ ɛsɛ sɛ ɛkɔ so yɛ ahintasɛm daa? [Ma ommua.] Nnipa pii ne wo yɛ adwene. Hyɛ nea Bible no ankasa ka wɔ Adiyisɛm 1:3 no nsow.”
7 Bere a wobɔ mmɔden yiye sɛ wobedu w’atiefo komam no, wɔn a nokware ne trenee ho kɔm de wɔn no betie.—Mat. 5:3, 6.